Hesekiel 21 – AKCB & CST

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 21:1-32

Babilonia, Onyankopɔn Atemmu Afoa

1Awurade asɛm baa me nkyɛn se 2“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Yerusalem na kasa tia kronkronbea no. Hyɛ nkɔm tia Israel asase 3na ka kyerɛ no se: ‘Sɛɛ na Awurade se: Me ne wo anya. Mɛtwe mʼafoa afi ne boha mu de ayi atreneefo ne amumɔyɛfo afi mo mu. 4Esiane sɛ merebeyi atreneefo ne amumɔyɛfo afi mo mu nti, mʼafoa befi ne boha mu atia obiara, fi anafo fam kosi atifi fam. 5Afei nnipa nyinaa behu sɛ me Awurade matwe mʼafoa afi ne boha mu na ɛrensan bio.’

6“Enti si apini, onipa ba! Fa koma a abubu ne awerɛhow a ano yɛ den si apini wɔ wɔn anim. 7Na sɛ wobisa wo se, ‘Adɛn nti na woresi apini a?’ Wobɛka se, ‘Ɛyɛ asɛm a ɛreba no nti. Koma biara bɛbotow na nsa biara mu agugow, honhom biara bɛtɔ beraw na kotodwe biara bɛpopo.’ Ɛreba, ɔkwan biara so ɛbɛba, Otumfo Awurade asɛm ni.”

8Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 9“Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka se, ‘sɛɛ na Awurade se:

“ ‘Afoa bi, afoa bi,

wɔasew ano, atwiw ho,

10wɔasew ano ama akunkumakunkum no,

wɔatwiw ho ma etwa yerɛw yerɛw sɛ anyinam!

“ ‘Ɛsɛ sɛ yɛsɛpɛw yɛn ho wɔ me babarima Yuda ahempema ho ana? Afoa no mfa pema biara a ɛte saa no nyɛ hwee.

11“ ‘Wɔayi afoa no asi hɔ sɛ wontwitwiw ho,

sɛ wɔmfa nsa nkura mu;

wɔasew ano, atwiw ho,

ayɛ no krado ama owudifo no.

12Su na twa adwo, onipa ba,

efisɛ etia me nkurɔfo;

etia Israel mmapɔmma nyinaa.

Wɔagyaa wɔn ama afoa no

aka me nkurɔfo ho.

Enti fa wo nsa gu wo ti so.

13“ ‘Sɔhwɛ bɛba ampa ara. Na sɛ Yuda ahempema a afoa no mfa no nyɛ hwee no nni hɔ a dɛn na wɔbɛyɛ? Otumfo Awurade asɛm ni.’

14“Enti onipa ba, hyɛ nkɔm

na bɔ wo nsam.

Ma afoa no ntwitwa mprenu,

mpo mprɛnsa.

Ɛyɛ akunkumakunkum afoa,

akunkumakunkum kɛse no afoa,

a ɛba wɔn so fi afanan nyinaa.

15Ɛbɛma koma nyinaa abotow

na atɔfo adɔɔso,

mede akunkumakunkum afoa no asisi

wɔn apon nyinaa ano.

Hwɛ! Wɔatono no sɛ entwa yerɛw yerɛw sɛ anyinam,

wɔaso mu ama akunkumakunkum.

16Wo afoa, twa kɔ nifa,

na twa kɔ benkum,

nea wo dade bɛfa biara.

17Me nso, mɛbɔ me nsam,

na mʼabufuwhyew ano bedwo

Me Awurade na makasa no.”

18Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 19“Onipa ba, bɔ akwan abien na Babiloniahene afoa no mfa so, na ne abien no nyinaa mfi ase wɔ ɔman koro mu. Fa akwankyerɛde si nkwanta a ɛman kɔ kuropɔn no mu no so. 20Bɔ ɔkwan baako a afoa no bɛfa so ako atia Amonfo Raba ne baako nso a ebetia Yuda ne Yerusalem a wɔabɔ ho ban no. 21Na Babiloniahene begyina akwan abien no nkwanta so ahwehwɛ nkɔmhyɛ, ɔde agyan bɛbɔ ntonto, akɔ abisa wɔ nʼahoni nkyɛn, na wahwɛ mmrɛbo mu. 22Ne nsa nifa mu na ntonto a ɛbɛbɔ Yerusalem no bɛkɔ, na hɔ na wɔbɛhyehyɛ oburuw adwennini, de ama okum kɛse no. Afei wɔde osebɔ bɛma oburuw nnua no so apempem apon no, wɔbɛyɛ mpempe na wɔasisi pampim. 23Ɛbɛyɛ sɛ atoro nkɔm ama wɔn a wɔne no ayɛ apam, nanso ɔbɛkaakae wɔn afɔdi na wafa wɔn nnommum.

24“Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: ‘Esiane sɛ mo saa nkurɔfo yi nam mo atuatew so akae me mo afɔdi, de ada mo bɔne a moyɛ nyinaa adi, sɛ moayɛ eyi nti, wɔbɛfa mo nnommum.

25“ ‘Wo ɔkɔntɔnkye ne Israel hene ba otirimɔdenfo a wo da adu, wo a wʼasotwe bere adu ne mpɔmpɔnso, 26sɛɛ na Otumfo Awurade se: Tu abotiri no, yi ahenkyɛw no. Ɛrenyɛ sɛnea na ɛte kan no: Wɔbɛma nea abrɛ ase no so; nea ama ne ho so nso, wɔabrɛ no ase. 27Ɔsɛe! Ɔsɛe! Mɛyɛ no ɔsɛe! Ɛrensi ne dedaw mu bio kosi sɛ ɔbɛba nea ɛyɛ ne de no nkyɛn, ɔno na mede bɛma no.’

28“Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade ka fa Amonfo ne wɔn ahohorabɔ ho:

“ ‘Afoa bi, afoa bi,

wɔatwe ama akunkumakunkum,

wɔatwiw ho sɛ enni nam

na ɛmpa yerɛw yerɛw sɛ anyinam!

29Atoro anisoadehu

ne nkontompo nkonyaa a ɛfa wo ho akyi no

wɔde bɛto wɔn kɔn mu

amumɔyɛfo a ɛsɛ sɛ wokum wɔn no,

wɔn a wɔn da no adu so,

ne wɔn a wɔn asotwe bere

adu ne mpɔmpɔnso no.

30“ ‘San fa afoa no hyɛ ne boha mu

wɔ faako a wɔbɔɔ wo hɔ

wɔ wo nananom asase so,

mebu wo atɛn.

31Mehwie mʼabufuwhyew agu wo so

na mahome mʼabufuw a ɛyɛ hu atia wo;

Mede wo bɛhyɛ mmarima atirimɔdenfo nsa,

wɔn a wɔwɔ adesɛe ho nyansa.

32Wobɛyɛ nnyansin ama ogya,

wɔbɛka wo mogya agu wɔ wʼasase so,

na wɔrenkae wo bio;

me Awurade na makasa.’ ”

Nueva Versión Internacional (Castilian)

Ezequiel 21:1-32

La espada justiciera

1El Señor me habló diciendo: 2«Hijo de hombre, vuélvele la espalda a Jerusalén; clama contra sus santuarios, profetiza contra la tierra de Israel, 3anúnciale que así dice el Señor: “Estoy contra ti. Desenvainaré mi espada y mataré a justos y a malvados por igual. 4Puesto que he de extirpar de ti tanto al justo como al malvado, mi espada saldrá contra todo el mundo, desde el norte hasta el sur. 5Así todos sabrán que yo, el Señor, he desenvainado la espada y no volveré a envainarla”.

6»Y tú, hijo de hombre, con el corazón quebrantado y en presencia de todo el mundo, llora con amargura. 7Y, cuando te pregunten por qué lloras así, diles que es por la noticia de lo que va a suceder. Esta noticia hará que todos los corazones desfallezcan, que se dejen caer todos los brazos, y que tiemblen todas las rodillas. ¡Ya está a punto de llegar! ¡Ya es una realidad! Yo, el Señor, lo afirmo».

