Hesekiel 25 – AKCB & NIVUK

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 25:1-17

Nkɔmhyɛ A Etia Amon

1Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Amonfo so na hyɛ nkɔm tia wɔn. 3Ka kyerɛ wɔn se, ‘Muntie Otumfo Awurade asɛm. Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ wokaa “Ɛhɛɛ” guu me kronkronbea so bere a woguu ho fi ne Israel asase bere a ɛdaa mpan, ne Yudafo bere a wɔkɔɔ nnommum mu 4nti, mede mo rebɛma nnipa a wofi Apuei fam na wɔde mo ayɛ wɔn de. Wɔbɛkyekye wɔn nsraban, asisi wɔn ntamadan wɔ mo mu; wobedi mo nnuaba na wɔanom mo nufusu. 5Mɛdan Raba ayɛ no yoma adidibea na Amon ayɛ faako a nguan gye wɔn ahome. Afei mubehu sɛ mene Awurade no. 6Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ moabɔ mo nsam de mo anan apempem hɔ, na mode koma mu bɔne nyinaa adi ahurusi atia Israel asase nti, 7mɛteɛ me nsa atia mo na moayɛ asade ama amanaman no. Metwa mo afi amanaman no mu na matɔre mo ase wɔ nsase no so. Mɛsɛe mo na mubehu sɛ mene Awurade no.’ ”

Nkɔmhyɛ A Etia Moab

8“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: ‘Esiane sɛ Moab ne Seir kae se, “Monhwɛ, Yudafi ayɛ sɛ amanaman a aka no” 9nti, mebue Moab nkyɛn mu, afi nkurow a ɛdeda nʼahye so, Bet-Yesimot, Baal-Meon ne Kiriataim, a ɛyɛ asase no anuonyam. 10Na mede Moab bɛka Amonfo ho ama nnipa a wɔwɔ Apuei fam de ayɛ wɔn de, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkae Amonfo wɔ amanaman no mu; 11na mɛtwe Moab aso. Na wobehu sɛ mene Awurade no.’ ”

Nkɔmhyɛ A Etia Edom

12“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ Edom tɔɔ were wɔ Yudafi so na ɔnam so dii fɔ no nti, 13nea Otumfo Awurade se ni: ‘Mɛteɛ me nsa atia Edom na makum ne mmarima ne ne mmoa, mɛma asase a ɛda Teman kosi Dedan ada mpan, na wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano. 14Me nkurɔfo Israelfo bɛyɛ nsa a mɛfa so atɔ Edom so were na wɔne no bedi no sɛnea mʼabufuw ne mʼabufuwhyew te; wobehu mʼaweretɔ, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”

Nkɔmhyɛ A Etia Filistia

15“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: ‘Esiane sɛ Filistifo tɔɔ were, na wɔde koma mu nsusuw bɔne na ɛyɛɛ saa, na wɔde ɔtan a efi tete sɛee Yuda nti, 16sɛnea Otumfo Awurade se ni: Merebɛteɛ me nsa atia Filistifo, na matwa Keretifo no agu na masɛe wɔn a wɔaka wɔ mpoano hɔ no. 17Mɛtɔ wɔn so were a ɛso na matwe wɔn aso wɔ mʼabufuwhyew mu. Na sɛ metɔ wɔn so were a, wobehu sɛ mene Awurade no.’ ”

New International Version – UK

Ezekiel 25:1-17

A prophecy against Ammon

1The word of the Lord came to me: 2‘Son of man, set your face against the Ammonites and prophesy against them. 3Say to them, “Hear the word of the Sovereign Lord. This is what the Sovereign Lord says: because you said ‘Aha!’ over my sanctuary when it was desecrated and over the land of Israel when it was laid waste and over the people of Judah when they went into exile, 4therefore I am going to give you to the people of the East as a possession. They will set up their camps and pitch their tents among you; they will eat your fruit and drink your milk. 5I will turn Rabbah into a pasture for camels and Ammon into a resting-place for sheep. Then you will know that I am the Lord. 6For this is what the Sovereign Lord says: because you have clapped your hands and stamped your feet, rejoicing with all the malice of your heart against the land of Israel, 7therefore I will stretch out my hand against you and give you as plunder to the nations. I will wipe you out from among the nations and exterminate you from the countries. I will destroy you, and you will know that I am the Lord.” ’

A prophecy against Moab

8‘This is what the Sovereign Lord says: “Because Moab and Seir said, ‘Look, Judah has become like all the other nations,’ 9therefore I will expose the flank of Moab, beginning at its frontier towns – Beth Jeshimoth, Baal Meon and Kiriathaim – the glory of that land. 10I will give Moab along with the Ammonites to the people of the East as a possession, so that the Ammonites will not be remembered among the nations; 11and I will inflict punishment on Moab. Then they will know that I am the Lord.” ’

A prophecy against Edom

12‘This is what the Sovereign Lord says: “Because Edom took revenge on Judah and became very guilty by doing so, 13therefore this is what the Sovereign Lord says: I will stretch out my hand against Edom and kill both man and beast. I will lay it waste, and from Teman to Dedan they will fall by the sword. 14I will take vengeance on Edom by the hand of my people Israel, and they will deal with Edom in accordance with my anger and my wrath; they will know my vengeance, declares the Sovereign Lord.” ’

A prophecy against Philistia

15‘This is what the Sovereign Lord says: “Because the Philistines acted in vengeance and took revenge with malice in their hearts, and with ancient hostility sought to destroy Judah, 16therefore this is what the Sovereign Lord says: I am about to stretch out my hand against the Philistines, and I will wipe out the Kerethites and destroy those remaining along the coast. 17I will carry out great vengeance on them and punish them in my wrath. Then they will know that I am the Lord, when I take vengeance on them.” ’