Hesekiel 45 – AKCB & NSP

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 45:1-25

Asase No Mu Kyekyɛ

1“ ‘Sɛ mokyekyɛ asase no mu sɛ agyapade a, ɛsɛ sɛ mode fa bi ma Awurade sɛ ɔmantam kronkron a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahanum (37,500), na ne trɛw nso yɛ anammɔn mpem aduasa (30,000); saa beae no nyinaa bɛyɛ kronkron. 2Wobegyaw asase yi mu bi a ɛyɛ ahinanan a ne fa biara yɛ anammɔn ahanson ne aduonum (750) ama kronkronbea, na mfikyisase a atwa ho ahyia no trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum (75). 3Munsusuw ɔmantam kronkron asase no mu bi a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) na ne trɛw nso yɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Ɛhɔ na wobesi kronkronbea, Kronkron Mu Kronkron no. 4Ɛbɛyɛ asase no fa a ɛyɛ kronkron ma asɔfo a wɔsom wɔ kronkronbea na wɔbɛn Awurade, na wɔsom wɔ nʼanim. Ɛhɔ na wobesisi wɔn afi na ayɛ beae kronkron ama kronkronbea no nso. 5Asase a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) na ne trɛw nso yɛ anammɔn mpem dunum (15,000) bɛyɛ beae a wɔbɛkyekye nkurow ama Lewifo a wɔsom wɔ asɔredan mu no atena mu sɛ wɔn agyapade.

6“ ‘Wobegyaw asase a ne trɛw yɛ anammɔn mpem ason ne ahannum (7,500) na ne tenten nso yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) a ɛtoa beae kronkron no so no ama kuropɔn no; ɛbɛyɛ Israelfi nyinaa de.

7“ ‘Ɔhene no bɛfa asase a ɛne ɔmantam kronkron no ne kuropɔn no dabea bɔ hye. Ɛbɛtrɛw akɔ atɔe fam ne apuei fam akɔpem atɔe ne apuei ahye so, na ɛne mmusuakuw no mu baako asase abɔ hye wɔ atifi fam ne anafo fam. 8Asase no bɛyɛ nʼagyapade wɔ Israel. Na me mmapɔmma renhyɛ me nkurɔfo so bio, na mmom wɔbɛma Israelfo kwan ama wɔafa asase no sɛnea wɔn mmusuakuw no te.

9“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Moadu akyiri pa ara. Israel mmapɔmma! Munnyae mo basabasayɛ ne mo nhyɛso na monyɛ nea ɛteɛ na eye. Munnyae me nkurɔfo nsase a mugyigyei no, Otumfo Awurade asɛm ni. 10Ɛsɛ sɛ mode nsania ne asusude a ɛyɛ pɛ susuw ade. 11Kɛntɛn baako, a ɛyɛ lita ɔha aduɔwɔtwe abien (182), na mode besusuw ade biara dodow; ɛfah ne bat bɛyɛ kɛntɛn baako mu nkyemu du. 12Dwetɛ mpɔw na mode besusuw ade mu duru. Dwetɛ mpɔw baako bɛyɛ gram du abien, na dwetɛ mpɔw aduosia ayɛ gram ahanson aduonu (720).

Afɔrebɔde Ne Nna Kronkron

13“ ‘Akyɛde sononko a ɛsɛ wode ma ni: Awi kilogram abiɛsa ne atoko kilogram abien ne fa. 14Ngo dodow a wɔatwa ato hɔ no nyɛ lita abien ne fa. 15Afei wɔmfa nguankuw ahannu a wɔwɔ Israel adidibea a hɔ wɔ nsu no mu baako. Eyinom na wɔde bɛyɛ aduan afɔrebɔde, ɔhyew afɔrebɔde ne asomdwoe afɔrebɔde a ɛbɛyɛ mpata ama nnipa no, Otumfo Awurade na ose. 16Ɛsɛ sɛ Israelfo nyinaa kɔka ɔheneba no ho na ɔde nʼafɔrebɔde ba. 17Ɛbɛyɛ ɔheneba no asɛde sɛ ɔde afɔrebɔde a wɔde ma ɔsom afahyɛ bi te sɛ ɔsram foforo afahyɛ, homenna ne nna a ɛtete saa no ba. Ɔde bɔne ho afɔrebɔde, ɔhyew ho afɔrebɔde, atoko afɔrebɔde, nsa afɔrebɔde ne asomdwoe afɔrebɔde bɛba abɛyɛ nkabomde ama Israel.

18“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɔsram a edi kan no da a edi kan no, ɛsɛ sɛ wɔde nantwinini ba baako a ne ho nni dɛm dwira kronkronbea hɔ. 19Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no de bɔne afɔrebɔde no mogya no bi keka asɔredan no apongua, afɔremuka no apa a ɛwɔ soro no ntwea so anan no ne mfimfini adiwo no apongua ho. 20Ɛsɛ sɛ woyɛ ade koro yi ara wɔ ɔsram no da a ɛto so ason de ma obiara a wanhyɛ da na ɔyɛɛ bɔne anaa nim a onnim nti ɔbɛyɛ bɔne, na wonam so de ayɛ mpata ama asɔredan no.

