Marko 15 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Marko 15:1-47

Yesu Gyina Pilato Anim

1Ade kyee anɔpatutuutu no, asɔfo mpanyin, Yudafo mpanyin, Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne agyinatufo hyia dwenee ɔkwan a wɔde Yesu bɛfa so ho. Wɔkyekyeree no de no kɔhyɛɛ Pilato nsa.

2Wɔde no duu hɔ no, Pilato bisaa no se, “Wone Yudafo hene no ana?”

Yesu buae se, “Mo na muse.”

3Asɔfo mpanyin no kaa nsɛm akɛseakɛse guu no so, nanso wanka hwee. 4Pilato bisaa no bio se, “Enti nsɛm akɛseakɛse a wɔreka gu wo so yi, wonka ho hwee?”

5Nanso Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ Pilato nwonwa.

6Na ɛyɛ Pilato amanne sɛ, afe biara ogyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wogyaa no ma wɔn no wɔ Twam Afahyɛ mu. 7Saa afe no na onipa bi a wɔfrɛ no Baraba ka nnipa bi a wɔsɔre tiaa aban, nam so dii awu no ho wɔ afiase hɔ. 8Dɔm no kɔɔ Pilato so kɔka kyerɛɛ no se, onyi odeduani baako mma wɔn sɛnea daa ɔyɛ no.

9Pilato bisae se, “Minyi ‘Yudafo Hene’ no mma mo ana?” 10Efisɛ na wahu sɛ asɔfo mpanyin no de ɔtan na atwa asɛm ato Yesu so esiane din a na wagye no nti. 11Nanso asɔfo mpanyin no tuu dɔm no aso se, sɛ wɔde beyi Yesu de, wɔmpere mma wonyi Baraba.

12Enti Pilato bisaa wɔn se, “Na sɛ miyi Baraba ma mo a, dɛn na menyɛ saa ɔbarima yi a mofrɛ no mo hene no?”

13Wɔteɛteɛɛ mu se, “Bɔ no asennua mu!”

14Pilato bisaa wɔn bio se, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?”

Wɔn nyinaa bɔ gyee so se, “Bɔ no asennua mu!”

15Afei Pilato huu sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a, ɛrenyɛ ye. Bio, na osuro nso sɛ, sɛ anhwɛ a basabasayɛ bɛba nti, ogyaa Baraba maa wɔn. Ɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɛno akyi no, ɔde no maa wɔn se wɔnkɔbɔ no asennua mu.

Yesu Ho Fɛwdi

16Asraafo no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔfrɛɛ asraafo no nyinaa baa hɔ. 17Wɔhyɛɛ no batakari kɔkɔɔ bi, de nsɔe atenten bi nwenee kyɛw hyɛɛ no. 18Wofii ase bɔ gyee so, dii ne ho fɛw se, “Yudafo hene, wo nkwa so!” 19Wɔde abaa paa nʼapampam, tetee ntasu guu no so, buu no nkotodwe, de dii ne ho fɛw. 20Wodii ne ho fɛw wiee no, wɔworɔw batakari kɔkɔɔ no, na wɔde ɔno ara nʼatade hyɛɛ no, de no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asennua mu.

Wɔbɔ Yesu Asennua Mu

21Wɔrekɔ no, wohyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ofi Kirene a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya wɔ ɔkwan so. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no. 22Wɔde Yesu baa baabi a wɔfrɛ hɔ se Golgota, a ne nkyerɛase ne Nitiri so, hɔ. 23Ɛhɔ na wɔmaa no nsa nwenweenwen bi sɛ ɔnnom, nanso wannom. 24Afei wɔbɔɔ no asennua mu. Eyi akyi, wɔbɔɔ nʼatade no so ntonto.

25Ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron na wɔbɔɔ no asennua mu. 26Asɛm bi a wɔka too no so na wɔkyerɛw taree nʼasennua no atifi ka se,

“YUDAFO HENE NO NI.”

