Mateo 23 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 23:1-39

Nyaatwomyɛ Ho Kɔkɔbɔ

1Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no ne nʼasuafo no se, 2“Kyerɛwsɛm no Akyerɛkyerɛfo ne Farisifo no na wɔkyerɛ Mose mmara no ase. 3Eyi nti, ɛsɛ sɛ mutie wɔn, na moyɛ biribiara a wɔkyerɛ mo. Nanso monnyɛ nea wɔyɛ no bi efisɛ nea wɔka no, ɛnyɛ ɛno na wɔyɛ. 4Wɔhyɛ mo ma mudi mmara a ɛyɛ den so a wɔn ankasa mpɛ sɛ wodi so.

5“Biribiara a wɔyɛ no yɛ ɔyɛkyerɛ. Wɔde sɛbɛ a kyerɛw nsɛm bi hyɛ mu sɛn wɔn nsa, hyɛ ntade yuu kyerɛ sɛ wɔyɛ atreneefo. 6Na wɔkɔ aponto ase nso a, wɔpɛ sɛ daa wɔtena mpanyin tenabea; wɔkɔ asɔre nso a wɔpɛ sɛ wɔtena mpanyin tenabea pa. 7Sɛ wode obu kyia wɔn wɔ abɔnten so na wofrɛ wɔn ‘Rabi’ anaa ‘Owura’ a ɛyɛ wɔn dɛ.

8“Mommma obiara mmfrɛ mo sa. Efisɛ Onyankopɔn nko ara na ɔyɛ Owura. Mo nyinaa moyɛ pɛ sɛ anuanom. 9Mommfrɛ obiara wɔ asase so ha sɛ ‘Agya,’ efisɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no saa. 10Na mommma wɔmmfrɛ mo ‘Owura,’ efisɛ ɔbaako pɛ na ɔyɛ mo wura a ɔne Agyenkwa no. 11Wobrɛ wo ho ase som afoforo a, wobɛyɛ ɔkɛse. Wopɛ sɛ woyɛ ɔkɛse a, yɛ ɔsomfo. 12Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; saa ara nso na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.

Yesu Kasa Tia Nyaatwomyɛ

13“Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo, efisɛ musiw afoforo Ɔsoro Ahenni ho kwan. Mo a, monkɔ mu. Mo nso a, momma afoforo a wɔpɛ sɛ wɔkɔ mu no kwan. 14Nyaatwomfo! Mobɔ mpae atenten wɔ mmɔnten so de kyerɛ sɛ moyɛ atreneefo wɔ bere a mutu akunafo fi wɔn afi mu.

15“Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Mokɔ wiase afanan nyinaa sɛ mubenya onipa baako abɛfra mo mu. Na sɛ munya obi saa a, mosɛe no ma ɔyɛ ɔbonsam ba sen sɛnea mote no.

16“Munnue! Akwankyerɛfo anifuraefo a moka se, sɛ obi de asɔredan ka ntam a, ɛno de, ɛnyɛ hwee. Na sɛ ɔde sikakɔkɔɔ a ɛwɔ asɔredan no mu ka ntam de a, ɛno de, ntam no kyekyere onii no. 17Anifuraefo nkwaseafo! Asɔredan no ne emu sikakɔkɔɔ no mu nea ɛwɔ he na ɛsom bo; sikakɔkɔɔ no anaa asɔredan no a ɛtew sikakɔkɔɔ no ho no? 18Na moka se, ‘Sɛ obi ka afɔremuka no ntam a, ɛnyɛ hwee. Na mmom, sɛ ɔka ayɛyɛde a egu afɔremuka no so ntam de a, ɛkyekye onii! no’ 19Anifuraefo! Afɔremuka a ɛtew ayɛyɛde a egu so no ho no, ne ayɛyɛde a egu so no mu nea ɛwɔ he na ɛsom bo? 20Sɛ woka afɔremuka no ntam a, woka afɔremuka no ne ɛso ayɛyɛde no nyinaa ntam, 21na sɛ woka asɔredan no ntam a, woka asɔredan no ne Onyankopɔn a ɔte mu no nyinaa ntam. 22Na sɛ woka ɔsoro ntam a, na woreka Onyankopɔn ahengua ne Onyankopɔn no ankasa ntam.

