Hesekiel 22 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 22:1-31

Yerusalem Nnebɔne

1Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

2“Onipa ba, wubebu no atɛn ana? Wubebu saa mogyahwiegu kuropɔn yi atɛn ana? Ɛno de fa ne nneyɛe a ɛyɛ akyiwade no nyinaa si nʼanim 3na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Wo kuropɔn a ɔnam mogyahwiegu so de nnome aba ne ho so na ɔde ahoni a ɔyɛ agu ne ho fi, 4woadi fɔ wɔ mogya a woahwie agu na woagu wo ho fi wɔ ahoni a woayɛ nti. Woama wo nna abɛn, na wo mfe awiei no aba. Enti mɛyɛ wo ahohorade wɔ amanaman no mu, ne akyiwade wɔ amantam no nyinaa mu. 5Wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri bedi wo ho fɛw, wo Kuropɔn a wunni anuonyam, na basabasayɛ ahyɛ no ma.

6“ ‘Hwɛ sɛnea Israel mmapɔmma a wɔwɔ wo mu no mu biara de ne tumi hwie mogya gu. 7Wɔabu agya ne ɛna animtiaa wɔ wo mu, wɔahyɛ ɔnanani so, na wɔatan ayisaa ne akunafo ani. 8Woabu mʼakronkronne animtiaa na woagu me homenna ho fi. 9Wo mu na mmarima ntwatosofo a wɔpɛ sɛ wohwie mogya gu wɔ, wɔn a wodidi wɔ sorɔnsorɔmmea abosonnan mu, na wɔyɛ ahohorade. 10Wo mu na wɔn a wogu wɔn agyanom mpa ho fi wɔ; wɔn a wɔne mmea a wɔabu wɔn nsa, na wɔn ho ntew da no wɔ wo mu. 11Wo mu na ɔbarima ne ne yɔnko yere yɛ bɔne a ɛyɛ akyiwade, ɔfoforo ne nʼasebea da wɔ animguase mu, na ɔfoforo ne ne nuabea da, ɔno ankasa nʼagya babea. 12Wo mu na nnipa gye adanmude ka mogya gu; wogye nsiho ne mfaso a ɛboro so fi wɔn mfɛfo nkyɛn de nya wɔn ho bebree. Na mo werɛ afi me, Otumfo Awurade na ose.

13“ ‘Ampa ara mɛbɔ me nsam agu wʼasisi ahonya ne mogya a woahwie agu no so. 14Wʼakokoduru betumi agyina anaasɛ wo nsa bɛyɛ den da a mene wo benya no ana? Me Awurade na akasa, na mɛyɛ. 15Mɛhwete wo mu agu amanaman no so, na mabɔ wo apansam amantam no mu; na mede wo afideyɛ aba nʼawie. 16Sɛ wogu wo ho fi wɔ amanaman no mu a, wubehu sɛ mene Awurade no.’ ”

17Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 18“Onipa ba, Israelfi abɛyɛ dwetɛ ase fi ama me; wɔn nyinaa yɛ kɔbere, sanyaa, dade ne sumpii a wɔagyaw wɔ fononoo mu. Wɔyɛ dwetɛfi nko ara. 19Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: ‘Esiane sɛ mo nyinaa abɛyɛ dwetɛfi nti, mɛboaboa mo ano wɔ Yerusalem. 20Sɛnea nnipa boaboa dwetɛ, kɔbere, sumpii ne sanyaa ano hyɛ fononoo mu de ogyatannaa a ano yɛ den nan no, saa ara na mefi mʼabufuw ne mʼabufuwhyew mu aboaboa mo ano wɔ kuropɔn no mu na manan mo. 21Mɛboaboa mo ano na mahuw mʼabufuwhyew gya agu mo so, na moanan wɔ ne mu. 22Sɛnea wɔnan dwetɛ wɔ fononoo mu no, saa ara na mobɛnan wɔ ne mu na moahu sɛ me Awurade na mahwie mʼabufuwhyew agu mo so.’ ”

