Luka 8 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 8:1-56

Mmea A Wodii Yesu Akyi

1Eyi akyi no, Yesu ne nʼasuafo dumien no kyinkyinii Galilea nkurow ne nkuraa bi ase kaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm a, 2na nnipa a wodi nʼakyi no bi ne Maria Magdalene a otuu ahonhommɔne ason fii ne mu no 3ne Yohana a ɔyɛ Kusa, Herode fi sohwɛfo panyin yere, ne Susana. Saa mmea yi ne afoforo bi na wofi wɔn ahonya mu hwɛɛ Yesu ne nʼasuafo.

Ogufo No Ho Bɛ

4Da bi a nnipa bebree bi fi nkurow nkurow so baa ne nkyɛn no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn abebu mu se, 5“Da bi, okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. Ogui no, aba no bi koguu ɔkwan mu maa nnipa tiatiaa so na nnomaa nso bɛsosɔwee. 6Ebi nso koguu ɔbotan so, enti efifii no, ankyɛ na ne nyinaa hyewee, efisɛ annya nsu. 7Aba no bi nso koguu nsɔe mu. Efifii no, nsɔe no kyekyeree no na ewui. 8Ebi nso koguu asase pa mu, enyinii, sow aba mmɔho ɔha.”

Na ɔkaa eyi no, ɔka kaa ho se, “Nea ɔwɔ aso a obetie no, ontie.”

9Na nʼasuafo no bisaa no saa bɛ no ase no, 10obuaa wɔn se, “Mo de, wɔde Onyankopɔn Ahenni ho ahintasɛm ama mo, na afoforo de, wɔkasa kyerɛ wɔn mmebu mu,

“ ‘sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ, nanso wɔrenhu

na wɔbɛte, nanso wɔrente ase.’

Bɛ No Nkyerɛase

11“Afei bɛ no nkyerɛase ni. Aba no ne Onyankopɔn asɛm. 12Aba a eguu ɔkwan mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm no na ɔbonsam behwim fi wɔn koma mu, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔrennye nni na wɔrennya nkwagye. 13Aba a eguu ɔbotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no na wɔde anigye so mu, nanso ɛntena wɔn mu. Na esiane wɔn gyidi a esua nti, ɛnkyɛ na asɛm no awu. Na sɛ sɔhwɛ ba wɔn so a, wɔpa abaw. 14Aba a eguu nsɔe mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, na wodi so, nanso asetena mu haw ne abɛbrɛsɛ, ahonya ne wiase afɛfɛde nti, asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma sɛnea ɛsɛ. 15Aba a eguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔde koma pa tie asɛmpa no, na wodi so, gyina pintinn de abrabɔ pa di ho adanse.

Kanea Ho Bɛ

16“Obi nsɔ kanea na ɔmfa kɛntɛn mmutuw so, anaa ɔmfa nhyɛ mpa ase na mmom, ɔde si kaneadua so na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no. 17Nea ahintaw no bɛda adi, na nea ɛwɔ kokoa mu no nso ada gua. 18Enti nea mutie no, muntie no yiye. Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no pii aka ho, na nea onni ahe bi no, nea osusuw sɛ ɛyɛ ne de no mpo, wobegye afi ne nsam.”

Yesu Na Ne Ne Nuanom

19Da bi, Yesu na ne ne nuanom pɛɛ sɛ wɔne no kasa, nanso esiane nnipakuw a na wɔatwa ne ho ahyia no nti, wɔantumi ne no ankasa. 20Obi kɔka kyerɛɛ Yesu se ne na ne ne nuanom gyina nkyɛn hɔ baabi rehwehwɛ no.

21Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me na ne me nuanom ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so.”

Yesu Brɛ Ahum Ase

22Da bi a Yesu ne nʼasuafo te ɔkorow mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momma yentwa nkɔ asuogya nohɔ.” Wosii mu a wɔrekɔ no, 23Yesu dae. Saa bere no ara mu na ahum a ano yɛ den bi bɔ maa nsu bɛtaa ɔkorow no mu maa ɔkorow no yɛɛ sɛ ɛremem. Eyi maa asuafo no koma tuu yiye.

