Luka 20 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 20:1-47

Wobisa Tumi A Yesu Wɔ Ho Asɛm

1Da bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, asɔfo mpanyin, Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne ɔman no mu mpanyin kobisaa no se, 2“Tumi bɛn na wowɔ a wode yɛ saa nneɛma yi; na hena nso na ɔmaa wo saa tumi no?”

3Yesu buaa wɔn se, “Me nso mewɔ asɛm bi bisa mo. Monka nkyerɛ me. 4Tumi bɛn na Yohane de bɔɔ asu; efi Onyankopɔn anaa efi onipa?”

5Wɔfaa ho adwene kae se, “Sɛ yɛka se efi Onyankopɔn a obebisa yɛn se, ‘ɛno de, adɛn nti na moannye no anni?’ 6Sɛ nso yɛka se efi onipa a, ɔman mu no nyinaa besiw yɛn abo, efisɛ wonim sɛ Yohane yɛ odiyifo.”

7Ewiee ase no, wobuae se, “Yennim.”

8Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛno de, me nso meremma mo mo asɛmmisa no ho mmuae.”

Apaafo Bi Ho Bɛ

9Yesu buu wɔn bɛ bi se, “Ɔbarima bi yɛɛ bobeturo de hyɛɛ apaafo bi nsa sɛ wɔnhwɛ so mma no. Eyi akyi, otuu kwan kɔɔ akyirikyiri baabi kɔtenaa hɔ kyɛe. 10Bobetew bere dui no, ɔbarima yi somaa ne somfo se onkogye aduaba no bi mmrɛ no. Nanso apaafo no boroo no, ma ɔsan kɔɔ nsapan. 11Ɔsomaa ɔsomfo foforo ma ɔno nso wɔboroo no, bɔɔ no adapaa, ma ɔkɔɔ nsapan. 12Ɔsan somaa ɔsomfo foforo na ɔno mpo de, wopirapiraa no pam no.

13“Eyi maa bobeturo wura no kae se, ‘Dɛn na menyɛ bio? Mɛsoma me ba a medɔ no no akɔ wɔn nkyɛn na ɔno de, ebia wɔbɛfɛre no.’

14“Nanso bere a apaafo no huu no no, wɔkae se, ‘Ɔdedifo no ni, momma yenkum no na yɛmfa nʼagyapade no.’ 15Wɔtwee no fii afuw no mu kokum no.

“Mugye di sɛ dɛn na afuw wura no bɛyɛ saa apaafo yi? 16Ɔbɛba abekunkum saa apaafo yi na ɔde afuw no ama afoforo.”

Nnipa a wɔretie Yesu no kae se, “Ɛmpare yɛn!”

17Yesu hwɛɛ wɔn dinn bisaa wɔn se, “Ɛno de, na nea wɔakyerɛw se,

“ ‘Ɔbo a adansifo apo no,

ɛno ara na abɛyɛ tweatibo’ no ase ne dɛn?

18Obiara a ɔbɛhwe ɔbo no so no, obebubu na nea ɔbo no bɛhwe ne so no nso bɛpɛtɛw.”

19Esiane sɛ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne asɔfo mpanyin no huu se Yesu buu bɛ no tiaa wɔn nti wɔhwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere no saa bere no ara mu, nanso esiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no nti na wosuro.

Towgye Ho Asɛmmisa

20Esiane sɛ ɔpɛ ara na na nnipa no pɛ sɛ wɔkyere Yesu nti, wɔtetɛw no maa nnipa bi kɔɔ ne nkyɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nʼanom asɛm bi agyina so akyere no na wɔde no akɔ aban mu. 21Saa nnipa yi bisaa Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, wonyɛ nyiyimu na wokyerɛ nokware kwan a wɔnam so kɔ Onyankopɔn nkyɛn. 22Enti eye sɛ yetua tow ma Kaesare aban anaasɛ enye?”20.22 Sɛ ɔpene sɛ wontua tow mma Kaesare a na wadi nnipa no huammɔ. Sɛ ɔka se wontua nso a, ɛbɛhaw Roma aban mu mpanyimfo. Nsɛmmisafo no bisaa Yesu asɛm yi de sum no afiri.

