Luka 11 – AKCB & NASV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 11:1-54

Yesu Kyerɛ Mpaebɔ

1Da bi, na Yesu rebɔ mpae wɔ baabi. Owiei no, nʼasuafo no mu baako ka kyerɛɛ no se, “Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ sɛnea Yohane kyerɛɛ nʼasuafo mpaebɔ no.”

2Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ morebɔ mpae a, monka se,

“‘Agya,

wo din ho ntew,

wʼahenni mmra.

3Ma yɛn yɛn ano aduan daa.

4Fa yɛn bɔne kyɛ yɛn

sɛnea yɛn nso, yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne kyɛ wɔn no.

Na nnyaa yɛn mma yɛnnkɔ sɔhwɛ mu.’”

5Yesu bisaa wɔn se, “Mo mu hena na ɔbɛkɔ ne yɔnko hɔ ɔdasu mu akɔka akyerɛ no se, ‘Me nua, fɛm me aduan kakra, 6efisɛ ɔhɔho bi abefu me mu, na minni aduan biara a mede bɛma no,’ 7na ɔbɛma no mmuae afi ne dan mu se, ‘Nhaw me! Mato me pon mu ne me mma ada. Merentumi nsɔre mma wo biribiara.’ 8Mereka akyerɛ mo se, na ade asa no nti, ɔyɛ ne yɔnko koraa mpo a ɔrensɔre. Nanso esiane sɛ ɔkɔɔ so srɛɛ no no nti ɛbɛma wasɔre ama no nea ehia no no nyinaa.

9“Ɛno nti mereka akyerɛ mo se; Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ na mubehu; mompem na wobebue mo. 10Na obiara a obisa no, wɔma no; na obiara a ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wobue no.

11“Agya bɛn na ɔwɔ mo mu na ne ba bisa no brodo a ɔbɛma no ɔbo, 12anaasɛ obisa no apataa a ɔbɛma no ɔwɔ, anaasɛ obisa nkesua a ɔbɛma no akekantwɛre? 13Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfo mpo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron no mma wɔn a wobisa no no?”

Yesu Ne Beelsebul

14Bere bi Yesu tuu honhommɔne bi a ɛyɛ mum fii onipa bi mu. Honhommɔne no tu fii ne mu no, ɔkasa ma ɛyɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no nyinaa ahodwiriw. 15Nanso ebinom kae se, “Ɔnam ahonhommɔne panyin Beelsebul tumi so na etu ahonhommɔne.” 16Afoforo nso pɛe sɛ wɔsɔ no hwɛ nti, wɔka kyerɛɛ no se, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne bi a efi ɔsoro nkyerɛ wɔn.

17Nanso ohuu wɔn adwene maa wɔn mmuae se, “Kurow biara a emu akyekyɛ no dan amamfo. Saa ara nso na ofi biara a emu kyekyɛ no gu. 18Na sɛ ɔbonsam nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na nʼahenni begyina? Nea enti a mereka saa asɛm yi ne sɛ, muse menam Beelsebul tumi so na mitu ahonhommɔne. 19Na sɛ menam Beelsebul tumi so na mitu ahonhommɔne a, hena so na mo nkurɔfo nam tu ahonhommɔne? Saa na ɛte de a, mo nkurɔfo no ara na wobebu mo atɛn. 20Nanso sɛ menam Onyankopɔn tumi so na mitu honhommɔne de a, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ahenni no aba mo so.

21“Sɛ ɔhoɔdenfo de akode wɛn ne fi a, obiara rentumi nkowia nʼagyapade; 22nanso sɛ nea ne ho yɛ den na ɔwɔ akode pa sen no kɔ ne so a, odi ne so nkonim, gye nʼakode a ɔde ne ho too so no, sesaw nʼagyapade no nyinaa kɔ.

23“Obiara a onni mʼafa no tia me, na nea ɔne me mmoaboa ano no, hwete mu.

