Mateo 22 – AKCB & TNCV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 22:1-46

Ayeforohyia Aponto Ho Bɛ

1Yesu de mmebu ahorow kyerɛɛ sɛnea Ɔsoro Ahenni no te. 2Ose, “Ɔsoro Ahenni no te sɛ ɔhene bi a ne babarima hyiaa ayeforo na ɔtoo pon maa no. 3Ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. Bere no dui no, ɔnam tumi so somaa nʼasomfo sɛ wɔnkɔfrɛfrɛ nnipa no na wɔmmra. Nanso nnipa no amma.

4“Ɔsan somaa nʼasomfo afoforo se, ‘Monkɔka nkyerɛ wɔn se, wɔawie biribiara. Wɔakum mʼanantwi ne me nyɛmmoa de anoa aduan awie. Mommra ayeforo no ase mmedidi!’

5“Nanso wɔammua no. Obi kɔɔ nʼafum. Ɔfoforo nso kodii ne gua. 6Afoforo nso kyeree nʼasomfo no hwee wɔn, pirapiraa wɔn, kunkum ebinom nso. 7Ɔhene no tee nea nnipa no ayɛ nʼasomfo no, ne bo fuwii. Ɔsomaa nʼasraafo ma wokokunkum awudifo no, hyew wɔn kurow no pasaa.

8“Ɔsan frɛɛ nʼasomfo ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Wɔawie ayeforo aduan no. Nanso wɔn a mefrɛɛ wɔn no mfata sɛ wɔba aponto no ase. 9Enti monkɔ mmɔnten so na obiara a mubehu no no, momfrɛ no mmra aponto no ase.’ 10Asomfo no fii adi kɔɔ mmɔnten so kɔfrɛɛ nnipa dodow a wohuu wɔn no nyinaa. Wɔfrɛɛ nnipa pa ne nnipa bɔne, maa ɔdan a wɔtoo pon wɔ mu no yɛɛ ma.

11“Ɔhene no baa hɔ sɛ ɔrebɛhwɛ nnipa a wɔaba no, ohuu obi a ɔnhyɛ ayeforohyia atade wɔ hɔ. 12Obisaa no se, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wonhyɛ ayeforohyia atade, na wutumi baa ha?’ Nanso damfo no antumi ammua.

13“Afei ɔhene no ka kyerɛɛ nʼasomfo no se, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa na monkɔtow no nkyene akyirikyiri sum mu, nea osu ne setwɛre wɔ no.’

14“Wɔafrɛ bebree, nanso kakraa bi na wɔpaw wɔn.”

Towyi Ho Asɛmmisa

15Farisifo no tuu Yesu ho agyina, pɛɛ ɔkwan bi a wɔbɛfa nʼanom asɛm so anya no akyere no. 16Wosii no gyinae se, wɔbɛsoma wɔn nnipa bi ne Herodefo aba Yesu nkyɛn abebisa no se, “Owura, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, na wonam nokware kwan so kyerɛ nnipa kwan a ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn a wunsuro akyi asɛm, efisɛ wonhwɛ nnipa anim. 17Ka ma yentie. Eye sɛ woyi tow ma Roma Hempɔn Kaesare anaa enye?”

18Yesu huu wɔn adwemmɔne no ma ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nyaatwomfo! Adɛn nti na mopɛ sɛ mode nnaadaa sɔ me hwɛ? 19Momfa sika a wɔde yi tow no bi nkyerɛ me.” Wɔde bi kyerɛɛ no. 20Obisaa wɔn se, “Hena mfoni na ɛda so, na hena din nso na ɛwɔ so?”

21Wobuaa se, “Kaesare.”

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛno de, momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”

22Ne mmuae a ɔmaa wɔn no maa wɔn ho dwiriw wɔn ma wogyaw no hɔ kɔe.

