Hiob 30 – AKCB & NAV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 30:1-31

1“Nanso mprempren wɔserew me,

nnipa a manyin sen wɔn,

na wɔn agyanom mfata sɛ

wɔne me nguan ho akraman tena.

2Mfaso bɛn na wɔn nsa mu ahoɔden wɔ ma me,

bere a wɔn ahoɔden afi wɔn mu?

3Ohia ne ɔkɔm ama wɔn ho atetew,

wɔnantew asase kesee

ne asase bonin so anadwo.

4Wɔboaboaa nkyenhaban ano wɔ nkyɛkyerɛ mu,

na wɔde sare so nnua ntin yɛɛ wɔn aduan.

5Wɔn mfɛfo pam wɔn fii wɔn mu,

na wohuroo wɔn sɛ akorɔmfo.

6Wɔhyɛɛ wɔn ma wɔtenaa suka a emu awo,

abotan ne fam ntokuru mu,

7wosuu sɛ mfurum wɔ wuram

na wɔfofɔree so wɔ ɔdɔtɔ ase.

8Kuw a wɔmfra na wonni din,

wɔpam wɔn fii asase no so.

9“Na nnɛ yi wɔn mmabarima de dwom bɔ me akutia;

mayɛ abusude wɔ wɔn mu.

10Wokyi me na wontwiw mmɛn me;

wɔmmfɛre sɛ wɔtete ntasu gu mʼanim.

11Afei a Onyankopɔn abubu me tadua na ɔde amanehunu aba me so yi,

wɔyɛ nea wɔpɛ wɔ mʼanim.

12Abusuakuw no tow hyɛ me so wɔ me nifa so;

wosum mʼanan mfiri,

na wosisi mpie tia me.

13Wosisiw mʼakwan;

na wonya me sɛe me

na obiara mmoa me.

14Wɔba te sɛ nea wofi ntokuru a ano abae mu;

wɔnam mmubui no mu munumunum ba.

15Ahunahuna ma me ho dwiriw me;

mʼanuonyam atu kɔ sɛnea mframa abɔ agu,

me bammɔ atu ayera sɛ omununkum.

16“Na mprempren, me nkwa resa;

na amanehununna akyekyere me.

17Anadwo wowɔ me nnompe mu;

ɔyaw a ɛwe me no nnyae.

18Onyankopɔn fi ne tumi mu yɛ sɛ adurade ma me;

omia me te sɛ mʼatade kɔn.

19Ɔtow me kyene dontori mu

na ɔma me yɛ sɛ mfutuma ne nsõ.

20“Onyankopɔn, misu mefrɛ wo, nanso wummua me.

Mesɔre gyina, nanso wohwɛ me kɛkɛ.

21Woba me so anibere so;

wode wʼabasa mu tumi tow hyɛ me so.

22Wuhwim me na wode mframa pia me;

wudenkyidenkyi me wɔ ahum mu.

23Minim sɛ wode me bɛkɔ owu mu,

faako a woahyɛ ama ateasefo nyinaa no.

24“Ampa ara obiara mfa ne nsa nka onipa a ɔrebrɛ

bere a ɔresu pɛ mmoa wɔ nʼamanehunu mu.

25Mansu amma wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu ana?

Me kra werɛ anhow amma ahiafo ana?

26Nanso bere a mʼani da papa so no, bɔne bae;

bere a mepɛɛ hann no sum na edurui.

27Me yafunu mu a ɛwowɔ me no nnyae da;

na nna a amanehunu wɔ mu da mʼanim.

28Menenam a mabiri, nanso ɛnyɛ sɛ owia na ahyew me;

migyina aguabɔbea na misu pɛ mmoa.

29Madan nnompo nuabarima,

me ne mpatu na ɛbɔ.

30Me honam ani biri na ehuanhuan;

atiridii ama me ho adɔ.

31Me sanku bɔ kwadwom,

na mʼatɛntɛbɛn ma agyaadwotwa nnyigyei.

Ketab El Hayat

أيوب 30:1-31

1أَمَّا الآنَ فَقَدْ هَزَأَ بِي مَنْ هُمْ أَصْغَرُ مِنِّي سِنّاً، مَنْ كُنْتُ آنَفُ أَنْ أَجْعَلَ آبَاءَهُمْ مَعَ كِلابِ غَنَمِي. 2إِذْ مَا جَدْوَى قُوَّةِ أَيْدِيهِمْ لِي بَعْدَ أَنْ أُصِيبَتْ بِعَجْزٍ؟ 3يَهِيمُونَ هُزَالَى جِيَاعاً، يَنْبِشُونَ الْيَابِسَةَ الْخَرِبَةَ الْمَهْجُورَةَ. 4يَلْتَقِطُونَ الْخُبَّيْزَةَ بَيْنَ الْعُلَّيْقِ، وَخُبْزُهُمْ عُرُوقُ الرَّتَمِ. 5يُطْرَدُونَ مِنْ بَيْنِ النَّاسِ، وَيَصْرُخُونَ خَلْفَهُمْ كَمَا يَصْرُخُونَ عَلَى لِصٍّ. 6يُقِيمُونَ فِي كُهُوفِ الْوِدْيَانِ الْجَافَّةِ، بَيْنَ الصُّخُورِ وَفِي ثُقُوبِ الأَرْضِ. 7يَنْهَقُونَ بَيْنَ الْعُلَّيْقِ، وَيرْبِضُونَ تَحْتَ الْعَوْسَجِ. 8هُمْ حَمْقَى، أَبْنَاءُ قَوْمٍ خَامِلِينَ مَنْبُوذِينَ مِنَ الأَرْضِ.