24“Sɛ wotu honhommɔne fi onipa bi mu a, ekyinkyin hwehwɛ homebea, nanso ennya bi. Na sɛ wannya homebea a ɔka se, ‘Mɛsan akɔ onipa a mifii ne mu bae no mu bio.’ 25Na sɛ ɔsan kɔ onipa no mu a, obehu sɛ ɛhɔ tew a efi biara nni mu na biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ. 26Afei, ɔsan nʼakyi kɔfa ahonhommɔne afoforo ason a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena hɔ. Eyi ma onipa no sɛe koraa sen sɛnea anka na ɔte kan no.”

Ade A Ɛho Hia

27Yesu gu so rekasa no, ɔbea bi fi nnipadɔm no mu kae se, “Nhyira nka ɔyafunu a ɛwoo wo ne nufu a wunum ano no!”

28Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɛwɔ mu de, nanso nhyira ne wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm na wodi so.”

Yudafo Bisa Nsɛnkyerɛnne

29Nnipa no kyeree Yesu so no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Nnɛ mma yi yɛ nnebɔneyɛfo. Wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnne bi ahu nanso wɔrenhu nsɛnkyerɛnne biara sɛ Yona nsɛnkyerɛnne no. 30Na sɛnea Yona si yɛɛ nsɛnkyerɛnne maa Ninewefo no, saa ara na Kristo nso bɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama nnɛ mma yi. 31Atemmuda no, Sebahemmea ne nnɛmma bɛsɔre ayi ɔman yi atɛn efisɛ ofi asase ano nohɔ betiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso nea ɔsen Salomo no wɔ ha. 32Atemmuda no Ninewe mmarima ne nnɛmma bɛsɔre ayi ɔman yi atɛn, efisɛ bere a Yona kaa asɛmpa no, wɔsakraa wɔn adwene. Nanso nea ɔsen Yona wɔ ha.

Onipadua No Kanea

33“Obiara nsɔ kanea mfa nsie, na mmom ɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no nyinaa. 34Wʼani yɛ wo nipadua kanea. Ɛno nti sɛ wʼani ye a na wo nipadua nso yɛ hann. Nanso sɛ enye a, ɛma wo nipadua no dan sum tumm. 35Enti hwɛ yiye na hann a ɛwɔ wo mu no annan sum. 36Sɛ wo nipadua yɛ hann a sum nni fa baabiara a, onipadua no bɛhyerɛn sɛnea kanea hyerɛn gu wo so no.”

Farisini Bi Fi Adidi

37Yesu kasa wiee no, Farisini bi hyiaa no adidi enti ɔkɔe se ɔne no rekodidi. 38Farisini no huu sɛ Yesu anhohoro ne nsa ansa sɛnea wɔn amanne kyerɛ ansa na ɔredidi no, ɛyɛɛ no nwonwa.

39Yesu huu Farisini no adwene ka kyerɛɛ no se, “Mo Farisifo de, mohohoro nkuku nsanka ne mprɛte ho, nanso fi, anibere ne nnebɔne ahyɛ mo ma tɔ! 40Adwenharefo! Ɛnyɛ nea ɔyɛɛ akyi no ara na ɔyɛɛ mu nso? 41Monyɛ ahiafo adɔe na biribiara ho bɛtew ama mo.

42“Mo Farisifo, munnue! Moma mo nnɔbae so ntotoso du du, nanso mototo adetreneeyɛ ne ɔdɔ a mode dɔ Onyankopɔn no ase. Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanyin tenabea na mopɛ. Saa ara nso na sɛ mokɔ bagua mu a mopɛ sɛ nnipa hu mo kyia mo.

43“Mo Farisifo, munnue! Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanyin tenabea na mopɛ.

44“Munnue! Efisɛ mote sɛ nna a ɛso asram na nnipa nantew so a wonnim sɛ wɔnam nna so.”

45Mmaranimfo no mu baako ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, sɛ woka saa a na woakasa atia yɛn nso.”

46Yesu buaa no se, “Mo mmaranimfo nso munnue! Mohyɛ nnipa ma wodi mmara a ɛyɛ den so pɛpɛɛpɛ, nanso mo de, munni so sɛ sɛnea ɛsɛ.

