Hesekiel 20 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 20:1-49

Otuatewfo Israel

1Afe a ɛto so ason no, ɔsram anum no da a ɛto so du no, Israel mpanyimfo no mu bi bebisaa Awurade hɔ ade, na wɔtenatenaa mʼanim.

2Na Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 3“Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanyimfo no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Moaba sɛ morebebisa me nkyɛn ade ana? Sɛ mete ase yi, meremma mo kwan ma mummisa me nkyɛn mmoa, Otumfo Awurade na ose.’

4“Bu wɔn atɛn. Bu wɔn atɛn, onipa ba. Fa wɔn agyanom akyiwade a wɔyɛɛ no si wɔn anim 5na ka kyerɛ wɔn se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Da a miyii Israel no, memaa me nsa so kaa ntam kyerɛɛ Yakobfi asefo, na miyii me ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ Misraim. Memaa me nsa so ka kyerɛɛ wɔn se, “Mene Awurade, mo Nyankopɔn.” 6Saa da no, mekaa wɔn ntam se meyi wɔn afi Misraim na mede wɔn aba asase a mahwehwɛ ama wɔn, asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so, asase nyinaa mu nea ɛyɛ papa pa ara no. 7Na meka kyerɛɛ wɔn se, “Mo mu biara ntow nsɛsode tantan a mode mo ani asi so no nkyene na mommfa Misraim ahoni no ngu mo ho fi, mene Awurade, mo Nyankopɔn.”

8“ ‘Nanso wɔyɛɛ dɔm tiaa me na wɔantie me; Wɔantotow nsɛsode tantan no a wɔde wɔn ani asi so no angu na wɔannyae ahoni a efi Misraim no akyidi. Enti mekaa se mehwie mʼabufuwhyew agu wɔn so de awie mʼabufuw wɔ wɔn so wɔ Misraim. 9Nanso me din nti meyɛɛ nea ɛremma wonngu me ho fi wɔ amanaman a wɔtete mu no anim, aman a miyii me ho adi kyerɛɛ Israelfo wɔ mu, de yii wɔn fii Misraim no. 10Enti midii wɔn anim fii Misraim, de wɔn baa sare no so. 11Mede me nhyehyɛe maa wɔn na mema wohuu me mmara, efisɛ obiara a odi so no nam so benya nkwa. 12Na mede me homenna maa wɔn sɛ ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne wɔ yɛn ntam, sɛnea wobehu sɛ me Awurade na meyɛɛ wɔn kronkron no.

13“ ‘Nanso Israelfo tew mʼanim atua wɔ sare no so. Wɔanni me nhyehyɛe so, na wɔpoo me mmara no, nanso onipa a obedi so no benya nkwa wɔ wɔn mu, na woguu me homenna ho fi koraa. Enti mekaa se mehwie mʼabufuwhyew agu wɔn so na masɛe wɔn wɔ sare no so. 14Nanso me din nti, meyɛɛ nea ɛremma ho kwan ma wonngu me ho fi wɔ amanaman a miyii wɔn fii so no ani so. 15Afei memaa me nsa so kaa ntam wɔ sare no so sɛ meremfa wɔn nnkɔ asase a mede ama wɔn no so, asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so, nsase nyinaa mu nea eye pa ara no, 16efisɛ wɔpoo me mmara, wɔanni mʼahyɛde so na woguu me homenna ho fi, esiane sɛ na wɔn koma da wɔn ahoni no so nti. 17Nanso mihuu wɔn mmɔbɔ, na mansɛe wɔn na mantɔre wɔn ase wɔ sare no so. 18Meka kyerɛɛ wɔn mma wɔ sare no so se, “Munnni mo agyanom ahyɛde ne wɔn mmara so, na mommfa wɔn ahoni ngu mo ho fi. 19Mene Awurade, mo Nyankopɔn; munni mʼahyɛde so na monhwɛ yiye nni me mmara so. 20Monyɛ me homenna kronkron na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne wɔ me ne mo ntam. Afei mubehu sɛ mene Awurade, mo Nyankopɔn no.”

