Hesekiel 37 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 37:1-28

Obon Mu Nnompe A Ho Akokwaw

1Na Awurade nsa wɔ me so na ɔde ne Honhom faa me fii adi de me besii obon no mfimfini, na nnompe ayɛ no ma. 2Ɔde me dii akɔneaba wɔ mu na mihuu nnompe bebree wɔ obon no ase, nnompe a ɛho akokwaw. 3Obisaa me se, “Onipa ba, saa nnompe yi betumi anya nkwa ana?”

Mekae se, “Otumfo Awurade, wo nko ara na wunim.”

4Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Hyɛ nkɔm wɔ nnompe yi ho na ka kyerɛ wɔn se, ‘Nnompe a mo ho akokwaw, muntie Awurade asɛm! 5Sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ saa nnompe yi: Mɛma ɔhome aba mo mu na mubenya nkwa. 6Mɛma ntin abesuso mo mu, na mede nam agu mo so na mede were akata mo ho. Mede ɔhome begu mo mu na moaba nkwa mu. Afei mubehu sɛ mene Awurade.’ ”

7Ɛno nti mehyɛɛ nkɔm sɛnea wɔhyɛɛ me no. Na migu so rehyɛ nkɔm no, nne bi bae, ɔwosow bi, na nnompe no keka bobɔɔ mu, dompe bɛkaa ne dompe ho. 8Na mehwɛ huu sɛ ntin baa so, na nam baa ho na were bɛkataa so, nanso na ɔhome biara nni mu.

9Afei ɔka kyerɛɛ me se: “Hyɛ nkɔm kyerɛ home, hyɛ nkɔm, onipa ba na ka kyerɛ no se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɔhome fi mframa anan no mu bra bɛhome gu saa awufo yi mu na wonnya nkwa.’ ” 10Enti mehyɛɛ nkɔm sɛnea ɔhyɛɛ me no, na ɔhome hyɛn wɔn mu; na nkwa baa wɔn mu ma wɔsɔre gyinagyinaa wɔn anan so, dɔm kɛse pa ara.

11Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, saa nnompe yi yɛ Israelfi nyinaa. Wɔka se: ‘Yɛn nnompe ho akokwaw na yɛn anidaso asa, wɔatwa yɛn agu korakora.’ 12Ɛno nti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me nkurɔfo, merebebuebue mo nna na mayiyi mo afi mu apue. Mede mo bɛsan aba Israel asase so. 13Afei mo, me nkurɔfo, sɛ mibuebue mo nna na miyiyi mo fi mu a, mubehu sɛ mene Awurade no. 14Mede me Honhom bɛhyɛ mo mu na mubenya nkwa, na mede mo bɛtena mo ankasa asase so. Afei mubehu sɛ me, Awurade na makasa na mayɛ nso, Awurade asɛm ni.’ ”

Ɔman Baako A Ɛhyɛ Ɔhene Baako Ase

15Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 16“Onipa ba, fa dua na kyerɛw ho se, ‘Yuda ne Israelfo a wɔka ne ho de.’ Afei fa dua foforo na kyerɛw ho se, ‘Efraim dua a ɛyɛ Yosef ne Israelfi a wɔka ne ho nyinaa de.’ 17Ka abien no bɔ mu na ɛnyɛ dua baako wɔ wo nsam.

18“Sɛ wo nkurɔfo ka se, worenkyerɛ yɛn nea wode eyi kyerɛ ana a, 19ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merebɛfa Yosef dua a ɛhyɛ Efraim ne Israel mmusuakuw a wɔka ne ho no nsa, na mede abɔ Yuda dua no mu ayɛ abien no baako, na wɔbɛyɛ baako wɔ me nsam.’ 20Ma nnua a woakyerɛkyerɛw ho no so kyerɛ wɔn 21na ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Meyi Israelfo afi amanaman a wɔakɔ so no so. Mɛboaboa wɔn ano afi mmaa nyinaa na mede wɔn asan aba wɔn ankasa asase so. 22Mɛyɛ wɔn ɔman baako wɔ asase no so wɔ Israel mmepɔw so. Ɔhene baako bedi wɔn nyinaa so na wɔrenyɛ aman abien bio, na wɔrenkyɛ mu nyɛ wɔn ahenni abien. 23Wɔremfa wɔn ahoni ne nsɛsode tantan no, anaasɛ wɔn nnebɔne no mu bi ngu wɔn ho fi bio, na megye wɔn nkwa afi wɔn akyirisan bɔne mu na mɛtew wɔn ho. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ wɔn Nyankopɔn.

24“ ‘Me somfo Dawid bedi wɔn so hene na wɔn nyinaa benya oguanhwɛfo baako. Wobedi me mmara so na wɔahwɛ mʼahyɛde ayɛ. 25Wɔbɛtena asase a mede maa me somfo Yakob, asase a mo agyanom tenaa so. Wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma bɛtena hɔ afebɔɔ, na me somfo Dawid bɛyɛ wɔn birɛmpɔn afebɔɔ. 26Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoe apam, ɛbɛyɛ apam a ɛte hɔ daa. Mɛma wɔatim na mama wɔadɔ na mede me kronkronbea besi wɔn mu afebɔɔ. 27Me tenabea bɛwɔ wɔn mu, mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfo. 28Afei amanaman no behu sɛ me Awurade, me na meyɛ Israel kronkron, bere a me kronkronbea si wɔn mu afebɔɔ no.’ ”