Marko 11 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Marko 11:1-33

Yesu Kɔ Yerusalem Sɛ Ɔhene

1Yesu ne nʼasuafo no rebɛn Yerusalem, na woduu Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔw no ho no, ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu dii wɔn anim kan. 2Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ akuraa a ɛwɔ hɔ no ase. Sɛ mudu hɔ a, mubehu sɛ wɔasa afurum ba bi a wɔntenaa ne so da hama. Monsan no na momfa no mmrɛ me. 3Na sɛ obi bisa mo se dɛn na moreyɛ a, monka no tiaa se, ‘Ne ho hia Awurade, na ɔbɛsan de no aba mprempren ara.’ ”

4Asuafo baanu no sii mu. Wokohuu sɛ aboa no sa ofi bi abobow ano. Enti wɔsan no. 5Wogu so resan no no, nnipa bi a wogyina nkyɛn bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moresan afurum ba no?” 6Wɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ nnipa no ma wɔtee wɔn ase. 7Wɔde afurum ba no brɛɛ Yesu maa asuafo no de wɔn ntama guu aboa no so, maa Yesu tenaa no so. 8Nnipakuw a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntama sesɛw ɔkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso pempan nnua mman de sesɛw ɔkwan no mu saa ara. 9Na Yesu di nnipakuw no mfimfini a wɔn nyinaa reteɛteɛ mu se,

“Hosiana!”11.9 Nkamfo

“Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba!”

10“Anuonyam nka Onyankopɔn sɛ yɛn agya Dawid ahenni reba.”

“Hosiana wɔ sorosoro!”

11Yesu koduu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan no mu. Ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ hɔ dinn ansa na ɔrefi hɔ, efisɛ, na onwini redwo enti ɔne asuafo dumien no kɔɔ Betania.

Yesu Dome Borɔdɔma Dua

12Ade kyee anɔpa a wɔrefi Betania hɔ no, ɔkɔm dee no. 13Wɔkɔɔ kakra no, ohuu sɛ borɔdɔma dua bi si hɔ a ayɛ kusuu. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ aduaba no bi wɔ so ana. Nanso oduu hɔ no ohuu sɛ nhaban nko ara na ɛwɔ so. Saa bere no nso na ɛnyɛ bere a ɛsɛ sɛ borɔdɔma no sow. 14Yesu domee borɔdɔma dua no se, “Efi nnɛ, worensow aba bio!” Asuafo no tee asɛm a ɔkae no.

Yesu Kɔ Hyiadan Mu

15Yesu san baa Yerusalem no, ɔkɔɔ hyiadan mu hɔ. Oduu hɔ no, ɔpam aguadifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafo apon nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa, 16siw kwan sɛ obiara mmedi gua wɔ hɔ bio. 17Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Mʼasɔrefi yɛ beae a wɔbɔ mpae,’ nanso mo de, mode hɔ ayɛ akorɔmfo atenae.”

18Asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo tee nea Yesu ayɛ no, wɔbɔɔ ne ho pɔw, pɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ayi no afi hɔ. Asɛm a na ɛhaw wɔn ne sɛ, sɛ wɔanhwɛ no yiye nso a, ɛde basabasayɛ bɛba, efisɛ na nnipa bebree agye Yesu nkyerɛkyerɛ no ato mu.

19Sɛnea na wɔtaa yɛ no, anwummere no ara, wofii kurow no mu.

Borɔdɔma Dua A Ewui No

20Anɔpa a asuafo no retwa mu wɔ borɔdɔma dua a Yesu domee no no ho no, wuhuu sɛ awu. 21Petro kaee asɛm a Yesu ka de domee dua no no, ɔteɛɛ mu se, “Hwɛ, Kyerɛkyerɛfo! Borɔdɔma dua a wodomee no no awu!”

22Yesu nso ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Sɛ mowɔ gyidi wɔ Onyankopɔn mu a, 23anka mubetumi aka akyerɛ Ngo Bepɔw yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ebetutu akogu mu nso. Munnye nni; mommma mo gyidi nhinhim. 24Muntie nea mereka yi. Biribiara a mubebisa wɔ mpaebɔ mu no, munnye nni sɛ mo nsa aka, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo. 25Na sɛ morebɔ mpae a, nea edi kan no, sɛ mowɔ obi ho asɛm a momfa nkyɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso de mo bɔne bɛkyɛ mo. 26Na sɛ moamfa bɔne ankyɛ a, saa ara na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso remfa mo bɔne nkyɛ mo.”

Yesu Tumi Ho Nsɛmmisa

27Wɔbaa Yerusalem bio. Wɔkɔɔ hyiadan mu hɔ no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin baa ne nkyɛn bebisaa no se, 28“Tumi bɛn na wugyinaa so pam aguadifo no?”

