Hesekiel 40 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 40:1-49

Asɔredan Foforo No Afefare Mu

1Yɛn nnommumfa afe a ɛto so aduonu anum, afe no mfiase, ɔsram da a ɛto so du a ɛyɛ kuropɔn no asehwe afe a ɛto so dunan no, saa da no ara no Awurade nsa baa me so, na ɔde me kɔɔ hɔ. 2Onyankopɔn anisoadehu mu no, ɔde me kɔɔ Israel asase so, na ɔde me kogyinaa bepɔw tenten bi so; nʼanafo fam no na adan bi wɔ hɔ a ɛsɛ kuropɔn bi. 3Ɔde me kɔɔ hɔ na mihuu ɔbarima bi a ne tebea te sɛ kɔbere mfrafrae; na ogyina ɔpon no ano, kura sirikyi hama ne susudua wɔ ne nsam. 4Ɔbarima yi ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, fa wʼani hwɛ na fa wʼaso tie na biribiara a mɛkyerɛ wo no, fa wʼadwene di akyi, efisɛ ɛno nti na wɔde wo aba ha. Ka biribiara a wubehu no kyerɛ Israelfi.”

Apuei Fam Pon A Ɛkɔ Akyiri Adiwo

5Mihuu ɔfasu a atwa asɔredan no afefare mu nyinaa ho ahyia. Susudua a ɛhyɛ ɔbarima no nsam no tenten yɛ anammɔn du ne fa. Osusuw ɔfasu no huu sɛ mu piw yɛ anammɔn du ne fa, na ne sorokɔ nso saa ara.

6Afei ɔkɔɔ abɔntenpon a ɛkyerɛ apuei fam no ano. Ɔforoo nʼatrapoe no na osusuw abobow ano no, na ne trɛw yɛ susudua no baako. 7Awɛmfo adan no mu biara tenten mu yɛ susudua baako na ne trɛw mu nso saa ara, afasu ntiantia a etwitwa awɛmfo adan no ntam mu piw yɛ anammɔn ason ne fa. Ntwironoo a anim kyerɛ asɔredan no abobow ano pon no trɛw yɛ susudua baako. 8Afei osusuw ɔpon no ntwironoo; 9na ne tenten mu yɛ anammɔn dumien, na nʼadum mu biara nso piw yɛ anammɔn abiɛsa. Ɔpon no ntwironoo anim hwɛ asɔredan no.

10Na awɛmfo adan abiɛsa wɔ apuei pon no benkum so ne nifa so; na ne nyinaa kɛse yɛ pɛ na afasu ntiantia a etwitwa ntam no nso mu piw yɛ pɛ. 11Afei osusuw abɔntenpon no ano kwan, na ne trɛw yɛ anammɔn dunum na ne tenten mu nso yɛ anammɔn dunkron ne fa. 12Awɛmfo adan no mu biara anim wɔ ɔfasu tiaa a ne sorokɔ yɛ ɔnammɔn ne fa, na awɛmfo adan no mu biara yɛ ahinanan a ɔfa biara susuw anammɔn du ne fa. 13Afei osusuw ɔpon no fi awɛmfo adan no mu baako fasu a ɛwɔ akyi no atifi kosii ɔdan a ɛne no di nhwɛanim no akyi fasu no atifi; na ɔkwan a ɛda ntam yɛ anammɔn aduasa ason ne fa. 14Osusuw faa afasu ntiantia a etwitwa awɛmfo adan no ntam no nyinaa anim wɔ ɔpon kwan no mu, na ɛyɛɛ anammɔn aduɔkron. Nteɛmu no kosii ntwironoo a anim hwɛ adiwo hɔ no. 15Ɔkwan a efi abɔntenpon abobow ano kosi ntwironoo no ti yɛ anammɔn aduɔson anum. 16Awɛmfo adan ne afasu ntiantia a etwitwa wɔn ntam wɔ abɔntenpon kwan no mu no, na bammɔ mfɛnsere nketenkete atwa ho ahyia, na saa ara na ntwironoo no mu te, na ne nyinaa buebue kɔ mu. Afasu ntiatia a etwitwa awɛmfo adan no ntam no, wɔaduadua mmɛ wɔ anim fɛfɛɛfɛ.

