Hesekiel 30 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 30:1-26

Misraim Ho Kwadwom

1Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2“Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Twa adwo na ka se,

“Ao da no!”

3Na da no abɛn,

Awurade da no abɛn,

omununkum da,

amanaman no atemmu bere.

4Afoa bi bɛsɔre atia Misraim,

na ahoyeraw bɛba Kus so.

Sɛ apirafo totɔ wɔ Misraim a

wɔbɛsoa nʼahonyade akɔ

na wɔabubu ne fapem agu fam.

5Kus ne Put, Lidia ne Arabia nyinaa, Libia ne bɔhyɛ asase no so nnipa ne Misraim bɛtotɔ wɔ afoa ano.

6“ ‘Sɛɛ na Awurade se:

“ ‘Misraim nnamfonom bɛtotɔ

na nʼahomaso ahoɔden bedi no huammɔ.

Efi Migdol kosi Aswan

wɔbɛtotɔ wɔ afoa a ɛwɔ ne mu no ano,

Otumfo Awurade asɛm ni.

7Wɔbɛdeda mpan

wɔ nsase a ada mpan mu,

na wɔn nkuropɔn bebubu aka

nkuropɔn a abubu ho.

8Afei wobehu sɛ mene Awurade no,

bere a mede ogya ato Misraim mu

na madwerɛw nʼaboafo nyinaa no.

9“ ‘Saa da no, asomafo de ahyɛn befi me nkyɛn akohunahuna Kus a ne tirim yɛ no dɛ no. Ne ho bɛyeraw no wɔ Misraim atemmuda no, na ampa ara ɛbɛba mu.

10“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Mede Misraim dɔm bebrebe no bɛba awiei

mɛfa Babiloniahene Nebukadnessar so.

11Ɔno ne nʼasraafo; amanaman no mu anuɔdenfo,

wɔde wɔn bɛba abɛsɛe asase no.

Wɔbɛtwe wɔn afoa atia Misraim

na wɔde afunu ahyɛ asase no so ma.

12Mɛma Nil mu nsu ayow

na matɔn asase no ama nnipa bɔne;

menam ananafo so

bɛsɛe asase no ne nea ɛwɔ mu nyinaa.

Me Awurade na maka.

13“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Mɛsɛe ahoni no

na mede Memfis nsɛsode ahorow no aba awiei.

Misraim rennya mmapɔmma bio,

na mɛma hu aba asase no so nyinaa.

14Mɛsɛe Misraim Atifi,

ato Soan mu gya

na matwe Tebes aso.

15Mehwie mʼabufuwhyew agu Pɛlusum so,

Misraim bammɔ dennen no,

na matwa Tebes nnipa bebrebe no agu.

16Mɛto Misraim mu gya;

Pɛlusum de ɔyaw bebubu ne mu.

Ahum bebu afa Tebes so;

na Memfis bedi abooboo da biara.

17Heliopolis ne Bubastis mmerante

bɛtotɔ wɔ afoa ano,

na nkuropɔn no ankasa bɛkɔ nnommum mu.

18Sum kabii beduru Tapanhes, da no

sɛ mibubu Misraim konnua no a;

hɔ na nʼahomaso ahoɔden bɛba awiei.

Omununkum bɛkata no so,

na ne nkuraa bɛkɔ nnommum mu.

