Hiob 20 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 20:1-29

Sofar Mmuae A Ɛto So Abien

1Na Naamani Sofar buae se,

2Me tirim mu ntew me, na ɛhyɛ me sɛ mimmua

efisɛ me ho yeraw me yiye.

3Mate animka bi a egu me ho fi,

na ntease a minya no hyɛ me sɛ mimmua.

4“Ampa ara wunim sɛnea nneɛma te fi tete,

efi bere a wɔde nnipa duaa asase so no,

5sɛ amumɔyɛfo ani gye bere tiaa bi mu,

na wɔn a wonsuro nyame nso anigye nkyɛ.

6Ɛwɔ mu sɛ nʼahohoahoa kodu ɔsoro,

na ne ti kɔpem omununkum koraa a,

7ɔbɛyera afebɔɔ te sɛ nʼankasa nʼagyanan;

na wɔn a wohuu no no bebisa se, ‘Ɔwɔ he?’

8Otu kɔ te sɛ ɔdae, na wɔrenhu no bio,

wɔn werɛ fi te sɛ anadwo mu anisoadehu.

9Ani a ehuu no no renhu no bio;

na ne sibea nso renhu no bio.

10Ne mma bɛpata ahiafo;

ɛsɛ sɛ nʼankasa de nʼahonya san ma.

11Ne mmerantebere mu ahoɔden a ahyɛ ne nnompe ma no

ne no bɛkɔ mfutuma mu.

12“Ɛwɔ mu sɛ bɔne yɛ nʼanom dɛ

na ɔde sie ne tɛkrɛma ase,

13ɛwɔ mu sɛ ontumi nnyaa mu

na ɔma ɛka ne dudom,

14nanso, nʼaduan bɛyɛ nwen wɔ ne yafunu mu;

ɛbɛyɛ ɔwɔ ano bɔre wɔ ne mu.

15Ɔbɛfe ahonyade a ɔmenee no;

Onyankopɔn bɛma ne yafunu apuw agu.

16Ɔbɛfefe awɔ bɔre;

Ɔnanka se bekum no.

17Ɔrennya nsuwansuwa no nnom

nsubɔnten a nufusu ne ɛwo sen wɔ mu no.

18Ɔbɛdan nea ɔbrɛ nyae no aba a ɔrenni bi;

ɔremfa nʼaguadi mu mfaso nnye nʼani.

19Efisɛ ɔhyɛɛ ahiafo so ma wodii ohia buruburoo;

ɔde ne nsa ato afi a ɛnyɛ ɔno na osii so.

20“Ampa ara ɔrennya ahomegye mfi nea wapere anya no mu;

ɔrentumi mfa nʼademude nnye ne ho nkwa.

21Wafom nneɛma nyinaa awie;

ne nkɔso nnu baabiara.

22Nʼadedodow nyinaa mu no, ɔbɛkɔ ɔhaw mu;

na amanehunu a emu yɛ den bɛto no.

23Bere a nʼafuru ayɛ ma no,

Onyankopɔn bɛtɔ nʼabufuw gya agu ne so

na wabobɔ no basabasa.

24Ɛwɔ mu sɛ oguan fi dade akode ano

nanso bɛmma a ano yɛ kɔbere mfrafrae bɛwɔ no.

25Ɔtwe bɛmma no fi nʼakyi,

ano hyɛnhyɛn no fi ne brɛbo mu.

Ehu bɛba ne so;

26sum kabii retwɛn nʼademude.

Ogya a ɛnnɛw mu bɛhyew no,

na asɛe nea aka wɔ ne ntamadan mu.

27Ɔsoro bɛda nʼafɔdi adi,

na asase asɔre atia no.

28Nsuyiri bɛtwe ne fi akɔ,

saa ara na asuworo bɛyɛ Onyankopɔn abufuwhyew da no.

29Eyi ne nkrabea a Onyankopɔn de ma amumɔyɛfo,

agyapade a Onyankopɔn de ato hɔ ama wɔn ne no.”

Japanese Contemporary Bible

ヨブ 記 20:1-29

20

ツォファルのことば

1ナアマ人ツォファルの演説。

2「もう我慢できない。

どうしてもあなたに言ってやりたいことがある。

3罪人呼ばわりしたことを取り上げて、

私に恥をかかせるつもりか。

私は自分の霊にせき立てられて、

黙っていることができない。

4あなたにもわかっているはずだ。

この地上に人が住むようになって以来、

5悪者が勝ち誇るのはつかの間で、

不信心な者の喜びは一夜の夢だ。

6たとえ彼が思い上がり、

肩をいからせて歩いても、

7糞のように捨てられ、永久に滅びる。

彼を知る人たちは、どこへ行ったのかといぶかる。

8彼は幻のように消え失せ、

9友人も家族も、二度とその姿を見ることはない。

10子どもたちは貧しい人に物乞いし、

やっとの思いで負債を埋め合わせる。

11彼がまだ若くても、その骨はちりの上に横たわる。

12彼は悪の楽しみを覚え、それを口の中で溶かし、

13ゆっくり味わいながら、少しずつ飲み下す。

14ところが、それは突然、腹の中で苦くなる。

15たらふく食べた利得も吐き出さなければならない。

彼が食べた物を消化するのを神はお許しにならない。

16それは彼を殺す毒となる。

17盗品を自分のものにして財産を増やすことはできない。

18労苦は報いられず、富も喜びを与えない。

19貧しい者を虐待し、彼らの家を差し押さえたからだ。

彼が元どおりになることはありえない。

20彼の目はいつも貪欲に燃えていたが、

今はすっかり貧乏になり、

彼の夢みてきたものは、みな飛び去った。

21彼は機会あるごとに盗みを働いたので、

その財産はすぐになくなる。

22権力を振りかざしている彼を、いきなり災難が襲う。

不幸な人たちは、寄ってたかって彼を食い物にする。

23彼が腹いっぱいになる寸前に、神の怒りが下る。

24彼は追われ、ついに射止められる。

25矢を抜くと、光る矢尻が胆のうから出てくる。

彼は断末魔の苦しみで顔をゆがめる。

26彼の宝は暗闇の中に隠される。

燃えさかる炎が彼の持ち物をなめ、

遺産をすべて焼き尽くす。

27天は彼の罪をあばき、地は不利な証言を並べ立てる。

28神の怒りの前には、富も役に立たない。

ただ踏みにじられてなくなるばかりだ。

29これが悪者を待ち受ける運命だ。

神がそのようにする。」