29Yesu nso buaa wɔn se, “Merebebisa mo asɛm baako bi na mummua me! 30Onyankopɔn na ɔsomaa Osuboni Yohane, anaa ɛnyɛ ɔno? Mummua me!”

31Wodwinnwen ho kae se, “Sɛ yɛka se, Onyankopɔn na ɔsomaa no a, wobebisa yɛn nea enti a yɛannye nea Yohane kae no anni. 32Na sɛ yɛka se ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no nso a, dɔm no bɛhaw yɛn. Efisɛ wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifo.”

33Enti wɔn mmuae a wɔmae ara ne sɛ, “Yɛrentumi mmua. Yennim.”

Ɛhɔ ara na Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ munnim de a, me nso meremma mo asɛmmisa no ho mmuae!”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

马可福音 11:1-33

骑驴进耶路撒冷

1耶稣和门徒将近耶路撒冷,快到橄榄山附近的伯法其伯大尼两个村庄时,祂派了两个门徒, 2对他们说:“你们去前面的村庄,一进村就会看见一头从来没有人骑过的驴驹拴在那里,你们把它解开牵来。 3若有人问你们为什么这样做,就说,‘主要用它,很快会把它送回来。’” 4他们进了村子,果然看见有一头驴驹拴在街道旁一户人家的门外,就上前解开它。 5旁边站着的几个人就问他们:“你们为什么要解开这头驴驹?”

6门徒依照耶稣的吩咐回答,那些人就让他们牵走了。 7他们把驴驹牵到耶稣面前,将自己的外衣搭在驴背上,耶稣就骑了上去。 8很多人把衣服铺在路上,有人将田间的树枝砍下来铺在路上。 9大家前呼后拥,高声欢呼:

“和散那11:9 和散那”原意是“拯救我们”,此处有“赞美”的意思。

奉主名来的当受称颂!

10那将要来临的我祖大卫的国度当受称颂!

和散那归于至高之处的上帝!”

11耶稣进了耶路撒冷,来到圣殿,巡视各处。那时天色已晚,耶稣便和十二门徒出城前往伯大尼

咒诅无花果树

12第二天,他们离开伯大尼后,耶稣饿了。 13祂远远看见有一棵枝叶茂盛的无花果树,就走过去找果子吃。到了树下,却什么也找不到,只有满树的叶子,因为当时不是收无花果的季节。 14祂对那棵树说:“愿无人再吃你的果子!”祂的门徒都听见了这句话。

洁净圣殿

15他们来到耶路撒冷后,耶稣进入圣殿,赶走了里面做买卖的人,推翻了兑换钱币之人的桌子和卖鸽子之人的凳子, 16不准人抬着货物穿过圣殿。 17祂教导他们说:“圣经上不是记载‘我的殿必称为万民祷告的殿’吗?你们竟把它变成了贼窝。”

18祭司长和律法教师听到这番话后,就策划如何杀害耶稣,只是有些怕祂,因为百姓都对祂的教导感到惊奇。 19到了傍晚,耶稣和门徒去了城外。

无花果树的教训

20早上,他们又经过那棵无花果树,看见它连根都枯了。 21彼得想起昨天发生的事,就对耶稣说:“老师,你看!昨天你咒诅的无花果树已经枯了。”

22耶稣说:“要对上帝有信心。 23我实在告诉你们,不论何人,只要有信心,毫不疑惑,就是对这座山说,‘从这里挪开,投进大海里!’也必定为他成就。 24所以我告诉你们,你们祷告时无论求什么,只要相信已经得到了,就必得到。 25你们站着祷告的时候,若想起有人得罪了你们,就要饶恕他。这样,你们天上的父也会饶恕你们的过犯。 26你们如果不饶恕别人,你们天上的父也不会饶恕你们的过犯。11:26 有些古卷无此节。

质问耶稣的权柄

27他们再次回到耶路撒冷。耶稣在圣殿里行走的时候,祭司长、律法教师和长老上前质问祂: 28“你凭什么权柄做这些事?谁授权给你了?”

29耶稣说:“我也要问你们一个问题,你们回答了,我就告诉你们我凭什么权柄做这些事。 30约翰的洗礼是从天上来的还是从人来的?请回答我!”

31他们彼此议论说:“如果我们说‘是从天上来的’,祂一定会问,‘那你们为什么不信他?’ 32如果我们说‘是从人来的’,又怕触怒百姓,因为他们都相信约翰真的是先知。” 33于是,他们回答说:“我们不知道。”耶稣说:“我也不告诉你们我凭什么权柄做这些事。”