Hesekiel 24 – AKCB & CARST

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 24:1-27

Ɔsɛn No

1Afe a ɛto so akron no sram a ɛto so du no nnafua du so no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2“Onipa ba, kyerɛw saa da yi, saa da yi ara, efisɛ Babiloniahene atua Yerusalem nnɛ da yi ara. 3Ka kyerɛ saa atuatewfo yi, ka no wɔ mmebu mu kyerɛ wɔn se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Fa ɔsɛn no si gya so; fa si so

na hwie nsu gu mu.

4Fa namkum no gu mu,

namkum a ɛyɛ akɔnnɔ no nyinaa, anan ne abasa.

Fa nnompe a ɛte apɔw hyɛ no ma;

5fa nguankuw no mu nea odi mu.

Fa nnyentia hyehyɛ ase ma nnompe no;

ma enhuru

na noa nnompe a ɛwɔ mu no.

6“ ‘Na sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue,

nnome nka ɔsɛn a agye nkannare mprempren,

na nea ɛwɔ mu aka mu no!

Yiyi namkum no mmaako mmaako fi mu

a wompaw mu koraa.

7“ ‘Mogya a ohwie guu no wɔ ne mfimfini:

ohwie guu ɔbotan wosee so;

wanhwie angu fam,

baabi a mfutuma bɛkata so.

8Sɛ ɛbɛhwanyan abufuwhyew ama aweretɔ nti

mede ne mogya guu ɔbotan wosee so

sɛnea ɛso renkata.

9“ ‘Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue!

Me nso mɛhyehyɛ nnyansin no ama akɔ sorosoro.

10Enti hyehyɛ nnyansin no

na sɔ gya no.

Noa nam no yiye,

fa ahuamhuanne fra mu;

na ma nnompe no nhyew.

11Afei fa ɔsɛnhunu no si nnyansramma no so

kosi sɛ ɛbɛdɔ na ayɛ kɔɔ

sɛnea mu fi no bɛnan

na nea ɛwɔ mu no bɛhyew asɛe.

12Wama ɔbrɛ no nyinaa ayɛ kwa;

mu fi dodow no ankɔ,

ogya mpo antumi anyi.

13“ ‘Fi a ɛwɔ wo mu no ne aniwu nneyɛe. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhohoro wo ho, nanso woamma ho kwan, wo ho remfi bio kosi sɛ mʼabufuwhyew a etia wo no ano bedwo.

14“ ‘Me Awurade na maka. Bere aso sɛ meyɛ biribi. Merentwentwɛn so; merennya ahummɔbɔ, na merengugow me ho. Wobegyina wo suban ne wo nneyɛe so abu wo atɛn, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”

Hesekiel Yere Wu

15Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 16“Onipa ba, merebɛbɔ wo baako na mafa ade a wʼani gye ho yiye. Nanso ntwa adwo, nni awerɛhow na ntew nusu. 17Si apini komm; nni owufo ho awerɛhow. Ma wʼabotiri mmɔ wo na hyɛ wo mpaboa; nkata wʼano na nni amanne aduan a wɔn a wodi awerɛhow no di.”

18Enti mekasa kyerɛɛ nnipa no anɔpa na nʼanwummere na me yere wui. Ade kyee no, meyɛɛ sɛnea wɔahyɛ me no.

19Afei nnipa no bisaa me se, “Worenkyerɛ yɛn sɛnea nneyɛe yi si fa yɛn ho ana?”

20Enti meka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 21Ka kyerɛ Israelfi se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merebegu me kronkronbea ho fi; mo bammɔ dennen a mode hoahoa mo ho, nea mo ani gye ho, ade a mo koma da so. Mmabarima ne mmabea a mugyaw wɔn akyi no bɛtotɔ wɔ afoa ano. 22Na mobɛyɛ sɛnea mayɛ yi, morenkata mo ano na morenni amanne aduan a wɔn a wodi awerɛhow di. 23Mobɛkɔ so abɔ mo abotiri ahyɛ mo mpaboa. Morenni awerɛhow na morensu, mmom mo so bɛtew esiane mo bɔne nti, na mubesisi apini wɔ mo mu. 24Hesekiel bɛyɛ nsɛnkyerɛnnede ama mo, mobɛyɛ sɛnea wayɛ no pɛpɛɛpɛ. Na eyi si a na mubehu sɛ mene Otumfo Awurade no.’ 