27Da no ara anɔpa, wɔbɔɔ awudifo baanu bi asennua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so, na ɔbaako nso sɛn ne benkum so. 28Eyi maa nea Kyerɛwsɛm no kae se, “Wɔkan no fraa nnebɔneyɛfo mu” no baa mu. 29Nnipa a wɔsen faa hɔ no nyinaa wosowosow wɔn ti, dii ne ho fɛw se, “Ei, wo ni? Ɛnyɛ wo na wuse wubetumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no? 30Sɛ wuse wo ho yɛ nwonwa a, ɛno de sian fi asennua no so si fam.” 31Saa bere no na asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no nso atwa ahyia hɔ redi Yesu ho fɛw. Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛw se, “Ogye afoforo nanso ontumi nnye ne ho!” 32Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛw bio se, “Agyenkwa! Yudafo hene! Sian fi asennua no so si fam, na yennye wo nni!” Awudifo a wɔbɔɔ wɔne Yesu asennua mu no mpo dii ne ho fɛw bi.

Yesu Wu

33Efi owigyinae kɔpem nnɔnabiɛsa no, sum duruu asase no so nyinaa. 34Yesu de nne kɛse teɛɛ mu se, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase ne sɛ, “Me Nyankopɔn, Me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?”

35Wɔn a wogyina hɔ no bi a wɔtee nea ɔkae no kae se, “Muntie sɛ ɔrefrɛ Elia.”

36Wɔn mu baako tuu mmirika, kɔfaa sapɔw bi de bɔɔ nsa nwenweenwen bi mu de tuaa dua bi ano, de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. Ɔkae se, “Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abeyi no asi fam ana!”

37Yesu de nne kɛse teɛɛ mu bio, na ogyaa ne honhom mu wui.

38Ntama a etwa asɔredan no mu no mu suanee abien fi soro kosii fam.15.38 Ntwamtam no twa Kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkron no mu (2 Mose 26.31-35). Ntwamtam no mu tew a ɛtewee no kyerɛ sɛ Kristo kɔ ɔsoro ma yɛn sɛnea ɛbɛma yɛn nso yɛapue wɔ Onyankopɔn anim. 39Asraafo ha so panyin a na ogyina hɔ no huu ɔkwan a Yesu faa so wui no, ɔkae se, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba!”

40Saa bere no na mmea bi gyinagyina akyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so. Mmea no bi ne Maria Magdalene, Maria (a ɔyɛ Yakobo Kumaa ne Yosef na), ne Salome. 41Bere a na Yesu wɔ Galilea no, saa mmea yi dii nʼakyi som no. Saa ara nso na na nnipa bi a wodii nʼakyi baa Yerusalem no bi nso wɔ hɔ.

Yesu Sie

42Eduu anwummere no, esiane sɛ na ade kye a ɛyɛ Homeda15.42 Na ɛyɛ Fida a saa bere no na owigyinae atwa mu na ɛho hia yiye sɛ woyi Yesu amu no fi asennua no so ansa na onwini adwo na ama wɔafi Homeda no ase. no nti, 43baguani nuonyamfo bi a wɔfrɛ no Yosef, a ofi Arimatea a na ɔretwɛn Onyankopɔn ahenni no de akokoduru kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no se, ɔmfa Yesu amu no mma no. 44Bere a Pilato tee sɛ Yesu awu no, wannye anni, enti ɔfrɛɛ Roma asraafo panyin a na ɔhwɛ hɔ no bisaa no. 45Asraafo panyin no kae se wawu no, Pilato maa Yosef kwan se ɔnkɔfa amu no. 46Yosef kɔtɔɔ nwera, yii Yesu amu no fii asennua no so, de nwera no kyekyeree no, ɔde no kɔtoo ɔboda bi a wɔatwa mu, pirew ɔbo kɛse bi hinii ano. 47Na Maria Magdalene ne Yosef ne na Maria wɔ hɔ bi, na wohuu faako a wɔde Yesu amu no toe.

Asante Twi Contemporary Bible

Marko 15:1-47

Yesu Gyina Pilato Anim

1Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, asɔfoɔ mpanin, Yudafoɔ mpanin, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne agyinatufoɔ hyia dwenee ɛkwan a wɔde Yesu bɛfa so ho. Wɔkyekyeree no de no kɔhyɛɛ Pilato nsa.

