Mateo 25 – AKCB & NIVUK

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 25:1-46

Mmabaa Du No Ho Bɛ

1“Ɔsoro Ahenni te sɛ mmabaa du bi a wɔfaa wɔn akanea se wɔrekohyia ayeforokunu. 2Na mmabaa no mu baanum yɛ anyansafo na baanum nso yɛ nkwaseafo. 3Wɔn mu nkwaseafo no rekɔ no, wɔfaa wɔn akanea nanso wɔamfa ngo anka ho. 4Nanso wɔn mu anyansafo no de, wɔrekɔ no wɔfaa ngo kaa wɔn akanea ho kɔe. 5Ayeforokunu no amma ntɛm, enti wofii ase totɔɔ nko dedae.

6“Ɔdasu mu na wɔtee nteɛteɛmu se, ‘Ayeforokunu no reba! Mumfi adi nkohyia no!’

7“Mmabaa yi nyinaa sɔre buebuee wɔn akanea no. 8Nkwaseafo no srɛɛ anyansafo no se, ‘Momma yɛn mo ngo no bi ngu yɛn akanea no mu na ɛredunnum.’

9“Anyansafo no ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Ngo a yɛwɔ no sua. Monkɔ kurom nkɔtɔ bi.’

10“Wɔrekɔ akɔtɔ ngo no pɛ, na ayeforokunu no bae. Enti wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne ayeforokunu no kɔɔ nʼaponto no ase, na wɔtoo ɔpon no mu.

11“Akyiri no a baanum no san bae no, wogyinaa ɔpon no akyi frɛe se, ‘Owura, hiɛ yɛn!’

12“Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Mumfi hɔ nkɔ. Minnim mo!’

13“Enti monwɛn na munnim da anaa dɔn ko no.

Sika Nkotoku No Ho Bɛ

14“Bio, Ɔsoro Ahenni te sɛ ɔbarima bi a ɔretu kwan akɔ ɔman foforo bi so. Ɔrekɔ no, ɔfrɛɛ ne nkoa na ɔde nʼahode maa wɔn. 15Ɔmaa ɔbaako sika nkotoku anum. Ɔmaa ɔfoforo nkotoku abien na ɔfoforo, kotoku baako, sɛnea obiara ahoɔden te. 16Nea ɔmaa no nkotoku anum no de sika no kɔyɛɛ adwuma, nyaa mfaso nkotoku anum kaa ho. 17Saa ara na nea onyaa sika nkotoku abien no nso nyaa abien kaa ho, 18Nanso nea onyaa kotoku baako no de, okotuu fam de ne wura sika no siee hɔ.

19“Mmere bi akyi na wɔn wura no fi akwantu mu bae ne wɔn bebuu akontaa. 20Nea onyaa sika nkotoku anum no de anum kaa ho bae. Ɔkae se, ‘Me wura, womaa me sika nkotoku anum. Hwɛ, manya anum aka ho.’

21“Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa ne ɔnokwafo, woadi kakra yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, na me ne wo nni dɛw!’

22“Akoa a ɔmaa no sika nkotoku abien no nso bae. Ɔka kyerɛɛ ne wura no se, ‘Worekɔ no, womaa me sika nkotoku abien, hwɛ, manya abien aka ho.’

23“Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa ne ɔnokwafo, woadi kakra yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, wo wura anigye mu!’

24“Akoa a onyaa sika kotoku baako no nso bae. Ɔka kyerɛɛ ne wura no se, ‘Owura, minim sɛ woyɛ onipa a wo ho yɛ nwonwa. Wutumi twa wɔ nea wunnuae ɛ, na wutumi boaboa ano wɔ nea wompetee ɛ; 25enti misuroi, na mede wo sika no kɔhyɛɛ fam, enti wʼade ni!’

26“Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Akoa bɔne ne onihawfo! So wunim sɛ mitumi twa wɔ nea minnuae, na mitumi boaboa ano wɔ nea mempetee? 27Saa de a anka ɛsɛ sɛ wode sika no kɔto sikakorabea nya nsiho to hɔ ma me.

