Hiob 17 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 17:1-16

1Me honhom atɔ beraw,

me nna so atwa,

na ɔda retwɛn me.

2Ampa ara fɛwdifo atwa me ho ahyia;

ɛsɛ sɛ mehwɛ wɔn atutuwpɛ.

3“Ao Onyankopɔn, hyɛ me bɔ a wuhia.

Hena bio na ɔbɛma me bammɔ?

4Wɔato wɔn adwene mu a wɔnte asɛm ase;

enti woremma wonni nkonim.

5Sɛ obi sopa ne nnamfonom de gye akatua a,

ɛbɛhwere ne mma aniwa.

6“Onyankopɔn de me ayɛ asɛm a ɛda obiara ano,

obi a wɔte ntasu gu nʼani so.

7Awerɛhow ama mʼani ayɛ siamoo

me nipadua nyinaa yɛ sunsuma.

8Ɛyɛ atreneefo nwonwa;

wɔn a wodi bem tia wɔn a wonni nyamesu.

9Nanso atreneefo bɛkɔ wɔn anim,

na wɔn a wɔn nsa ho tew no bɛkɔ so anya ahoɔden.

10“Mo nyinaa monsan mmra mmɛsɔ nhwɛ!

Na merennya onyansafo wɔ mo mu.

11Me nna atwa mu, me nhyehyɛe apansam.

Nanso me koma apɛde

12ma anadwo dan awia;

sum mu koraa no hann bɛn.

13Sɛ ofi a mʼani da so nkutoo ne ɔda,

sɛ mesɛw me kɛtɛ wɔ sum mu,

14sɛ meka kyerɛ porɔwee se, ‘Wo yɛ mʼagya,’

ne osunson se, ‘Me na’ anaa ‘Me nuabea’ a,

15na afei mʼanidaso wɔ he?

Hena na obetumi anya anidaso bi ama me?

16Ebesian akɔ owu pon ano ana?

Yɛn nyinaa besian akɔ mfutuma mu ana?”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

约伯记 17:1-16

1“我的心灵破碎,我的年日将尽,

坟墓等候着我。

2无疑,嘲笑的人围着我,

我眼睁睁地看着他们戏弄我。

3上帝啊,求你为我作保。

除你以外,谁肯做我的保人?

4你蒙蔽了他们的心智,

因此你必不让他们得胜。

5人为了分产业而控告朋友,

其子孙的眼睛要失明。

6上帝使我成了人们的笑柄,

他们在我脸上吐唾沫。

7哀伤使我眼目昏花,

我整个人骨瘦如柴。

8这使正直的人震惊,

使无辜的人起来讨伐不敬虔的人。

9义人坚守自己的道,

手洁的人力量倍增。

10来吧,你们众人再来,

我在你们中间不会找到一个智者。

11我的年日已尽,

我的计划破灭,

我的心愿落空。

12他们说黑夜是白昼,

声称黑暗就是光明。

13我若期望阴间作我的家园,

在黑暗之地铺设我的床榻,

14称坟墓为父亲,

称蛆虫为母亲、姊妹,

15那么,我的希望在哪里?

谁能看到我的希望?

16我的希望会跟我进入阴间,

与我同归尘土吗?”