Hiob 16 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 16:1-22

Hiob Mmuae

1Afei Hiob buae se,

2“Mate nsɛm bebree a ɛte sɛ eyinom;

na mo nyinaa moyɛ ogyamserewfo!

3So mo kasa tenten no remma awiei ana?

Dɛn na ɛhaw mo nti a mugu so regye akyinnye yi?

4Anka me nso metumi akasa sɛ mo,

sɛ mo na mowɔ me tebea yi mu a,

anka metumi akeka nsɛm a ɛyɛ dɛ atia mo

na mabu mo animtiaa.

5Nanso anka mɛhyɛ mo den;

anka awerɛkyekye nsɛm a ebefi mʼanom no bɛma mo ahotɔ.

6“Nanso sɛ mekasa a ɔyaw a mete no remmrɛ ase;

na sɛ mankasa nso a, ɛrennyae.

7Onyankopɔn, ampa ara woama mabrɛ

woasɛe me fi pasaa.

8Woakyekyere me, ama abɛyɛ adansedi;

me so tew ara na ɛtew na edi adanse tia me.

9Onyankopɔn tow hyɛ me so tetew me wɔ nʼabufuw mu

na ɔtwɛre ne se gu me so;

nea ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me.

10Nnipa bue wɔn ano di me ho fɛw;

wɔbɔ me sotɔre de bu me animtiaa

na wɔka wɔn ho bɔ mu de tia me.

11Onyankopɔn de me ama abɔnefo

watow me ato amumɔyɛfo nsam.

12Na biribiara kɔ yiye ma me, nanso ɔdwerɛw me;

osoo me kɔn mu, tow me hwee hɔ.

Ɔde me asi nʼani so;

13nʼagyantowfo atwa me ho ahyia,

ohwirew mʼasaabo mu a wanhu me mmɔbɔ

maa me bɔnwoma petee fam.

14Ɔba me so bere biara;

na ɔtow hyɛ me so sɛ ɔkofo.

15“Mapam atweaatam akata me were so

na masie mʼanintɔn wɔ mfutuma mu.

16Agyaadwotwa ama mʼani ayɛ kɔɔ;

sunsuma kabii atwa mʼani ho ahyia,

17nanso me nsa nyɛɛ basabasayɛ biara

na me mpaebɔ yɛ kann.

18“Asase, nkata me mogya so;

na mma me sufrɛ to ntwa da!

19Mprempren mpo, me danseni wɔ ɔsoro;

me kamafo wɔ soro hɔ.

20Me dimafo yɛ mʼadamfo

bere a mʼaniwa tew nisu gu Onyankopɔn so yi;

21ogyina onipa anan mu di ma no wɔ Onyankopɔn anim

sɛnea obi di ma nʼadamfo no.

22“Mfe kakraa bi akyi

ansa na metu kwan akɔ koransan.

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 16:1-22

Hiob Mmuaeɛ

1Afei Hiob buaeɛ sɛ,

2“Mate nsɛm bebree a ɛte sɛ yeinom;

na mo nyinaa moyɛ gyamserefoɔ!

3Mo kasa tentene no mma awieeɛ anaa?

Ɛdeɛn na ɛha mo enti a mogu so redi anobaabaeɛ yi?

4Sɛ mo na mowɔ me tebea yi mu a,

anka me nso mɛtumi akasa sɛ mo;

anka mɛtumi akeka nsɛm a ɛyɛ dɛ atia mo

na mabu mo animtiaa.

5Nanso, anka mɛhyɛ mo den;

anka awerɛkyekyerɛ nsɛm a ɛbɛfiri mʼanomu no bɛma mo ahotɔ.

6“Nanso sɛ mekasa a, ɔyea a mete no remmoto;

na sɛ mankasa nso a, ɛrennyae.

7Ao Onyankopɔn, ampa ara woama mabrɛ;

woasɛe me fie pasaa.

8Woakyekyere me, ma abɛyɛ adansedie;

me so teɛ ara na ɛreteɛ, na ɛdi adanseɛ tia me.

9Onyankopɔn to hyɛ me so tete me wɔ nʼabufuo mu

na ɔtwɛre ne se gu me so;

deɛ ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me.

10Nnipa bue wɔn ano di me ho fɛw;

wɔbɔ me sotorɔ de bu me animtiaa

na wɔka wɔn ho bɔ mu de tia me.

11Onyankopɔn de me ama abɔnefoɔ.

Wato me atwene amumuyɛfoɔ nsam.

12Na biribiara kɔ yie ma me, nanso ɔdwerɛɛ me;

ɔsɔɔ me kɔn mu, too me hwee hɔ.

Ɔde me asi nʼani so;

13nʼagyantofoɔ atwa me ho ahyia,

ɔhwiree me sawa mu a wanhunu me mmɔbɔ

maa me bɔnwoma pete guu fam.

14Ɔba me so ɛberɛ biara;

na ɔto hyɛ me so sɛ ɔkofoɔ.

15“Mapam ayitoma akata me wedeɛ so

na masie mʼanintɔn wɔ mfuturo mu.

16Agyaadwotwa ama mʼani ayɛ kɔɔ;

sunsum kabii atwa mʼani ho ahyia.

17Nanso, me nsa nyɛɛ basabasayɛ biara

na me mpaeɛbɔ yɛ kronn.

18“Ao asase, nkata me mogya so;

na mma wɔnsie me sufrɛ!

19Seesei mpo, me danseni wɔ soro;

Me ɔkamafoɔ wɔ soro hɔ.

20Me ɔdimafoɔ yɛ mʼadamfo

ɛberɛ a mesu gu Onyankopɔn soɔ yi;

21ɔgyina onipa anan mu di ma no wɔ Onyankopɔn anim

sɛdeɛ obi di ma nʼadamfo no.

22“Mfeɛ kakra bi akyi

mɛtu kwan akɔ koransane.