28“ ‘Munnye sika kotoku no mfi ne nsam, na momfa nkɔma nea onyaa nkotoku du no. 29Obiara a ɔwɔ no, wɔde bi bɛka ho ama no anya aboro so. Na obiara a onni no, nea ɔwɔ no mpo, wobegye afi ne nsam. 30Na wɔatow saa akoa a ne so nni mfaso no akyene sum kabii mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.’ ”

Nguanten Ne Mmirekyi No

31“Na sɛ Onipa Ba no ba nʼanuonyam mu a abɔfo nyinaa ka ne ho a, saa bere no na ɔbɛtena nʼanuonyam ahengua no so. 32Na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano wɔ nʼanim. Na ɔbɛpaw nnipa no mu sɛnea oguanhwɛfo paw nguan fi mmirekyi mu; 33na ɔde nguan no begyina ne nifa so, na ɔde mmirekyi no agyina ne benkum so.

34“Ɛno na Ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wogyina ne nifa so no se, ‘Mo a mʼagya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi abɔde mfiase no nni! 35Ɔkɔm dee me, na momaa me aduan dii. Osukɔm dee me, na momaa me nsu nomee. Meyɛɛ ɔhɔho, na mode me kɔɔ mo fi. 36Medaa adagyaw na mufuraa me ntama. Meyaree, na mobɛsraa me. Medaa afiase, na mobɛhwɛɛ me.’

37“Saa bere no mu na atreneefo bebisa se, ‘Owura, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm de wo a, yɛmaa wo aduan, na osukɔm de wo a yɛmaa wo nsu nomee? 38Afei da bɛn na yehuu sɛ woyɛɛ ɔhɔho, a yɛde wo kɔɔ yɛn fi, anaasɛ wodaa adagyaw a, yefuraa wo ntama? 39Afei da bɛn na yehuu sɛ woyaree a, yɛbɛsraa wo, anaasɛ wodaa afiase a, yɛbɛhwɛɛ wo?’

40“Na Ɔhene no, bebua wɔn se, ‘Sɛ moayɛ ama me nuanom nkumaa yi mu baako yi, moayɛ ama me!’

41“Afei mɛka akyerɛ wɔn a wogyina me benkum so no se, ‘Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ ogyatannaa a ennum da a wɔasɔ ama ɔbonsam ne nʼabɔfo no mu. 42Na ɔkɔm dee me, moamma me aduan anni, osukɔm dee me, moamma me nsu annom. 43Meyɛɛ ɔhɔho, moamfa me ankɔ mo fi. Medaa adagyaw, moamfura me ntama. Meyaree, moammɛsra me. Medaa afiase, moammɛhwɛ me.’

44“Wɔn nso bebua no se, ‘Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, anaasɛ osukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔho, anaasɛ wodaa adagyaw, anaasɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛammoa wo?’

45“Na obebua wɔn se, ‘Sɛ moanyɛ amma nkumaa yi mu baako nti, moanyɛ amma me.’

46“Na wɔbɛkɔ asotwe a ɛto ntwa da mu, na atreneefo akɔ nkwa a enni awiei mu.”

New International Version – UK

Matthew 25:1-46

The parable of the ten virgins

1‘At that time the kingdom of heaven will be like ten virgins who took their lamps and went out to meet the bridegroom. 2Five of them were foolish and five were wise. 3The foolish ones took their lamps but did not take any oil with them. 4The wise ones, however, took oil in jars along with their lamps. 5The bridegroom was a long time in coming, and they all became drowsy and fell asleep.

6‘At midnight the cry rang out: “Here’s the bridegroom! Come out to meet him!”

7‘Then all the virgins woke up and trimmed their lamps. 8The foolish ones said to the wise, “Give us some of your oil; our lamps are going out.”

9‘ “No,” they replied, “there may not be enough for both us and you. Instead, go to those who sell oil and buy some for yourselves.”

