Hiob 2 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 2:1-13

Hiob Sɔhwɛ A Ɛto So Abien

1Da foforo bi, abɔfo no baa Awurade anim bio na Satan nso kaa wɔn ho bae. 2Awurade bisaa Satan se, “Wufi he na wobaa ha?”

Satan buaa Awurade se, “Mifi asase so akyinkyinakyinkyin ne emu akɔneabadi mu.”

3Na Awurade bisaa Satan se, “Woadwene mʼakoa Hiob ho ana? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔteɛ. Ɔyɛ onipa a osuro Onyankopɔn na okyi bɔne. Ɛwɔ mu sɛ wohyɛɛ me sɛ mensɛe no a minni nnyinaso biara de, nanso ɔda so gyina ne pɛpɛyɛ no mu.”

4Satan buaa Awurade sɛ, “Were pere were. Onipa de nea ɔwɔ nyinaa bɛma de apere ne nkwa. 5Sɛ ebetumi a teɛ wo nsa fa ka ne honam ne ne nnompe, na ɔbɛdome wo wɔ wʼanim!”

6Awurade ka kyerɛɛ Satan se, “Eye, ɔwɔ wo nsam na ne nkwa de gyaa mu ma no.”

7Enti Satan fii Awurade anim, na ɔmaa akuru a ɛyɛ yaw totɔɔ Hiob ho fi ne nʼanan ase kosii nʼapampam. 8Afei, na kyɛmfɛre na Hiob de twiw ne ho, bere a ɔte nsõ mu.

9Ne yere bisaa no se, “Woda so kura wo pɛpɛyɛ no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!”

10Na Hiob buaa no sɛ, “Wokasa sɛ ɔbea a ɔyɛ ɔkwasea. Ade pa de yɛagye afi Onyankopɔn nsam na ade bɔne na yɛmpo ana?”

Eyi nyinaa mu no, Hiob anka asɛm bɔne.

Hiob Nnamfo Baasa No

11Bere a Hiob nnamfo baasa bi a wɔne Temanni Elifas,2.11 Na Elifas yɛ Edomni a ofi Teman. Suhini Bildad ne Naamani Sofar tee amanehunu a aba Hiob so no, wofii wɔn afi mu, hyia yɛɛ adwene sɛ wɔbɛkɔ akɔhwɛ no na wɔakyekye ne werɛ. 12Wohuu Hiob fii akyiri no, wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno; wɔhyɛɛ ase twaa agyaadwo, sunsuan wɔn ntade mu, tuu mfutuma guu wɔn ti so. 13Na wɔne no tenaa fam nnanson, awia ne anadwo. Na obiara ankasa, efisɛ wohuu sɛ nʼamanehunu no nyɛ adewa.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

約伯記 2:1-13

約伯失去健康

1又有一天,眾天使來朝見耶和華,撒旦也在他們當中。 2耶和華問撒旦:「你從哪裡來?」撒旦答道:「我在地上到處遊走。」 3耶和華問道:「你注意到我的僕人約伯了嗎?世上沒有人像他那樣純全正直,敬畏我,遠離罪惡。雖然你鼓動我無緣無故地攻擊他、毀滅他,他仍然持守自己的純正。」 4撒旦回答說:「人會以皮換皮,為了保全生命,情願捨棄一切。 5倘若你伸手傷害他的骨和肉,他必當面褻瀆你。」 6耶和華說:「好吧,他在你手中,但要留他一命。」 7於是,撒旦從耶和華面前退去,開始加害約伯,使他從頭到腳長毒瘡。 8約伯坐在爐灰中,拿瓦片刮身體。 9他的妻子對他說:「你還要持守自己的純正嗎?不如褻瀆上帝,死掉算了!」 10約伯回答說:「你說話像個愚昧的婦人。難道我們只從上帝手裡接受祝福,卻不接受災殃嗎?」約伯遭此不幸,仍毫無怨言。

約伯的三個朋友

11約伯的三個朋友提幔以利法書亞比勒達拿瑪瑣法聽到他的不幸遭遇,便各自從家鄉動身,相約一起來探望、安慰他。 12他們遠遠地看見約伯,幾乎認不出是他,禁不住放聲大哭,各自撕裂外袍,揚起塵土,讓土落在頭上。 13他們看到約伯極其痛苦,就陪著他在地上坐了七天七夜,沒有對他說一句話。