Adiwo A Ɛda Akyi No

17Afei ɔde me baa adiwo a ɛda akyi hɔ no. Ɛhɔ na mihuu adan bi ne nsɛwee bi a ɛwɔ adiwo no fasu ase nyinaa; na adan no yɛ aduasa wɔ nsɛwee no ho. 18Na nsɛwee no pem apon no nkyɛn mu, na na ɛtrɛw sɛnea apon no tenten te; eyi ne ase nsɛwee no. 19Afei osusuw ɔkwan a efi ɔpon a ɛwɔ ase no anim kosii mfimfini adiwo no akyi; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum wɔ apuei ne atifi fam.

Atifi Fam Pon No

20Afei osusuw ɔpon a ani hwɛ atifi fam na epue mfikyiri adiwo no tenten ne ne trɛw. 21Na awɛmfo adan a abiɛsa wɔ afaafa, afasu ntiaa a etwitwa wɔn ntam ne ntwironoo no afefare mu te sɛ ɔpon a edi kan no de. Ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum na ne trɛw yɛ anammɔn aduasa ason ne fa. 22Na ne mfɛnsere nketenkete ne ntwironoo ne mmedua a ɔde asiesie hɔ no no nsusuwii nyinaa te sɛ ɔpon a ani hwɛ apuei fam de no. Atrapoe na wɔforo de kɔ mu, atrapoe no ne ntwironoo no di nhwɛanim. 23Na ɔpon bi wɔ hɔ a ɛkɔ mfimfini adiwo a ɛne atifi fam pon no di nhwɛanim, sɛnea na ɛte wɔ apuei fam no. Osusuw fii ɔpon baako ano kosii nea ɛne no di nhwɛanim no ano; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum.

Anafo Fam Pon No

24Afei odii mʼanim de me kɔɔ anafo fam, na mihuu ɔpon a ani hwɛ anafo fam no. Osusuw nʼadum ne ntwironoo na na nʼatenten te sɛ nkae no. 25Na mfɛnsere nketenkete wowɔ ɔpon no ne ntwironoo no ho nyinaa te sɛ mfɛnsere nketenkete a ɛwɔ nkae no ho no. Na ntwironoo no tenten yɛ anammɔn aduɔwɔtwe ason na ne trɛw yɛ anammɔn aduanan anan. 26Na atrapoe nnidiso ason na wɔforo kɔ ɔpon no ano, na ntwironoo no ne no di nhwɛanim; na mmedua mfoni wɔ afasu ntiantia a etwitwa awɛmfo no adan no ntam no anim wɔ nʼafanu. 27Na mfimfini no adiwo nso wɔ ɔpon a ani hwɛ anafo fam, na osusuw ɔkwan a ɛda saa ɔpon yi ne abɔntenpon a ɛwɔ anafo fam no ntam; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum.

Apon A Ɛkɔ Mfimfini Adiwo No

28Afei ɔde me faa anafo fam pon no mu baa mfimfini adiwo hɔ. Osusuw anafo fam pon no; na ne tenten nyinaa te sɛ nea aka no. 29Nʼawɛmfo adan, afasu ntiatia a etwitwa adan no ntam ne ntwironoo no nsusuwii ne nea aka no yɛ pɛ. Na mfɛnsere nketenkete wowɔ ɔpon no ne ne ntwironoo no ho nyinaa. Na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum na ne trɛw nso yɛ anammɔn aduasa ason ne fa. 30(Apon ntwironoo a atwa mfimfini adiwo no ho ahyia no mu biara tenten yɛ anammɔn aduasa ason ne fa na ne trɛw nso yɛ anammɔn ason ne fa.) 31Ne ntwironoo hwɛ afikyiri adiwo hɔ; nʼafadum ho wɔ mmedua a mfoni afɛɛfɛ, na atrapoe nnidiso awotwe na wɔforo de kɔ hɔ.

32Afei, ɔde me baa mfimfini adiwo hɔ wɔ apuei fam na osusuw ɔpon no; na ne tenten ne nea aka no yɛ pɛ. 33Nʼawɛmfo adan, afasu ntiatia a etwitwa adan no ntam ne ntwironoo no tenten ne nea aka no yɛ pɛ. Na hɔ apon no ne ne ntwironoo nyinaa wowɔ mfɛnsere nketenkete. Na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum na ne trɛw nso yɛ anammɔn aduasa ason ne fa. 34Ne ntwironoo hwɛ mfimfini adiwo hɔ; nʼafadum ho wɔ mmedua mfoni afɛɛfɛ, na atrapoe nnidiso awotwe na wɔforo de kɔ hɔ.

