Mateo 12 – AKCB & NIRV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 12:1-50

Yesu Yɛ Homeda Wura

1Homeda bi, Yesu ne nʼasuafo no kɔfaa aburowfuw bi mu. Wɔnam aburowfuw no mu no, ɔkɔm dee asuafo no ma wɔpenpan aburow no bi wee. 2Farisifo bi huu nea asuafo no reyɛ no, anyɛ wɔn abodwo. Wobisaa Yesu se, “Woahu sɛ wʼasuafo no abu Homeda mmara no so?”

3Yesu nso bisaa wɔn se, “Monkenkan nea Ɔhene Dawid yɛe, bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no? 4Wɔkɔɔ Onyankopɔn fi kodii brodo a wɔde abɔ afɔre, a anka wonni ho kwan sɛ wodi, gye ɔsɔfo nko ara no. Ɛno nso yɛ mmara so bu? 5Na monnsan nkenkan mfii Mose mmara no mu, sɛ asɔfo a wɔyɛ hyiadan mu adwuma no tumi yɛ adwuma Homeda nso? 6Mereka ama moate ase sɛ, nea ɔkyɛn hyiadan no wɔ ha! 7Sɛ moate asɛm a ese, ‘Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ’ no ase yiye a, anka moremmu wɔn a wonni fɔ no fɔ. 8Na me, Onipa Ba no, meyɛ Homeda no wura.”

9Yesu fii nea ɔwɔ hɔ no kɔɔ hyiadan mu. 10Ohuu ɔbarima bi wɔ ɔdan mu hɔ a na ne nsa baako awu. Farisifo no bisaa Yesu se, “Enti mmara ma ho kwan sɛ obi sa yare Homeda ana?”12.10 Mmara akyerɛkyerɛfo mma ayaresa ho kwan homeda; gye sɛ wohu sɛ, sɛ wɔansa ɔyarefo no yare da no ara na ade kye a, obewu. Obi a na ne nsa awu no de, na ɛnyɛ nea owu hunahuna no. Wobisaa eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya kwan atoto nʼano na wɔakyere no!

11Yesu buaa wɔn se, “Mo mu hena na ɔwɔ oguan baako na sɛ ɔkɔtɔ amoa mu Homeda a, ɔrenyi no? Ɔkwan biara so wobɛkɔ akoyi no. 12Onipa som bo sen oguan! Eyi nti ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa Homeda.”

13Afei Yesu ka kyerɛɛ nea ne nsa awu no se, “Teɛ wo nsa!” Ɔyarefo no teɛɛ ne nsa. Ɔteɛɛ ne nsa no ahoɔden baa mu ma ɛyɛɛ sɛ baako no. 14Farisifo no fii adi kotuu sɛnea wɔbɛkyere Yesu akum no no ho agyina.

15Esiane sɛ na onim pɔw a wɔrebɔ wɔ ne ho no nti, ofii hyiadan no mu maa nnipadɔm dii nʼakyi. Ɔsaa wɔn mu ayarefo no nyinaa yare. 16Nanso ɔbɔɔ wɔn ano se wɔmmmɔ nʼanwonwade a ɔyɛɛ no ho dawuru. 17Na nkɔm a Odiyifo Yesaia hyɛɛ no aba mu se:

18“Monhwɛ mʼakoa a mayi no,

nea medɔ no a me kra ani sɔ no,

mede me honhom begu no so,

na wabu amanaman atɛn.

19Ɔrenko, na ɔrenteɛteɛ mu.

Na obi rente ne nne wɔ abɔnten so!

20Ɔrensɛe demmire a ɛyɛ mmerɛw no.

Kanea ntamabamma a ɛnnɛw yiye no, ɔrennum;

kosi sɛ ɔnam atɛntrenee so de nkonimdi bɛba.

21Ne din bɛyɛ amanaman nyinaa anidaso.”

Farisifo Ka Se Yesu Yɛ Ɔbonsam

22Afei wɔde obi a ɔyɛ mum san yɛ onifuraefo, na honhommɔne nso wɔ ne so brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa no yare. Yesu saa no yare ma ɔkasae, san huu ade. 23Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no ho dwiriw wɔn. Wɔkae se, “Ebetumi aba sɛ Yesu yi yɛ Dawid Ba no, Agyenkwa no ana?”

24Nanso Farisifo no tee anwonwade a Yesu yɛe no, wɔkae se, “Ɔnam ahonhommɔne nyinaa panyin, Ɔbonsam Beelsebul no so na otu ahonhommɔne.”