47“Munnue! Efisɛ, moatoto adiyifo a mo ankasa anaa mo agyanom kum wɔn no nna so. 48Mo nneyɛe yi di adanse sɛ mopene nea mo agyanom yɛe no so. Ne nkyerɛase ne sɛ mo agyanom kunkum adiyifo no na mo nso mototoo wɔn nna so maa wɔn. 49Eyi ne nea Onyankopɔn aka afa mo ho: ‘Mɛsoma adiyifo ne asomafo aba mo nkyɛn na mubekunkum bi na moataa wɔn a aka no.’ 50Mereka akyerɛ mo se, adiyifo no mogya a wɔka gu fii wiase mfiase no, 51efi Habel kum so kosi Sakaria, a wokum no wɔ afɔremuka ne kronkronbea ntam hɔ no so, wobebisa ɛho asɛm afi mo nkyɛn.

52“Mo, mmaranimfo, munnue! Mode nokware hintaw mo nkurɔfo. Mo ankasa munni so, na mommma wɔn a wɔpɛ sɛ wodi so no kwan mma wonni so.”

53Ofi Farisini no fi hɔ a ɔrekɔ no, mmaranimfo ne Farisifo no dii nʼakyi de nsɛmmisa guan ne ho, 54pɛɛ sɛ ɔka biribi a wobegyina so anya no akyere no.

New Amharic Standard Version

ሉቃስ 11:1-54

ኢየሱስ ያስተማረው ጸሎት

11፥2-4 ተጓ ምብ – ማቴ 6፥9-13

11፥9-13 ተጓ ምብ – ማቴ 7፥7-11

1አንድ ቀን ኢየሱስ በአንድ ስፍራ ይጸልይ ነበር፤ ጸሎቱንም እንደ ጨረሰ፣ ከደቀ መዛሙርቱ አንዱ፣ “ጌታ ሆይ፤ ዮሐንስ ደቀ መዛሙርቱን ጸሎት እንዳስተማራቸው አንተም መጸለይን አስተምረን” አለው።

2እርሱም እንዲህ አላቸው፤ “ስትጸልዩ እንዲህ በሉ፤

“ ‘አባታችን11፥2 አንዳንድ ቅጆች በሰማይ የምትኖር አባታችን ይላሉ። ሆይ፤

ስምህ ይቀደስ፤

መንግሥትህ ትምጣ፤11፥2 አንዳንድ ቅጆች ፈቃድህ በሰማይ እንደ ሆነች እንዲሁ በምድር ትሁን ይላሉ።

3የዕለት እንጀራችንን በየዕለቱ ስጠን፤

4በደላችንን ይቅር በለን፤

እኛም የበደሉንን11፥4 አንዳንድ ቅጆች በእኛ ላይ ኀጢአት የሠሩትን ይላሉ። ሁሉ ይቅር ብለናልና።

ወደ ፈተናም አታግባን፤ ከክፉው አድነን እንጂ።’ ”11፥4 አንዳንድ ቅጆች ከክፉው አድነን እንጂ የሚለው የላቸውም።

5ደግሞም እንዲህ አላቸው፤ “ከእናንተ አንዱ ወዳጅ ቢኖረውና በእኩለ ሌሊት ወደ እርሱ ሄዶ፣ ‘ወዳጄ ሆይ፤ ሦስት እንጀራ አበድረኝ፤ 6አንድ ባልንጀራዬ ከመንገድ መጥቶብኝ የማቀርብለት ምንም ነገር የለኝምና’ ብሎ ለመነው እንበል።

7“በቤት ውስጥ ያለውም፣ ‘አታስቸግረኝ፤ በሩ ተቈልፏል፤ ልጆቼም አብረውኝ ተኝተዋል፤ ከእንግዲህ ተነሥቼ ልሰጥህ አልችልም’ ይለዋልን? 8እላችኋለሁ፤ ወዳጁ በመሆኑ ተነሥቶ ባይሰጠው እንኳ፣ ስለ ንዝነዛው11፥8 ወይም ስለ ብዙ ልመናው ብቻ የሚፈልገውን ሁሉ ይሰጠዋል።