23Na Awurade asɛm baa me nkyɛn bio se: 24“Onipa ba, ka kyerɛ asase no se, ‘Woyɛ asase a wonnwiraa anaa osu ntɔɔ wo so wɔ abufuwhyew da no.’ 25Ne mmapɔmma abɔ pɔw bɔne wɔ ne mu te sɛ gyata a ɔbobɔ mu na ɔtetew ne hanam mu, wɔwe nnipa nam, wɔfa ademude ne nneɛma a ɛsom bo na wɔma akunafo dɔɔso wɔ ne mu. 26Nʼasɔfo bu me mmara so na wogu mʼakronkronne ho fi; wɔnnkyerɛ nsonoe a ɛda nea ɛyɛ kronkron ne nea ɛnyɛ kronkron ntam; wɔkyerɛkyerɛ sɛ nsonoe biara nna nea ɛho ntew ne nea ɛho tew ntam, na wobu wɔn ani gu me homennadi so, de gu me ho fi wɔ wɔn mu. 27Nʼadwumayɛfo te sɛ mpataku a wɔretetew wɔn hanam mu; wohwie mogya gu na wokum nnipa de pɛ mfaso bɔne. 28Nʼadiyifo nam atoro anisoadehu ne nkontompo nkɔmhyɛ so ma saa nnebɔne yi yɛ fitaa. Wɔka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se,’ wɔ bere a Awurade nkasaa ɛ. 29Asase no so nnipa di amim na wɔbɔ korɔn; wɔhyɛ ahiafo ne mmɔborɔfo so, wonnye ahɔho ani na wɔde atɛntrenee kame wɔn.

30“Mehwehwɛɛ obi wɔ wɔn mu a ɔbɛto ɔfasu no na wagyina mʼanim wɔ asase no anan mu, sɛnea ɛbɛyɛ a merensɛe asase no, nanso manhu obiara. 31Ɛno nti, mehwie mʼabufuwhyew agu wɔn so, na mede mʼabufuw a ɛyɛ hu no atɔre wɔn ase, na mama nea wɔayɛ nyinaa abɔ wɔn ti so, Otumfo Awurade asɛm ni.”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

以西結書 22:1-31

耶路撒冷的罪惡

1耶和華對我說: 2「人子啊,你要審判耶路撒冷這殺人流血的城。你要審判她,使她知道自己一切可憎的行為。 3你要向她宣告主耶和華的話,說,『唉,你這殺人流血、製造偶像玷污自己的城啊,你的末日到了。 4你既犯罪殺人、製造偶像玷污自己、自招審判,我要使你成為列國列邦侮辱和譏諷的對象。 5你這聲名狼藉、混亂不堪的城將要受到遠近各國的恥笑。

6「『看啊,在你城中的以色列首領各逞權勢,殺人流血。 7他們輕慢父母,壓迫寄居者,欺負孤兒寡婦。 8他們藐視我的聖物,褻瀆我的安息日。 9在你這城中,有人好誹謗、殺人流血,有人在山上吃祭物,有人淫亂, 10有人與繼母通姦,羞辱父親,有人姦污經期不潔的婦女, 11有人與鄰居的妻子幹出可憎之事,有人玷污自己的兒媳婦,有人姦污自己的同父姊妹。 12在你這城中,他們受賄殺人,放債取利,壓榨鄰居,早把我忘了。這是主耶和華說的。

13「『我見你謀財害命,就擊掌歎息。 14在我懲罰你的日子,你還有勇氣和力量嗎?我耶和華言出必行, 15我要把你驅散到列國,分散到列邦,我要除掉你的污穢。 16你必在列國面前受凌辱,你便知道我是耶和華。』」

17耶和華對我說: 18「人子啊,在我看來,以色列人已經變成了渣滓。他們是爐中的銅、錫、鐵、鉛,都是銀渣滓。 19所以主耶和華說,『你們既是渣滓,我要把你們聚集在耶路撒冷城。 20我要在烈怒中把你們聚集在城裡熔化,就像人把銀、銅、鐵、鉛、錫聚在高溫的爐中熔化一樣。 21我要聚集你們,把我的怒火倒在你們身上,熔化你們。 22你們要在城中熔化,就像銀在煉爐中熔化。你們就知道我耶和華已將我的烈怒傾倒在你們身上。』」

23耶和華對我說: 24「人子啊,你要對以色列說,『在我發怒的日子,將沒有雨水滋潤你這不潔之地。 25你的首領圖謀惡事,好像咆哮著撕碎獵物的獅子,他們草菅人命,搶奪財寶,使多人變成寡婦。 26你的祭司強解我的律法,褻瀆我的聖物。他們聖俗不分,也不教導人分辨潔淨的和污穢的。他們藐視我的安息日,褻瀆我。 27你的首領好像撕碎獵物的豺狼,殺人流血,謀取不義之財。 28你的先知對他們說虛假的異象和占卜,像用白灰刷牆一樣掩蓋他們的罪惡,說,耶和華這樣說,其實耶和華沒有說。 29你的居民強取豪奪,欺壓貧困的,虐待寄居的,無法無天。 30我想在他們中間尋找一位重修城牆的人,站在我面前為這地方堵住缺口,免得我毀滅這裡。可是,我一個也找不到。 31因此,我要向他們傾倒我的烈怒,用怒火滅盡他們,照他們的所作所為報應他們。這是主耶和華說的。』」