23Yesu huu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, 24“Momma me sika. Hena mfoni ne din na ɛwɔ so yi?”

Wobuaa no se, “Ɛyɛ Kaesare dea.”

25Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛno de, momfa Kaesare de mma Kaesare na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”

26Yesu mmuae a ɔmaa wɔn no yɛɛ wɔn nwonwa na wɔn adwemmɔne no nso kaa wɔn tirim.

Owusɔre Ne Aware Ho Asɛmmisa

27Sadukifo bi a wonnye owusɔre nni baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, 28“Kyerɛkyerɛfo, Mose mmara no kyerɛ yɛn se, sɛ ɔbarima bi wɔ ɔyere na ɔne no anwo na owu a, ne nua tumi ware no ne no wo mma ma owufo no. 29Anuanom baason bi tenaa ase. Ɔpanyin a ɔwɔ mu no waree ɔbea a ɔne no anwo na owui. 30Ne nua a odi nʼakyi no waree no nanso ɔne no anwo na owui. 31Anuanom a wɔaka no nyinaa nso waree no a obiara ne no anwo, na wowuwui. 32Akyiri no ɔbea no nso wui. 33Yɛn asɛmmisa ne sɛ, esiane sɛ ɔbea yi waree anuanom yi nyinaa nti, owusɔre da no, wɔn mu hena na ɔbea yi bɛyɛ ne yere?”

34Yesu buae se, “Asase yi so na nnipa dwene aware ho. 35Na wɔn a owusɔre da no wobenya kwan akɔ Onyankopɔn Ahenni no mu de, aware ho renhia wɔn. 36Na owu nso nni hɔ mma wɔn bio, efisɛ wɔbɛyɛ sɛ ɔsoro abɔfo. Esiane sɛ wɔasɔre afi awufo mu no nti, wɔyɛ Onyankopɔn mma. 37Afei mo asɛmmisa a ɛfa owusɔre ho no nso, Mose maa yehuu no pefee sɛ, owusɔre wɔ hɔ. Efisɛ nʼasɛm a ɔkyerɛw faa wura a na ɛredɛw no ho no, ɔbɔɔ Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn din. 38Eyi kyerɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ateasefo Nyankopɔn na ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, efisɛ obiara a ɔde ne ho to Onyankopɔn so no, sɛ owu mpo a, obenya nkwa a enni awiei.”

39Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no mu bi kae se, “Kyerɛkyerɛfo, woabua no yiye.” 40Na obiara antumi ammisa no asɛm biara bio.

Hena Ba Ne Kristo No?

41Yesu bisaa wɔn se, “Adɛn nti na wɔka se Kristo no yɛ Dawid ba?” 42Efisɛ Dawid ka wɔ ne Nnwom no mu se,

“Awurade ka kyerɛɛ me wura se:

‘Tena me nifa so

43kosi sɛ mɛma woadi wʼatamfo so nkonim.’

44Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛyɛɛ dɛn na Kristo no yɛ ne ba?”

Kyerɛwsɛm No Akyerɛkyerɛfo No Kɔkɔbɔ

45Bere a nnipa no retie no no, Yesu dan nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, 46“Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ho. Bere biara wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntade pa, hwehwɛ sɛ nnipa hu wɔn bagua mu a wɔde obu kyia wɔn, na sɛ wɔkɔ asɔredan mu nso a, wɔtena mpanyin tenabea. Saa ara nso na sɛ wɔkɔ aponto ase a, wɔtena mpanyin tenabea. 47Wɔbɔ mpae atenten ma nnipa hu sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wosisi akunafo. Eyi nti wobenya asotwe a mu yɛ duru.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

路加福音 20:1-47

质问耶稣的权柄

1有一天,耶稣正在圣殿里教导人、传讲福音,祭司长、律法教师和长老上前, 2质问祂:“告诉我们,你凭什么权柄做这些事?谁授权给你了?”

3耶稣回答说:“我也问你们一个问题。你们告诉我, 4约翰的洗礼是从天上来的还是从人来的?”

