Hesekiel 26 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 26:1-21

Nkɔmhyɛ A Etia Tiro

1Afe a ɛto so dubaako no sram da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2“Onipa ba, esiane sɛ Tiro aka afa Yerusalem ho se, ‘Ɛhɛɛ! Amanaman no ano pon abubu na nʼapon no abuebue ama me; mprempren a kuropɔn yi asɛe yi, menya nkɔso.’ 3Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo anya, Tiro, mede aman bebree bɛba abetia wo te sɛ po a ɛrebɔ nʼasorɔkye. 4Wɔbɛsɛe Tiro afasu na wɔadwiriw nʼabantenten no. Mɛpa so dɔte agu ama ayɛ ɔbotan kwaboo. 5Obefi po mu abɛyɛ beae a wɔhata asau, efisɛ makasa. Otumfo Awurade asɛm ni. Ɔbɛyɛ amanaman no asade, 6na afoa bɛsɛe nʼatenae a ɛwɔ asase kesee so no pasaa. Afei wobehu sɛ, mene Awurade no.

7“Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merekɔfa Babiloniahene Nebukadnessar, ahene mu hene, ne ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefo ne nsraadɔm kɛse afi atifi fam aba wo so. 8Ɔde afoa bɛsɛe wʼatenae a ɛwɔ asase kesee no so no pasaa; obesisi mpampim ayɛ mpempe wɔ wʼafasu ho na wama ne nkatabo so atia wo. 9Ɔde oburuw nnua bɛpempem wʼafasu no, na ɔde akode abubu wʼabantenten no asɛe no. 10Nʼapɔnkɔ no bɛdɔɔso yiye, na wɔbɛbɔ mfutuma akata wo so. Ɔsa apɔnkɔ no, nkyimii ne nteaseɛnam nnyigyei bɛma wʼafasu awosow, bere a wɔahyɛn wo apon mu, sɛnea mmarima hyɛn kuropɔn a nʼafasu mu adeda akwan no. 11Nʼapɔnkɔ no tɔte betiatia wo mmɔnten nyinaa so, ɔde afoa bekunkum wo nkurɔfo na wʼafadum dennen no bebubu agu fam. 12Wɔbɛfom wʼahode na wɔawia wʼaguade, wobebubu wʼafasu, na wɔadwiriw wʼadan fɛfɛ no na wɔatotow wʼabo, wo nnua ne wo dɔte agu po mu. 13Mɛma wo nnwonto gyegyeegye no aba awiei na wɔrente wo sanku so nnwonto no bio. 14Mɛyɛ wo ɔbotan kwaboo na wo so na wɔbɛhata asau. Wɔrenkyekyere wo bio.

15“Sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ Tiro: Sɛ wo mpoano nkurow no te wʼasehwe ho apinisi ne akunkumakunkum a asi wɔ wo mu a, wɔn ho rempopo ana? 16Afei mpoano mmapɔmma no nyinaa befi wɔn nhengua so, ayiyi wɔn nguguso ne ntade a wɔadi mu adwinni agu hɔ. Ehu bɛbɔ wɔn ama wɔatenatena fam, wɔn ho bɛpopo na wɔn ho adwiriw wɔn wɔ wo nti. 17Afei wɔbɛma kwadwom a ɛfa wo ho so se:

“‘Hwɛ sɛnea wɔasɛe wo, kuropɔn a woagye din,

wo a po sofo na ɛte wo mu,

na anka wowɔ tumi wɔ po so!

Wo ne wo manfo;

wode hu hyɛɛ

wɔn a wɔte hɔ nyinaa mu.

18Mprempren, mpoano nsase no ho popo

wɔ wʼasehwe da no;

asupɔw a ɛwɔ po mu no

abɔ hu wɔ wʼasehwe no ho.’