35Afei ɔde me baa atifi fam pon no ano na osusuwii. Na ne tenten ne nea aka no yɛ pɛ, 36saa ara na nʼawɛmfo adan, afasu ntiantia a etwitwa adan no ntam ne ne ntwironoo te sɛ nkae no, na mfɛnsere nketenkete wɔ ho nyinaa. Na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum na ne trɛw nso yɛ anammɔn aduasa ason ne fa. 37Ne ntwironoo no ani kyerɛ mfikyiri adiwo hɔ, nʼafadum no afaanu nyinaa ho wɔ mmedua a mfoni afɛɛfɛ, na atrapoe nnidiso awotwe na wɔforo de kɔ hɔ.

Adan A Wosiesie Afɔrebɔde Wɔ Mu

38Ɔdan bi a ɔpon da ano bɛn ntwironoo a ɛwowɔ apon a ɛwɔ mfimfini no mu biara ho, hɔ na wɔhohoro ɔhyew afɔrebɔde ho. 39Apon abien sisi abɔntenpon ntwironoo no mu, na so na wokunkum ɔhyew afɔre, bɔne afɔre ne afɔdi afɔre mmoa. 40Apon abien sisi ntwironoo no akyi, atrapoe no nkyɛn mu fa ne fa a ɛrekɔ atifi fam pon no ano hɔ. 41Ɛno nti na apon anan sisi ɔpon no afa abien no fa biara; ne nyinaa yɛ apon awotwe a so na wokum afɔrebɔ mmoa. 42Na abo a wɔatwa no apon anan nso wɔ hɔ ma ɔhyew afɔrebɔde. Emu biara tenten yɛ anammɔn abien ne nkyɛmu anan mu baako, na ne trɛw nso yɛ saa ara, ne sorokɔ yɛ ɔnammɔn baako ne fa. Saa apon yi so na wɔde afoa ne nkuku a wɔde yɛ ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔde a aka no ho nneɛma gu. 43Na kɔtɔkoro nta adinam a emu biara tenten yɛ nsateaakwaa abiɛsa sensɛn afasu no nyinaa ho. Apon no so na wɔde afɔrebɔ nam gu.

Asɔfo No Adan

44Mfimfini pon no akyi wɔ mfimfini adiwo no, na adan abien wɔ; baako bɛn atifi fam pon a ani hwɛ anafo fam, na baako nso bɛn anafo fam pon a ani kyerɛ atifi fam. 45Ɔka kyerɛɛ me se, “Ɔdan a ɛwɔ anafo fam no yɛ asɔfo a wɔhwɛ asɔredan no so no dea, 46Na ɔdan a ani kyerɛ atifi fam no yɛ asɔfo a wɔhwɛ afɔremuka no so no dea. Eyinom yɛ Sadok mmabarima a wɔn nko ara ne Lewifo a wotumi bɛn Awurade na wɔsom wɔ nʼanim.” 47Afei wosusuw adiwo no. Na ɛyɛ ahinanan a ɔfa biara tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum. Na afɔremuka no si asɔredan no anim.

Asɔredan Foforo No

48Afei ɔde me baa asɔredan no ntwironoo mu, na osusuw ntwironoo no afadum, na ɔfa biara trɛw yɛ anammɔn ason ne fa. Na abobow ano no trɛw yɛ anammɔn aduonu baako ne fa. Na afasu ntiaa a epuepue ho no trɛw yɛ anammɔn anan ne fa wɔ ɔfa biara. 49Ntwironoo no trɛw yɛ anammɔn aduasa, na efi anim kosi akyi no yɛ anammɔn dunwɔtwe. Atrapoe ntoatoaso bi na wɔforo de kɔ hɔ. Na afadum sisi ntwironoo no fa biara.