23“Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Muyi ntotoso du du wɔ afifide a ɛwɔ mo mfikyifuw mu no ho, nanso mugyaw nneɛma a ɛsom bo te sɛ atɛntrenee, ahummɔbɔ ne nokwaredi. Ɛwɔ mu sɛ ɛsɛ sɛ muyiyi ntotoso du du no de, nanso ɛnsɛ sɛ mugyaw nneɛma a ɛsom bo no. 24Akwankyerɛfo anifuraefo! Mosɔn nea monom so, yi mu nwansena nanso momene yoma!

25“Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Mutwiw mo kuruwa ne mo asanka ho fɛfɛɛfɛ nanso emu no de, amim ne pɛsɛmenkominya ahyɛ no ma tɔ. 26Farisifo anifuraefo! Muntwiw kuruwa no mu kan, na kuruwa no ho nyinaa bɛtew!

27“Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo! Mote sɛ ɔda a wɔasra ho fɛfɛɛfɛ nanso awufo nnompe ne nneɛma funu ahyɛ mu ma tɔ. 28Moyɛ mo anim sɛ atreneefo, nanso bɔne ahorow ahyɛ mo mu ma tɔ.

29“Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Musisi ada akɛse ma adiyifo a mo ara mo agyanom kunkum wɔn, na mode nhwiren gugu atreneefo a wokunkum wɔn no nna so, 30na mutwa mo ho ka se, ‘Sɛ na yɛte ase saa bere no a, anka yɛrenyɛ bɔne a yɛn agyanom yɛe no.’ 31Sɛ moka saa a, mubu mo ho fɔ sɛ moyɛ atirimɔdenfo mma. 32Munni wɔn anammɔn akyi nyɛ saa bɔne koro no ara bi pɛpɛɛpɛ.

33“Awɔ! Nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn aguan amanehunu gya mu atemmu no? 34Mɛsoma adiyifo ne anyansafo ne akyerɛkyerɛfo aba mo nkyɛn. Mobɛbɔ wɔn mu bi asennua mu akum wɔn. Mobɛbɔ ebinom akyi mmaa wɔ mo asɔredan mu, na moataa bi afi nkurow so akɔ nkurow so. 35Na atreneefo mogya a moahwie agu asase so nyinaa, efi Habel so de kosi Barakia ba Sakaria a mukum no asɔredan ne afɔremuka ntam no, bɛba mo so. 36Mereka akyerɛ mo se, atemmu a wɔaboaboa ano no nyinaa bɛba nnɛmma yi so.

37“Ao Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo, na wusiw wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn abo, mpɛn ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔbeatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase, nanso moampɛ! 38Wobegyaw mo fi ofituw ama mo. 39Na mise mo sɛ, efi sesɛɛ morenhu me bio kosi sɛ mobɛka se, ‘Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no.’ ”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

马太福音 23:1-39

谴责律法教师和法利赛人

1随后,耶稣对百姓和门徒说: 2“律法教师和法利赛人坐在摩西的位子上讲授律法。 3你们要谨遵他们的教导,但不要效法他们的行为,因为他们言行不一。 4他们捆好重担放在别人肩上,而自己连一根指头也不肯动!