5他们彼此议论说:“如果我们说‘是从天上来的’,祂一定会问,‘那你们为什么不相信他?’ 6如果我们说‘是从人来的’,百姓会拿石头打死我们,因为他们相信约翰是先知。” 7于是,他们回答说:“我们不知道约翰的洗礼是从哪里来的。”

8耶稣说:“我也不告诉你们我凭什么权柄做这些事。”

利欲熏心的佃户

9接着耶稣对众人讲了个比喻:“有人开垦了一个葡萄园,把园子租给几个佃户,就出远门了。 10到了收获的季节,他差奴仆去葡萄园向佃户收取他应得的收成,但那些佃户却把奴仆揍了一顿,使他空手而归。 11园主又派另一个奴仆去,那些佃户照样将他殴打并羞辱一番,使他空手而归。 12园主又派第三个奴仆去,他们又把他打伤,抛在园外。

13“园主说,‘我该怎样办呢?不如叫我所疼爱的儿子去吧。他们大概会尊敬他。’

14“岂料那些佃户看见来人是园主的儿子,便彼此商量说,‘这个人是产业继承人,我们把他杀掉,这葡萄园就归我们了!’ 15于是他们把园主的儿子拖到葡萄园外杀了。

“那么,园主会怎样处治他们呢? 16他必来杀掉这些佃户,把葡萄园转租给别人。”

众人听了就说:“但愿这种事永远不会发生!”

17耶稣定睛看着他们,问道:“那么,圣经上说,

“‘工匠丢弃的石头已成了房角石’,

这句话是什么意思呢? 18凡跌在这石头上的人,将粉身碎骨;这石头落在谁身上,将把谁砸烂。”

纳税问题

19律法教师和祭司长听出这比喻是针对他们说的,便想立刻下手捉拿耶稣,但又害怕百姓。 20于是,他们密切地监视耶稣,又派遣密探假装好人,想从祂的话里找把柄抓祂去见总督。

21那些密探问耶稣:“老师,我们知道你所讲所传的道都是正确的,也知道你不看人的情面,只按真理传上帝的道。 22那么,我们向凯撒纳税对不对呢?”

23耶稣看破他们的阴谋, 24就叫他们拿一个银币来,问他们:“上面刻的是谁的像和名号?”他们说:“凯撒的。”

25耶稣说:“属于凯撒的,要给凯撒;属于上帝的,要给上帝。”

26耶稣的回答令他们惊奇,他们无法当众找到把柄,只好闭口不言。

论死人复活

27撒督该人向来不相信有复活的事。有几个这一派的人来问耶稣: 28“老师,按摩西为我们写的律例,如果有人娶妻后没有孩子就死了,他的兄弟应当娶嫂嫂,替哥哥传宗接代。 29有弟兄七人,老大结了婚,没有孩子就死了。 30二弟、 31三弟、一直到七弟都相继娶了嫂嫂,都没有留下孩子就死了。 32最后那个女人也死了。 33那么,到复活的时候,她将是谁的妻子呢?因为七个人都娶过她。”

34耶稣说:“今世的人才有嫁娶, 35但那些配得将来的世界、从死里复活的人也不娶也不嫁, 36就像天使一样永远不会死。他们既然从死里复活,就是上帝的儿女。 37在记载有关燃烧的荆棘的篇章中,摩西也证实死人会复活,因为他称主是‘亚伯拉罕的上帝,以撒的上帝,雅各的上帝’。 38上帝不是死人的上帝,而是活人的上帝。因为在祂那里的人都是活人。”

39几位律法教师说:“老师答得好!” 40此后,再没有人敢问耶稣问题了。

论基督

41耶稣问他们:“人怎么说基督是大卫的后裔呢? 42大卫曾在诗篇里说,

“‘主对我主说,

你坐在我的右边,

43等我使你的仇敌成为你的脚凳。’

44既然大卫称基督为主,基督又怎么会是大卫的后裔呢?”

45大家正在细听,耶稣对门徒说: 46“你们要提防律法教师。他们爱穿着长袍招摇过市,喜欢人们在大街上问候他们,又喜欢会堂里的上座和宴席中的首位。 47他们侵吞寡妇的财产,还假意做冗长的祷告。这种人必受到更严厉的惩罚!”