21“ ‘Nanso mma no yɛɛ dɔm tiaa me. Wɔanni mʼahyɛde so, na wɔanhwɛ anni me mmara so; nea onipa di so a obenya nkwa no, woguu me homenna ho fi. Enti mekaa se mehwie mʼabufuwhyew agu wɔn so de awie mʼabufuw a etia wɔn wɔ sare no so no. 22Nanso metwentwɛn so, na me din nti, meyɛɛ nea ɛremma ho ngu fi wɔ aman a miyii wɔn fii so no ani so. 23Memaa me nsa so kaa ntam wɔ sare no so se mɛhwete wɔn wɔ amanaman no so na mabɔ wɔn apansam wɔ nsase no so, 24efisɛ wɔanni me mmara so, na mmom wɔpoo mʼahyɛde guu me homenna ho fi, na wɔn ani kodii wɔn agyanom ahoni akyi. 25Enti memaa wɔn ahyɛde a enye ne mmara a ɛde asotwe mmom na ɛbɛba wɔn so, na ɛnyɛ nkwa; 26memaa ho kwan ma wɔde wɔn ayɛyɛde a ɛyɛ wɔn abakan bɔɔ afɔre de guu wɔn ho fi, sɛnea mede ahodwiriw bɛhyɛ wɔn ma ama wɔahu sɛ mene Awurade.’

27“Enti onipa ba, kasa kyerɛ Israelfo, ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea Otumfo Awurade se ni: Na eyi mu nso, mo agyanom poo me na wɔnam so kaa abususɛm tiaa me: 28Mede wɔn baa asase a maka ntam sɛ mede bɛma wɔn no so no, wɔbɔɔ afɔre, yɛɛ afɔrebɔde maa koko biara a ɛkorɔn anaa dua biara a ɛso wɔ nhaban de hyɛɛ me abufuw; wɔde nnuhuam mae, na wohwiee ahwiesa maa wɔn. 29Na mibisaa wɔn se: Ɛhe ne saa sorɔnsorɔmmea a mokɔ hɔ yi?’ ” (Wɔfrɛ hɔ Bama de besi nnɛ.)

Otuatewfo Israel Gye

30“Enti ka kyerɛ Israelfi se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mubegu mo ho fi sɛnea mo agyanom yɛe, na mo kɔn dɔ wɔn ahoni atantan no ana? 31Sɛ mode mo ayɛyɛde a ɛyɛ mo mmabarima bɔ afɔre wɔ ogya so ma mo ahoni a, na mokɔ so de mo ahoni nyinaa gu mo ho fi besi nnɛ. Memma mommebisa me hɔ ade ana, Israelfi? Ampa ara sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, meremma mummmisa me hɔ ade.

32“ ‘Moka se, “Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ aman no, te sɛ wiasefo a wɔsom nnua ne abo no.” Nanso nea ɛwɔ mo adwene mu no rensi da. 33Sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, Mede nsa a ɛyɛ den, basa a wɔateɛ mu ne abufuwhyew a wɔahwie agu bedi mo so. 34Mede mo befi amanaman no so, na maboaboa mo ano afi nsase a wɔapete mo wɔ so no so; mede nsa a ɛyɛ den ne abasa a wɔateɛ mu ne abufuwhyew a wɔahwie agu na ɛbɛyɛ. 35Mede mo bɛba amanaman no sare so, na hɔ na mebu mo atɛn anim ne anim. 36Sɛnea mibuu mo agyanom atɛn wɔ Misraim sare so no, saa ara na mebu mo atɛn, Otumfo Awurade asɛm ni. 37Mɛma moafa mʼabaa no ase na mahu mo yiye na mede mo aba apam no nkyehama ase. 38Mɛsa mo mu ayi wɔn a wɔyɛ dɔm tia me. Ɛwɔ mu sɛ meyi wɔn afi aman a wɔte so no mu, nanso wɔn anan rensi Israel asase so. Afei mubehu sɛ mene Awurade no.

