Mateo 11 – AKCB & SNC

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 11:1-30

Yesu Ne Osuboni Yohane

1Yesu wiee nʼasuafo dumien no kasakyerɛ no, ofii hɔ kɔɔ nkurow a ɛbemmɛn no mu kɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no.

2Osuboni Yohane a saa bere no na ɔda afiase no tee anwonwade a Kristo reyɛ no, ɔsomaa nʼasuafo bebisaa no se, 3“Wo ne nea ɔreba no, anaa yɛnhwɛ ɔfoforo anim?”

4Yesu buaa wɔn se, “Monsan nkɔ nkɔka anwonwade a moahu ne nea moate nkyerɛ Yohane se, 5anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, asotifo te asɛm, na awufo nso nyan. Afei monka nkyerɛ no se, meka asɛmpa no kyerɛ ahiafo. 6Monsan nka nkyerɛ no bio se, Nhyira ne wɔn a merento wɔn hintidua.”

7Yohane asuafo no kɔe no, Yesu fii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no. Obisaa wɔn se, “Mokɔɔ sare so no, dɛn na mokɔɔ sɛ morekɔhwɛ? Sare a mframa rebɔ no? 8Anaa na mususuw sɛ mubehu ɔbarima bi a wahyehyɛ sɛ ɔhene ba te ahemfi? 9Anaa Onyankopɔn diyifo? Ɛno de, mereka akyerɛ mo se, nea muhuu no no sen odiyifo mpo. 10Na saa Yohane yi na Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho se,

“ ‘Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan.

Ɔno na obesiesie ɔkwan ama wo.’

11Nokware ni, nnipa a mmea awo wɔn nyinaa mu, obiara nni hɔ a wagye din sɛ Osuboni Yohane. Nanso nea ɔyɛ aketewa koraa wɔ Ɔsoro Ahenni mu no yɛ ɔkɛse sen no! 12Na efi bere a Osuboni Yohane fii ase kaa asɛmpa no, bɔɔ nkurɔfo asu de besi nnɛ no, Ɔsoro Ahenni no de tumi retrɛw na nnipadɔm a wɔn ani abere no refa no anuɔden so. 13Ansa na Yohane rebɛba no, na adiyifo ne Mose mmara no aka ɔsoro ahenni no ho asɛm dedaw. 14Sɛ mopɛ sɛ mote nea mereka no ase de a, Yohane no, ɔno ne Elia a adiyifo no hyɛɛ ne ho nkɔm se ɔbɛba no. 15Nea ɔwɔ aso no, ontie!

16“Dɛn ho na metumi de nnɛmmafo yi atoto? Wɔte sɛ mmofra a wɔte baabi redi agoru. Ɔfa ka kyerɛ ɔfa se,

17“ ‘Yɛtoo anigye nnwom maa mo,

nso moansaw.

Yɛtoo awerɛhow nnwom nso maa mo,

nanso moansu.’

18Yohane bae a onnidi na ɔnnom no, wose, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’ 19Onipa Ba no bae a odidi na ɔnom no nso wose, ‘Monhwɛ odidifo ne ɔkɔwensani a ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo fa nnamfo.’ Nanso nea efi Onyankopɔn nyansa mu ba no ma nokware da adi.”

Korasin, Betsaida Ne Kapernaum, Munnue!

20Afei, ofii ase kaa nkurow a ɔyɛɛ anwonwade ahorow wɔ hɔ nanso wɔansakra wɔn adwene no anim se, 21“Korasin, due! Betsaida, due! Anwonwade a meyɛɛ no mo mu no, sɛ meyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfo no de awerɛhow ne ahonu asakra wɔn adwene dedaw. 22Atemmuda no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsen nea ɛbɛto Tiro ne Sidon! 23Na wo Kapernaum, wopɛ sɛ woma wo ho so, nanso wɔbɛbrɛ wo ase de wo akɔ amanehunu kurom. Anwonwade a meyɛɛ no wo hɔ no, sɛ wɔyɛɛ no Sodom a, anka ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ. 24Mereka nokware akyerɛ mo se, atemmuda no, Tiro ne Sodom benya gyinabea pa asen mo!”

Agya No Ayeyi

25Asɛnka no akyi, Yesu bɔɔ mpae se, “Agya, ɔsoro ne asase wura, meda wo ase sɛ woanna nokware no adi ankyerɛ wɔn a wosusuw sɛ wɔyɛ anyansafo, na mmom wodaa nokware no adi kyerɛɛ mmofra nkumaa. 26Yiw, Agya, wopɛ mu na woma ɛbaa saa.

