Marko 14 – AKCB & NIRV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Marko 14:1-72

Wɔbɔɔ Yesu Ho Pɔw

1Aka nnaanu na Twam14.1 Ɛyɛ afahyɛ bi a wɔde kae bere a Awurade bɔfo betwaa mu faa Hebrifo anim na okunkum wɔn abakan sɛnea ɔyɛɛ wɔ Misraimfo afi mu no. (Hwɛ 2 Mose 12.11) ne Apiti Afahyɛ a ɛyɛ Yudafo ahomegye nna no adu no, asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hwehwɛɛ nyansa kwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no. 2Nanso wɔkae se, “Yɛrenkyere no afahyɛ no mu, anyɛ saa a ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.”

Wɔsra Yesu Ngo Wɔ Betania

3Yesu wɔ Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbea bi a okura ngo huamhuam bi a ne bo yɛ den baa hɔ. Otuu ano, hwie guu Yesu tirim.

4Nea ɔbea yi yɛe no anyɛ nnipa a wɔte adidii no mu bi dɛ. Na wɔkae se wasɛe ngo no kwa. 5Wɔkaa bio nso se, “Anka wobetumi atɔn ngo huamhuam yi anya sika pii na wɔde ama ahiafo.”

6Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnyaa no! Adɛn nti na morehaw no wɔ ade pa a ɔyɛe no ho? 7Mo ne ahiafo a mubetumi aboa wɔn bere biara mu na ɛte. Na me de, merenkyɛ wɔ mo nkyɛn. 8Wayɛ nea obetumi. Wadi kan asra me nipadua ama da a wobesie me. 9Mereka akyerɛ mo se, baabiara a wɔbɛka asɛmpa no wɔ wiase no, wɔde nea ɔbea yi yɛe no bɛkae no akamfo no.”

Yuda Pene So Sɛ Obeyi Yesu Ama

10Afei Yuda Iskariot, asuafo dumien no mu baako, kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn ne wɔn kɔhyehyɛɛ sɛnea obeyi Yesu ama wɔn no ho. 11Asɔfo mpanyin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no bɔ. Efi saa bere no, ɔhwehwɛɛ sɛnea obenya Yesu ho kwan, ayi no ama bere a ɛsɛ mu.

Yesu Ne Nʼasuafo Adidi A Etwa To

12Apiti Afahyɛ no da a edi kan a wokum Twam Afahyɛ guan no, nʼasuafo bisaa no faako a wɔbɛkɔ akodi Twam Afahyɛ no.

13Ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu kɔɔ Yerusalem se wonkosiesie baabi mma no. Nea ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ, “Morekɔ kurow no mu a, mubehyia onipa bi a ɔso ahina. Munni nʼakyi. 14Baabiara a obewura no, monka nkyerɛ ofiwura no se, ‘Yɛn wura asoma yɛn se, yɛmmɛhwɛ dan a wɔasiesie ama yɛn a yebedi Twam Afahyɛ no wɔ mu no.’ 15Ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛse bi a wɔasiesie mu. Ɛhɔ na monyɛ ahoboa mma yɛn.”

16Asuafo baanu no sii mu kɔɔ kurow no mu, na wohuu biribiara sɛnea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wosiesiee Twam no wɔ hɔ.

17Eduu anwummere no, Yesu ne dumien no bae. 18Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kae se, “Merema mo ate ase sɛ, mo a me ne mo reto nsa adidi yi mu baako beyi me ama.”

19Wɔn nyinaa werɛ howee, na wofii ase bisaa mmaako mmaako se, “Ɛyɛ me ana?”

20Obuaa wɔn se, “Ɛyɛ mo dumien a mo ne me reto nsa adidi yi mu baako. 21Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw afa ne ho de, nanso onipa a obeyi no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no mpo a, anka eye!”

Adidi Kronkron Abɔse

22Bere a wɔredidi no, Yesu faa brodo, na ohyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kae se, “Munnye nni; eyi ne me nipadua.”

23Afei ɔfaa kuruwa a nsa wɔ mu, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi.

24Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi ne me mogya a ɛyɛ apam no mogya a ɛhyɛ Apam Foforo no mu den a bebree nti wɔrehwie agu. 25Mereka akyerɛ mo se, merennom saa nsa yi bio da akosi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.”

26Wɔtoo dwom wiee no, wofii hɔ kɔɔ Ngo Bepɔw no so.

Yesu Hyɛ Pa A Petro Bɛpaw No No Ho Nkɔm

27Woduu nea wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nyinaa beguan agya me.” Efisɛ Onyankopɔn nam adiyifo no so kae se,

“ ‘Mɛbɔ oguanhwɛfo no,

na nguan no abɔ apete.’

28Na sɛ miwu sɔre a, medi mo anim akɔ Galilea akohyia mo wɔ hɔ.”

29Petro ka kyerɛɛ no se, “Sɛ nnipa nyinaa beguan agya wo a, me de, merenguan nnya wo da!”

30Yesu ka kyerɛɛ no se, “Petro, nokware, anadwo yi, ansa na akokɔ bɛbɔn mprenu no, na woapa me mprɛnsa.”

31Petro de anibere kae se, “Merempa wo da! Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo da!” Saa ara na wɔn a aka no nyinaa nso kae.

Yesu Bɔ Mpae Wɔ Getsemane

32Yesu ne nʼasuafo no duu faako a wɔfrɛ hɔ Getsemane no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Montena ha, na merekɔbɔ mpae aba.” 33Ɔfaa Petro, Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho fii ase yeraw no, na ɔyɛɛ basaa. 34Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awerɛhow ahyɛ me kra ma. Montena ha, na mo ne me nwɛn.”

35Ɔkɔɔ nʼanim kakra, kobutuw fam, bɔɔ mpae se, sɛ ebetumi a, saa ahoyeraw no ntwa ne ho nkɔ. 36Ɔkae se, “Abba, Agya! Wutumi yɛ biribiara. Ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso nea wopɛ na ɛnyɛ hɔ, na ɛnyɛ nea mepɛ.”

37Ɔsan bae no, obehuu asuafo baasa no sɛ wɔadeda. Obisaa Petro se, “Simon, woada? Woantumi ne me anwɛn dɔnhwerew baako pɛ mpo? 38Monwɛn na mommɔ mpae na ɔsɔhwɛfo no anni mo so. Honhom no pɛ de, nanso ɔhonam no yɛ mmerɛw.”

39Ɔsan kɔɔ bio kɔbɔɔ mpae koro no ara. 40Ɔsan baa wɔn nkyɛn bio behuu sɛ wɔadeda, efisɛ na wɔabrɛbrɛ. Na wonhu nea wɔnka nkyerɛ no.

41Ɔsan baa ne mprɛnsa so no, obisaa wɔn se. “Moda so adeda a morehome? Bere a ɛsɛ sɛ mode da no atwa mu. Wɔrebeyi me ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa. 42Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ, nea ɔreyi me ama no na ɔreba no!”

Wɔkyere Yesu

43Ogu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ nʼasuafo no mu baako ne dɔm a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin asoma wɔn ka ne ho a, wokurakura mfoa ne nkontimmaa baa hɔ.

44Na Yuda aka akyerɛ wɔn dedaw se, “Nea mefew nʼafono no; ɔno ne nea morehwehwɛ no no. Monkyere no, na munso ne mu yiye mfa no nkɔ.” 45Yuda kɔɔ Yesu nkyɛn kɔkae se, “Me Wura.” Afei ofew nʼafono, yɛɛ no atuu. 46Ɛhɔ ara, na dɔm a wɔne Yuda nam no soo Yesu mu kyeree no. 47Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee nʼafoa de twaa Ɔsɔfopanyin no akoa bi aso ma ɛtewee.

48Yesu bisaa wɔn se, “Meyɛ owudifo nti na mode afoa ne nkontimmaa aba me so rebɛkyere me ana? 49Adɛn na bere a merekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu hɔ no, moankyere me? Nanso eyinom nyinaa aba sɛnea ɛbɛyɛ a nkɔm a wɔhyɛɛ wɔ me ho no bɛba mu.” 50Asuafo no nyinaa guan gyaa no.