2Wɔde no duruu hɔ no, Pilato bisaa no sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?”

Yesu buaa sɛ, “Mo na moseɛ.”

3Ɛhɔ ara, asɔfoɔ mpanin no kaa nsɛm akɛseakɛseɛ guu ne so, nanso wanka hwee. 4Pilato bisaa no bio sɛ, “Enti, nsɛm akɛseakɛseɛ a wɔreka gu wo so yi, wonka ho hwee?”

5Nanso, Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ Pilato nwanwa.

6Na ɛyɛ Pilato amanneɛ sɛ, afe biara Twam Afahyɛ no mu, ɔgyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wɔgyaa no ma wɔn. 7Saa afe no mu, na onipa bi a wɔfrɛ no Baraba no ka nnipa bi a wɔsɔre tiaa aban, nam so dii awu no ho wɔ afiase hɔ. 8Ɛdɔm no kɔɔ Pilato so kɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔnyi odeduani baako mma wɔn sɛdeɛ daa ɔyɛ no.

9Pilato bisaa sɛ, “Menyi ‘Yudafoɔ Ɔhene’ no mma mo anaa?” 10Ɛfiri sɛ, na wahunu sɛ asɔfoɔ mpanin no de ɔtan na atwa asɛm ato Yesu so ɛsiane din a na wagye no enti. 11Nanso, asɔfoɔ mpanin no tuu dɔm no aso sɛ, sɛ wɔde bɛyi Yesu deɛ, wɔmpere ma wɔnyi Baraba.

12Enti, Pilato bisaa wɔn sɛ, “Na sɛ meyi Baraba ma mo a, ɛdeɛn na menyɛ saa ɔbarima yi a mofrɛ no mo ɔhene no?”

13Wɔteateaam sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu!”

14Pilato bisaa wɔn bio sɛ, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?”

Wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu!”

15Afei, Pilato hunuu sɛ ɔyɛ asɛm no hwee a, ɛrenyɛ yie. Afei, na ɔsuro nso sɛ, sɛ anhwɛ a basabasayɛ bɛba enti, ɔgyaa Baraba maa wɔn. Ɔmaa wɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɛno akyi no, ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.

Yesu Ho Fɛdie

16Asraafoɔ no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, ɛnna wɔfrɛɛ asraafoɔ no nyinaa baa hɔ. 17Wɔhyɛɛ no batakari kɔkɔɔ bi, de nkasɛɛ atentene bi nwonoo ɛkyɛ hyɛɛ no. 18Wɔhyɛɛ aseɛ bɔ gyee so, dii ne ho fɛ sɛ, “Yudafoɔ ɔhene, wo nkwa so!” 19Wɔde abaa paa nʼapampam, tetee ntasuo guu ne so, buu no nkotodwe, de dii ne ho fɛw. 20Wɔdii ne ho fɛ wieeɛ no, wɔworɔɔ batakari kɔkɔɔ no, ɛnna wɔde ɔno ara nʼatadeɛ hyɛɛ no, de no kɔeɛ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.

Wɔbɔ Yesu Asɛnnua Mu

21Wɔrekɔ no, wɔhyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔfiri Kirene a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya wɔ ɛkwan so. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no. 22Wɔde Yesu baa baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Golgota a (nʼasekyerɛ ne Nitire so) hɔ. 23Ɛhɔ na wɔmaa no nsã nwononwono bi sɛ ɔnnom, nanso wannom. 24Afei, wɔbɔɔ no asɛnnua mu. Yei akyi, wɔbɔɔ nʼatadeɛ no so ntonto.

25Ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron na wɔbɔɔ no asɛnnua mu. 26Asɛm bi a wɔka too no so na wɔtwerɛɛ taree nʼasɛnnua no atifi ka sɛ,

Yudafoɔ Ɔhene.

