Luka 15 – AKCB & TNCV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 15:1-32

Oguan A Wayera No Ho Bɛ

1Da bi, towgyefo ne nnebɔneyɛfo pii baa Yesu nkyɛn betiee no. 2Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no huu eyi no, wonwiinwii kae se, “Saa ɔbarima yi gye nnebɔneyɛfo, san ne wɔn to nsa didi.”

3Saa asɛm a wɔkaa no ma obuu wɔn bɛ bi se, 4“Mo mu hena na sɛ ɔwɔ nguan ɔha na wɔn mu baako yera a, ɔrennyaw aduɔkron akron no hɔ nkokyinkyin sare so nhwehwɛ nea wayera no kosi sɛ obehu no? 5Na sɛ ohu no a, ɔde no abɔ ne kɔn ho, de anigye de no aba. 6Na sɛ odu fie a, wafrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfo nyinaa aka akyerɛ wɔn se, ‘Momma yennye yɛn ani, efisɛ mahu me guan a ɔyerae no.’ 7Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛni baako sakra nʼadwene a, ɔsorofo nyinaa ani gye sen sɛ atreneefo aduɔkron akron wɔ hɔ a adwensakra ho nhia wɔn no.

8“Anaasɛ ɔbea bɛn na sɛ ne sika mpɔw du mu baako yera a, ɔrensɔ kanea mprapra ne dan mu, nhwehwɛ kosi sɛ obehu. 9Na sɛ ohu a, ɔremfrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfo nyinaa nka nkyerɛ wɔn se, ‘Momma yɛn ani nnye, efisɛ mahu me sika mpɔw a ɛyerae no.’ 10Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛni baako sakra nʼadwene a, Onyankopɔn abɔfo ani gye ara ne no.”

Ɔyera Ba

11Yesu san buu wɔn ɔyera ho bɛ bi se, “Ɔbarima bi wɔ hɔ a na ɔwɔ mmabarima baanu. 12Wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ nʼagya no se, ‘Mʼagya, fa me kyɛfa a mewɔ wɔ wʼagyapade mu no ma me!’ Ɔbarima no kyɛɛ nʼagyapade mu de ne ba no kyɛfa maa no.

13“Nna tiaa bi akyi no, ne ba kumaa yi boaboaa nʼahode nyinaa ano tuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ahohwi bra hweree nʼahode nyinaa. 14Ɛno akyi no, ɔkɔm kɛse bi baa asase no so maa ne ho kyeree no. 15Ɛbaa saa no, ɔde ne ho kɔdan kuroni bi a ɔma ɔkɔhwɛɛ ne mprako so. 16Ɔwɔ hɔ no, ɔkɔm dee no maa ne kɔn dɔɔ sɛ anka obenya aduan a mprako no di no bi mpo adi, nanso wannya.

17“Nʼani baa ne ho so no, ɔkae se, ‘Apaafo a wɔwɔ mʼagya fi didi mee, ma bi ka ma wɔtow gu. Adɛn na mete ha na ɔkɔm rekum me yi! 18Mɛsɔre akɔ mʼagya nkyɛn na maka akyerɛ no se, Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, 19na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio; fa me yɛ wʼapaafo no mu baako.’ 20Osii mu sɛ ɔresan aba nʼagya nkyɛn.

“Ɔnam kwan so akyirikyiri reba no, nʼagya no huu no, enti ɔde ayamhyehye yɛɛ ntɛm kohyiaa no, bam no, yɛɛ no atuu.

21“Aberante yi ka kyerɛɛ nʼagya no se, ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’

22“Nʼano ansi koraa na nʼagya no frɛɛ nʼasomfo ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monka mo ho nkɔfa ntama pa mmefura no na monhyɛ no pɛtea ne mpaboa a ɛyɛ fɛ. 23Afei munkokum nantwi ba a wadɔ srade no mfa nyɛ aduan, na yennidi, nnom, nnye yɛn ani, 24efisɛ na misusuw sɛ me ba yi awu, sɛɛ na ɔte ase; ɔyerae, nanso wasan aba.’ Wofii ase gyee wɔn ani.

25“Ne ba panyin a na ofi afum reba no duu afikyiri no, ɔtee nnwonto ne ahurusidi wɔ fie hɔ. 26Ɛno nti ɔfrɛɛ asomfo no mu baako bisaa no nea ɛrekɔ so wɔ fie hɔ. 27Ɔsomfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Wo nua no asan aba a biribiara anyɛ no enti, wʼagya akum nantwi ba a wadɔ srade no ama no.’