51Aberante bi a ɔde nwera akata nʼadagyaw so dii nʼakyi. 52Dɔm a wɔbɛkyeree Yesu no pɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso ogyaw ne ntama no maa wɔn, de ne ho saa ara guanee.

Yesu Gyina Ɔsɔfopanyin Anim

53Wɔde Yesu kɔɔ Ɔsɔfopanyin no anim no, ankyɛ na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi behyiaa hɔ. 54Bere a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tew ne ho dii wɔn akyi, na owiawiaa ne ho kɔhyɛɛ Ɔsɔfopanyin no fi hɔ de ne ho kɔfraa asomfo bi a na wɔreto gya no mu.

55Asɔfo mpanyin ne baguafo no nyinaa hwehwɛɛ sɛ wobenya asɛm bi atia Yesu, na wɔagyina so abu no kumfɔ. Nanso wɔannya bi. 56Nnipa pii bedii adansekurum tiaa Yesu, nanso wɔn nsɛm a wɔkaa no bɔɔ abira.

57Afei nnipa no bi kekaa nsɛm a enni mu too ne so se, 58“Yɛtee sɛ ɔkae se, ‘Mebubu asɔredan a wɔde nsa na esii no, na mede nnansa asi foforo a wɔamfa nsa ansi!’ ” 59Na eyi mpo, wɔn adanse no anhyia.

60Ɔsɔfopanyin no sɔre gyinaa bagua no mfimfini bisaa Yesu se, “Eyi nso, wunni ho anoyi biara? Dɛn na wowɔ ka?”

61Yesu ammua no. Afei, Ɔsɔfopanyin no bisaa no bio se, “Wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no ana?”

62Yesu buaa no se, “Mene no, na mubehu me sɛ mete Onyankopɔn nifa, na menam omununkum mu resan aba asase so.”

63Eyi maa Ɔsɔfopanyin no sunsuan nʼatade mu kae se, “Nnansefo bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? 64Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkae no. Dɛn na mowɔ ka?”

Wɔn nyinaa gye too mu se, ɔsɛ owu. 65Na ebinom tee ntasu guu no so, na wɔkyekyeree nʼani, na wɔbobɔɔ no akuturuku bisaa no se “Wuse woyɛ odiyifo, kyerɛ yɛn onipa ko a ɔbɔɔ wo!” Na asomfo a wɔde no rekɔ no bobɔɔ no asotɔre.

Petro Pa Yesu

66Bere a na Petro te adiwo hɔ no, Ɔsɔfopanyin no mmaawa no mu baako baa hɔ; 67na ohuu Petro sɛ ɔreto gya no, ɔhwɛɛ no haa, ka kyerɛɛ no se, “Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam!”

68Petro sanee se, “Minnim nea woreka yi ho hwee!” Na ɛhɔ ara na ofii adi kɔtenaa ɔkwan no ano baabi. Saa bere no na akokɔ bɔn nea edi kan.

69Abaawa no san huu no wɔ hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn nam no se, “Oyi nso ka wɔn ho. Ɔyɛ Yesu asuafo no mu baako!”

70Petro san bio. Ɛkyɛe kakra no, nnipa a wogyina ogya no ho no fii ase ka kyerɛɛ Petro se, “Woka wɔn ho, efisɛ woyɛ Galileani!”14.70 Petro kasa na ɛdaa no adi sɛ ɔyɛ Galileani na kɔ a ɔkɔtɔɔ Yudafo mu wɔ adiwo hɔ no na ɛma wohuu sɛ ɔyɛ Yesu akyidini.

71Petro fii ase kekaa ntam, dii nsew se, “Minnim saa onipa a moreka ne ho asɛm yi.”

72Mpofirim, na akokɔ bɔn nea ɛto so abien. Na Petro kaee Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ no se, “Akokɔ remmɔn mprenu na woapa me mprɛnsa” no. Na ofii ase sui.