Owusɔre Mu Aware

23Da no ara, Sadukifo a wonnye owusɔre nni no baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, 24“Owura, Mose kae se, ‘Sɛ ɔbarima bi anwo na owu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabea na ɔne no nwo mma owufo no. 25Anuanom baason bi ne yɛn tenaa ha. Ɔpanyin no waree a wanwo ba na owui. Enti ne nua a ɔto so abien no faa ne yere no kunabea. 26Nea ɔto so abien no nso wui, maa nea ɔto so abiɛsa no faa ɔbea no kunabea. Ɔno nso wui a wanwo ba, maa ɔfoforo nso faa ɔbea no kunabea. Eyi toaa so ara kosii sɛ anuanom baason no nyinaa waree ɔbea no. 27Nea edi akyi ne sɛ, ɔbea no nso wui. 28Ɛno nti, owusɔrebere no, nnipa baason yi mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere? Efisɛ wɔn nyinaa waree no!’ ”

29Yesu buaa wɔn se, “Mo mfomso a moayɛ no fi nim a munnim Kyerɛwsɛm no ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ no! 30Na owusɔrebere no, aware nni hɔ; obiara bɛyɛ sɛ abɔfo a wɔwɔ ɔsoro no. 31Nea ɛfa owusɔre no ho no nso, monkenkan nea Onyankopɔn aka afa ho no pɛn? Munhu sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ mo bere a ɔkae se, 32‘Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no?’ Eyi kyerɛ sɛ, Onyankopɔn nyɛ awufo Nyankopɔn na mmom, ateasefo Nyankopɔn.”

33Nnipadɔm no tee ne nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa.

Mmaransɛm No Mu Nea Ɛkyɛn Ne Nyinaa

34Farisifo no tee sɛ Yesu abu afa Sadukifo no so no, wokohyiaa Yesu. 35Wɔn mu baako a ɔyɛ mmaranimfo bisaa Yesu se, 36“Owura, Mose mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he koraa na ɛkyɛn ne nyinaa?”

37Yesu buaa no se, “ ‘Dɔ Awurade, wo Nyankopɔn, wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne wʼadwene nyinaa mu.’ 38Eyi ne mmaransɛm no mu nea edi kan na ɛkyɛn ne nyinaa. 39Nea ɛto so abien no te sɛ ɛno ara: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ 40Mose mmaransɛm ne adiyifo no nkyerɛkyerɛ no nyinaa gyina saa mmaransɛm abien yi so.”

Hena Ba Ne Agyenkwa No?

41Farisifo no twaa Yesu ho hyiae no, obisaa wɔn se, 42“Dɛn na mususuw fa Agyenkwa no ho? Hena ba ne no?”

Wobuaa no se, “Dawid Ba.”

43Yesu bisaa wɔn se “Ɛno de, adɛn na Dawid nam Honhom Kronkron so frɛ no ‘Awurade?’ Efisɛ Dawid kae se,

44“ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se,

“Tena me nifa

kosi sɛ mɛma woadi

wʼatamfo nyinaa so.” ’

45Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛno de, ɛyɛɛ dɛn na Kristo no yɛ ne ba?” 46Obiara antumi ammua. Eyi akyi nso, obiara antumi ammisa no nsɛm bio.

Thai New Contemporary Bible

มัทธิว 22:1-46

คำอุปมาเรื่องงานอภิเษก

1พระเยซูตรัสแก่พวกเขาเป็นคำอุปมาอีกว่า 2“อาณาจักรสวรรค์เป็นเหมือนกษัตริย์ผู้ทรงเตรียมงานเลี้ยงฉลองพิธีอภิเษกสมรสให้โอรสของพระองค์ 3พระองค์ทรงส่งคนไปเรียกบรรดาผู้ที่เชิญไว้ให้มาร่วมงานเลี้ยง แต่พวกเขาไม่ยอมมา

4“แล้วพระองค์จึงทรงส่งคนไปอีกและสั่งว่า ‘ไปบอกพวกที่รับเชิญไว้ว่าเราเตรียมงานเลี้ยงเรียบร้อย วัวและโคขุนก็ชำแหละเสร็จ ทุกอย่างพร้อมแล้ว มาร่วมงานเลี้ยงเถิด’

5“แต่คนเหล่านั้นไม่สนใจและไปเสีย บางคนไปที่นา บางคนไปทำธุรกิจของตน 6คนอื่นๆ นอกนั้นก็จับข้าราชบริพารมาทำร้ายและฆ่าทิ้งเสีย 7กษัตริย์จึงกริ้วนัก พระองค์ทรงส่งกองทัพมาประหารพวกฆาตกรและเผาเมืองของพวกเขา

