Mateo 13 – AKCB & OL

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 13:1-58

Ogufo Ho Bɛ

1Da no ara Yesu fii adi kɔtenaa mpoano. 2Nnipakuw kyeree so wɔ hɔ a ɛmaa no kɔtenaa ɔkorow bi mu a na nnipakuw no nso gyinagyina mpoano hɔ. 3Ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ mmebu mu se, “Da bi okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. 4Ogu so regu no, aba no bi guu ɔkwan mu maa nnomaa bɛsosɔw ne nyinaa. 5Bi nso koguu ɔbotan so. Ankyɛ na aba no fifii. 6Esiane sɛ na dɔte a ɛwɔ ɔbotan no so sua no nti, owia bɔɔ so no, ne nyinaa hyewee. 7Aba no bi nso guu nsɔe mu, na nsɔe no nyin no emiaa no. 8Aba no bi guu asase pa mu. Enyin, sow aba mmɔho aduasa; bi aduosia na afoforo nso ɔha. 9Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!”

Nea Enti A Yesu Kasa Wɔ Mmebu Mu

10Owiee ne nkyerɛkyerɛ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn na daa wonam mmebu so kasa kyerɛ nnipa no?”

11Yesu buaa wɔn se, “Mo de, wɔde Ɔsoro Ahenni ho ahintasɛm ama mo na wɔn de, wɔmmfa mmaa wɔn ɛ. 12Nea ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho na wanya ama abu no so. Na nea onni ahe bi no, kakra a ɔwɔ no mpo, wobegye afi ne nsam. 13Nea enti a ɛma mekasa kyerɛ wɔn mmebu mu no ne sɛ,

“Wohu de, nanso wonhu;

wɔte de, na wɔnte ase.

14Wɔn so na ɛnam ama Yesaia nkɔm a ɔhyɛe se,

“ ‘Ɔte de, mobɛte, nanso morente ase;

ohu de, mubehu, nanso morenhu no, aba mu.

15Efisɛ ɔman yi koma apirim.

Wɔyɛ asoɔden;

wɔakatakata wɔn ani.

Sɛ ɛnte saa a anka wɔn ani behu ade,

na wɔn aso ate asɛm

na wɔn koma ate asɛm ase,

na wɔanu wɔn ho asan aba me nkyɛn na masa wɔn yare.’

16Na mo de, wɔahyira mo ani efisɛ ehu ade; wɔahyira mo aso efisɛ ɛte asɛm. 17Na me de, mereka akyerɛ mo se, adiyifo ne atreneefo pii pɛɛ sɛ wohu nea muhu no, nanso wɔanhu. Wɔpɛɛ sɛ wɔte nea mote no, nanso wɔante.

Ogufo Ho Bɛ No Nkyerɛase

18“Afei muntie bɛ a ɛfa ogufo a okoguu aba wɔ nʼafum no no nkyerɛase. 19Wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm no, na wɔnte ase no te sɛ aba a eguu ɔkwan mu no. Ɔbɔnefo no ba, behwim nea wɔadua wɔ wɔn koma mu no. 20Aba a eguu ɔbotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no, na wɔde anigye so mu. 21Nanso asɛm no nnyina wɔ wɔn mu. Eyi nti ɛnkyɛ na asɛm no awu. Esiane sɛ asɛm no awu nti, sɛ ɔhaw anaa ɔtaa bi ba a, wɔpa abaw. 22Aba a eguu nsɔe mu no gyina hɔ ma wɔn a wotie asɛm no, nanso wiase yi mu abrabɔ mu haw ne agyapade ho dadwen nti ɛmma asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma. 23Na aba a eguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wotie asɛm no, na wɔte ase. Wɔsow aba mmɔho aduasa; bi aduosia; na afoforo nso, ɔha.”

Nwura Ho Bɛ

24Yesu de bɛ foforo kaa asɛm se, “Ɔsoro Ahenni no te sɛ okuafo bi a oduaa aburow wɔ nʼafum. 25Da koro anadwo a wada no, ne tamfo nso beduaa nwura fraa aburow a wadua no. 26Aburow no renyin no, na nwura no nso renyin.

27“Okuafo no apaafo bɛka kyerɛɛ no se, ‘Owura, aburow a wuduae no, nwura bi afifi wɔ ase!’

