Hiob 33 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 33:1-33

1“Na afei, Hiob, tie me nsɛm;

yɛ aso ma biribiara a mɛka.

2Merebebue mʼano;

me nsɛm aba me tɛkrɛma so.

3Me nsɛm fi koma a ɛteɛ mu;

na mʼano de ahonim pa ka nea minim.

4Onyankopɔn Honhom na abɔ me;

Otumfo no home ma me nkwa.

5Sɛ wubetumi a, ma me mmuae;

siesie wo ho, na ka si mʼanim.

6Wo ne me nyinaa yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn anim;

me nso wɔbɔɔ me fii dɔte mu.

7Ɛnsɛ sɛ wusuro me,

na ɛnsɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ wo so.

8“Nanso woaka ama mate,

mete saa nsɛm no, na wokae se,

9‘Meyɛ kronkron na minni bɔne;

me ho tew na afɔdi biara nni me ho.

10Nanso Onyankopɔn anya me ho mfomso

wafa me sɛ ne tamfo.

11Ɔde me nan hyɛ mpokyerɛ mu;

na nʼani wɔ mʼakwan nyinaa so.’

12“Nanso meka mekyerɛ wo se, eyi mu de woayɛ mfomso,

efisɛ Onyankopɔn so sen ɔdesani.

13Na adɛn nti na wunwiinwii hyɛ no

sɛ ommua onipa nsɛm biara ana?

14Nanso Onyankopɔn kasa wɔ akwan ahorow so,

na ebia nnipa nte.

15Ɔkasa wɔ daeso ne anadwo anisoadehu mu,

bere a nna afa nnipa

na wɔada hatee wɔ wɔn mpa so no,

16otumi kasa gu wɔn asom

na ɔde kɔkɔbɔ yi wɔn hu,

17sɛ ɔbɛdan onipa afi nneyɛe bɔne ho

na watwe no afi ahantan ho,

18sɛ ɔmma ne kra nkɔ amoa mu

na ɔnhwere ne nkwa wɔ afoa ano.

19Anaasɛ wotumi de mpa so yaw twe onipa aso

nnompe mu yaw a ennyae da,

20kosi sɛ ne kɔn nnɔ aduan

na ne kra nso po aduan a ɛyɛ akɔnnɔ pa ara;

21ɔfɔn yɛ basaa,

na ne nnompe a anka ɛho akata no, ho da hɔ.

22Ne kra bɛn ɔda,

na ne nkwa bɛn owu abɔfo.

23“Nanso sɛ ɔbɔfo bi wɔ nʼafa

sɛ odimafo a, ɛyɛ apem mu baako,

na ɔbɛkyerɛ no nea eye ma no,

24obehu no mmɔbɔ na waka se,

‘Munnyaa no na wankɔ ɔda mu;

na manya mpatade ama no,’

25afei ne were yɛ foforo sɛ abofra;

na esi ne dedaw mu yɛ sɛ mmerantebere mu de.

26Ɔbɔ Onyankopɔn mpae na onya adom fi ne hɔ,

ohu Onyankopɔn anim na ɔde ahosɛpɛw teɛ mu;

na Onyankopɔn gye no bio sɛ ɔtreneeni.

27Afei ɔba nnipa mu bɛka se,

‘Meyɛɛ bɔne na mekyeaa nea ɛteɛ,

nanso mannya nea ɛfata me.

28Ogyee me kra na wamma no ankɔ ɔda mu,

enti mɛtena ase na madi hann no mu dɛ.’

29“Onyankopɔn yɛ eyinom nyinaa ma onipa,

mprenu ne ne mprɛnsa so,

30sɛnea ne kra renkɔ ɔda mu,

na nkwa hann no ahyerɛn ne so.

31“Yɛ aso, Hiob, na tie me;

yɛ dinn na menkasa.

32Na sɛ wowɔ biribi ka a, bua me;

kasa, na mepɛ sɛ wobu wo bem.

33Sɛ ɛnte saa nso a, ɛno de tie me.

Yɛ dinn na mɛkyerɛ wo nyansa.”