Hiob 6 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 6:1-30

Hiob Bua Elifas

1Na Hiob buae se,

2“Sɛ wobetumi akari mʼawerɛhowdi

na me haw nso wɔde agu nsania so a,

3anka emu bɛyɛ duru asen nwea a ɛwɔ po mu nyinaa,

enti ɛnyɛ nwonwa sɛ me nsɛm ayɛ hagyahagya.

4Otumfo agyan no wɔ me mu,

me honhom nom ano bɔre no;

wɔahyehyɛ Onyankopɔn ahunahuna nyinaa atia me.

5Wuram afurum su wɔ bere a wanya sare ana,

na nantwi nso su wɔ bere a wanya nʼaduan ana?

6So wodi aduan a nkyene nni mu?

Na ɔdɛ bi wɔ nkesua mu fufu mu ana?

7Mempɛ sɛ mede me nsa ka;

aduan a ɛte saa no bɔ me yare.

8“Ao sɛ me nsa bɛka mʼabisade,

sɛ Onyankopɔn bɛyɛ nea mʼani da so no ama me,

9sɛ Onyankopɔn bɛpɛ sɛ ɔdwerɛw me

sɛ ɔbɛtwe ne nsa na wakum me,

10ɛne anka mɛkɔ so anya saa awerɛkyekye yi,

a ɛyɛ anigye a mewɔ wɔ ɔyaw a entwa da yi mu,

ne Ɔkronkronni no nsɛm a mimmuu so yi.

11“Ahoɔden bɛn na mewɔ a enti ɛsɛ sɛ minya anidaso?

Daakye nneɛma pa bɛn nti na ɛsɛ sɛ minya ntoboase?

12Mewɔ ahoɔden sɛ ɔbo ana?

Me honam yɛ kɔbere mfrafrae ana?

13So mewɔ tumi bi a mede bɛboa me ho

saa bere yi a nkonimdi apare me yi ana?

14“Obiara a ɔbɔ nʼadamfo ayamye sɛn no

gyaw Otumfo no ho suro.

15Nanso ahotoso nni me nuanom mu sɛ nsuwansuwa a eyiri na ɛyow,

sɛ nsuwansuwa a eyiri

16bere a sukyerɛmma renan

na mparuwbo nso redan nsu,

17nanso owiabere mu no ɛsen bio

na ɔhyew nti nsu no tu yera.

18Akwantufo man fi wɔn akwan so;

wɔforo kɔ nsase a awuwu so ma wowuwu.

19Tema akwantufo hwehwɛ nsu,

Seba aguadifo akwantufo de anidaso hwehwɛ nsu.

20Wɔn ho yeraw wɔn, efisɛ na wɔwɔ awerehyɛmu;

woduu hɔ, na wɔn anidaso yɛ ɔkwa.

21Afei, wo nso woakyerɛ sɛ wo so nni mfaso;

wuhu biribi a ɛyɛ hu na wusuro.

22So maka pɛn se, ‘Me nti momma biribi,

sɛ mumfi mo ahode mu ntua me ti so sika,

23sɛ munnye me mfi mʼatamfo nsam,

ne atirimɔdenfo nkyehama mu ana?’

24“Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm;

monkyerɛ me mfomso a mayɛ.

25Nokwareka yɛ yaw,

na mo adwenkyerɛ no kosi dɛn?

26So mokyerɛ sɛ mubesiesie sɛ nea meka no,

na moafa mʼahometew nsɛm sɛ mframa ana?

27Mpo mobɛbɔ ayisaa so ntonto,

na mode mo adamfo adi nsesagua.

28“Afei momfa ahummɔbɔ nhwɛ me.

Metumi adi atoro wɔ mo anim ana?

29Montɔ mo bo ase, mummu ntɛnkyew;

monsan nnwen ho, efisɛ eyi fa me pɛpɛyɛ ho.

30Amumɔyɛsɛm wɔ mʼano ana?

Minnim papa ne bɔne ntam nsonoe ana?

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 6:1-30

Hiob Bua Elifas

1Na Hiob buaa sɛ,

2“Sɛ wɔbɛtumi akari mʼawerɛhodie

na me haw nso wɔde agu nsania so a,

3anka emu bɛyɛ duru asene anwea a ɛwɔ ɛpo mu nyinaa,

enti ɛnyɛ nwanwa sɛ me nsɛm ayɛ hagyahagya.