10‘But while they were on their way to buy the oil, the bridegroom arrived. The virgins who were ready went in with him to the wedding banquet. And the door was shut.

11‘Later the others also came. “Lord, Lord,” they said, “open the door for us!”

12‘But he replied, “Truly I tell you, I don’t know you.”

13‘Therefore keep watch, because you do not know the day or the hour.

The parable of the bags of gold

14‘Again, it will be like a man going on a journey, who called his servants and entrusted his wealth to them. 15To one he gave five bags of gold, to another two bags, and to another one bag,25:15 Greek five talents… two talents… one talent; also throughout this parable; a talent was worth about 20 years of a day labourer’s wage. each according to his ability. Then he went on his journey. 16The man who had received five bags of gold went at once and put his money to work and gained five bags more. 17So also, the one with two bags of gold gained two more. 18But the man who had received one bag went off, dug a hole in the ground and hid his master’s money.

19‘After a long time the master of those servants returned and settled accounts with them. 20The man who had received five bags of gold brought the other five. “Master,” he said, “you entrusted me with five bags of gold. See, I have gained five more.”

21‘His master replied, “Well done, good and faithful servant! You have been faithful with a few things; I will put you in charge of many things. Come and share your master’s happiness!”

22‘The man with two bags of gold also came. “Master,” he said, “you entrusted me with two bags of gold: see, I have gained two more.”

23‘His master replied, “Well done, good and faithful servant! You have been faithful with a few things; I will put you in charge of many things. Come and share your master’s happiness!”

24‘Then the man who had received one bag of gold came. “Master,” he said, “I knew that you are a hard man, harvesting where you have not sown and gathering where you have not scattered seed. 25So I was afraid and went out and hid your gold in the ground. See, here is what belongs to you.”

26‘His master replied, “You wicked, lazy servant! So you knew that I harvest where I have not sown and gather where I have not scattered seed? 27Well then, you should have put my money on deposit with the bankers, so that when I returned I would have received it back with interest.

28‘ “So take the bag of gold from him and give it to the one who has ten bags. 29For whoever has will be given more, and they will have an abundance. Whoever does not have, even what they have will be taken from them. 30And throw that worthless servant outside, into the darkness, where there will be weeping and gnashing of teeth.”

The sheep and the goats

31‘When the Son of Man comes in his glory, and all the angels with him, he will sit on his glorious throne. 32All the nations will be gathered before him, and he will separate the people one from another as a shepherd separates the sheep from the goats. 33He will put the sheep on his right and the goats on his left.

34‘Then the King will say to those on his right, “Come, you who are blessed by my Father; take your inheritance, the kingdom prepared for you since the creation of the world. 35For I was hungry and you gave me something to eat, I was thirsty and you gave me something to drink, I was a stranger and you invited me in, 36I needed clothes and you clothed me, I was ill and you looked after me, I was in prison and you came to visit me.”

37‘Then the righteous will answer him, “Lord, when did we see you hungry and feed you, or thirsty and give you something to drink? 38When did we see you a stranger and invite you in, or needing clothes and clothe you? 39When did we see you ill or in prison and go to visit you?”

40‘The King will reply, “Truly I tell you, whatever you did for one of the least of these brothers and sisters of mine, you did for me.”

41‘Then he will say to those on his left, “Depart from me, you who are cursed, into the eternal fire prepared for the devil and his angels. 42For I was hungry and you gave me nothing to eat, I was thirsty and you gave me nothing to drink, 43I was a stranger and you did not invite me in, I needed clothes and you did not clothe me, I was ill and in prison and you did not look after me.”

44‘They also will answer, “Lord, when did we see you hungry or thirsty or a stranger or needing clothes or ill or in prison, and did not help you?”

45‘He will reply, “Truly I tell you, whatever you did not do for one of the least of these, you did not do for me.”

46‘Then they will go away to eternal punishment, but the righteous to eternal life.’