9“ስለዚህ እላችኋለሁ፤ ለምኑ ይሰጣችኋል፤ ፈልጉ ታገኛላችሁ፤ በር አንኳኩ ይከፈትላችኋል፤ 10ምክንያቱም የሚለምን ሁሉ ይቀበላል፤ የሚፈልግም ያገኛል፤ በር ለሚያንኳኳም ይከፈትለታል።

11“ከእናንተ መካከል አባት ሆኖ ሳለ ልጁ11፥11 አንዳንድ ቅጆች ዳቦ ቢለምነው ድንጋይ የሚሰጠው አለን? የሚል አላቸው። ዓሣ ቢለምነው እባብ የሚሰጠው ይኖራልን? 12ወይስ ዕንቍላል ቢለምነው ጊንጥ ይሰጠዋልን? 13እናንተ ክፉዎች ሆናችሁ ሳላችሁ፣ ለልጆቻችሁ መልካም ስጦታን መስጠት ካወቃችሁበት፣ የሰማዩ አባታችሁ ታዲያ ለሚለምኑት መንፈስ ቅዱስን እንዴት አብልጦ አይሰጥ!”

ጌታ ኢየሱስና ብዔልዜቡል

11፥14-1517-2224-26 ተጓ ምብ – ማቴ 12፥2224-2943-45

11፥17-22 ተጓ ምብ – ማር 3፥23-27

14አንድ ቀን ኢየሱስ ድዳ ጋኔን ያወጣ ነበር፤ ጋኔኑም ከወጣለት በኋላ ድዳው ሰው ተናገረ፤ ሕዝቡም ተገረመ። 15አንዳንዶቹ ግን፣ “በአጋንንት አለቃ፣ በብዔልዜቡል11፥15 ግሪኩ ብዔዜቡል ወይም ብዔል ዜብል ይላል፤ እንዲሁም 18፡19 ይመ፣ አጋንንትን ያወጣል” አሉ፤ 16አንዳንዶቹ ደግሞ ሊፈታተኑት ከሰማይ ምልክት እንዲያሳያቸው ከእርሱ ይፈልጉ ነበር።

17ኢየሱስ ግን ሐሳባቸውን ዐውቆ እንዲህ አላቸው፤ “እርስ በርሱ የሚከፋፈል መንግሥት ሁሉ ይጠፋል፤ የሚለያይ ቤትም ይወድቃል። 18ሰይጣንም እርስ በርሱ ከተከፋፈለ፣ መንግሥቱ እንዴት ይጸናል? አጋንንትን በብዔልዜቡል እንደማወጣ ትናገራላችሁና። 19እንግዲህ እኔ አጋንንትን የማወጣው በብዔልዜቡል ከሆነ፣ ልጆቻችሁ በማን ያወጧቸው ይሆን? ስለዚህ እነርሱ ፈራጆች ይሆኑባችኋል። 20እኔ ግን አጋንንትን የማወጣው በእግዚአብሔር ጣት ከሆነ፣ የእግዚአብሔር መንግሥት ወደ እናንተ እንደ መጣች ዕወቁ።

21“ብርቱ ሰው በሚገባ ታጥቆ ቤቱን ከጠበቀ፣ ንብረቱ በሰላም ይቀመጣል። 22ነገር ግን ይበልጥ ብርቱ የሆነ ሰው መጥቶ ካጠቃውና ካሸነፈው ታምኖበት የነበረውን ትጥቁን ያስፈታዋል፤ ምርኮውንም ወስዶ ለሌሎች ያካፍላል።