25“Na wo, onipa ba, da a mɛfa wɔn aban dennen, wɔn ahosɛpɛw ne anuonyam, ade a wɔn ani gye ho, wɔn koma so ade, ne wɔn mmabarima ne wɔn mmabea nso no, 26saa da no okyinkyinfo bi na ɔbɛba abɛka nea asi akyerɛ wo. 27Saa bere no, wʼano bebue, wo ne no bɛkasa na worenyɛ komm bio. Wobɛyɛ nsɛnkyerɛnnede ama wɔn, na wobehu sɛ mene Awurade no.”

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Езекиил 24:1-27

Притча о котле

1В девятом году, в десятый день десятого месяца (15 января 588 г. до н. э.), было ко мне слово Вечного:

2– Смертный, запиши этот день, сегодняшний день, потому что царь Вавилона в этот день осадил Иерусалим. 3Поведай этому мятежному народу притчу. Скажи им: Так говорит Владыка Вечный:

«Поставь котёл;

поставь и налей воды.

4Брось в него мясо,

хорошее мясо – окорок и лопатку, –

и наполни лучшими из костей.

5Возьми отборных овец;

разложи под котлом дрова;

пусть он кипит,

и пусть в нём сварятся кости».

6Ведь так говорит Владыка Вечный:

«Горе кровавому городу,

котлу проржавевшему,

чья ржавчина не отчистилась!

Опустошите его,

выбрасывая из него кусок за куском,

не выбирая по жребию.

7Жители его проливали невинную кровь;

они проливали её на голые камни,

а не на землю,

где её покрыла бы пыль.

8Пробуждая для мести Мой гнев,

Я оставил ту кровь на голой скале,

где её нельзя будет скрыть».

9Поэтому так говорит Владыка Вечный:

«Горе кровавому городу!

Я тоже сложу много дров для костра.

10Подложи дров,

разведи огонь,

развари мясо,

добавь приправу,

и пусть обуглятся кости.

11Поставь котёл на угли пустым,

чтобы он разогрелся,

и медь его раскалилась,

чтобы грязь его в нём расплавилась,

и ржавчина отгорела.

12Нет, впустую Я утомлял Себя:

не сошла глубокая ржавчина

даже с помощью огня».

13– Твоя нечистота – это распутство. Когда Я пытался очистить тебя, ты не очистился, а теперь ты не очистишься до тех пор, пока Мой гнев на тебя не утихнет.

14Я, Вечный, сказал это. Настало время Мне действовать. Я не буду сдерживаться, щадить и сожалеть. Ты будешь судим по твоим путям и делам, – возвещает Владыка Вечный.

Смерть жены Езекиила

15Было ко мне слово Вечного:

16– Смертный, Я одним ударом отниму у тебя усладу твоих глаз. Но не скорби, не сетуй и не проливай слёз. 17Стони тихо, не устраивай плача по умершим. Не следуй ритуалам: не снимай головной убор и сандалии, не закрывай нижнюю часть лица и не ешь пищу плакальщиков.

18Утром я говорил с народом, а вечером у меня умерла жена. На следующее утро я исполнил то, что мне было велено. 19Тогда люди спросили меня:

– Не скажешь ли, какое значение имеет для нас то, что ты не скорбишь?

20Я сказал им:

– Было ко мне слово Вечного: 21Скажи исроильтянам: Так говорит Владыка Вечный: «Я оскверню Своё святилище – крепость, которой вы гордитесь, усладу ваших глаз, которой жаждут ваши сердца. Оставленные вами сыновья и дочери падут от меча». 22Вы будете делать так, как делал я. Вы не будете закрывать нижнюю часть лица и есть пищу плакальщиков. 23На головах у вас будут головные повязки, а на ногах – сандалии. Вы не будете ни скорбеть, ни сетовать, но станете чахнуть из-за своих грехов24:23 Или: «в своих грехах». и тихо стонать.

24– Езекиил будет вам знамением: вы будете делать так, как делал он. Когда это сбудется, вы узнаете, что Я – Владыка Вечный.

25А что до тебя, смертный, то в день, когда Я отниму у них твердыню, их ликование и славу, усладу их глаз, к которой стремятся их сердца, и их сыновей и дочерей, 26в тот самый день придёт уцелевший, чтобы рассказать тебе новости. 27Тогда твои уста откроются. Ты заговоришь с ним и не будешь больше хранить молчание. Ты будешь для них знамением, и они узнают, что Я – Вечный.