28“Okuafo no buae se, ‘Ɔtamfo bi na oduae!’

“Apaafo no bisaa no se, ‘Wopɛ sɛ yekotutu saa nwura no ana?’

29“Obuaa wɔn se, ‘Dabi da!’ Anyɛ a na moatutu aburow no bi afra nwura no. 30Momma ne nyinaa nyin nkosi twabere na mama atwafo ayiyi nwura no afi aburow no mu ahyew no, na wɔde aburow no nso agu asan so.”

Onyaa Aba Ho Bɛ

31Yesu buu wɔn bɛ foforo se, “Ɔsoro Ahenni te sɛ onyaa aba ketewa bi a obi duaa wɔ nʼafum. 32Ɛyɛ aba ketewaa bi, nanso sɛ enyin a, ɛyɛ dutan kɛse ma nnomaa kosisi ne mman so.”

Mmɔkaw Ho Bɛ

33Obuu wɔn bɛ foforo se, “Ɔsoro Ahenni te sɛ mmɔkaw bi a brodotofo de fɔtɔw mmɔre ma etu.”

34Yesu nam mmebu so ɔkasa kyerɛɛ nnipadɔm no. 35Enti ɔhyɛɛ nea adiyifo no ahyɛ ho nkɔm no mma se:

“Mɛkasa mmebu mu,

na maka anwonwade mu ahintasɛm a efi adebɔ mfiase.”

Nwura Ho Bɛ No Nkyerɛase

36Afei Yesu fii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ fie. Nʼasuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se ɔnkyerɛ wɔn bɛ a ɛfa nwura ne aburow ho no ase.

37Yesu buaa wɔn se, “Me Onipa Ba no, mene okuafo a oduaa aburow no. 38Afuw no ne wiase, na aburow no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ Ahenni no mma; nwura no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ ɔbonsam mma. 39Ɔtamfo a oduaa nwura fraa aburow no ne ɔbɔnefo no. Otwabere no yɛ wiase awiei; atwafo no ne abɔfo no.

40“Sɛnea asɛnka no mu, wotutuu nwura no fii aburow no mu kɔhyew no no, saa ara na ɛbɛyɛ wɔ wiase awiei. 41Onipa Ba no bɛsoma nʼabɔfo, na wɔabɛboaboa wɔn a wɔpɛ bɔne, nsɛmmɔnedifo nyinaa ano afi Ahenni no mu, 42na wɔatow wɔn agu ogyatannaa no mu, ahyew wɔn. Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ. 43Na atreneefo no bɛhyerɛn sɛ owia wɔ wɔn Agya Ahenni no mu. Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!”

Ademude Ne Ahene Pa Ho Mmɛ

44Yesu toaa mmebu no so se, “Ɔsoro Ahenni no te sɛ ademude bi a obi kohuu wɔ afuw bi mu.13.44 Tete no, esiane sɛ na sikakorabea biara nni baabi nti, na wɔde ademude sie fam. Ɔkataa so, na ɔde ahopere kɔtɔn nʼahode nyinaa, de kɔtɔɔ afuw no.

45“Bio, Ɔsoro Ahenni te sɛ obi a odi nhene pa ho gua a ɔrehwehwɛ nhene pa atɔ. 46Okonyaa bi a ɛyɛ fɛ mmoroso, enti ɔkɔtɔn nʼahode nyinaa de kɔtɔe!”

Asaugu Ho Bɛ

47Yesu toaa so bio se, “Ɔsoro Ahenni no te sɛ obi a okoguu asau wɔ asu bi mu yii nsumnam ahorow bebree. 48Asau no yɛɛ ma no, ɔtwe baa konkɔn so. Afei ɔtenaa ase yiyii nam pa no guu kɛntɛn mu na ɔtow nea enye no gui. 49Saa ara na wiase awiei bɛyɛ. Abɔfo no bɛba abɛpaw abɔnefo no afi atreneefo no mu, 50na wɔatow abɔnefo no agu ogyatannaa no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.

51“Mote ase?”

Nʼasuafo no buaa no se, “Yiw.”

52Yesu toaa ne nkyerɛkyerɛ no so se, “Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wɔabɛyɛ mʼasuafo no te sɛ ofiwura a wada nʼagyapade foforo ne dedaw nyinaa adi.”