8“แล้วพระองค์ตรัสกับคนของพระองค์ว่า ‘งานเลี้ยงพร้อมแล้วแต่ผู้ที่เราเชิญไว้ไม่คู่ควร 9จงไปที่มุมถนน เจอใครก็เชิญมางาน’ 10ดังนั้นข้าราชบริพารจึงออกไปตามท้องถนนและรวบรวมคนทั้งหมดที่พบมาไม่ว่าดีหรือเลว และท้องพระโรงงานอภิเษกก็มีแขกเหรื่อคับคั่ง

11“แต่เมื่อกษัตริย์เสด็จมาทอดพระเนตรแขกเหรื่อ ก็ทรงเห็นคนหนึ่งที่นั่นไม่ได้สวมชุดสำหรับงานแต่งงาน 12จึงตรัสถามว่า ‘เพื่อนเอ๋ย เจ้าเข้ามาที่นี่ได้อย่างไรโดยไม่สวมชุดสำหรับงานแต่งงาน?’ เขาก็อ้ำอึ้งพูดไม่ออก

13“แล้วกษัตริย์จึงสั่งมหาดเล็กว่า ‘จงมัดมือมัดเท้าเขาและโยนออกไปยังที่มืดภายนอกที่ซึ่งจะมีการร่ำไห้และขบเขี้ยวเคี้ยวฟัน’

14“เพราะหลายคนได้รับเชิญ แต่น้อยคนนักที่ได้รับเลือก”

การเสียภาษีแก่ซีซาร์

(มก.12:13-17; ลก.20:20-26)

15แล้วพวกฟาริสีจึงออกไปวางแผนกันเพื่อจับผิดถ้อยคำของพระองค์ 16เขาจึงส่งสาวกของตนกับกลุ่มผู้สนับสนุนเฮโรดมาทูลพระองค์ว่า “ท่านอาจารย์ เรารู้ว่าท่านเป็นคนซื่อตรงและสอนทางของพระเจ้าตามความจริง ท่านไม่เอนเอียงไปตามมนุษย์เพราะท่านไม่เห็นแก่หน้าใคร 17โปรดบอกเราเถิดว่าท่านคิดเห็นอย่างไร? เป็นการถูกต้องหรือไม่ที่จะเสียภาษีให้แก่ซีซาร์?”

18แต่พระเยซูทรงรู้ทันเจตนาชั่วของพวกเขาจึงตรัสว่า “เจ้าคนหน้าซื่อใจคด เจ้าพยายามมาจับผิดเราทำไม? 19ไหนเอาเหรียญที่ใช้เสียภาษีมาให้เราดูซิ” พวกเขาจึงนำเหรียญหนึ่งเดนาริอันมาถวาย 20และพระองค์ตรัสถามพวกเขาว่า “รูปนี้เป็นของใคร? คำจารึกเป็นของใคร?”

21พวกเขาทูลตอบว่า “ของซีซาร์” แล้วพระองค์จึงตรัสแก่พวกเขาว่า “ของของซีซาร์จงให้แก่ซีซาร์ และของของพระเจ้าจงถวายแด่พระเจ้า”

22เมื่อพวกเขาได้ยินเช่นนี้ก็รู้สึกพิศวงจึงละจากพระองค์ไป

ปัญหาเรื่องการเป็นขึ้นจากตาย

(มก.12:18-27; ลก.20:27-40)

23ในวันเดียวกันนั้นพวกสะดูสีซึ่งกล่าวว่าไม่มีการเป็นขึ้นจากตายมาทูลถามพระองค์ว่า 24“ท่านอาจารย์ โมเสสสั่งพวกเราไว้ว่าถ้าชายใดเสียชีวิตไปโดยไม่มีบุตร พี่ชายหรือน้องชายของเขาต้องแต่งงานกับภรรยาม่ายของเขาเพื่อจะมีบุตรให้ผู้นั้น 25คราวนี้มีพี่น้องเจ็ดคน พี่ชายคนโตแต่งงานแล้วตายไปและเพราะเขาไม่มีบุตรจึงทิ้งภรรยาไว้ให้น้องชาย 26คนที่สองที่สามก็เช่นเดียวกัน จนมาถึงคนที่เจ็ด 27ในที่สุดผู้หญิงคนนั้นก็ตาย 28แล้วเมื่อเป็นขึ้นจากตาย ผู้หญิงคนนี้จะเป็นภรรยาของใครในเจ็ดคนนั้นเพราะทุกคนล้วนได้นางเป็นภรรยา?”