27“Mʼagya no de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nnim Ɔba no gye Agya no nko ara. Na obiara nnim Agya no gye Ɔba no, ne wɔn a Ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ wɔn.

28“Mo a moayɛ adwuma abrɛ na moasoa nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome. 29Momfa me konnua nto mo ho so, na munsua me, efisɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome ama mo kra. 30Efisɛ me konnua yɛ mmerɛw, na mʼadesoa yɛ hare.”

Slovo na cestu

Matouš 11:1-30

1Když Ježíš skončil s pokyny pro svých dvanáct učedníků, šel, aby učil a kázal v tamějších městech.

Ježíš rozptyluje Janovy pochybnosti

2Jan Křtitel ve vězení uslyšel o Ježíšových činech, poslal za ním své dva žáky a ti se ho zeptali: 3„Jsi opravdu ten zaslíbený Mesiáš, nebo máme čekat jiného?“

4Ježíš jim na to odpověděl: „Vraťte se k Janovi a povězte mu o tom, co jste viděli a slyšeli: 5slepí vidí, chromí chodí, malomocní jsou uzdravováni, hluší slyší, mrtví vstávají k životu a ti, kteří u lidí neznamenají nic, jsou ujišťováni, že Bůh s nimi počítá. 6Šťastný je ten, kdo mne přijímá bez výhrad.“

7Když Janovi žáci odešli, řekl o něm Ježíš zástupu: „Když jste šli za Janem na poušť, jistě jste v něm nenašli slabocha – ‚kam vítr, tam plášť‘; 8ani jste nenašli žádnou vysoce postavenou osobu – takoví chodí pěkně oblečeni a bydlí v palácích. 9Šli jste za ním jako za prorokem a měli jste pravdu. Ujišťuji vás, že on je ještě víc než prorok. Proroci a celý Starý zákon až po Jana vyhlíželi Mesiáše. Chcete-li pochopit to, co míním, Jan je novým Elijášem, o kterém proroci říkali, že má přijít před začátkem království.

10To o něm se píše v Písmu, že půjde přede mnou, ohlásí můj příchod a připraví mi cestu k lidským srdcím. 11Opravdu, mezi všemi lidmi, kteří se kdy narodili, není nikdo, kdo by převyšoval svým posláním Jana Křtitele; a přece i nejskromnější z mých následovníků se dostal dál než on. 12-15Od doby, kdy Jan Křtitel začal kázat a křtít, Boží vláda se prosazuje, ale násilí jí škodí. Kdo slyšíš, rozuměj!

16K čemu mám přirovnat tuto generaci? Je jako hrající si děti, které sedí na návsi a pokřikují nespokojeně na své kamarády: 17‚Hráli jsme vám a vy jste netancovali, smutně jsme vám zpívali a vy jste neplakali.‘ 18Přišel Jan, žil odříkavě a měli ho za fanatika. 19Přišel jsem já, Syn člověka, žiji normálně a říkají, že jsem žrout a pijan vína, přítel celníků a nejhorší lůzy. Ale Boží moudrost prokáže, co je pravda!“

Ježíš vyslovuje soud nad zatvrzelými městy

20Tvrdá slova měl Ježíš pro města, která byla svědky mnoha jeho mocných činů, a přece nečinila pokání: 21„Běda ti, Korozaim, běda ti, Betsaido! Kdybych udělal v Týru a Sidónu takové zázraky jako u vás, už dávno by jejich obyvatelé činili pokání a projevili nejhlubší lítost nad svými vinami. 22Proto vám říkám, že Týru a Sidónu bude v den soudu snáze než vám. 23A ty, Kafarnaum, myslíš, že poroste tvá sláva až k nebi? Do propasti věčné záhuby padneš! Kdybych udělal v Sodomě takové zázraky jako u vás, stála by dodnes. 24Znovu vám říkám, že zemi Sodomské bude lehčeji v den soudu než tobě!“

Ježíš slibuje pokoj duše

25Potom se Ježíš modlil: „Otče, Pane nebe i země, děkuji ti, že pravdu skrýváš před těmi, kteří se považují za moudré a učené, a odkrýváš ji nepatrným a prostým. 26Je to, Otče, jak sis přál.

27Otec mi svěřil všechno, jenom Otec zná Syna a Otce zná jenom Syn a ti, kterým ho Syn zjeví. 28Pojďte ke mně všichni, kteří pracujete a nesete tíhu břemen, najdete u mne klid a úlevu. 29-30To, co na vás já vložím, netlačí a není těžké. Učte se ode mne, mám tiché a pokorné srdce. U mne získáte mír a odpočinutí své duše.“