19“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ mema woyɛ kuropɔn a ada mpan te sɛ nkuropɔn a nnipa ntete so, na sɛ mema po bun ba wo so na sɛ ne mu nsu bebrebe no bɛkata wo so a, 20mede wo ne wɔn a wɔkɔ amoa mu no besian akɔ teteetefo no nkyɛn. Mɛma woatena asase ase hɔ te sɛ tete mmubui, wo ne wɔn a wosian kɔ amoa mu no, na worensan anaa worennya kyɛfa wɔ ateasefo asase so. 21Mede wo bɛba awiei a ɛyɛ hu mu na worenhu bio. Wɔbɛhwehwɛ wo nanso wɔrenhu wo bio da, Otumfo Awurade asɛm ni.”

King James Version

Ezekiel 26:1-21

1And it came to pass in the eleventh year, in the first day of the month, that the word of the LORD came unto me, saying, 2Son of man, because that Tyrus hath said against Jerusalem, Aha, she is broken that was the gates of the people: she is turned unto me: I shall be replenished, now she is laid waste: 3Therefore thus saith the Lord GOD; Behold, I am against thee, O Tyrus, and will cause many nations to come up against thee, as the sea causeth his waves to come up. 4And they shall destroy the walls of Tyrus, and break down her towers: I will also scrape her dust from her, and make her like the top of a rock. 5It shall be a place for the spreading of nets in the midst of the sea: for I have spoken it, saith the Lord GOD: and it shall become a spoil to the nations. 6And her daughters which are in the field shall be slain by the sword; and they shall know that I am the LORD.

7¶ For thus saith the Lord GOD; Behold, I will bring upon Tyrus Nebuchadrezzar king of Babylon, a king of kings, from the north, with horses, and with chariots, and with horsemen, and companies, and much people. 8He shall slay with the sword thy daughters in the field: and he shall make a fort against thee, and cast a mount against thee, and lift up the buckler against thee.26.8 cast…: or, pour out the engine of shot 9And he shall set engines of war against thy walls, and with his axes he shall break down thy towers. 10By reason of the abundance of his horses their dust shall cover thee: thy walls shall shake at the noise of the horsemen, and of the wheels, and of the chariots, when he shall enter into thy gates, as men enter into a city wherein is made a breach.26.10 as men…: Heb. according to the enterings of a city broken up 11With the hoofs of his horses shall he tread down all thy streets: he shall slay thy people by the sword, and thy strong garrisons shall go down to the ground. 12And they shall make a spoil of thy riches, and make a prey of thy merchandise: and they shall break down thy walls, and destroy thy pleasant houses: and they shall lay thy stones and thy timber and thy dust in the midst of the water.26.12 thy pleasant…: Heb. houses of thy desire 13And I will cause the noise of thy songs to cease; and the sound of thy harps shall be no more heard. 14And I will make thee like the top of a rock: thou shalt be a place to spread nets upon; thou shalt be built no more: for I the LORD have spoken it, saith the Lord GOD.

15¶ Thus saith the Lord GOD to Tyrus; Shall not the isles shake at the sound of thy fall, when the wounded cry, when the slaughter is made in the midst of thee? 16Then all the princes of the sea shall come down from their thrones, and lay away their robes, and put off their broidered garments: they shall clothe themselves with trembling; they shall sit upon the ground, and shall tremble at every moment, and be astonished at thee.26.16 trembling: Heb. tremblings 17And they shall take up a lamentation for thee, and say to thee, How art thou destroyed, that wast inhabited of seafaring men, the renowned city, which wast strong in the sea, she and her inhabitants, which cause their terror to be on all that haunt it!26.17 of…: Heb. of the seas 18Now shall the isles tremble in the day of thy fall; yea, the isles that are in the sea shall be troubled at thy departure. 19For thus saith the Lord GOD; When I shall make thee a desolate city, like the cities that are not inhabited; when I shall bring up the deep upon thee, and great waters shall cover thee; 20When I shall bring thee down with them that descend into the pit, with the people of old time, and shall set thee in the low parts of the earth, in places desolate of old, with them that go down to the pit, that thou be not inhabited; and I shall set glory in the land of the living; 21I will make thee a terror, and thou shalt be no more: though thou be sought for, yet shalt thou never be found again, saith the Lord GOD.26.21 a terror: Heb. terrors