29พระเยซูทรงตอบว่า “พวกท่านผิดแล้วเพราะพวกท่านไม่รู้พระคัมภีร์และฤทธิ์เดชของพระเจ้า 30เมื่อเป็นขึ้นจากตาย ผู้คนจะไม่แต่งงานหรือยกให้เป็นสามีภรรยากันอีก แต่จะเป็นเหมือนทูตสวรรค์ 31ส่วนที่เกี่ยวกับการเป็นขึ้นจากตายนั้น พวกท่านยังไม่ได้อ่านหรือที่พระเจ้าตรัสแก่ท่านว่า 32‘เราเป็นพระเจ้าของอับราฮัม พระเจ้าของอิสอัค และพระเจ้าของยาโคบ’22:32 อพย.3:6? พระองค์ไม่ใช่พระเจ้าของคนตาย แต่เป็นพระเจ้าของคนเป็น”

33เมื่อประชาชนได้ยินดังนี้ก็เลื่อมใสในคำสอนของพระองค์

พระบัญญัติข้อใหญ่สุด

(มก.12:28-31)

34เมื่อพวกฟาริสีได้ยินว่าพระเยซูทรงทำให้พวกสะดูสีนิ่งอึ้งไปจึงรวมหัวกัน 35คนหนึ่งในพวกเขาซึ่งรอบรู้ในบทบัญญัติมาทดสอบพระเยซูโดยทูลถามว่า 36“ท่านอาจารย์ พระบัญญัติข้อใดในหนังสือบทบัญญัติที่สำคัญที่สุด?”

37พระเยซูตรัสตอบว่า “ ‘จงรักองค์พระผู้เป็นเจ้าพระเจ้าของท่านอย่างสุดใจ สุดจิต และสุดความคิดของท่าน’22:37 ฉธบ.6:5 38นี่เป็นพระบัญญัติข้อสำคัญที่สุดและข้อแรก 39ข้อที่สองก็เช่นกันคือ ‘จงรักเพื่อนบ้านเหมือนรักตนเอง’22:39 ลนต.19:18 40หนังสือบทบัญญัติและหนังสือผู้เผยพระวจนะล้วนขึ้นกับบทบัญญัติสองข้อนี้”

พระคริสต์เป็นบุตรของใคร

(มก.12:35-37; ลก.20:41-44)

41ขณะพวกฟาริสีมาชุมนุมกัน พระเยซูทรงถามว่า 42“พวกท่านคิดเห็นอย่างไรเกี่ยวกับพระคริสต์22:42 หรือ พระเมสสิยาห์? พระองค์ทรงเป็นบุตรของใคร?”

พวกเขาทูลว่า “บุตรของดาวิด”

43พระองค์ตรัสว่า “ถ้าเช่นนั้นเหตุใดเมื่อกล่าวโดยพระวิญญาณดาวิดจึงเรียกพระองค์ว่า ‘องค์พระผู้เป็นเจ้า’? เพราะดาวิดบอกว่า

44“ ‘พระเจ้าตรัสกับองค์พระผู้เป็นเจ้าของข้าพเจ้าว่า

“จงนั่งที่ขวามือของเรา

จนกว่าเราจะสยบศัตรูของเจ้า

ไว้ใต้เท้าของเจ้า” ’22:44 สดด.110:1

45ในเมื่อดาวิดเรียกพระองค์ว่า ‘องค์พระผู้เป็นเจ้า’ แล้วพระองค์จะเป็นบุตรของดาวิดได้อย่าง ไร?” 46ไม่มีใครสามารถตอบพระองค์ได้สักคำและตั้งแต่วันนั้นไม่มีผู้ใดกล้ามาทูลถามพระองค์อีกเลย