Luka 13 – AKCB & SNC

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 13:1-35

Sakra Wʼadwene; Anyɛ Saa A Wubewu

1Saa bere no na nnipa bi bɛka kyerɛɛ Yesu se Pilato akum Galileafo bi a wɔrebɔ afɔre ama Onyankopɔn na ɔde wɔn mogya afra afɔrebɔ no. 2Yesu buaa wɔn se, “Mugye di sɛ saa Galileafo no yɛ nnebɔneyɛfo sen wɔn a aka no nyinaa nti na wokum wɔn no? 3Dabi da, sɛ mo nso moansakra mo adwene a, wobekunkum mo saa ara. 4Anaasɛ mususuw sɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu guu wɔn so, kunkum wɔn no yɛ nnebɔneyɛfo sen nnipa a na wɔte Yerusalem no? 5Dabi da, mo nso moansakra a, mubewuwu saa ara.”

6Afei Yesu buu wɔn bɛ yi se, “Ɔbarima bi duaa borɔdɔma wɔ ne turo mu. Da bi ɔkɔɔ turo no mu hɔ sɛ ɔrekɔtew so aba no bi nanso wannya bi. 7Ɛno akyi, ɔfrɛɛ turo no sohwɛfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Mfe abiɛsa ni, bere biara a mɛba sɛ merebɛtew borɔdɔma no bi no, minnya bi. Adɛn nti na ɛresɛe kwa yi? Twa kyene.’

8“Turo no sohwɛfo no srɛɛ no se, ‘Me wura, ma ensi hɔ afe yi nso na mingugu ase sumina nhwɛ 9sɛ ebia, ɛbɛsow aba bi ana, na sɛ antumi ansow a ɛno de metwa akyene.’ ”

Yesu Sa Yare Homeda

10Homeda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu no, 11na ɔbea bi wɔ hɔ a honhommɔne mu ɔyare bi akyere no mfe dunwɔtwe ama ne mu akoa a ontumi nteɛ ne mu koraa. 12Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no fii nnipa no mu ka kyerɛɛ no se, “Ɔbea, wo ho nyɛ wo den.” 13Ɔde ne nsa guu ne so, na amono mu hɔ ara otumi teɛɛ ne mu. Na ɔbea no yii Onyankopɔn ayɛ.

14Hyiadan no so panyin a ohuu ɔbea no ayaresa no de abufuw kae se, “Nnansia na ɛsɛ sɛ mode yɛ adwuma a saa nna no mu na ɛsɛ sɛ moba ma wɔsa mo yare, na ɛnyɛ homeda.”

15Na Awurade buaa no se, “Nyaatwomfo! Mo mu hena na ɔnsan ne nantwi anaa nʼafurum na ɔnka no nkɔnom nsu homeda? 16Adɛn nti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no nnommum mfe dunwɔtwe ni no ɛnsɛ sɛ mesa no yare homeda?”

17Ɔkaa saa no, wɔn a na wɔne nʼadwene nhyia no nyinaa ani wui. Nnipa no nso a na wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa ani gyee nʼanwonwade ahorow a ɔyɛe no nyinaa ho.

Onyaa Aba Ne Mmɔkaw Ho Bɛ

18Afei Yesu fii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn ahenni no ho asɛm, na obisaa wɔn se, “Onyankopɔn ahenni no te dɛn? Na dɛn na memfa nto ho nkyerɛkyerɛ ase? 19Onyankopɔn ahenni no te sɛ onyaa aba ketewa bi a obi duaa wɔ nʼafuw mu na enyin yɛɛ dutan kɛse maa nnomaa kɔnwen wɔn mmerebuw wɔ so.”

20Obisaa bio se, “Dɛn bio na memfa ntoto ho nkyerɛ ase? 21Ɛte sɛ mmɔkaw bi a brodotofo de fɔtɔw mmɔre ma etu.”