39“ ‘Na mo de, Israelfi, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mo mu biara nkɔsom nʼahoni! Nanso akyiri no, mubetie me na moremfa mo ayɛyɛde ne ahoni ngu me din kronkron ho fi bio. 40Efisɛ me bepɔw kronkron no so, Israel bepɔw a ɛkorɔn no so, Otumfo Awurade na ose, hɔ wɔ asase no so na Israelfi nyinaa bɛsom me, na hɔ na mobɛsɔ mʼani. Ɛhɔ na mehia mo afɔrebɔde ne mo ayɛyɛde a edi mu no, aka mo afɔre kronkron no nyinaa ho. 41Sɛ miyi mo fi amanaman no mu na meboaboa mo ano fi nsase a wɔbɔɔ mo petee so no so a, mobɛsɔ mʼani sɛ kurobow a eyi hua, afei mɛda me kronkronyɛ adi wɔ mo mu ama amanaman no ahu. 42Sɛ mede mo ba Israel asase a memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no so a, na mubehu sɛ mene Awurade. 43Ɛhɔ no, mobɛkae mo suban ne nneyɛe nyinaa a mode agu mo ho fi, na mo ho bɛyɛ mo nwini esiane amumɔyɛ a moayɛ no nyinaa nti. 44Mubehu sɛ mene AWURADE no, bere a me ne mo di no sɛnea me din te na mmom ɛnyɛ sɛnea mo akwammɔne ne mo porɔwee nneyɛe no te, mo Israelfo, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”

Atemmu A Etia Anafo Fam

45Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 46“Onipa ba fa wʼani kyerɛ anafo fam, ka asɛm tia anafo fam na hyɛ nkɔm tia kwae a ɛwɔ anafo fam asase so. 47Ka kyerɛ anafo fam kwae no se: ‘Tie Awurade asɛm. Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merebɛto wo mu gya, na ɛbɛhyew nnua a ɛwɔ wo so nyinaa: Nea ɛyɛ amono ne nea awo. Wɔrennum ogyaframa no na ɛbɛhyew asase no ani nyinaa; efi anafo fam kosi atifi fam. 48Obiara behu sɛ me Awurade na masɔ ogya no ano; ɛrennum.’ ” 49Afei mekae se, “Aa, Otumfo Awurade! Wɔka fa me ho se, ‘Ɛnyɛ mmɛ na ɔrebu yi ana?’ ”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以西结书 20:1-49

以色列人的悖逆

1第七年五月十日,有几个以色列的长老来到我这里,坐在我面前。 2耶和华对我说: 3“人子啊,你要告诉他们,主耶和华这样说,‘你们是来求问我吗?我凭我的永恒起誓,我决不让你们求问。’ 4人子啊,你要审判他们?你要审判他们?要使他们知道他们祖先所做的可憎之事。 5你要告诉他们,主耶和华这样说,‘我拣选以色列那日,曾向雅各家的后裔起誓,又在埃及向他们显现,告诉他们我是他们的上帝耶和华。 6那日我向他们起誓,要带领他们离开埃及,到我为他们预备的奶蜜之乡,世上最佳美的地方。 7我告诉他们要除掉他们祭拜的可憎之物,不可让埃及的偶像玷污自己,因为我是他们的上帝耶和华。

8“‘然而,他们却背叛我,不听我的话,没有除去他们祭拜的可憎之物和埃及的偶像。我本想在埃及向他们发烈怒,倾倒我的怒火, 9但我没有这样做,以免我的名在他们寄居的列邦面前被亵渎。因为列邦亲眼看见我向以色列人显现,把他们带出埃及10于是,我带他们离开埃及,进入旷野, 11向他们颁布我的律例和典章,若有人遵守,就必活着。 12我又让他们遵守我的安息日,作为我与他们之间的记号,好叫他们知道是我耶和华使他们成为圣洁之民。

13“‘可是,以色列人却在旷野背叛我,不遵行我的律例和典章——遵行的人必活着,大肆亵渎我的安息日。我本想在旷野向他们发烈怒,灭绝他们。 14但我没有这样做,以免我的名在周围列邦面前被亵渎,因为列邦亲眼看见我向以色列人显现,把他们带出埃及15我在旷野曾向他们发誓,不带他们进入我赐给他们的那奶蜜之乡,那世上最佳美的地方, 16因为他们不遵守我的典章,不顺从我的律例,亵渎我的安息日,心恋偶像。 17但我怜悯他们,没有毁灭他们,没有在旷野把他们全部灭绝。