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 40:1-49

Asɔredan Foforɔ No Mfefaremu

1Yɛn nnommumfa afe a ɛtɔ so aduonu enum, afe no ahyɛaseɛ bosome ɛda a ɛtɔ so edu a ɛyɛ kuropɔn no asehweɛ afe a ɛtɔ so dunan no, saa ɛda no ara no Awurade nsa baa me so, na ɔde me kɔɔ hɔ. 2Onyankopɔn anisoadehunu mu no, ɔde me kɔɔ Israel asase so, na ɔde me kɔgyinaa bepɔ tenten bi so; nʼanafoɔ fam no na adan bi wɔ hɔ a ɛsɛ kuropɔn. 3Ɔde me kɔɔ hɔ na mehunuu ɔbarima bi a ne tebea te sɛ kɔbere mfrafraeɛ; na ɔgyina ɔpono no ano, kura serekye ahoma ne susudua wɔ ne nsam. 4Ɔbarima yi ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, fa wʼani hwɛ na fa wʼaso tie na biribiara a merebɛkyerɛ wo no, fa wʼadwene di akyire, ɛfiri sɛ ɛno enti na wɔde wo aba ha. Ka biribiara a wobɛhunu kyerɛ Israel efie.”

Apueeɛ Fam Ɛpono A Ɛkɔ Akyire Adihɔ

5Mehunuu ɔfasuo a atwa asɔredan no mfefaremu nyinaa ho ahyia. Susudua a ɛhyɛ ɔbarima no nsam no tenten yɛ anammɔn edu ne fa. Ɔsusuu ɔfasuo no hunuu sɛ ne pipiripie yɛ anammɔn edu ne fa, na ne ɔsorokɔ nso saa ara.

6Afei, ɔkɔɔ abɔntenpono a ɛkyerɛ apueeɛ fam no ano. Ɔforoo nʼatrapoe no na ɔsusuu aboboano na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn edu ne fa. 7Awɛmfoɔ adan no mu biara tentene mu yɛ anammɔn edu ne fa na ne tɛtrɛtɛ mu nso yɛ anammɔn edu ne fa. Afasuo ntiantia a ɛtwitwa awɛmfoɔ adan no ntam mu pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa. Ntwonoo a anim kyerɛ asɔredan no aboboano ɛpono no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn edu ne fa. 8Afei ɔsusuu ɛpono no ntwonoo; 9na ne tentene mu yɛ anammɔn dumienu, na nʼadum mu biara nso pipiripie yɛ anammɔn mmiɛnsa. Ɛpono no ntwonoo anim hwɛ asɔredan no.

10Na awɛmfoɔ adan mmiɛnsa mmiɛnsa wɔ apueeɛ ɛpono no benkum so ne nifa so; na ne nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ na afasuo ntiantia a ɛtwitwa ntam no nso pipiripie yɛ pɛ. 11Afei ɔsusuu abɔntenpono no ano ɛkwan, na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn dunum na ne tentene mu nso yɛ anammɔn dunkron ne fa. 12Awɛmfoɔ adan no mu biara anim wɔ ɔfasuo tiawa a ne sorokɔ yɛ ɔnamɔn ne fa, na awɛmfoɔ adan no mu biara yɛ ahinanan a ɔfa biara susu anammɔn edu ne fa. 13Afei ɔsusuu ɛpono no firi awɛmfoɔ adan no mu baako ɔfasuo a ɛwɔ akyire no atifi kɔsii ɛdan a ɛne no di nhwɛanim no akyire ɔfasuo atifi; na ɛkwan a ɛda ntam yɛ anammɔn aduasa nson ne fa. 14Ɔsusu faa afasuo ntiantia a ɛtwitwa awɛmfoɔ adan no ntam no nyinaa anim wɔ ɛpono ɛkwan no mu, na ɛyɛɛ anammɔn aduɔkron. Ntenemu no kɔsii ntwonoo a anim hwɛ adihɔ hɔ no. 15Ɛkwan a ɛfiri abɔntenpono aboboano kɔsi ntwonoo no tire yɛ anammɔn aduɔson enum. 16Awɛmfoɔ adan ne afasuo ntiantia a ɛtwitwa wɔn ntam wɔ abɔntenpono ɛkwan no mu no, na banbɔ mpomma nketenkete atwa ho ahyia, na saa ara na ntwonoo no mu teɛ, na ne nyinaa buebue kɔ mu. Afasuo ntiatia a ɛtwitwa awɛmfoɔ adan no ntam no, wɔakurukyire mmɛdua de asiesie anim.

