Mateo 6 – AKCB & SNC

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 6:1-34

Nyaatwom Papayɛ Ho Kɔkɔbɔ

1“Monhwɛ yiye na moanyɛ papa ankyerɛ nnipa amfa ampɛ anuonyam. Sɛ moyɛ saa a, morennya mfaso biara mfi mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nkyɛn.

2“Sɛ woyɛ papa a mmɔ no dawuru sɛnea nyaatwomfo yɛ wɔ asɔredan mu ne mmɔnten so no. Merema mo ate sɛ saa nnipa no anya wɔn akatua dedaw. 3Sɛ woyɛ papa a, mma obiara nhu, mpo sɛ wode wo nsa nifa yɛ papa a, mma wo nsa benkum nhu, 4na wʼagya a onim kokoa mu nsɛm nyinaa no betua wo ka.

Nyaatwom Mpaebɔ Ho Kɔkɔbɔ

5“Na sɛ morebɔ mpae a, mommmɔ mpae sɛnea nyaatwomfo gyina asɔredan mu ne mmɔnten so bɔ mpae de pɛ nnipa anim anuonyam no. Merema moate ase sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dedaw. 6Sɛ wobɔ mpae a, hyɛn wo dan mu, na to wo pon mu, na bɔ wʼAgya a wonhu no no mpae, na wʼAgya a onim kokoa mu nsɛm no betua wo ka. 7Sɛ mobɔ mpae a, monnkasakasa bebree, nti nsɛm mu nsusuw sɛ, sɛ moyɛ saa a na Onyankopɔn betie mo. 8Mo Agya Nyankopɔn nim nea ehia mo nyinaa ansa na mubisa no.

9“Enti saa ɔkwan yi so na momfa mmɔ mpae:

“ ‘Yɛn Agya a wowɔ ɔsoro,

wo din ho ntew.

10Wʼahenni mmra.

Nea wopɛ nyɛ wɔ asase so,

sɛnea ɛyɛ wɔ ɔsoro.

11Ma yɛn, yɛn daa aduan nnɛ,

12na fa yɛn aka kyɛ yɛn,

sɛnea yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.

13Nnyaa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu.

Na yi yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.’

14Sɛ mode wɔn a wɔfom mo mfomso kyɛ wɔn a, mo nso mo ɔsoro Agya no de mo mfomso bɛkyɛ mo. 15Nanso sɛ moamfa wɔn a wɔfom mo mfomso ankyɛ wɔn a, mo ɔsoro Agya no nso remfa mo mfomso nkyɛ mo.”

Nyaatwom Mmuadadi Ho Kɔkɔbɔ

16“Sɛ mudi mmuada a, monnyɛ mo anim mmɔbɔmmɔbɔ sɛnea nyaatwomfo di mmuada a wɔyɛ de pɛ nnipa anim anuonyam no. Merema mo ate ase sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dedaw. 17Sɛ wudi mmuada a, serɛn wo ti, na hohoro wʼanim, na ma wʼanim nyɛ frɔmfrɔm, 18na mma nnipa nhu sɛ woredi mmuada, gye wʼAgya a ohu nea woyɛ wɔ kokoa mu nyinaa no nko ara; na wʼAgya a onim kokoa mu nsɛm nyinaa no betua wo ka.

19“Monnhyehyɛ mo agyapade wɔ asase yi so, nea ntɛferɛw betumi awe, na ebetumi agye nkannare na asɛe, na akorɔmfo betumi awia. 20Mmom monhyehyɛ mo agyapade wɔ ɔsoro, nea ntɛferɛw ntumi nwe, na entumi nnye nkannare nsɛe, na akorɔmfo ntumi nwia. 21Na nea wʼagyapade wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.

22“Wʼani yɛ wo nipadua kanea. Ɛno nti sɛ wʼani ye a, na wo nipadua nyinaa yɛ hann. 23Nanso sɛ wʼaniwa nye a, ɛma wo nipadua no nyinaa dan sum tumm. Enti sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, na wo nipadua no yɛ sum kabii.

24“Obiara ntumi nsom awuranom baanu, efisɛ ɔyɛ saa a, ɔbɛdɔ ɔbaako na watan ɔbaako anaasɛ, ɔbɛsom ɔbaako yiye na wabu ɔbaako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahonyade.

25“Eyi nti na mitu mo fo se, munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mobɛnom anaa nea mubefura ho. Mowɔ ɔkra ne nipadua a ɛsom bo sen nea mubedi ne nea mubefura. 26Monhwɛ wim nnomaa, wonnua aba na wontwa aba mmoaboa ano mfa nsie, nanso mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no ma wɔn aduan di. Monnsom bo nsen wɔn ana? 27Mo mu hena na ɔdwene a adwennwene no betumi ato ne nkwa nna so simmasin mpo?

28“Adɛn nti na mudwinnwen ntama ho? Monhwɛ afifide bi sɛ wuram nhwiren, wɔnnwene ntama ho. 29Nanso Salomo ahonya ne nʼanuonyam nyinaa akyi no, na nʼahoɔfɛ nnu wuram nhwiren yi. 30Na sɛ Onyankopɔn tumi fura afifide a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena enni hɔ ntama a, mo a mo gyidi sua, ɛbɛyɛ dɛn na ɔrentumi mma mo nea ehia mo? 31Enti munnnwinnwen nea mubedi, nea mobɛnom anaasɛ nea mubefura ho. 32Na wɔn a wonni gyidi no na bere biara wodwen saa nneɛma no ho. Na mo de, mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nim sɛ eyinom nyinaa ho hia mo. 33Enti monhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan, na ɔde nea ehia mo nyinaa bɛka mo ho. 34Enti munnnwinnwen ɔkyena ho. Onyankopɔn no ara de nea ehia mo no bɛma mo. Ɛda biara ne mu nsɛm.