Ɔpon Teateaa No

22Bere a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ nkurow so ne nkuraa ase ansa na ɔredu hɔ. 23Ne nkyerɛkyerɛ no mu no, obi bisaa no se, “Awurade, nnipa kakraa bi na wobegye wɔn nkwa ana?”

Obuaa no se, 24“Mompere nhyɛn ɔpon teateaa no mu, efisɛ nnipa pii bɛhwehwɛ sɛ wobewura mu, nanso wɔrentumi. 25Sɛ ɛba sɛ ofiwura no ato ɔpon no mu a, mobɛba abegyina akyi abɔ mu, aka se, ‘Owura, yɛsrɛ wo bue yɛn.’

“Na ɔno nso abisa mo se, ‘Mufi he? Minnim mo?’

26“Na mo nso moaka akyerɛ no se, ‘Yɛne wo too nsa didii na wokyerɛkyerɛɛ wɔ yɛn mmorɔn so.’

27“Na ofiwura no nso bebisa mo bio se, ‘Mufi he? Minnim mo. Mumfi mʼani so nkɔ, mo nnebɔneyɛfo!’

28“Na sɛ muhu Abraham, Isak, Yakob ne nkɔmhyɛfo no nyinaa sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ahenni no mu a, mode mo nsa begu mo ti atwa agyaadwo, efisɛ wɔbɛtow mo agu sum kabii mu. 29Nnipa fi apuei ne atɔe nyinaa behyia wɔ Onyankopɔn ahenni no mu hɔ ato nsa adidi. 30Na monkae sɛ akyikafo bi wɔ hɔ a, wobedi kan, na adikanfo bi nso wɔ hɔ a, wɔbɛka akyi.”

Yesu Twa Yerusalem Ho Agyaadwo

31Saa bere no ara mu na Farisifo bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Fi ha kɔ, efisɛ Herode rehwehwɛ wo akum wo.”

32Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔka nkyerɛ sakraman no se, ‘mitu ahonhommɔne, na masa nyarewa nnɛ ne ɔkyena na ne nnansa so no, medu Yerusalem.’ 33Nanso ɛsɛ sɛ menantew nnɛ ne ɔkyena ne nʼadekyee, na otwa ara na etwa sɛ odiyifo bewu wɔ Yerusalem!

34“Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo na wusiw wɔn a wɔsoma wɔn wo nkyɛn no abo! Mpɛn ahe ni a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbeatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase nanso moampene so. 35Na mo afi bɛdan afituw na morenhu me kosi sɛ mobɛka se, ‘Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no!’ ”

Slovo na cestu

Lukáš 13:1-35

Ježíš vyzývá k pokání

1V té době lidé přinesli Ježíšovi zprávu, že Pilát dal pobít galilejské poutníky, zrovna když obětovali. 2Ježíš na to řekl: „Myslíte si, že ti, které zavraždili, byli horšími hříšníky než ostatní obyvatelé Galileje? 3Ne, nebyli. Ať je vám to výstrahou: Smrt čeká na každého z vás a potom bude pozdě litovat svých hříchů. 4Anebo těch osmnáct, na které se zřítila věž v Siloe; ti také nebyli horší než druzí lidé v Jeruzalémě. 5Když však nebudete litovat svých zlých činů, i vás čeká Boží soud.“ 6Ježíš pak vyprávěl toto podobenství. „Jeden muž si vypěstoval na své vinici fíkovník. Když přišel čas sklizně, hledal na něm ovoce, avšak marně. 7Řekl vinaři: ‚Podívej, už třetí rok čekám na ovoce z tohoto fíkovníku, ale nic nerodí. Poraž ho, jenom tu překáží.‘ 8Vinař se přimlouval: ‚Pane ponech ho ještě jeden rok. Zkypřím mu a pohnojím půdu, snad přece bude rodit. 9Když na něm ani příští rok nic nebude, dáš ho porazit.‘ “