8El Señor me habló diciendo: 9«Hijo de hombre, profetiza y proclama que así dice el Señor:

»“¡La espada, la espada,

afilada y bruñida!,

10bruñida para fulgurar

y afilada para masacrar.21:10 bruñida para … masacrar (véanse LXX, Vetus Latina y Siríaca); TM incluye una frase de difícil traducción.

11La bruñeron y la afilaron

para ponerla en manos del asesino.

12»”¡Grita y gime, hijo de hombre,

que la espada se perfila contra mi pueblo

y contra todos los jefes de Israel!

Han sido arrojados contra ella,

lo mismo que mi pueblo.

Por eso, ¡date golpes de pecho!

13»”El Señor omnipotente afirma:21:13 El Señor omnipotente afirma (lectura probable); TM incluye frases de difícil traducción.

14»”Hijo de hombre, profetiza y da palmas;

que hiera la espada, y vuelva a herir.

Es la espada de la muerte

que a todos mantiene amenazados,

15para que el corazón desfallezca

y aumente el número de víctimas.

Ya he colocado en las puertas

la espada asesina.21:15 asesina. Palabra de difícil traducción.

Es la espada bruñida para centellear

y afilada para matar.

16Muévete a diestra y a siniestra,

y hiere por todas partes.

¡Exhibe tu filo, espada asesina!

17También yo daré palmas

y aplacaré mi furor.

Yo, el Señor, lo he dicho”».

18El Señor me habló diciendo: 19«Tú, hijo de hombre, traza dos caminos para que llegue por ellos la espada del rey de Babilonia. Estos dos caminos partirán del mismo país, y a la entrada de cada uno de ellos colocarás una señal que indique a qué ciudad conduce. 20Traza un camino para que la espada llegue contra Rabá de los amonitas y contra Jerusalén, la ciudad fortificada de Judá. 21El rey de Babilonia se ha colocado en la bifurcación del camino y consulta los augurios: sacude las saetas, consulta los ídolos domésticos y examina el hígado de un animal. 22Con su mano derecha ha marcado el destino de Jerusalén: prepara arietes para derribar las puertas, levanta terraplenes y edifica torres de asedio; alza la voz en grito de batalla y da la orden para la matanza. 23Por las alianzas ya hechas, los habitantes de Jerusalén creerán que se trata de una falsa profecía; pero aquel rey les recordará la iniquidad por la que serán capturados.

24»Por eso dice el Señor omnipotente:

»Se les ha recordado su iniquidad,

y han quedado al descubierto sus rebeliones;

expuestas están sus acciones pecaminosas,

¡y por tanto serán capturados!

25»Y en cuanto a ti, príncipe de Israel, infame y malvado, tu día ha llegado; ¡la hora de tu castigo es inminente! 26Así dice el Señor omnipotente: Quítate el turbante, renuncia a la corona, que todo cambiará. Lo humilde será exaltado y lo excelso será humillado. 27¡Ruinas, ruinas, todo lo convertiré en ruinas! Esto no sucederá hasta que venga aquel a quien le asiste el derecho, y a quien le pediré que establezca la justicia.

28»Y tú, hijo de hombre, profetiza y declara que esto afirma el Señor omnipotente acerca de los amonitas y de sus insultos: “La espada, la espada está desenvainada para la masacre; pulida está para devorar y centellear como el relámpago. 29La espada degollará a esos infames malvados, pues sus visiones son falsas y sus adivinanzas, mentiras. Pero su día ha llegado; ¡la hora de su castigo es inminente!

30»”¡Espada, vuelve a tu vaina! Allí, en tu tierra de origen, donde fuiste forjada, ¡allí te juzgaré! 31Sobre ti derramaré mi ira, sobre ti soplaré el fuego de mi furor; te entregaré en manos de gente sanguinaria y destructora. 32Serás pasto del fuego; salpicaré con tu sangre todo el país, y borraré tu memoria de la faz de la tierra. Yo, el Señor, lo he dicho”».