New International Reader’s Version

Mark 14:1-72

A Woman Pours Perfume on Jesus at Bethany

1The Passover and the Feast of Unleavened Bread were only two days away. The chief priests and the teachers of the law were plotting to arrest Jesus secretly. They wanted to kill him. 2“But not during the feast,” they said. “The people may stir up trouble.”

3Jesus was in Bethany. He was at the table in the home of Simon, who had a skin disease. A woman came with a special sealed jar. It contained very expensive perfume made out of pure nard. She broke the jar open and poured the perfume on Jesus’ head.

4Some of the people there became angry. They said to one another, “Why waste this perfume? 5It could have been sold for more than a year’s pay. The money could have been given to poor people.” So they found fault with the woman.

6“Leave her alone,” Jesus said. “Why are you bothering her? She has done a beautiful thing to me. 7You will always have poor people with you. You can help them any time you want to. But you will not always have me. 8She did what she could. She poured perfume on my body to prepare me to be buried. 9What I’m about to tell you is true. What she has done will be told anywhere the good news is preached all over the world. It will be told in memory of her.”

10Judas Iscariot was one of the 12 disciples. He went to the chief priests to hand Jesus over to them. 11They were delighted to hear that he would do this. They promised to give Judas money. So he watched for the right time to hand Jesus over to them.

The Last Supper

12It was the first day of the Feast of Unleavened Bread. That was the time to sacrifice the Passover lamb. Jesus’ disciples asked him, “Where do you want us to go and prepare for you to eat the Passover meal?”

13So he sent out two of his disciples. He told them, “Go into the city. A man carrying a jar of water will meet you. Follow him. 14He will enter a house. Say to its owner, ‘The Teacher asks, “Where is my guest room? Where can I eat the Passover meal with my disciples?” ’ 15He will show you a large upstairs room. It will have furniture and will be ready. Prepare for us to eat there.”

16The disciples left and went into the city. They found things just as Jesus had told them. So they prepared the Passover meal.

17When evening came, Jesus arrived with the 12 disciples. 18While they were at the table eating, Jesus said, “What I’m about to tell you is true. One of you who is eating with me will hand me over to my enemies.”

19The disciples became sad. One by one they said to him, “Surely you don’t mean me?”

20“It is one of you,” Jesus replied. “It is the one who dips bread into the bowl with me. 21The Son of Man will go just as it is written about him. But how terrible it will be for the one who hands over the Son of Man! It would be better for him if he had not been born.”

22While they were eating, Jesus took bread. He gave thanks and broke it. He handed it to his disciples and said, “Take it. This is my body.”

23Then he took a cup. He gave thanks and handed it to them. All of them drank from it.

24“This is my blood of the covenant,” he said to them. “It is poured out for many. 25What I’m about to tell you is true. I won’t drink wine with you again until the day I drink it in God’s kingdom.”

26Then they sang a hymn and went out to the Mount of Olives.

Jesus Says That the Disciples Will Turn Away

27“You will all turn away,” Jesus told the disciples. “It is written,

“ ‘I will strike the shepherd down.

Then the sheep will be scattered.’ (Zechariah 13:7)

28But after I rise from the dead, I will go ahead of you into Galilee.”

29Peter said, “All the others may turn away. But I will not.”

30“What I’m about to tell you is true,” Jesus answered. “It will happen today, in fact tonight. Before the rooster crows twice, you yourself will say three times that you don’t know me.”

31But Peter would not give in. He said, “I may have to die with you. But I will never say I don’t know you.” And all the others said the same thing.

Jesus Prays in Gethsemane

32Jesus and his disciples went to a place called Gethsemane. Jesus said to them, “Sit here while I pray.” 33He took Peter, James and John along with him. He began to be very upset and troubled. 34“My soul is very sad. I feel close to death,” he said to them. “Stay here. Keep watch.”