Adihɔ A Ɛda Akyire

17Afei ɔde me baa adihɔ a ɛda akyire hɔ. Ɛhɔ na mehunuu adan bi ne aboɔ nsɛweeɛ bi a ɛwɔ mfikyire adihɔ no ɔfasuo ase nyinaa; na adan no yɛ aduasa wɔ aboɔ nsɛweeɛ no akyi. 18Na aboɔ nsɛweeɛ no trɛ firi apono no anim, na na ne tɛtrɛtɛ te sɛ ntwonoo no a ɛhyɛn adihɔ no tɛtrɛtɛ; yei ne aseɛ nsɛweeɛ no. 19Afei ɔsusuu ɛkwan a ɛfiri nhyɛnmu ɛpono a ɛdi ɛkan no de kɔsii ɛpono a ɛwɔ Kronkronbea no anim wɔ atifi fam; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum firi apueeɛ de kɔsi atifi fam.

Atifi Fam Ɛpono

20Afei ɔsusuu ɛpono a ani hwɛ atifi fam na ɛpue mfikyire adihɔ no tentene ne ne tɛtrɛtɛ. 21Na awɛmfoɔ adan a mmiɛnsa wɔ afaafa, afasuo ntiawa a ɛtwitwa wɔn ntam ne ntwonoo no mfefaremu te sɛ ɔpono a ɛdi ɛkan no deɛ. Na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson enum na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa nson ne fa. 22Na ne mpomma nketenkete ne ntwonoo ne mmɛdua a wɔakurukyire no nsusuwiiɛ nyinaa te sɛ ɛpono a ani hwɛ apueeɛ fam no deɛ. Atwedeɛ nnidisoɔ nson na wɔforo de kɔ mu. Atwedeɛ no ne ntwonoo no di nhwɛanim. 23Na ɛpono bi wɔ hɔ a ɛkɔ mfimfini adihɔ a ɛne atifi fam ɛpono no di nhwɛanim, sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ apueeɛ fam no. Ɔsusu firii ɛpono baako ano kɔsii deɛ ɛne no di nhweanim no ano; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum.

Anafoɔ Fam Pono

24Afei ɔdii mʼanim de me kɔɔ anafoɔ fam, na mehunuu ɛpono a ani hwɛ anafoɔ fam no. Ɔsusuu nʼadum ne ntwonoo no, na wɔn nsusuiɛ te sɛ nkaeɛ no. 25Na ɛpono no ne ntwonoo no ho wowɔ mpomma nketenkete wɔ ho nyinaa te sɛ mpomma nketenkete a ɛwɔ nkaeɛ no ho no. Na ntwonoo no tentene yɛ anammɔn aduɔwɔtwe nson na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduanan ɛnan. 26Atwedeɛ nnidisoɔ nson na wɔforo kɔ ɛpono no ano, na ne ntwonoo no ne no di nhwɛanim; na mmɛdua mfoni wɔ afasuo ntiantia a ɛtwitwa awɛmfoɔ no adan no ntam no anim wɔ nʼafanu. 27Na mfimfini adihɔ nso wɔ ɛpono a ani hwɛ anafoɔ fam, na ɔsusuu ɛkwan a ɛda saa ɛpono yi ne abɔntenpono a ɛwɔ anafoɔ fam no ntam; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum.

Apono A Ɛkɔ Mfimfini Adihɔ

28Afei, ɔde me faa anafoɔ fam ɛpono no mu baa mfimfini adihɔ hɔ. Ɔsusuu anafoɔ fam ɛpono no; na ne nsusuiɛ no nyinaa te sɛ deɛ aka no. 29Nʼawɛmfoɔ adan, afasuo ntiatia a ɛtwitwa adan no ntam ne ntwonoo no nsusuiɛ ne deɛ aka no yɛ pɛ. Na ɛpono no ne ne ntwonoo wowɔ mpomma nketenkete wɔ ho nyinaa. Na ne tentene yɛ anammɔn aduɔson enum na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn aduasa nson ne fa. 30(Ɛpono no ntwonoo a wɔde kɔ mfimfini adihɔ no tentene yɛ anammɔn aduasa nson na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nson ne fa.) 31Ɛpono no hwɛ mfikyire adihɔ hɔ; nʼafadum ho wɔ mmɛdua a wɔakurukyire, na atrapoe nnidisoɔ nwɔtwe na wɔforo de kɔ hɔ.