19Ɛno nti mɛtwe Misraim aso,

na wobehu sɛ mene Awurade no.’ ”

20Afe a ɛto so dubaako no, ɔsram a edi kan no da a ɛto so ason no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 21“Onipa ba, mabu Misraimhene Farao basa mu. Wɔnkyekyeree, na atoa bio; na wɔmfa nhyɛɛ ntama bamma mu na anya ahoɔden a ɔde beso afoa mu. 22Ɛno nti, Otumfo Awurade na ose: Mene Misraimhene Farao anya; mebubu nʼabasa abien no mu; basa a eye ne nea mu abu no, na mama afoa afi ne nsam atɔ fam. 23Mede Misraimfo bɛkɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase so. 24Mɛhyɛ Babiloniahene basa mu den na mede mʼafoa ahyɛ ne nsa, nanso Farao de, mebu nʼabasa mu, na wasi apini wɔ nʼanim sɛ obi a wapira opirabɔne. 25Mɛma Babiloniahene abasa mu ayɛ den, nanso Farao abasa bedwudwo asensɛn ne ho. Sɛ mede mʼafoa hyɛ Babiloniahene nsa na ɔma so tia Misraim a, wobehu sɛ mene Awurade no. 26Mede Misraimfo bɛkɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase no so. Ɛno na wobehu sɛ mene Awurade no.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以西结书 30:1-26

为埃及唱哀歌

1耶和华对我说: 2“人子啊,你要说预言,这样宣告主耶和华的话,

“‘哀号吧!你们要为那日悲伤。

3因为日子近了,耶和华的日子近了,

那是乌云密布的日子,

列国沦亡的时候。

4必有刀剑攻击埃及

埃及必尸横遍野,

古实必痛苦不堪。

敌人要掳掠埃及的财富,

摧毁她的根基。

5古实路德阿拉伯利比亚以及她的其他盟友都必与她一同死于刀下。’

6“耶和华说,

埃及的盟友都要覆灭,

埃及的傲气必荡然无存,

密夺色弗尼的居民都要丧身刀下。

这是主耶和华说的。

7埃及要变成荒地中的荒地,

她的城邑要沦为废墟中的废墟。

8我要点火烧埃及

埃及的所有盟友都要灭亡。

那时,他们就知道我是耶和华。

9“‘在那日,我要差遣使者乘船出去惊吓安逸的古实人,在埃及遭难的日子,他们必痛苦不堪。看啊,这日子快到了。’

10“主耶和华说,

“‘我要借巴比伦尼布甲尼撒的手消灭埃及的百姓。

11他和追随他的都是万民中最残暴的人。

我要差他们去毁灭埃及

大肆杀戮,

使埃及尸骨遍野。

12我要使尼罗河干涸,

把土地卖给恶人,

我要借外族人的手使地和地上的一切都荒废,

这是我耶和华说的。’

13“主耶和华说,

‘我要毁灭偶像,

铲除挪弗的神像。

埃及再没有君王,

国内到处充满恐惧。

14我要使巴特罗荒废,

放火焚烧琐安

审判底比斯

15把我的烈怒倾倒在埃及的堡垒——

消灭底比斯的百姓。

16我要放火烧埃及

要受痛苦的折磨,

底比斯要被攻破,

挪弗终日惶恐不已,

17亚文比伯实的壮丁必死于刀下,

众城都要遭受掳掠。

18我粉碎埃及势力的那天,

答比匿日月无光,

她的锐气全消。

乌云要笼罩她,

她城邑的居民要被掳去。

19我必这样审判埃及

他们就知道我是耶和华。’”

20第十一年一月七日,耶和华对我说: 21“人子啊,我打断了埃及王法老的臂膀,没有人替他敷药包扎,以致他无力拿刀。 22主耶和华说,‘我要与埃及王法老为敌,我要把他那强壮的臂膀和曾经受伤的臂膀一起打断,使刀从他手中掉落。 23我要把埃及人驱散到列国,分散到列邦。 24我要使巴比伦王的臂膀强壮有力,把我的刀交在他手中。我要打断法老的臂膀,使法老在他面前像受了致命伤的人一样呻吟。 25我要使巴比伦王的臂膀强壮有力,而法老的双臂必软弱无力。我要把我的刀交在巴比伦王手中,让他挥刀攻击埃及。那时他们就知道我是耶和华。 26我要把埃及人驱散到列国,分散到列邦,这样他们就知道我是耶和华。’”