Wɔpo Yesu Wɔ Nasaret

53Yesu wiee ne mmebu no, ofii faako a ɔwɔ hɔ no. 54Ɔkɔɔ ne kurom Nasaret. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu maa wɔn a wotiee no no ho dwiriw wɔn. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhe na saa ɔbarima yi konyaa nyansa a ɔde yɛ anwonwade sɛɛ yi? 55Ɛnyɛ dua dwumfo no ba no ni? Ɛnyɛ ne na ne Maria? Ɛnyɛ ne nua barimanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda? 56Ɛnyɛ yɛne ne nuabeanom na ɛte ha? Na afei ɛhe na okonyaa eyinom nyinaa yi?” 57Wɔn bo fuw no.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Odiyifo wɔ anuonyam baabiara, gye ne man mu anaa ne nkurɔfo mu!”

58Esiane sɛ wɔannye no anni no nti, wanyɛ anwonwade bebree wɔ hɔ!

O Livro

Mateus 13:1-58

A parábola do semeador

(Mc 4.1-9; Lc 8.4-8)

1Mais tarde, naquele mesmo dia, Jesus saiu de casa e desceu até ao mar. 2Logo se juntou uma multidão imensa, pelo que entrou num barco e se sentou nele, enquanto a multidão ficava na praia. 3E explicou-lhes muitas coisas por meio de parábolas como esta: “Certo homem foi semear. 4Enquanto semeava, algumas sementes caíram à beira do caminho, vieram as aves e comeram-nas. 5Outras caíram em solo pedregoso e com pouca terra; como o solo não tinha profundidade cresceram logo. 6Mas quando o sol rompeu, murcharam; e como não ganharam raízes, acabaram por secar. 7Outras caíram entre espinhos que, em pouco tempo, sufocaram os rebentos. 8Outras, porém, caíram em bom solo e deram uma colheita de cem, sessenta ou trinta vezes mais. 9Quem tem ouvidos, ouça!” 10Os discípulos foram ter com ele e perguntaram-lhe: “Porque falas às pessoas por parábolas?”

Razão das parábolas

(Mc 4.10-20; Lc 8.9-15; 10.23-24)

11Ele respondeu-lhes: “É-vos concedido conhecer os mistérios do reino dos céus, mas não a eles. 12Quem tiver receberá e terá em abundância; mas, a quem não tem, até o que tiver lhe será tirado. 13Por isso, lhes falo por parábolas, porque veem, mas ficam sem ver, ouvem e ficam sem ouvir nem entender.

14Assim se cumpre a profecia de Isaías:

‘Ainda que ouçam com os vossos ouvidos, não entenderão.

Ainda que vejam e vejam, não perceberão.

15Que o coração deste povo se embruteça,

e se lhes fechem os ouvidos e os olhos.

Não estou empenhado em que os seus olhos vejam,

os seus ouvidos ouçam e os seus corações compreendam,

nem em que se arrependam, para que os cure.’13.15 Is 6.9-10.

16Felizes são os vossos olhos por verem, e os vossos ouvidos por ouvirem! 17É realmente como vos digo: muitos profetas e muitos justos desejaram ver o que vocês veem e não o viram; ouvir o que vocês ouvem e não o ouviram!

18Prestem atenção à parábola do homem que andava a semear. 19A todo aquele que ouve a palavra do reino e não a percebe, vem o Maligno e arranca a semente que tinha sido semeada no seu coração. Esta é a semente que cai à beira do caminho. 20A semeada em solo pedregoso é o que ouve a palavra e a recebe com alegria. 21Todavia, não deita raízes, antes dura pouco; aparecem dificuldades ou perseguições por causa da palavra, e logo essa pessoa se escandaliza. 22A semeada entre os espinhos é aquele que ouve a palavra, mas as preocupações desta vida e a ambição da riqueza abafam a palavra, pelo que fica sem fruto. 23A semente plantada em bom solo é aquele que ouve a palavra e a entende e produz fruto: cem, sessenta ou trinta vezes mais.”

A parábola do trigo e do joio

24Jesus contou outra parábola: “O reino dos céus é como um lavrador que semeou boa semente no seu campo. 25Mas uma noite, enquanto os servos dormiam, veio o seu inimigo que semeou joio entre o trigo. 26Quando a seara começou a crescer, o joio cresceu também. 27Os servos daquele lavrador vieram dizer-lhe: ‘Senhor, aquela semente não era de boa qualidade? Como é que o campo está cheio de joio?’