25Yesu huu wɔn adwene maa wɔn mmuae se, “Ahemman biara a edi mpaapaemu no ntumi nnyina. Saa ara nso na kurow anaa ofi biara a edi mpaapaemu no ntumi nnyina. 26Na sɛ ɔbonsam retu ɔbonsam a na ɛkyerɛ sɛ ɔne ne ho na ɛreko de asɛe nʼaheman. 27Na sɛ menam Beelsebul tumi so na mitu ahonhommɔne a, hena so na mo nkurɔfo nam tu ahonhommɔne? Saa na ɛte de a, mo nkurɔfo no ara na wobebu mo atɛn. 28Nanso sɛ menam Onyankopɔn Honhom so na mitu honhommɔne de a, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no aba mo so.

29“Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfo fi mu nkowia no, agye sɛ onipa ko no di kan de hama kyekyere no.

30“Obiara a onni mʼafa no, tia me. Na nea ɔne me mmoaboa ano no hwete mu. 31Mereka akyerɛ mo se, wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, nanso abususɛm a etia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ. 32Nea ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso nea ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da biara da.

Dua Ne Nʼaba

33“Dua biara aba na wɔde hu ne su. Dua pa sow aba pa na dua bɔne nso sow aba bɔne. 34Awɔ mma! Ɛbɛyɛ dɛn na abɔnefo sɛ mo atumi aka nea eye ho asɛm? Nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka. 35Onipa pa anom asɛm da nnepa a ɛwɔ ne mu no adi. Saa ara na onipa bɔne nso anom asɛm da nnebɔne a ɛwɔ ne mu no adi. 36Mereka makyerɛ mo se, atemmuda no, asɛnhunu biara a obi aka no, obebu ho akontaa. 37Wʼanom asɛm so na wɔnam bebu wo bem anaa fɔ.”

Yona Nsɛnkyerɛnne

38Da bi, Yudafo mpanyimfo bi a Farisifo bi ka wɔn ho baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne bi nkyerɛ wɔn.

39Yesu buaa wɔn se, “Ɔman a wɔyɛ abɔnefo a wonni gyidi na wɔpɛ sɛ wohu nsɛnkyerɛnne. Nanso wɔrenhu nsɛnkyerɛnne biara ka Odiyifo Yona de no ho. 40Na sɛnea Yona kodii bonsu yam nnansa no, saa ara na ɛsɛ sɛ Onipa Ba no kodi asase mu nnansa. 41Atemmuda no Ninewe mmarima ne nnɛmma bɛsɔre ayi ɔman yi atɛn, efisɛ bere a Yona kaa asɛmpa no, wɔsakraa wɔn adwene. Nanso nea ɔsen Yona wɔ ha. 42Atemmuda no, Sebahemmea bɛsɔre atia ɔman yi, efisɛ ofi asase ano nohɔ betiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso nea ɔsen Salomo no wɔ ha.

43“Saa ɔman nnebɔneyɛfo yi te sɛ obi a honhommɔne wɔ ne so. Sɛ honhommɔne no tu fi ne mu a, ekyinkyin, hwehwɛ homebea nanso ennya bi. 44Sɛ ɛba saa a, nea honhommɔne no ka ne se, ‘Mɛsan akɔ onipa a mifii ne mu bae no mu bio.’ Ɔsan kɔ onipa no mu na ohu sɛ ne mu da mpan, na wɔasiesie hɔ fɛfɛɛfɛ a, 45ɔsan nʼakyi kɔfa ahonhommɔne afoforo ason a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena ne mu. Eyi ma onipa no asetena no sɛe kyɛn ne kan asetena no.”

Yesu Ne Na Ne Ne Nuanom

46Bere a Yesu reka asɛmpa akyerɛ nnipadɔm wɔ ofi bi mu no, ne na ne ne nuanom begyinaa afikyiri pɛɛ sɛ wɔne no kasa. 47Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu baako kɔka kyerɛɛ Yesu se, “Wo na ne wo nuanom gyina afikyiri hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa.”

48Yesu kae se, “Hena ne me na? Ɛhefo ne me nuanom?” 49Ɔkaa saa no, ɔde ne nsa kyerɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Eyinom ne me na ne me nuanom.” 50Ɔsan kaa bio se, “Obiara a ɔbɛyɛ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no apɛde no, ɔno ne me nuabarima, ne me nuabea ne me na.”

New International Reader’s Version

Matthew 12:1-50

Jesus Is Lord of the Sabbath Day

1One Sabbath day Jesus walked through the grainfields. His disciples were hungry. So they began to break off some heads of grain and eat them. 2The Pharisees saw this. They said to Jesus, “Look! It is against the Law to do this on the Sabbath day. But your disciples are doing it anyway!”

3Jesus answered, “Haven’t you read about what David did? He and his men were hungry. 4So he entered the house of God. He and his men ate the holy bread. Only priests were allowed to eat it. 5Haven’t you read the Law? It tells how every Sabbath day the priests in the temple have to do their work on that day. But they are not considered guilty. 6I tell you that something more important than the temple is here. 7Scripture says, ‘I want mercy and not sacrifice.’ (Hosea 6:6) You don’t know what those words mean. If you did, you would not bring charges against those who are not guilty. 8The Son of Man is Lord of the Sabbath day.”