23“ከእኔ ጋር ያልሆነ ይቃወመኛል፤ ከእኔ ጋር የማይሰበስብም ይበትናል።

24“ርኩስ11፥24 ወይም ክፉ መንፈስ ከሰው ሲወጣ ዕረፍት ፍለጋ ውሃ በሌለበት ስፍራ ይንከራተታል፤ ሳያገኝም ሲቀር፣ ‘ወደ ወጣሁበት ቤቴ እመለሳለሁ’ ይላል፤ 25ሲመለስም ቤቱ ተጠራርጐና ተስተካክሎ ያገኘዋል። 26ከዚያም በኋላ ሄዶ ሌሎች ከእርሱ የከፉ ሰባት አጋንንት ይዞ ይመጣል፤ ገብተውበትም በዚያ ይኖራሉ፤ ለዚያ ሰው ከመጀመሪያው ይልቅ የኋለኛው ሁኔታ የከፋ ይሆንበታል።”

27ኢየሱስ ይህን እየተናገረ እያለ፣ ከሕዝቡ መካከል አንዲት ሴት ድምፅዋን ከፍ አድርጋ፣ “የተሸከመችህ ማሕፀንና የጠባሃቸው ጡቶች ብፁዓን ናቸው” አለችው።

28እርሱ ግን፣ “ብፁዓንስ የእግዚአብሔርን ቃል ሰምተው የሚታዘዙት ናቸው” አለ።

የዮናስ ምልክትነት

11፥29-32 ተጓ ምብ – ማቴ 12፥39-42

29ብዙ ሕዝብ እየተሰበሰበ በሄደ ጊዜ ኢየሱስ እንዲህ ይል ጀመር፤ “ይህ ትውልድ ክፉ ነው፤ ታምራዊ ምልክት ይፈልጋል፤ ነገር ግን ከዮናስ ምልክት በስተቀር ሌላ አይሰጠውም። 30ምክንያቱም ዮናስ ለነነዌ ሰዎች ምልክት እንደ ሆናቸው የሰው ልጅም ለዚህ ትውልድ ምልክት ይሆናል። 31የደቡቧ ንግሥት በፍርድ ጊዜ ከዚህ ትውልድ ጋር ተነሥታ ትፈርድባቸዋለች፤ እርሷ የሰሎሞንን ጥበብ ለመስማት ከምድር ዳርቻ መጥታለችና፤ እነሆ፤ ከሰሎሞን የሚበልጥ እዚህ አለ። 32የነነዌ ሰዎችም በፍርድ ጊዜ ከዚህ ትውልድ ጋር ተነሥተው ይፈርዱበታል፤ እነርሱ የዮናስን ስብከት ሰምተው ንስሓ ገብተዋልና፤ እነሆ፣ ከዮናስ የሚበልጥ እዚህ አለ።

የሰውነት መብራት

11፥3435 ተጓ ምብ – ማቴ 6፥2223

33“መብራት አብርቶ በስውር ቦታ ወይም ከእንቅብ በታች የሚያስቀምጥ ማንም የለም፤ ይልቁን የሚገቡ ሰዎች ብርሃኑን እንዲያዩ በመቅረዝ ላይ ያስቀምጠዋል። 34የሰውነትህ ብርሃን ዐይንህ ናት፤ ዐይንህ ጤናማ ስትሆን መላ ሰውነትህ ብሩህ ይሆናል፤ ዐይንህ ታማሚ ከሆነች ግን መላ ሰውነትህ የጨለመ ይሆናል። 35ስለዚህ በውስጥህ ያለው ብርሃን ጨለማ እንዳይሆን ተጠንቀቅ። 36እንግዲህ ሰውነትህ ሁሉ ብሩህ ከሆነና የጨለመ የሰውነት ክፍል ከሌለበት፣ የሰውነትህ ሁለንተና መብራት በወገግታው ያበራልህ ያህል ይደምቃል።”

ስድስት ዐይነት ወዮታ

37ኢየሱስ ንግግሩን እንደ ጨረሰ፣ አንድ ፈሪሳዊ ከእርሱ ጋር ምግብ እንዲበላ ጋበዘው፤ እርሱም አብሮት ገብቶ በማእድ ተቀመጠ። 38ፈሪሳዊውም ኢየሱስ ከምግብ በፊት እጁን እንዳልታጠበ ባየ ጊዜ ተደነቀ።