28‘Foi obra de algum inimigo’, explicou ele. ‘Queres que arranquemos o joio?’, perguntaram os servos. 29‘Não. Se fizerem isso, arrancam também o trigo. 30Deixem ambos crescer juntos até à colheita e direi aos ceifeiros que tirem primeiro o joio e o queimem, mas guardem o trigo no celeiro.’ ”

A parábola da semente de mostarda e do fermento

(Mc 4.30-32; Lc 13.18-19)

31Ainda outra parábola: “O reino dos céus é como uma semente de mostarda que um homem planta no seu campo; 32embora seja a menor de todas as sementes, ao crescer é a maior das plantas e transforma-se num arbusto em cujos ramos as aves do céu vêm fazer os seus ninhos.”

A parábola do fermento

(Mc 4.33-34; Lc 13.20-21)

33Jesus contou também esta parábola: “O reino dos céus pode ser comparado ao fermento que uma mulher misturou em três medidas de farinha, até toda ela levedar.”

34Tudo isto Jesus anunciava às multidões por meio de parábolas. Aliás, nunca o fazia sem lhes contar uma parábola. 35Assim se cumpriu o que tinha sido anunciado pelo profeta:

“Falarei por parábolas;

explicarei mistérios escondidos desde o princípio do mundo.”13.35 Sl 78.2.

Explicação da parábola do joio

36Então entrou em casa, depois de despedir o povo, e os discípulos pediram-lhe que explicasse a parábola do joio do campo. 37“É assim: aquele que lança a semente é o Filho do Homem. 38O campo é o mundo e a semente representa o povo do reino; o joio é o povo que pertence ao Maligno. 39O inimigo que semeou o joio entre o trigo é o Diabo; a colheita é o fim do mundo e os ceifeiros são os anjos.

40Assim como o joio é apartado e queimado, assim também será no fim do mundo. 41Mandarei os meus anjos que apartarão do reino tudo o que provoca escândalos e todos os que praticam transgressões; 42e os lançarão na fornalha que os queimará. Ali haverá choro e ranger de dentes. 43Então os justos brilharão como o Sol no reino do seu Pai. Quem tem ouvidos, ouça!

A parábola do tesouro escondido e da pérola

44O reino dos céus é como um tesouro escondido no campo; um homem descobriu-o e voltou a escondê-lo. Todo entusiasmado, vendeu todos os seus bens para comprar aquele campo!

45O reino dos céus é ainda como um negociante que procura pérolas de alta qualidade. 46Ao descobrir um bom negócio, uma pérola de grande valor, vende tudo o que possui para adquiri-la.

A parábola da rede

47O reino dos céus também pode comparar-se a um pescador que lança a rede e apanha peixes de toda a espécie. 48Quando a rede está cheia, arrasta-a para a praia, senta-se e seleciona os peixes que são bons para comer, deitando fora os de má qualidade. 49Assim será também no fim do mundo; os anjos virão para separar os maus dos justos, 50lançando os maus no fogo; ali haverá choro e ranger de dentes. 51E perguntou-lhes: Compreendem agora?” Responderam: “Sim, compreendemos.”

52Então acrescentou: “Todo o especialista na Lei que for instruído acerca do reino dos céus é semelhante ao chefe de família que tira do seu tesouro coisas que pertencem à nova aliança e também à antiga!”

Um profeta sem honra

(Mc 6.1-6; Lc 4.16-30)

53Quando Jesus acabou de contar estas parábolas, 54voltou para a sua terra13.54 Nazaré da Galileia. e ensinava o povo na sinagoga, para espanto deles. E diziam: “Como é isto possível? De onde lhe veio toda esta sabedoria e tais milagres? 55Não é ele o filho de um carpinteiro? E a sua mãe não se chama Maria? E os seus irmãos não são Tiago, José, Simão e Judas? 56E as suas irmãs não moram todas aqui? Como é que arranjou esta capacidade?” 57E estavam escandalizados com ele. Então, Jesus disse-lhes: “Um profeta é honrado em qualquer lugar menos na sua terra e na sua própria casa.” 58Por isso, fez ali poucos milagres, por causa da falta de fé deles.