28“Ɔtee saa no, ne bo fuwii, enti ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenkɔ fie hɔ. Nʼagya tee no, ofii adi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no. 29Ne ba no de awerɛhow buaa no se, ‘Agya, masom wo mfe dodow yi nyinaa a nea wobɛka biara mitie, nanso wommaa me oguan ba mpo da sɛ minkum na me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani. 30Nanso wo ba a ɔkɔbɔɔ ahohwi no bae yi de, woakum nantwi ba a wadɔ srade no ama no.’

31“Nʼagya buaa no se, ‘Me ba, me ne wo na ɛte ha. Biribiara a mewɔ nso yɛ wo dea. 32Ɛsɛ sɛ yegye yɛn ani, efisɛ na misusuw sɛ wo nua yi awu, sɛɛ na ɔte ase; ɔyerae, nanso wasan aba.’ ”

Thai New Contemporary Bible

ลูกา 15:1-32

คำอุปมาเรื่องแกะหลงหาย

(มธ.18:12-14)

1ครั้งนั้นคนเก็บภาษีและ “คนบาป” มาชุมนุมกันเพื่อฟังพระเยซู 2แต่พวกฟาริสีและธรรมาจารย์บ่นพึมพำว่า “ชายคนนี้ต้อนรับคนบาปและร่วมรับประทานกับพวกเขา”

3พระเยซูจึงตรัสคำอุปมาให้พวกเขาฟังว่า 4“สมมุติว่าพวกท่านคนหนึ่งมีแกะหนึ่งร้อยตัวและตัวหนึ่งหายไป เขาจะไม่ละแกะทั้งเก้าสิบเก้าตัวไว้กลางทุ่ง แล้วไปตามหาแกะตัวที่หายไปนั้นจนกว่าจะพบหรือ? 5เมื่อเขาพบแล้วก็แบกแกะนั้นใส่บ่าด้วยความชื่นชมยินดี 6และกลับบ้าน จากนั้นเขาก็เรียกมิตรสหายและเพื่อนบ้านมาพร้อมกัน และกล่าวว่า ‘มาร่วมยินดีกับเราเถิด เรา ได้พบแกะตัวที่หายไปนั้นแล้ว’ 7เราบอกท่านว่าทำนองเดียวกัน ในสวรรค์จะมีความชื่นชมยินดีในคนบาปคนหนึ่งซึ่งกลับใจใหม่ มากยิ่งกว่าในคนชอบธรรมเก้าสิบเก้าคนซึ่งไม่ต้องการกลับใจใหม่”

คำอุปมาเรื่องเหรียญหาย

8“หรือสมมุติว่าหญิงคนหนึ่งมีเหรียญเงินสิบเหรียญ15:8 ภาษากรีกว่า10 แดรกมา(1 แดรกมามีค่าเท่ากับค่าแรง 1 วัน) และหายไปเหรียญหนึ่ง หญิงนั้นจะไม่จุดตะเกียงกวาดเรือนและค้นหาอย่างถี่ถ้วนจนกว่าจะพบหรือ? 9และเมื่อพบแล้ว นางก็เรียกมิตรสหายและเพื่อนบ้านมาพร้อมหน้ากันและกล่าวว่า ‘มาร่วมยินดีกับเราเถิด เราได้พบเหรียญที่หายไปนั้นแล้ว’ 10เราบอกท่านว่าในทำนองเดียวกัน จะมีความชื่นชมยินดีท่ามกลางเหล่าทูตสวรรค์ของพระเจ้าในคนบาปคนเดียวซึ่งกลับใจใหม่”

คำอุปมาเรื่องบุตรที่หลงหาย

11พระเยซูตรัสต่อไปว่า “ชายคนหนึ่งมีบุตรชายสองคน 12บุตรชายคนเล็กพูดกับบิดาว่า ‘บิดาเจ้าข้า ขอยกสมบัติส่วนของข้าพเจ้าให้ข้าพเจ้าเถิด’ ดังนั้นบิดาจึงแบ่งทรัพย์สมบัติของตนให้บุตรทั้งสอง