39ጌታም እንዲህ አለው፤ “አሁን እናንተ ፈሪሳውያን የጽዋውንና የወጭቱን ውጫዊ ክፍል ታጸዳላችሁ፤ ውስጣችሁ ግን በሥሥትና በክፋት የተሞላ ነው። 40እናንት ሞኞች፤ የውጭውን የፈጠረ የውስጡንም አልፈጠረምን? 41ነገር ግን በውስጥ ያለውን ምጽዋት11፥41 ወይም ያላችሁን አድርጋችሁ ስጡ፤ በዚህ ጊዜ ሁሉም ንጹሕ ይሆንላችኋል።

42“እናንት ፈሪሳውያን ግን ወዮላችሁ፤ ከአዝሙድና ከጤና አዳም እንዲሁም ከአትክልት ሁሉ ዐሥራት ታወጣላችሁ፤ ሆኖም ፍትሕንና እግዚአብሔርን መውደድ ቸል ትላላችሁ፤ ነገር ግን ያንን ሳትተዉ ይህኛውን ማድረግ በተገባችሁ ነበር።

43“እናንት ፈሪሳውያን ወዮላችሁ፤ በምኵራብ የክብር መቀመጫ፣ በገበያ መካከልም እጅ መነሣትን ትወድዳላችሁና።

44“ሰዎች ሳያውቁ በላዩ የሚሄዱበትን የተሰወረ መቃብር ስለምትመስሉ፣ ወዮላችሁ።”

45ከሕግ ዐዋቂዎች አንዱ መልሶ “መምህር ሆይ፤ እንዲህ ስትናገር እኮ እኛንም መስደብህ ነው” ሲል መለሰለት።

46ኢየሱስም እንዲህ አለ፤ “እናንት ሕግ ዐዋቂዎችም ደግሞ ወዮላችሁ፤ ሰዎች ሊሸከሙ የማይችሉትን ከባድ ሸክም ታሸክማላችሁ፤ እናንተ ራሳችሁ ግን በጣታችሁ እንኳ አትነኩትም።

47“አባቶቻችሁ የገደሏቸውን የነቢያትን መቃብር ስለምታበጃጁ፣ ወዮላችሁ፤ 48እንግዲህ የአባቶቻችሁን ሥራ የምታጸኑ ምስክሮች ናችሁ፤ እነርሱ ነቢያትን ገደሉ፤ እናንተም መቃብራቸውን ታበጃጃላችሁ። 49ስለዚህም የእግዚአብሔር ጥበብ እንዲህ አለች፤ ‘ነቢያትንና ሐዋርያትን እልክላቸዋለሁ፤ እነርሱ አንዳንዶቹን ይገድላሉ፤ ሌሎችንም ያሳድዳሉ።’ 50ስለዚህ ይህ ትውልድ ዓለም ከተፈጠረ ጀምሮ ስለ ፈሰሰው፣ ስለ ነቢያት ሁሉ ደም ተጠያቂ ነው፤ 51ከአቤል ደም ጀምሮ፣ በመሠዊያውና በቤተ መቅደሱ መካከል እስከ ፈሰሰው እስከ ዘካርያስ ደም ድረስ ይፈለግበታል፤ አዎን፣ እላችኋለሁ፤ ይህ ትውልድ ለዚህ ተጠያቂ ነው።

52“እናንት ሕግ ዐዋቂዎች ወዮላችሁ፤ የዕውቀትን መክፈቻ ነጥቃችሁ ወስዳችኋልና፤ እናንተ ራሳችሁ አልገባችሁበትም፤ የሚገቡትንም ከልክላችኋል።”

53ኢየሱስ ከዚያ ከወጣ በኋላ፣ ጸሐፍትና ፈሪሳውያን ክፉኛ ይቃወሙትና በጥያቄም ያዋክቡት ጀመር፤ 54ከአፉ በሚወጣውም ቃል ሊያጠምዱት ያደቡ ነበር።