Hesekiel 19 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 19:1-14

Israel Mmapɔmma Ho Kwadwom

1“Momma Israel mmapɔmma ho kwadwom 2na monka se:

“ ‘Na wo na yɛ gyatabere mu sononko

wɔ gyata mu!

Ɔdaa gyataforo mu

yɛn ne mma.

3Ɔyɛn ne mma no mu baako

ma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfo.

Osuaa sɛnea wɔtetew hanam mu,

na ɔwee nnipa nam.

4Amanaman no tee ne nka,

na wɔn amoa yii no.

Wɔkyekyeree no de no kɔɔ

Misraim asase so.

5“ ‘Bere a ohuu sɛ nʼanidaso anyɛ hɔ,

na nea ɔrehwɛ anim ayera no,

ɔfaa ne ba foforo

yɛɛ no gyata ɔhoɔdenfo.

6Okyinkyin gyata no mu

efisɛ na wayɛ gyata hoɔdenfo.

Osuaa sɛnea wɔtetew hanam mu

na ɔwee nnipa nam.

7Obubuu wɔn abandennen

na ɔsɛee wɔn nkurow.

Asase no ne wɔn a wɔte so nyinaa no,

ne mmubomu bɔɔ wɔn hu.

8Afei amanaman no sɔre tiaa no,

wɔn a wofi nsase a atwa ahyia no so.

Woguu no asau kyeree no

wɔ wɔn amoa mu.

9Wɔde nnarewa twee no kɔhyɛɛ buw mu

na wɔde no brɛɛ Babilonia hene.

Wɔde no too afiase,

na wɔante ne mmubomu no bio

wɔ Israel mmepɔw no so.

10“ ‘Na wo na te sɛ bobedua

a wɔatɛw no asu ho wɔ wo bobeturo mu.

Na ɛsow aba, na eyiyii mman

nsu a onya no bebree no nti.

11Ne mman yɛɛ den yiye;

edi mu sɛ wɔde yɛ ahemfo ahempema.

Ɛkorɔn, bunkam faa nhaban a ayɛ kuhaa no so,

ne sorokɔ ne ne mman bebree no

maa no yɛɛ sononko.

12Nanso wɔde abufuwhyew tuu nʼase

de no hwee fam.

Apuei mframa maa no kasae,

ɛsow aba tetew gui;

na ne mman a ɛwɔ ahoɔden no twintwamee

na ogya hyewee.

13Afei wɔakɔtɛw no wɔ sare so

asase kesee a nsu nni mu mu.

14Ogya trɛw fii ne mman baako so

na ɛhyew nʼaba.

Anka mman a ɛwɔ ahoɔden baako mpo wɔ so;

nea wɔde yɛ ahemfo ahempema ma ɛyɛ yiye no.’

Eyi yɛ kwadwom na ma wɔnto no saa.”

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 19:1-14

Israel Mmapɔmma Ho Kwadwom

1“Momma Israel mmapɔmma ho kwadwom 2na monka sɛ:

“ ‘Na wo maame yɛ gyatabereɛ mu soronko

wɔ agyata mu!

Ɔdaa gyataburuwa mu

yɛnee ne mma.

3Ɔyɛn ne mma no mu baako

ma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfoɔ.

Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu,

na ɔwee nnipa nam.

4Amanaman no tee ne nka,

na wɔn amena yii no.

Wɔguu no nkapo de no kɔɔ

Misraim asase so.

5“ ‘Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ nʼanidasoɔ anyɛ hɔ,

na deɛ ɔrehwɛ anim ayera no,

ɔfaa ne ba foforɔ

yɛɛ no gyata ɔhoɔdenfoɔ.

6Ɔkyinkyinii agyata no mu

ɛfiri sɛ na wayɛ gyata hoɔdenfoɔ.

Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu

na ɔwee nnipa nam.

7Ɔbubuu wɔn abandenden

na ɔsɛee wɔn nkuro.

Asase no ne wɔn a wɔte so nyinaa no,

ne mmobomu bɔɔ wɔn hu.

8Afei amanaman no sɔre tiaa no,

wɔn a wɔfiri nsase a atwa ahyia no so.

Wɔguu no asau kyeree no

wɔ wɔn amena mu.

9Wɔde nnarewa twee no kɔhyɛɛ ebuo mu

na wɔde no brɛɛ Babilonia ɔhene.

Wɔde no too nneduafie,

na wɔante ne mmobomu no bio

wɔ Israel mmepɔ no so.

10“ ‘Na wo maame te sɛ bobedua

a wɔtɛɛ no nsuo ho wɔ wo bobeturo mu.

Na ɛso aba, na ɛyiyii mman

nsuo a ɔnya no bebree no enti.

11Ne mman yɛɛ den yie

ɛdi mu sɛ wɔde yɛ ahemfo ahempoma.

Ɛkorɔn, bunkam faa nhahan a ayɛ kuhaa no so,

ne sorokɔ ne ne mman bebree no

maa no yɛɛ sononko.

12Nanso wɔde abufuhyeɛ tuu nʼase

de no hwee fam.

Apueeɛ mframa maa no kasaeɛ,

ɛso aba tete guiɛ;

na ne mman a ɛwɔ ahoɔden no twintwameeɛ

na ogya hyeeɛ.

13Afei wɔakɔtɛ no wɔ ɛserɛ so

asase wesee a nsuo nni muo.

14Ogya trɛ firii ne mman baako so

na ɛhyee nʼaba.

Anka mman a ɛwɔ ahoɔden baako mpo wɔ so

deɛ wɔde yɛ ahemfo ahempoma ma ɛyɛ yie no.’

Yei yɛ kwadwom, na ma wɔnto no saa ara.”