13“ต่อมาไม่นาน บุตรชายคนเล็กนี้ก็รวบรวมสมบัติทั้งหมดของตนแล้วไปเมืองไกล และผลาญทรัพย์ของตนด้วยการใช้ชีวิตเสเพล 14พอเขาหมดตัว ก็เกิดการกันดารอาหารอย่างหนักทั่วแถบนั้น และเขาเริ่มขัดสน 15ดังนั้นเขาจึงไปรับจ้างชาวเมืองคนหนึ่ง และคนนั้นใช้เขาออกไปเลี้ยงหมูในทุ่งนา 16เขาอยากจะอิ่มท้องด้วยฝักถั่วที่หมูกิน แต่ไม่มีใครให้อะไรเขากิน

17“เมื่อเขาคิดขึ้นได้จึงกล่าวว่า ‘บิดาของเรามีลูกจ้างหลายคน พวกเขามีอาหารเหลือเฟือ แต่นี่เรากำลังจะอดตาย! 18เราจะกลับไปหาบิดาของเราและกล่าวกับท่านว่า บิดาเจ้าข้า ข้าพเจ้าทำบาปต่อสวรรค์และต่อท่านด้วย 19ข้าพเจ้าไม่คู่ควรจะได้ชื่อว่าเป็นบุตรของท่านอีกต่อไป ให้ข้าพเจ้าเป็นเหมือนลูกจ้างคนหนึ่งของท่านเถิด’ 20ดังนั้นเขาจึงลุกขึ้น กลับไปหาบิดาของเขา

“แต่เมื่อเขายังอยู่แต่ไกล บิดาเห็นเขาก็สงสาร จึงวิ่งมาหาบุตรชายแล้วสวมกอดและจูบเขา

21“เขากล่าวกับบิดาว่า ‘บิดาเจ้าข้า ข้าพเจ้าทำบาปต่อสวรรค์และต่อท่านด้วย ข้าพเจ้าไม่คู่ควรจะได้ชื่อว่าเป็นบุตรของท่านอีกต่อไป15:21 สำเนาต้นฉบับเก่าแก่บางสำเนาว่าบุตรของท่านอีกต่อไป ให้ข้าพเจ้าเป็นเหมือนลูกจ้างคนหนึ่งของท่านเถิด

22“แต่บิดาสั่งคนรับใช้ว่า ‘เร็วเข้า! จงนำเสื้อผ้าที่ดีที่สุดมาให้เขาสวมใส่ เอาแหวนมาสวมนิ้วของเขา และเอารองเท้ามาสวมให้เขา 23จงนำลูกวัวขุนมาฆ่า ให้เราจัดงานเลี้ยงฉลอง 24เพราะบุตรชายคนนี้ของเราได้ตายไปแล้วและกลับเป็นขึ้นมาอีก เขาหายไปแล้วและได้พบกันอีก’ ดังนั้นเขาทั้งหลายจึงเริ่มเฉลิมฉลองกัน

25“ฝ่ายบุตรคนโตอยู่ที่ทุ่งนา เมื่อกลับมาใกล้ถึงบ้าน เขาได้ยินเสียงดนตรีและเสียงเต้นรำ 26ดังนั้นเขาจึงเรียกคนรับใช้คนหนึ่งมาถามว่ามีอะไร 27คนรับใช้ตอบว่า ‘น้องชายของท่านกลับมาแล้ว บิดาของท่านจึงให้ฆ่าลูกวัวขุน เพราะท่านได้เขากลับมาโดยสวัสดิภาพ’

28“บุตรคนโตก็โกรธและไม่ยอมเข้าบ้าน บิดาจึงออกมาขอร้องเขา 29แต่เขาตอบบิดาว่า ‘ดูเถิด! หลายปีมานี้ข้าพเจ้าตรากตรำรับใช้ท่าน และไม่เคยขัดคำสั่งของท่านเลย แต่ลูกแพะสักตัวท่านก็ยังไม่เคยยกให้ข้าพเจ้าเพื่อเลี้ยงฉลองกับเพื่อนๆ 30แต่เมื่อลูกคนนี้ของท่านกลับมาบ้านทั้งๆ ที่ได้ผลาญสมบัติของท่านหมดไปกับหญิงโสเภณี ท่านยังฆ่าลูกวัวขุนให้เขา!’

31“บิดากล่าวว่า ‘ลูกเอ๋ย เจ้าอยู่กับพ่อตลอดมา และทุกสิ่งที่พ่อมีก็เป็นของเจ้า 32แต่ที่เราต้องเฉลิมฉลองและยินดีกัน เพราะน้องคนนี้ของเจ้าได้ตายไปแล้วและกลับเป็นขึ้นมาอีก เขาหายไปแล้วและได้พบกันอีก’ ”