24Asuafo no de hu ne nteɛteɛmu nyan no se, “Awurade, Awurade, yɛremem!”

Amono mu hɔ ara, Yesu sɔre teɛteɛɛ ahum a ano yɛ den ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.

25Afei obisaa wɔn se, “Adɛn na munni gyidi?” Wɔn nyinaa suroe, de ahodwiriw bisabisaa wɔn ho wɔn ho se. “Onipa bɛn ni a mframa a ano yɛ den ne asorɔkye mpo tie no yi?”

Yesu Tu Ɔbarima Bi Ahohommɔne

26Yesu ne nʼasuafo no twaa po no beduu Gerasefo asase a ɛne Galilea di nhwɛanim no so. 27Yesu fii ɔkorow no mu sii fam pɛ na ɔbarima bi a ahonhommɔne ahyɛ no ma akyɛ a ɔda adagyaw na ɔnte fie, na mmom ɔte amusiei a aboda mu na ɔdeda no behyiaa no. 28Ohuu Yesu no, ɔteɛɛ mu, kotow nʼanan ase san teɛteɛɛ mu se, “Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba, dɛn na wo ne me wɔ yɛ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayade biara.” 29Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ na Yesu ateɛteɛ ahonhommɔne no sɛ womfi ne mu. Saa ahonhommɔne yi taa ka no na sɛ wɔde hama kyekyere ne nsa ne nʼanan mpo a, otumi tetew mu ma ahonhommɔne no pam no kɔ wuram.

30Yesu bisaa no se, “Wo din de dɛn?”

Obuaa no se, “Dɔm.” Efisɛ na ahonhommɔne ahyɛ no ma. 31Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔnnhyɛ wɔn mma wonnkogu amanehunu bon no mu.

32Saa bere no na mprako bi redidi wɔ bepɔw no nkyɛn mu baabi. Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn ho kwan na wonkowura mprako no mu. Na ɔmaa wɔn ho kwan. 33Enti ahonhommɔne no fii ɔbarima no mu kowuraa mprako no mu ma wɔbɔɔ kirididi, sian bepɔw no koguu ɔtare no mu wuwui.

34Wɔn a wɔhwɛ mprako no so no huu nea asi no, wɔde hu ne ahopopo tutuu mmirika kɔbɔɔ amanneɛ wɔ kurom maa asɛm no trɛw wɔ mpɔtam hɔ nyinaa. 35Nnipa a wɔtee asɛm no bɔɔ twi kɔhwɛɛ nea asi. Woduu nea Yesu wɔ no, wohuu ɔbarima no sɛ ne ho atɔ no a ofura ntama te Yesu nkyɛn. Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn. 36Na wɔn a wohuu ɔkwan a Yesu faa so saa ɔbarima no ɔyare no bɔɔ wɔn a wɔbaa hɔ no amanneɛ. 37Ehu hyɛɛ Gerasefo a na wɔahyia wɔ hɔ no nyinaa ma, ma wɔsrɛɛ Yesu sɛ omfi wɔn nkyɛn hɔ nkɔ. Eyi nti, Yesu kɔtenaa ɔkorow no mu san twa kɔɔ asuogya nohɔ.

38Ansa na Yesu rebefi hɔ no, ɔbarima a otuu ahonhommɔne fii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔne no bɛkɔ. Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, 39“Kɔ na kodi nea Onyankopɔn ayɛ ama wo no ho adanse kyerɛ wo manfo.” Ɔbarima no fii hɔ kodii anwonwade a Yesu ayɛ ama no no ho adanse kyerɛɛ kurom hɔfo nyinaa.

Yairo Babea

40Yesu duu asuogya hɔ no, nnipakuw no de anigye hyiaa no kwan, efisɛ na wɔatwɛn no abrɛ. 41Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ɔyɛ Yudafo hyiadan mu panyin baa ne nkyɛn bebuu no nkotodwe, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ ne fi 42na ne babea koro a wadi bɛyɛ mfe dumien reyɛ awu.

Bere a Yesu rekɔ no na nnipakuw no kyere ne so. 43Ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien a obiara ntumi nsa no yare no, 44fii Yesu akyi soo nʼatade ano. Amono mu hɔ ara na mogya a etu no no twae.