9Going on from that place, Jesus went into their synagogue. 10A man with a weak and twisted hand was there. The Pharisees were trying to accuse Jesus of a crime. So they asked him, “Does the Law allow us to heal on the Sabbath day?”

11He said to them, “What if one of your sheep falls into a pit on the Sabbath day? Won’t you take hold of it and lift it out? 12A person is worth more than sheep! So the Law allows us to do good on the Sabbath day.”

13Then Jesus said to the man, “Stretch out your hand.” So he stretched it out. It had been made as good as new. It was just as good as the other hand. 14But the Pharisees went out and planned how to kill Jesus.

God’s Chosen Servant

15Jesus knew all about the Pharisees’ plans. So he left that place. A large crowd followed him, and he healed all who were sick. 16But he warned them not to tell other people about him. 17This was to make what was spoken through the prophet Isaiah come true. It says,

18“Here is my servant. I have chosen him.

He is the one I love. I am very pleased with him.

I will put my Spirit on him.

He will announce to the nations that everything will be made right.

19He will not argue or cry out.

No one will hear his voice in the streets.

20He will not break a bent twig.

He will not put out a dimly burning flame.

He will make right win over wrong.

21The nations will put their hope in him.” (Isaiah 42:1–4)

Jesus and Beelzebul

22A man controlled by demons was brought to Jesus. The man was blind and could not speak. Jesus healed him. Then the man could speak and see. 23All the people were amazed. They said, “Could this be the Son of David?”

24The Pharisees heard this. So they said, “This fellow drives out demons by the power of Beelzebul, the prince of demons.”

25Jesus knew what they were thinking. So he said to them, “Every kingdom that fights against itself will be destroyed. Every city or family that is divided against itself will not stand. 26If Satan drives out Satan, he fights against himself. Then how can his kingdom stand? 27You say I drive out demons by the power of Beelzebul. Then by whose power do your people drive them out? So then, they will be your judges. 28But suppose I drive out demons by the Spirit of God. Then the kingdom of God has come to you.

29“Or think about this. How can you enter a strong man’s house and just take what the man owns? You must first tie him up. Then you can rob his house.

30“Anyone who is not with me is against me. Anyone who does not gather sheep with me scatters them. 31So here is what I tell you. Every kind of sin and every evil word spoken against God will be forgiven. But speaking evil things against the Holy Spirit will not be forgiven. 32Anyone who speaks a word against the Son of Man will be forgiven. But anyone who speaks against the Holy Spirit will not be forgiven. A person like that won’t be forgiven either now or in days to come.

33“If you make a tree good, its fruit will be good. If you make a tree bad, its fruit will be bad. You can tell a tree by its fruit. 34You nest of poisonous snakes! How can you who are evil say anything good? Your mouths say everything that is in your hearts. 35A good man says good things. These come from the good that is stored up inside him. An evil man says evil things. These come from the evil that is stored up inside him. 36But here is what I tell you. On judgment day, everyone will have to account for every empty word they have spoken. 37By your words you will be found guilty or not guilty.”

The Sign of Jonah

38Some of the Pharisees and the teachers of the law came to Jesus. They said, “Teacher, we want to see a sign from you.”

39He answered, “Evil and unfaithful people ask for a sign! But none will be given except the sign of the prophet Jonah. 40Jonah was in the belly of a huge fish for three days and three nights. Something like that will happen to the Son of Man. He will spend three days and three nights in the grave. 41The men of Nineveh will stand up on judgment day with the people now living. And the Ninevites will prove that these people are guilty. The men of Nineveh turned away from their sins when Jonah preached to them. And now something more important than Jonah is here. 42The Queen of the South will stand up on judgment day with the people now living. And she will prove that they are guilty. She came from very far away to listen to Solomon’s wisdom. And now something more important than Solomon is here.

43“What happens when an evil spirit comes out of a person? It goes through dry areas looking for a place to rest. But it doesn’t find it. 44Then it says, ‘I will return to the house I left.’ When it arrives there, it finds the house empty. The house has been swept clean and put in order. 45Then the evil spirit goes and takes with it seven other spirits more evil than itself. They go in and live there. That person is worse off than before. That is how it will be with the evil people of today.”

Jesus’ Mother and Brothers

46While Jesus was still talking to the crowd, his mother and brothers stood outside. They wanted to speak to him. 47Someone told him, “Your mother and brothers are standing outside. They want to speak to you.”

48Jesus replied to him, “Who is my mother? And who are my brothers?” 49Jesus pointed to his disciples. He said, “Here is my mother! Here are my brothers! 50Anyone who does what my Father in heaven wants is my brother or sister or mother.”