9أَمَّا الآنَ فَقَدْ أَصْبَحْتُ مَثَارَ سُخْرِيَةٍ لَهُمْ وَمَثَلاً يَتَنَدَّرُونَ بِهِ 10يَشْمَئِزُّونَ مِنِّي وَيَتَجَافَوْنَنِي، لَا يَتَوَانَوْنَ عَنِ الْبَصْقِ فِي وَجْهِي! 11لأَنَّ اللهَ قَدْ أَرْخَى وَتَرَ قَوْسِي وَأَذَلَّنِي، انْقَلَبُوا ضِدِّي بِكُلِّ قُوَّتِهِمْ. 12قَامَ صِغَارُهُمْ عَنْ يَمِينِي يُزِلُّونَ قَدَمِي وَيُمَهِّدُونَ سُبُلَ دَمَارِي. 13سَدُّوا عَلَيَّ مَنْفَذَ مَهْرَبِي، وَتَضَافَرُوا عَلَى هَلاكِي، مِنْ غَيْرِ أَنْ يَكُونَ لِي مُعِينٌ. 14وَكَأَنَّمَا مِنْ ثُغْرَةٍ وَاسِعَةٍ تَدَافَعُوا نَحْوِي، وَانْدَفَعُوا هَاجِمِينَ بَيْنَ الرَّدْمِ. 15طَغَتْ عَلَيَّ الأَهْوَالُ، فَتَطَايَرَتْ كَرَامَتِي كَوَرَقَةٍ أَمَامَ الرِّيحِ، وَمَضَى رَغْدِي كَالسَّحَابِ.

16وَالآنَ تَهَافَتَتْ نَفْسِي عَلَيَّ وَتَنَاهَبَتْنِي أَيَّامُ بُؤْسِي. 17يَنْخَرُ اللَّيْلُ عِظَامِي، وَآلامِي الضَّارِيَةُ لَا تَهْجَعُ. 18تَشُدُّ بِعُنْفٍ لِبَاسِي وَتَحْزِمُنِي مِثْلَ طَوْقِ عَبَاءَتِي. 19قَدْ طَرَحَنِي اللهُ فِي الْحَمْأَةِ فَأَشْبَهْتُ التُّرَابَ وَالرَّمَادَ. 20أَسْتَغِيثُ بِكَ فَلا تَسْتَجِيبُ، وَأَقِفُ أَمَامَكَ فَلا تَأْبَهُ بِي. 21أَصْبَحْتَ لِي عَدُوّاً قَاسِياً، وَبِقُدْرَةِ ذِرَاعِكَ تَضْطَهِدُنِي. 22خَطَفْتَنِي وَأَرْكَبْتَنِي عَلَى الرِّيحِ، تُذِيبُنِي فِي زَئِيرِ الْعَاصِفَةِ. 23فَأَيْقَنْتُ أَنَّكَ تَسُوقُنِي إِلَى الْمَوْتِ، وَإِلَى دَارِ مِيعَادِ كُلِّ حَيٍّ. 24وَلَكِنْ، أَلا يَمُدُّ إِنْسَانٌ يَدَهُ مِنْ تَحْتِ الأَنْقَاضِ؟ أَوَ لَا يَسْتَغِيثُ فِي بَلِيَّتِهِ؟

25أَلَمْ أَبْكِ لِمَنْ قَسَى عَلَيْهِ يَوْمُهُ؟ أَلَمْ تَحْزَنْ نَفْسِي لِلْمِسْكِينِ؟ 26وَلَكِنْ حِينَ تَرَقَّبْتُ الْخَيْرَ أَقْبَلَ الشَّرُّ، وَحِينَ تَوَقَّعْتُ النُّورَ هَجَمَ الظَّلامُ. 27قَلْبِي يَغْلِي وَلَنْ يَهْدَأَ، وَأَيَّامُ الْبَلِيَّةِ غَشِيَتْنِي. 28فَأَمْضِي نَائِحاً لَكِنْ مِنْ غَيْرِ عَزَاءٍ. أَقِفُ بَيْنَ النَّاسِ أَطْلُبُ الْعَوْنَ. 29صِرْتُ أَخاً لِبَنَاتِ آوَى، وَرَفِيقاً لِلنَّعَامِ. 30اسْوَدَّ جِلْدِي عَلَيَّ وَتَقَشَّرَ، وَاحْتَرَقَتْ عِظَامِي مِنَ الْحُمَّى 31صَارَتْ قِيثَارَتِي لِلنَّوْحِ، وَمِزْمَارِي لِصَوْتِ النَّادِبِينَ.