32Afei, ɔde me baa mfimfini adihɔ hɔ wɔ apueeɛ fam na ɔsusuu ɛpono no; na ne nsusuiɛ ne deɛ aka no yɛ pɛ. 33Nʼawɛmfoɔ adan, afasuo ntiatia a ɛtwitwa adan no ntam ne ntwonoo no nsusuiɛ ne deɛ aka no yɛ pɛ. Na ɛpono no ne ne ntwonoo wowɔ mpomma nketenkete wɔ ho nyinaa. Na ne tentene yɛ anammɔn aduɔson enum na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn aduasa nson ne fa. 34Ne ntwonoo hwɛ mfimfini adihɔ hɔ; nʼafadum ho wɔ mmɛdua a wɔakurukyire, na atrapoe nnidisoɔ nwɔtwe na wɔforo de kɔ hɔ.

35Afei ɔde me baa atifi fam ɛpono no ano na ɔsusuiɛ. Na ne nsusuiɛ no ne deɛ aka no yɛ pɛ, 36saa ara na nʼawɛmfoɔ adan, afasuo ntiantia a ɛtwitwa adan no ntam ne ne ntwonoo tɛ sɛ nkaeɛ no, ɛnna mpomma nketenkete wɔ ɛho nyinaa. Na ne tentene yɛ anammɔn aduɔson enum, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn aduasa nson ne fa. 37Ne ntwonoo no ani kyerɛ mfikyire adihɔ hɔ, nʼafadum no afaanu nyinaa ho wɔ mmɛdua a wɔakurukyire, na atrapoe nnidisoɔ nwɔtwe na wɔforo de kɔ hɔ.

Adan A Wɔsiesie Afɔrebɔdeɛ Wɔ Mu

38Ɛdan bi a ɛpono da ano bɛn ntwonoo a ɛwowɔ apono a ɛwɔ mfimfini no mu biara ho. Ɛhɔ na wɔhohoro ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ho. 39Apono mmienu sisi abɔntenpono ntwonoo mu, na ɛso na wɔkunkum ɔhyeɛ afɔdeɛ, bɔne afɔdeɛ ne afɔdie afɔdeɛ mmoa. 40Ntwonoo no akyi, atrapoe no nkyɛn mu fa ne fa a ɛrekɔ atifi fam ɛpono no ano no, na apono mmienu sisi hɔ. 41Ɛno enti ɛpono no afa mmienu no, na apono ɛnan sisi ɛfa biara; ne nyinaa yɛ apono nwɔtwe a ɛso na wɔkum mmoa afɔrebɔdeɛ. 42Aboɔ a wɔatwa apono ɛnan wɔ hɔ ma ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ. Emu biara tentene yɛ anammɔn mmienu ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ saa ara, ne sorokɔ yɛ ɔnamɔn baako ne fa. Saa apono yi so na wɔde asekan ne nkukuo a wɔde yɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a aka mmoa ho adwuma guo. 43Na kɔtɔkorɔ nta adinam a emu biara tentene yɛ nsateakwaa mmiɛnsa sensɛn afasuo no nyinaa ho. Apono no so na wɔde afɔrebɔ ɛnam guo.

Asɔfoɔ No Adan

44Mfimfini ɛpono no akyi wɔ mfimfini adihɔ no, na adan mmienu wɔ hɔ; baako bɛn atifi fam ɛpono a ani hwɛ anafoɔ fam, na baako nso bɛn anafoɔ fam ɛpono a ani kyerɛ atifi fam. 45Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Ɛdan a ɛwɔ anafoɔ fam no, asɔfoɔ a wɔhwɛ asɔredan no so no dea, 46Na ɛdan a ani kyerɛ atifi fam no yɛ asɔfoɔ a wɔhwɛ afɔrebukyia no so no dea. Yeinom yɛ Sadok mmammarima a wɔn nko ara ne Lewifoɔ a wɔtumi bɛn Awurade na wɔsom wɔ nʼanim.” 47Afei wɔsusuu adihɔ no. Na ɛyɛ ahinanan a ɛfa biara tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Na afɔrebukyia no si asɔredan no anim.

Asɔredan No

48Afei ɔde me baa asɔredan no ntwonoo mu, na ɔsusuu ntwonoo no afadum, na ɛfa biara tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nson ne fa. Na aboboano no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduonu baako. Na afasuo ntiawa a epuepue anim no yɛ anammɔn ɛnan ne fa wɔ nʼafanu. 49Ntwonoo no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa, na ɛfiri anim kɔsi akyire yɛ anammɔn dunwɔtwe. Atwedeɛ nnidisoɔ edu bi na wɔforo de kɔ hɔ. Na adum sisi ntwonoo no afadum no fa biara.