21“ ‘Ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no, ɛsɛ sɛ mudi Twam Afahyɛ a ɛyɛ aponto a wɔde nnanson na ɛyɛ no, saa bere no, mubedi brodo a mmɔkaw nni mu. 22Saa da no ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini a wɔde bɛbɔ afɔre ama no ne asase no so nnipa nyinaa ba. 23Da biara wɔ nnanson Afahyɛ no mu, ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini ason ne adwennini ason a wɔn ho nni dɛm biara ba sɛ ɔhyew afɔrebɔde ma Awurade, ne ɔpapo sɛ bɔne afɔrebɔde. 24Nea ɛsɛ sɛ ɔde ba sɛ aduan afɔrebɔde yɛ kɛntɛn baako (lita aduonu abien) a ɛka nantwinini biara ho ne kɛntɛn baako (lita aduonu abien) nso a ɛka Odwennini baako biara ho. Ngo lita anan nso ka kɛntɛn biara ho.

25“ ‘Nnanson Afahyɛ a wofi ase wɔ ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no mu no, ɔhene no de saa nneɛma no ara bɛba sɛ bɔne afɔrebɔde, ɔhyew afɔrebɔde, aduan afɔrebɔde ne ngo.

New Serbian Translation

Књига пророка Језекиља 45:1-25

Свето подручје

1Када будете делили земљу у наследство, принесите принос Господу, свети део од земље, двадесет пет хиљада лаката дугачак45,1 Око 12,5 km., и двадесет45,1 Овако је према Септуагинти, а према јеврејском тексту десет хиљада. хиљада лаката широк45,1 Око 10 km.. То нека буде свето подручје на целом том простору. 2Од овог, нека се за Светињу одвоји четвртаста површина од пет стотина лаката са пет стотина лаката, и чистина од педесет лаката45,2 Око 250 m х 250 m и чистина од око 25 m. око ње. 3У овом подручју, измери двадесет пет хиљада лаката у дужину и десет хиљада лаката у ширину где ће бити Светилиште – Светиња над светињама. 4То ће бити свети део земље за свештенике, служитеље Светилишта – који приступају да служе Господу. То ће бити место за њихове куће, и свето место за Светилиште. 5А двадесет пет хиљада лаката у дужину и десет хиљада у ширину нека припадне у посед Левитима, служитељима Дома, са градовима у којима ће живети.45,5 Овако је према Септуагинти, а према јеврејском тексту служитељима Дома нека припадне двадесет соба.

6Граду у посед дајте пет хиљада лаката у ширину и двадесет пет хиљада у дужину поред светог подручја; то нека буде за сав дом Израиљев.

7Кнезу нека припадне део с обе стране светог подручја и градског поседа, и дуж светог подручја и градског поседа, са западне стране на запад, и са источне стране на исток, а дужина нека буде једнака сваком од тих делова од западне до источне границе. 8Та земља нека буде његова имовина у Израиљу. Тада моји кнезови неће више угњетавати мој народ, него ће дати земљу дому Израиљевом по њиховим племенима.

9Говори Господ Бог: доста више, кнезови израиљски! Оставите се неправде и насиља, па чините што је право и праведно. Престаните да одузимате земљу мом народу – говори Господ Бог. 10Мерите исправном вагом, с поштеном ефом45,10 1 ефа око 22 l. и с поштеним ватом. 11Ефа и ват нека буду исте мере: ват нека износи једну десетину хомера, и ефа нека износи једну десетину хомера. Дакле, нека и ефа и ват износе једну десетину хомера. 12Шекел45,12 Око 11,5 gr. нека износи двадесет гера, а мина нека износи двадесет гера, двадесет пет шекела, и петнаест шекела.

Приноси

13Ово је принос који ћете приносити: једну шестину ефе45,13 Око 2,7 kg. од сваког хомера пшенице и једну шестину ефе од сваког хомера јечма. 14А за уље је ова уредба: ват је мера за уље. Нека од сваког кора иде једна десетина вата, пошто у кору, као и у хомеру, има десет вата. 15А од ситне стоке, од сваких две стотине грла са Израиљевих пашњака, нека се принесе једно грло. Све то нека се приноси као житна жртва, жртва свеспалница и жртва мира, да се за њих изврши откупљење – говори Господ. 16Сав народ земље нека предаје овај принос Израиљевом кнезу. 17А кнез је задужен за жртве свеспалнице, житне жртве и жртве изливнице приликом празника, за младине и суботе, и за све светковине дома Израиљевог. Нека он обезбеди жртву за грех, житну жртву, жртву свеспалницу и жртву мира, да се изврши откупљење за дом Израиљев.

18Говори Господ Бог: првог месеца, првог дана, узми једног јунца без мане и очисти Светилиште. 19Нека свештеник узме нешто крви од те жртве за грех, и њоме помаже довратке Дома и четири угла појаса жртвеника, и довратке врата унутрашњег дворишта. 20Исто то чини седмог дана у месецу за свакога ко ненамерно згреши. Тако ћете извршити откупљење Дома.

21А четрнаестог дана првог месеца, прослављајте Пасху, седмодневни празник. Нека се тада једу бесквасни хлебови. 22Тог дана нека кнез принесе јунца, жртву за грех, за себе и за народ земље. 23Нека током седам дана празника приноси као жртву свеспалницу Господу седам јунаца и седам овнова без мане, сваки дан тих седам дана, и једног јарца дневно као жртву за грех. 24Нека кнез обезбеди и житну жртву од једне ефе за сваког јунца, једну ефу за сваког овна и хин45,24 Око 4 l. уља на сваку ефу.

25Седмог месеца, петнаестог дана месеца, на празник, нека седам дана чини онако како је чинио са жртвом за грех, жртвом свеспалницом, житном жртвом и уљем.