18“‘我在旷野曾对他们的子孙说,不要效法你们祖先的律例,不要遵守他们的规条,不要拜他们的偶像,以致玷污自己。 19我是你们的上帝耶和华,你们要恪守我的律例,谨遵我的典章, 20尊我定的安息日为圣日,作为我与你们之间的记号,使你们知道我是你们的上帝耶和华。

21“‘可是,他们的子孙却背叛我,不恪守我的律例,不谨遵我的典章——遵守的人必活着。他们亵渎我的安息日。我本想在旷野向他们发烈怒,倾倒我的怒气, 22但我没有这样做,以免我的名在周围列邦面前被亵渎,因为列邦亲眼看见我向以色列人显现,把他们带出埃及23我在旷野起誓要把他们驱散到列国,分散到列邦, 24因为他们不遵行我的典章,弃绝我的律例,亵渎我的安息日,眼睛恋慕他们祖先的偶像。 25所以,我任由他们效法无用的律例,遵守无法使人活着的规条, 26任由他们把自己的长子烧作祭物献给偶像,以致玷污自己——好使他们充满恐惧,这样他们便知道我是耶和华。’

27“人子啊,你要告诉以色列人,主耶和华这样说,‘你们的祖先背信弃义,亵渎了我。 28当我引领他们进入我曾起誓要赐给他们的土地时,他们在所见的每一处高山或密林献祭,焚烧馨香的祭牲,向偶像奠酒,惹我发怒。 29我问他们,你们所去的高处是什么地方?’从此,那高处一直叫巴麻

30“所以,你要告诉以色列人,主耶和华这样说,‘你们仍像你们祖先一样与可憎的偶像苟合,玷污自己吗? 31你们至今仍把自己的儿子烧作祭物献给偶像,玷污自己吗?以色列人啊,我会让你们求问吗?主耶和华说,我凭我的永恒起誓,我决不让你们求问。

32“‘你们说要像外族人一样去供奉木头石头,你们的想法绝不能实现!’

33“主耶和华说,‘我凭我的永恒起誓,我要发烈怒,伸出大能的臂膀治理你们。 34我要发烈怒,伸出大能的臂膀把你们从列国中领出来,从你们散居的列邦聚集你们, 35领你们进入外族人的旷野,面对面地审判你们, 36就像我从前在埃及的旷野审判你们的祖先一样。这是主耶和华说的。 37我要对你们严加管教20:37 对你们严加管教”希伯来文是“让你们在杖下经过”。,使你们遵守我的约。 38我要铲除你们中间叛逆和犯罪的人。虽然我要领他们离开寄居之地,他们却不能回以色列。这样,你们就知道我是耶和华。’

39“主耶和华说,‘你们以色列人若不听我的话,就去供奉你们的偶像吧!但将来你们必不再向偶像献祭物亵渎我的圣名!’

40“主耶和华说,‘在我的圣山,就是以色列的高山上,所有的以色列人都要事奉我,我要在那里悦纳你们,要求你们献上供物、最好的礼物和一切圣物。 41当我把你们从列国领出来,从你们散居的列邦聚集起来时,你们必如馨香之祭一样蒙我悦纳,我必当着列国的面在你们中间彰显我的圣洁。 42我要把你们带回我起誓应许给你们祖先的以色列,这样你们就知道我是耶和华。 43你们在那里会想起以往玷污自己的行径,并因自己的一切恶行而憎恶自己。’ 44主耶和华说,‘以色列人啊,我为了自己的名,没有照你们的邪恶行径惩罚你们,这样你们便知道我是耶和华。’”

45耶和华对我说: 46“人子啊,你要面向南方,说预言斥责南地的树林。 47你要对南地的树林说,‘你要听耶和华的话。主耶和华说,我要在你那里燃起火来,烧毁你所有的青树和枯树。这不熄的烈火要从南到北烧焦一切。 48这样,世人便知道这烈火是我耶和华点燃的,它绝不会熄灭。’” 49于是我说:“唉,主耶和华啊,他们在议论我说,‘这人岂不是在说比喻吗?’”