35He went a little farther. Then he fell to the ground. He prayed that, if possible, the hour might pass by him. 36Abba, Father,” he said, “everything is possible for you. Take this cup of suffering away from me. But let what you want be done, not what I want.”

37Then he returned to his disciples and found them sleeping. “Simon,” he said to Peter, “are you asleep? Couldn’t you keep watch for one hour? 38Watch and pray. Then you won’t fall into sin when you are tempted. The spirit is willing, but the body is weak.”

39Once more Jesus went away and prayed the same thing. 40Then he came back. Again he found them sleeping. They couldn’t keep their eyes open. They did not know what to say to him.

41Jesus returned the third time. He said to them, “Are you still sleeping and resting? Enough! The hour has come. Look! The Son of Man is about to be handed over to sinners. 42Get up! Let us go! Here comes the one who is handing me over to them!”

Jesus Is Arrested

43Just as Jesus was speaking, Judas appeared. He was one of the 12 disciples. A crowd was with him. They were carrying swords and clubs. The chief priests, the teachers of the law, and the elders had sent them.

44Judas, who was going to hand Jesus over, had arranged a signal with them. “The one I kiss is the man,” he said. “Arrest him and have the guards lead him away.” 45So Judas went to Jesus at once. Judas said, “Rabbi!” And he kissed Jesus. 46The men grabbed Jesus and arrested him. 47Then one of those standing nearby pulled his sword out. He struck the servant of the high priest and cut off his ear.

48“Am I leading a band of armed men against you?” asked Jesus. “Do you have to come out with swords and clubs to capture me? 49Every day I was with you. I taught in the temple courtyard, and you didn’t arrest me. But the Scriptures must come true.” 50Then everyone left him and ran away.

51A young man was following Jesus. The man was wearing nothing but a piece of linen cloth. When the crowd grabbed him, 52he ran away naked. He left his clothing behind.

Jesus Is Taken to the Sanhedrin

53The crowd took Jesus to the high priest. All the chief priests, the elders, and the teachers of the law came together. 54Not too far away, Peter followed Jesus. He went right into the courtyard of the high priest. There he sat with the guards. He warmed himself at the fire.

55The chief priests and the whole Sanhedrin were looking for something to use against Jesus. They wanted to put him to death. But they did not find any proof. 56Many witnesses lied about him. But their stories did not agree.

57Then some of them stood up. Here is what those false witnesses said about him. 58“We heard him say, ‘I will destroy this temple made by human hands. In three days I will build another temple, not made by human hands.’ ” 59But what they said did not agree.

60Then the high priest stood up in front of them. He asked Jesus, “Aren’t you going to answer? What are these charges these men are bringing against you?” 61But Jesus remained silent. He gave no answer.

Again the high priest asked him, “Are you the Messiah? Are you the Son of the Blessed One?”

62“I am,” said Jesus. “And you will see the Son of Man sitting at the right hand of the Mighty One. You will see the Son of Man coming on the clouds of heaven.”

63The high priest tore his clothes. “Why do we need any more witnesses?” he asked. 64“You have heard him say a very evil thing against God. What do you think?”

They all found him guilty and said he must die. 65Then some began to spit at him. They blindfolded him. They hit him with their fists. They said, “Prophesy!” And the guards took him and beat him.

Peter Says He Does Not Know Jesus

66Peter was below in the courtyard. One of the high priest’s female servants came by. 67When she saw Peter warming himself, she looked closely at him.

“You also were with Jesus, that Nazarene,” she said.

68But Peter said he had not been with him. “I don’t know or understand what you’re talking about,” he said. He went out to the entrance to the courtyard.

69The servant saw him there. She said again to those standing around, “This fellow is one of them.” 70Again he said he was not.

After a little while, those standing nearby said to Peter, “You must be one of them. You are from Galilee.”

71Then Peter began to curse. He said to them, “I don’t know this man you’re talking about!”

72Right away the rooster crowed the second time. Then Peter remembered what Jesus had spoken to him. “The rooster will crow twice,” he had said. “Before it does, you will say three times that you don’t know me.” Peter broke down and cried.