4Otumfoɔ agyan no awɔ me mu,

me honhom nom ano awuduro no;

wɔahyehyɛ Onyankopɔn ahunahuna nyinaa atia me.

5Wiram afunumu su wɔ ɛberɛ a wanya ɛserɛ anaa,

na nantwie nso su wɔ ɛberɛ a wanya nʼaduane anaa?

6Wɔdi aduane a nkyene nni mu anaa,

na kosua mu fufuo nso ɔdɛ bi wɔ mu anaa?

7Mempɛ sɛ mede me nsa ka;

aduane a ɛte saa no bɔ me yadeɛ.

8“Ao sɛ me nsa bɛka mʼabisadeɛ,

sɛ Onyankopɔn bɛyɛ deɛ mʼani da so ama me.

9Mepɛ sɛ Onyankopɔn dwerɛ me,

sɛ ɔbɛtwe ne nsa na wakum me,

10ɛnneɛ anka mɛkɔ so anya saa awerɛkyekyerɛ yi.

Nanso, ɔyea yi nyinaa akyi no

memmuu Ɔkronkronni no nsɛm so da.

11“Ahoɔden bɛn na mewɔ a enti ɛsɛ sɛ menya anidasoɔ?

Daakye nneɛma pa bɛn enti na ɛsɛ sɛ menya ntoboaseɛ?

12Mewɔ ahoɔden sɛ ɛboɔ anaa?

Me honam yɛ kɔbere mfrafraeɛ anaa?

13Mewɔ tumi a mede bɛboa me ho anaa?

Saa ɛberɛ yi a nkonimdie apare me yi?

14“Deɛ nʼanidasoɔ asa no hia ne nnamfonom mpaeɛbɔ,

ɛnyɛ saa a, ɔbɛpa aba wɔ Otumfoɔ no suro ho.

15Nanso ahotosoɔ nni me nuanom mu. Wɔte sɛ nsuwa nsuwa a ɛyirie na ɛweɛ,

wɔte sɛ nsuwa nsuwa a ɛyirie

16ɛberɛ a sukyerɛmma renane

na asukɔtweaa nso redane nsuo,

17nanso owiaberɛ mu no, ɛntene bio

na ɔhyew enti nsuo no tu yera.

18Akwantufoɔ mane firi wɔn akwan so;

wɔforo kɔ nsase bonini so na wɔwuwu.

19Tema akwantufoɔ hwehwɛ nsuo,

adwadifoɔ akwantufoɔ a wɔfiri Seba de anidasoɔ hwehwɛ nsuo.

20Wɔn ho yera wɔn, ɛfiri sɛ na wɔwɔ awerɛhyɛmu;

wɔduruu hɔ, nanso wɔn anidasoɔ yɛ ɔkwa.

21Afei wo nso woakyerɛ sɛ wo ho nni mfasoɔ;

Woahunu mʼamanehunu no, na ama woasuro.

22Maka sɛ, ‘Momma me biribi?

Maka sɛ momfiri mo ahodeɛ ntua me tiri so sika,

23anaasɛ monnye me mfiri mʼatamfoɔ nsam,

ne atirimuɔdenfoɔ nkyehoma mu anaa?’

24“Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm;

monkyerɛ me mfomsoɔ a mayɛ.

25Nokorɛka yɛ yea,

na mo adwenkyerɛ no, ɛkɔsi sɛn?

26Mokyerɛ sɛ deɛ maka no nnyɛ nokorɛ,

mofa obi a nʼabamu abu asɛm sɛ mframa anaa?

27Mpo mobɛbɔ awisiaa so ntonto,

na mode mo adamfo adi nsesa dwa.

28“Afei momfa ahummɔborɔ nhwɛ me.

Mɛtumi adi atorɔ wɔ mo anim anaa?

29Monto mo bo ase, mommu ntɛnkyea;

monsane nnwene ho, ɛfiri sɛ me pɛpɛyɛ ho aba akyinnyegyeɛ.

30Amumuyɛsɛm wɔ mʼano anaa?

Mennim papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ anaa?