Slovo na cestu

Matouš 6:1-34

Ježíš učí o dobročinnosti

1Dejte si pozor, abyste nedělali dobré skutky okázale před lidmi a nestavěli tím na odiv svoji dobročinnost. Tak rozhodně nezískáte odměnu od nebeského Otce. 2Proto když pomáháš bližnímu, nechtěj, aby o tom všichni věděli. Okatě – v synagogách a na ulicích – prokazují dobro pyšní pokrytci, protože chtějí, aby je lidé chválili. Tak si vlastně vybírají svoji odměnu předem. 3-4Když ty někomu pomůžeš, udělej to nenápadně. Tvůj nebeský Otec, který vidí všechno, ti to odplatí.

Ježíš učí o modlitbě

5A podobně je to s modlitbami. Když se modlíš, nebuď jako pokrytci, kteří chtějí okázalou modlitbou dokázat svoji zbožnost. Modlí se pro lidi, a tak nemohou čekat, že je Bůh vyslyší. 6Když se chceš modlit, jdi domů, zavři za sebou dveře a modli se ke svému Otci, který je tam s tebou. A on, který vidí i to, co je skryto, tě vyslyší. 7Neopakujte bezmyšlenkovitě modlitbu jako nerozumní lidé, kteří si myslí, že Boha umluví a on je vyslyší. 8Nenapodobujte je, vždyť váš Otec zná vaše potřeby dříve, než je vyslovíte.

9Dám vám vzor prosté modlitby:

Náš nebeský Otče,

vzdáváme čest tvému svatému jménu.

10Ujmi se vlády,

ať se děje všechno podle tvé vůle

jak v nebi, tak na zemi.

11Dej nám chléb i dnes

12a odpusť nám naše provinění,

tak jako my odpouštíme těm,

kteří nám ublížili.

13Chraň nás před pokušením

a vysvoboď nás z moci zlého.

Vždyť tobě navždy patří vláda,

moc i sláva. Amen.

14Odpustíte-li druhým jejich provinění, i váš nebeský Otec vám odpustí. 15Jestliže jim však neodpustíte, nemůžete ani vy počítat s Božím odpuštěním.

Ježíš učí o postu

16Jestliže svou modlitbu podepřete postem, nenasazujte si ztrápenou, zbožnou masku jako ti, kteří úmyslně zanedbávají svůj vzhled, aby upozornili okolí na to, že se postí. Tím už dosáhli, co chtěli, a víc nemohou čekat. 17Když se ty postíš, dobře se uprav, 18aby na tobě nikdo nic nepoznal. Ví o tom jen tvůj Otec, který vidí to, co je lidem skryto. Jedině tak ti půst přinese duchovní užitek.

Ježíš učí o penězích

19Nehromaďte si bohatství zde na zemi, kde může zrezivět, padnout napospas molům nebo zlodějům. 20Ukládejte si poklady v nebi, kde nepodlehnou žádné zkáze a ani je žádný zloděj nevykope a neukradne. 21Kde je vaše bohatství, tam je i vaše srdce.

22Světlem těla je oko. Je-li tvé oko čisté, jsi naplněn jasem. 23Je-li však tvé oko zakaleno nečistými myšlenkami, žiješ v duchovní tmě. Nemáš-li jasno v sobě, tápeš v beznadějné temnotě.

24Nikdo nemůže sloužit dvěma pánům. Jednoho bude nenávidět a druhého mít v lásce, nebo jednomu dávat přednost a druhého zanedbávat. Nelze sloužit zároveň Bohu a majetku.

Ježíš varuje před přílišnou starostlivostí

25Radím vám: nezatěžujte se starostmi o jídlo, pití a oděv. Cožpak nemají pokrmy sloužit jen k udržení života a šaty k oblečení těla? 26Podívejte se na ptáky: nesejí ani nesklízejí, neshromažďují obilí do sýpek, ale nebeský Otec je živí. Což vy nejste o mnoho cennější? 27I když se budete starat sebevíc, přece svůj život neprodloužíte ani o jediný okamžik.

28A proč si děláte starosti se svým oblečením? Podívejte se na polní květiny: nepracují ani nepředou, 29a vidíte, ani Šalomoun ve svém královském majestátu nebyl tak oděn jako kterákoliv z nich. 30Jestliže tedy Bůh dává takovou krásu nepatrným polním kvítkům, které nemají dlouhého trvání, nepostará se tím spíše o vás? To mu tak málo důvěřujete?

31A tak se netrapte otázkami: Co budeme jíst? Co budeme pít? Co si vezmeme na sebe? 32Pro lidi bez Boha je to první a poslední. Ale vy máte nebeského Otce a ten dobře ví, co všechno potřebujete. 33Dejte jeho na první místo a žijte tak, jak on si přeje, a on se o vás postará. 34Nezatěžujte se zítřejšími starostmi. Ty patří k zítřku. Každý den má dost svých problémů.