45Yesu bisae se, “Hena na osoo mʼatade ano no no?”

Obiara buae se ɛnyɛ ɔno. Eyi maa Petro kae se, “Awurade, na sɛ nnipa no akyere wo so.”

46Yesu buaa no se, “Dabi, obi aso mʼatade mu efisɛ mete nka sɛ tumi bi afi me mu.”

47Ɔbea no huu sɛ ohintaw a ɛrenyɛ ye nti, ɔde hu ne ahopopo bebuu Yesu nkotodwe wɔ nnipa no nyinaa anim, kyerɛɛ no nea enti a osoo ne mu ne sɛnea ne ho atɔ no no. 48Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoe kɔ.”

49Yesu gu so rekasa no, obi fi Yairo fi bɛka kyerɛɛ Yairo se, “Wo babea no anya awu enti nhaw Kyerɛkyerɛfo no bio.”

50Yesu tee asɛm no osee Yairo se, “Nsuro, gye di, na wo babea no benyan anya nkwa.”

51Oduu fie hɔ no, wamma obiara anka ne ho ankɔ ɔdan a abofra no da mu no mu gye Petro, Yohane, Yakobo ne abofra no awofo nko ara. 52Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa resu di awerɛhow. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsu, onwui na wada.”

53Wɔserew no dii ne ho fɛw, efisɛ na wɔn de, wonim pefee sɛ wawu. 54Yesu soo ne nsa ka kyerɛɛ no se, “Me ba, sɔre!” 55Amono mu hɔ ara, ɔsɔree na Yesu kae se wɔmma no biribi nni. 56Nʼawofo no ho dwiriw wɔn yiye nanso Yesu bɔɔ wɔn ano se, wɔnnka nea asi no nkyerɛ obiara.

New International Version

Luke 8:1-56

The Parable of the Sower

1After this, Jesus traveled about from one town and village to another, proclaiming the good news of the kingdom of God. The Twelve were with him, 2and also some women who had been cured of evil spirits and diseases: Mary (called Magdalene) from whom seven demons had come out; 3Joanna the wife of Chuza, the manager of Herod’s household; Susanna; and many others. These women were helping to support them out of their own means.

4While a large crowd was gathering and people were coming to Jesus from town after town, he told this parable: 5“A farmer went out to sow his seed. As he was scattering the seed, some fell along the path; it was trampled on, and the birds ate it up. 6Some fell on rocky ground, and when it came up, the plants withered because they had no moisture. 7Other seed fell among thorns, which grew up with it and choked the plants. 8Still other seed fell on good soil. It came up and yielded a crop, a hundred times more than was sown.”

When he said this, he called out, “Whoever has ears to hear, let them hear.”

9His disciples asked him what this parable meant. 10He said, “The knowledge of the secrets of the kingdom of God has been given to you, but to others I speak in parables, so that,

“ ‘though seeing, they may not see;

though hearing, they may not understand.’8:10 Isaiah 6:9

11“This is the meaning of the parable: The seed is the word of God. 12Those along the path are the ones who hear, and then the devil comes and takes away the word from their hearts, so that they may not believe and be saved. 13Those on the rocky ground are the ones who receive the word with joy when they hear it, but they have no root. They believe for a while, but in the time of testing they fall away. 14The seed that fell among thorns stands for those who hear, but as they go on their way they are choked by life’s worries, riches and pleasures, and they do not mature. 15But the seed on good soil stands for those with a noble and good heart, who hear the word, retain it, and by persevering produce a crop.

A Lamp on a Stand

16“No one lights a lamp and hides it in a clay jar or puts it under a bed. Instead, they put it on a stand, so that those who come in can see the light. 17For there is nothing hidden that will not be disclosed, and nothing concealed that will not be known or brought out into the open. 18Therefore consider carefully how you listen. Whoever has will be given more; whoever does not have, even what they think they have will be taken from them.”

Jesus’ Mother and Brothers

19Now Jesus’ mother and brothers came to see him, but they were not able to get near him because of the crowd. 20Someone told him, “Your mother and brothers are standing outside, wanting to see you.”