5“他们的所作所为是为了给人看的,他们把额上佩戴的经文盒子加宽了,又将衣裳的穗边加长了。 6他们喜欢宴席中的上座和会堂里的首位。 7他们喜欢别人在街市上问候他们,称呼他们为老师23:7 老师”希腊文是“拉比”,特指犹太教的老师。8但你们不要让别人称呼你们为老师,因为你们只有一位老师,你们彼此都是弟兄。 9不要称呼地上的人为父亲,因为你们只有一位父亲,祂在天上。 10不要让人称你们为导师,因为你们只有一位导师——基督。 11你们当中谁最伟大,谁就要做你们的仆人。 12自高的人必遭贬抑,谦卑的人必得尊荣。

13“虚伪的律法教师和法利赛人啊,你们有祸了!因为你们当着人们的面关闭天国之门,自己不进去,也不让别人进去。

14“虚伪的律法教师和法利赛人啊,你们有祸了!因为你们侵吞寡妇的财产,还假意做冗长的祷告。因此,你们会受到更严厉的刑罚。23:14 有些古卷无:“虚伪的律法教师和法利赛人啊,你们有祸了!因为你们侵吞寡妇的财产,还假意做冗长的祷告。因此,你们会受到更严厉的刑罚。”

15“虚伪的律法教师和法利赛人啊,你们有祸了!因为你们走遍海洋和陆地去引人入教,等人入了教,却使他沦为地狱之子,比你们还坏一倍。

16“瞎眼的向导啊,你们有祸了!你们说,‘指着圣殿发誓,不算数;但是指着圣殿里的金子发誓,就要遵守誓言。’ 17无知的瞎子啊!金子重要呢?还是使金子神圣的圣殿重要呢? 18你们又说,‘指着祭坛发誓不算数,但是指着坛上的供物发誓,就要遵守誓言。’ 19瞎眼的人啊!供物重要呢?还是使供物神圣的祭坛重要呢? 20其实指着祭坛发誓,就是指着祭坛和坛上的一切东西发誓。 21指着圣殿发誓,就是指着圣殿和住在里面的上帝发誓。 22指着天发誓,就是指着上帝的宝座和坐在宝座上的那位发誓。

23“虚伪的律法教师和法利赛人啊,你们有祸了!你们把薄荷、茴香、芹菜献上十分之一,却忽略了律法中更重要的事——公正、怜悯、信实。后者是你们本该做的,前者也不可忽略。 24瞎眼的向导啊!你们滤出蚊虫,却吞下骆驼。

25“虚伪的律法教师和法利赛人啊,你们有祸了!你们洗净杯盘的外面,里面却盛满了贪婪和放纵。 26瞎眼的法利赛人啊!要先洗净杯盘的里面,好让外面也干净。23:26 意思是:“里面的思想先干净了,外在的言行才会真正干净。”

27“虚伪的律法教师和法利赛人啊,你们有祸了!你们好像粉饰的坟墓,外表好看,里面却装满了死人的骨头和各样污秽之物。 28你们虚有公义的外表,内心却充满了各种的虚伪和罪恶。

29“虚伪的律法教师和法利赛人啊,你们有祸了!你们为先知建墓,为义人修碑,并且说, 30‘如果我们活在我们祖先的时代,绝不会和他们一起去杀害先知。’ 31这样,你们自己证明自己是杀害先知之人的后代。 32去填满你们祖先的罪恶吧! 33你们这些蛇,这些毒蛇的后代啊,你们怎能逃脱地狱的刑罚呢?

34“看啊,我派先知、智者和律法教师到你们当中,有的会遭到你们的杀害,被你们钉在十字架上;有的会在会堂里被你们鞭打,被你们从这城追到那城。 35因此,所有义人在地上所流的血,就是从义人亚伯的血,直到你们在圣所和祭坛之间所杀的巴拉加的儿子撒迦利亚的血,都要归到你们身上。 36我实在告诉你们,这一切的罪责都要归到这个世代。

为耶路撒冷哀叹

37耶路撒冷啊!耶路撒冷啊!你常杀害先知,又用石头打死派到你那里的使者。我多次想要招聚你的儿女,像母鸡将小鸡聚集在翅膀底下,可是你们却不肯。 38看啊!你们的家园将一片荒凉。 39我告诉你们,从现在起,直到你们说‘奉主名来的当受称颂’那天之前,你们再也见不到我了。”