27Ɛda no ara anɔpa, wɔbɔɔ awudifoɔ baanu bi asɛnnua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so, ɛnna ɔbaako nso sɛn ne benkum so. 28Yei maa deɛ Atwerɛsɛm no kaa sɛ, “Wɔkan no fraa nnebɔneyɛfoɔ mu” no baa mu. 29Nnipa a wɔsen faa hɔ no nyinaa wosowosoo wɔn ti, dii ne ho fɛ sɛ, “Ei, wo ni? Ɛnyɛ wo na woseɛ sɛ, wobɛtumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no? 30Sɛ wose wo ho yɛ nwanwa a, ɛnneɛ siane firi asɛnnua no so si fam.” 31Saa ɛberɛ no na asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no nso atwa ahyia hɔ redi Yesu ho fɛw. Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛ sɛ, “Ɔgye afoforɔ nanso ɔntumi nnye ne ho!” 32Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛ bio sɛ, “Agyenkwa! Yudafoɔ ɔhene! Siane firi asɛnnua no so si fam, na yɛnnye wo nni!” Awudifoɔ a wɔbɔɔ wɔne Yesu asɛnnua mu no mpo dii ne ho fɛ bi.

Yesu Wuiɛ

33Ɛfiri owigyinaeɛ kɔpem nnɔnmiɛnsa no, esum duruu asase no so nyinaa. 34Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase ne sɛ, “Me Onyankopɔn, Me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me?”

35Wɔn a wɔgyina hɔ no bi a wɔtee deɛ ɔkaeɛ no kaa sɛ, “Montie sɛ ɔrefrɛ Elia.”

36Wɔn mu baako tuu mmirika, kɔfaa sapɔ bi, de bɔɔ nsã nwononwono bi mu, de tuaa dua bi ano, de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. Ɔkaa sɛ, “Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛyi no asi fam anaa!”

37Afei, Yesu de nne kɛseɛ teaam bio, na ɔgyaa ne honhom mu wuiɛ.

38Ɛhɔ ara, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu no mu suanee mmienu firi soro kɔsii fam.15.38 Ntwamutam no tware Kronkron Beaeɛ ne Kronkron Mu Kronkron no mu (2 Mose 26.31-35). Ntwamutam no mu te a ɛteeɛ no kyerɛ sɛ Kristo kɔ ɔsoro ma yɛn sɛdeɛ ɛbɛma yɛn nso yɛapue Onyankopɔn anim. 39Asraafoɔ ɔha so panin a na ɔgyina hɔ no hunuu ɛkwan a Yesu faa so wuiɛ no, ɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba!”

40Saa ɛberɛ no, na mmaa bi gyinagyina akyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so. Mmaa no bi ne Maria Magdalene, Maria a ɔyɛ Yakobo kumaa ne Yosef maame ne Salome. 41Ɛberɛ a na Yesu wɔ Galilea no, saa mmaa yi dii nʼakyi somm no. Saa ara nso na na nnipa bi a wɔdii nʼakyi baa Yerusalem no bi nso wɔ hɔ.

Yesu Sie

42Ɛduruu anwummerɛ no, ɛsiane sɛ na adeɛ kye a ɛyɛ Homeda15.42 Na ɛyɛ Efiada anwummerɛ. no enti, 43ɔbadwani animuonyamfoɔ bi a, wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea a, na ɔretwɛn ɛberɛ a Onyankopɔn Ahennie no bɛba no de akokoɔduru kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no sɛ, ɔmfa Yesu amu no mma no. 44Ɛberɛ a Pilato tee sɛ Yesu awu no, wannye anni, enti ɔfrɛɛ Roma asraafoɔ panin a na ɔhwɛ hɔ no bisaa no. 45Asraafoɔ panin no kaa sɛ wawu no, Pilato maa Yosef ho ɛkwan sɛ ɔnkɔfa amu no. 46Yosef kɔtɔɔ nwera, yii Yesu amu no firii asɛnnua no so, de nwera no kyekyeree no, ɔde no kɔtoo ɔboda bi a wɔatwa mu, piree ɛboɔ kɛseɛ bi hinii ano. 47Na Maria Magdalene ne Yosef ne maame Maria wɔ hɔ bi, na wɔhunuu faako a wɔde Yesu amu no toeɛ.