21He replied, “My mother and brothers are those who hear God’s word and put it into practice.”

Jesus Calms the Storm

22One day Jesus said to his disciples, “Let us go over to the other side of the lake.” So they got into a boat and set out. 23As they sailed, he fell asleep. A squall came down on the lake, so that the boat was being swamped, and they were in great danger.

24The disciples went and woke him, saying, “Master, Master, we’re going to drown!”

He got up and rebuked the wind and the raging waters; the storm subsided, and all was calm. 25“Where is your faith?” he asked his disciples.

In fear and amazement they asked one another, “Who is this? He commands even the winds and the water, and they obey him.”

Jesus Restores a Demon-Possessed Man

26They sailed to the region of the Gerasenes,8:26 Some manuscripts Gadarenes; other manuscripts Gergesenes; also in verse 37 which is across the lake from Galilee. 27When Jesus stepped ashore, he was met by a demon-possessed man from the town. For a long time this man had not worn clothes or lived in a house, but had lived in the tombs. 28When he saw Jesus, he cried out and fell at his feet, shouting at the top of his voice, “What do you want with me, Jesus, Son of the Most High God? I beg you, don’t torture me!” 29For Jesus had commanded the impure spirit to come out of the man. Many times it had seized him, and though he was chained hand and foot and kept under guard, he had broken his chains and had been driven by the demon into solitary places.

30Jesus asked him, “What is your name?”

“Legion,” he replied, because many demons had gone into him. 31And they begged Jesus repeatedly not to order them to go into the Abyss.

32A large herd of pigs was feeding there on the hillside. The demons begged Jesus to let them go into the pigs, and he gave them permission. 33When the demons came out of the man, they went into the pigs, and the herd rushed down the steep bank into the lake and was drowned.

34When those tending the pigs saw what had happened, they ran off and reported this in the town and countryside, 35and the people went out to see what had happened. When they came to Jesus, they found the man from whom the demons had gone out, sitting at Jesus’ feet, dressed and in his right mind; and they were afraid. 36Those who had seen it told the people how the demon-possessed man had been cured. 37Then all the people of the region of the Gerasenes asked Jesus to leave them, because they were overcome with fear. So he got into the boat and left.

38The man from whom the demons had gone out begged to go with him, but Jesus sent him away, saying, 39“Return home and tell how much God has done for you.” So the man went away and told all over town how much Jesus had done for him.

Jesus Raises a Dead Girl and Heals a Sick Woman

40Now when Jesus returned, a crowd welcomed him, for they were all expecting him. 41Then a man named Jairus, a synagogue leader, came and fell at Jesus’ feet, pleading with him to come to his house 42because his only daughter, a girl of about twelve, was dying.

As Jesus was on his way, the crowds almost crushed him. 43And a woman was there who had been subject to bleeding for twelve years,8:43 Many manuscripts years, and she had spent all she had on doctors but no one could heal her. 44She came up behind him and touched the edge of his cloak, and immediately her bleeding stopped.

45“Who touched me?” Jesus asked.

When they all denied it, Peter said, “Master, the people are crowding and pressing against you.”

46But Jesus said, “Someone touched me; I know that power has gone out from me.”

47Then the woman, seeing that she could not go unnoticed, came trembling and fell at his feet. In the presence of all the people, she told why she had touched him and how she had been instantly healed. 48Then he said to her, “Daughter, your faith has healed you. Go in peace.”

49While Jesus was still speaking, someone came from the house of Jairus, the synagogue leader. “Your daughter is dead,” he said. “Don’t bother the teacher anymore.”

50Hearing this, Jesus said to Jairus, “Don’t be afraid; just believe, and she will be healed.”

51When he arrived at the house of Jairus, he did not let anyone go in with him except Peter, John and James, and the child’s father and mother. 52Meanwhile, all the people were wailing and mourning for her. “Stop wailing,” Jesus said. “She is not dead but asleep.”

53They laughed at him, knowing that she was dead. 54But he took her by the hand and said, “My child, get up!” 55Her spirit returned, and at once she stood up. Then Jesus told them to give her something to eat. 56Her parents were astonished, but he ordered them not to tell anyone what had happened.