Ježíš uzdravuje chromou ženu

10Jednou v sobotu kázal Ježíš v synagoze. 11Mezi posluchači byla také žena postižená již osmnáct let nemocí, která ji tak pokřivila, že se nemohla napřímit. 12Když ji Ježíš uviděl, zavolal ji k sobě a řekl: „Ženo, tvé trápení končí.“ Dotkl se jí 13a v tom okamžiku se žena narovnala a srdečně děkovala Bohu. 14Představený synagogy však byl pobouřen, že Ježíš uzdravoval v sobotu a napomínal zástup: „Šest dní se má pracovat! Nechte se uzdravit jindy a ne v sobotu, kdy dodržujeme klid.“ 15Ježíš na to řekl: „Pokrytci! Kdo z vás neodvazuje dobytek, aby ho zavedl k napajedlu? 16A tato žena, která je potomkem Abrahamovým, neměla být v sobotu zbavena toho, co ji osmnáct let svazovalo?“ 17Jeho odpůrci se zastyděli, ale ostatní lidé se upřímně radovali z podivuhodných činů, které konal.

Ježíš učí o Božím království

18Ježíš řekl: „K čemu mám přirovnat Boží království? 19Je jako nepatrné hořčičné semeno, které si člověk zaseje do zahrady. Ono vyklíčí a vyroste z něho tak mohutná bylina, že na ní mohou hnízdit ptáci. 20-21Boží království se dá také přirovnat ke kvasu, který žena zadělá do těsta. I když mouky bude hodně, postačí jen trochu kvasu, aby celé těsto nakynulo.“

Ježíš učí o věčném království

22Ježíš pokračoval na své cestě do Jeruzaléma. Chodil od města k městu, od vesnice k vesnici a všude kázal. 23Kdosi se ho zeptal: „Pane, je asi málo těch, kteří budou zachráněni, že?“ 24Ježíš odpověděl: „Do Božího království vedou úzké dveře a těmi se snažte za každou cenu vejít. 25Jakmile totiž jednou Pán domu přijde, zamkne a pak už bude pozdě. Mnozí by potom ještě rádi vešli, ale už to nepůjde. Marně byste tloukli na dveře a volali: ‚Pane, Pane, otevři nám!‘ Zůstanete venku a Pán vám odpoví: ‚Nevím, kdo jste a odkud jste.‘ 26A i kdybyste říkali: ‚Sedávali jsme s tebou u stolu a učil jsi v našich ulicích,‘ ani to vám nepomůže. 27Jen byste znovu slyšeli: ‚Neznám vás a nevím, odkud jste. Promarnili jste svůj život v hříchu, pryč s vámi.‘ 28Bude pozdě na nářek, až uvidíte Abrahama, Izáka, Jákoba a všechny proroky v Božím království a vy budete odmítnuti. 29Ze všech světových stran budou proudit lidé, aby v něm zaujali svá místa. 30Mnozí, kteří dnes platí mezi lidmi za poslední, budou první a mnozí, kteří jsou dnes vysoce ceněni, se octnou mezi posledními.“

Ježíšův zármutek nad Jeruzalémem

31Za Ježíšem přišlo několik farizejů a varovali ho: „Měl bys utéci z Galileje, Herodes tě chce zabít.“ 32On jim řekl: „Jděte a řekněte tomu lišákovi: Ještě po nějaký čas budu uzdravovat, zbavovat lidi trápení na těle i na duchu. 33Ale přijde chvíle, kdy odtud odejdu do Jeruzaléma a tam všechno dokonám. Vždyť je nesmyslné, aby prorok zemřel jinde než tam. 34Jeruzaléme, Jeruzaléme, zabíjíš proroky a kamenuješ ty, které ti Bůh posílá. Jak často jsem toužil shromáždit svoje děti jako kvočna kuřátka pod ochranná křídla, ale nechtěli jste. 35I váš slavný chrám bude Bohem opuštěn. Říkám vám, že mne neuvidíte do chvíle, kdy budete volat: ‚Sláva tobě, který přicházíš ve jménu Božím.‘ “