Hesekiel 18 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 18:1-32

Ɔkra A Ɔyɛ Bɔne No Bewu

1Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 2“Sɛ mo saa nkurɔfo yi bu saa bɛ a ɛfa Israel asase yi ho a, na mopɛ sɛ mokyerɛ dɛn:

“ ‘Agyanom di bobe bun,

na mma se afem ana?’

3“Nokware, sɛ mete ase yi, sɛɛ na Awurade se, moremmu saa bɛ yi bio wɔ Israel. 4Ɔkra teasefo biara yɛ me de, agya ne ɔba barima nyinaa, wɔn nyinaa yɛ me de. Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔne ne nea obewu.

5“Sɛ ɛba sɛ onipa trenee bi wɔ hɔ a

ɔyɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ;

6onnidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu

na ɔnsom ahoni a wɔwɔ Israelfi.

Ongu ne yɔnko yere ho fi

na ɔne ɔbea a wabu ne nsa nna.

7Ɔnhyɛ obiara so,

na ɔde boseagyefo awowaside san ma no.

Ɔmmɔ korɔn

mmom ɔde nʼaduan ma nea ɔkɔm de no

na ofura nea ɔda adagyaw no ntama.

8Ɔmmɔ bosea nnye nsiho

na onnye mfɛntom mmoroso.

Ɔtwe ne ho fi bɔneyɛ ho

na obu nipa baanu ntam atɛntrenee.

9Odi mʼahyɛde so

na odi me mmara so nokware.

Saa onipa no na ɔteɛ;

na ampa ara obenya nkwa

Awurade asɛm ni.

10“Sɛ ɛba sɛ ɔwɔ ɔba barima a odi akakabensɛm na ohwie mogya gu anaasɛ ɔyɛ saa nneɛma yi mu biara a 11(ɛwɔ mu, agya no nyɛɛ eyinom mu biara ɛ):

“Odidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu.

Ogu ne yɔnko yere ho fi.

12Ɔhyɛ ahiafo ne mmɔborɔfo so.

Ɔbɔ korɔn.

Ɔmmfa boseagyefo awowaside mma no.

Ɔde ne ho to abosom so.

Ɔyɛ akyiwade.

13Ɔbɔ bosea gye nsiho na ogye mfɛntom mmoroso.

Saa onipa yi benya nkwa ana? Dabi da! Esiane sɛ wayɛ saa akyiwade yi nyinaa nti, ampa ara wobekum no na ne mogya bɛbɔ nʼankasa ti so.

14“Nanso sɛ ɛba sɛ saa ɔbabarima yi wɔ ɔbabarima a ohu bɔne a nʼagya yɛ no nyinaa nanso ɔnyɛ saa nneɛma no bi:

15“Onnidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu

na ɔmfa ne ho nto ahoni a ɛwɔ Israelfi so.

Ongu ne yɔnko yere ho fi.

16Ɔnhyɛ obiara so

na onnye boseagyefo hɔ awowaside.

Ɔmmɔ korɔn,

mmom ɔde nʼaduan ma nea ɔkɔm de no

na ofura nea ɔda adagyaw no ntama.

17Ɔtwe ne ho fi bɔne ho,

na onnye nsiho anaa mfɛntom mmoroso.

Odi me mmara ne mʼahyɛde so.

Ɔrenwu wɔ nʼagya no bɔne nti; ampa ara obenya nkwa. 18Nanso nʼagya no bewu wɔ ɔno ara bɔne nti, efisɛ osisii nnipa, bɔɔ ne yɔnko korɔn, na ɔyɛɛ bɔne wɔ ne nkurɔfo mu.

19“Nanso mubisa se, ‘Adɛn nti na ɔbabarima no nnya nʼagya afɔdi no bi ho asotwe?’ Esiane sɛ ɔbabarima no ayɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ na wahwɛ yiye adi mʼahyɛde nyinaa so no nti, ampa ara obenya nkwa. 20Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ne nea obewu. Ɔbabarima no rennya nʼagya afɔdi no ho asotwe bi, saa ara na agya no nso rennya ɔbabarima no afɔdi ho asotwe no bi. Wɔde ɔtreneeni adetreneeyɛ so aba bɛma no, na wobebu omumɔyɛfo amumɔyɛsɛm atia no.

21“Na sɛ omumɔyɛfo twe ne ho fi bɔne a wayɛ nyinaa ho, na odi mʼahyɛde so, na afei ɔyɛ nea ɛteɛ ne nea ɛyɛ papa a, ampa ara obenya nkwa na ɔrenwu. 22Wɔrennyina bɔne a wayɛ no mu biara so mmu no atɛn. Ne trenee nneyɛe nti obenya nkwa. 23Mʼani gye amumɔyɛfo wu ho ana? Otumfo Awurade bisa. Sɛ wɔtwe wɔn ho fi wɔn akwammɔne ho na wonya nkwa a, mʼani nnye ana?

24“Na sɛ ɔtreneeni twe ne ho fi ne trenee nneyɛe ho, kɔyɛ bɔne, na ɔyɛ akyiwade a amumɔyɛfo yɛ a, obenya nkwa ana? Wɔrenkae ne trenee nneyɛe no. Esiane sɛ odi nokwaredi ho fɔ na wayɛ bɔne nti, obewu.

25“Nanso moka se, ‘Awurade kwan nteɛ.’ Muntie! Mo, Israelfi. Me kwan nteɛ ana? Ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛnteɛ? 26Sɛ ɔtreneeni twe ne ho fi ne trenee nneyɛe ho na ɔkɔyɛ bɔne a, ɛno nti obewu, bɔne a wayɛ nti obewu. 27Nanso sɛ omumɔyɛfo twe ne ho fi amumɔyɛsɛm a wadi ho, na ɔyɛ nea ɛteɛ ne nea ɛyɛ papa a, obegye ne kra nkwa. 28Esiane sɛ wahu ne mmarato na watwe ne ho afi ho no nti, obenya nkwa na ɔrenwu. 29Nanso Israelfi ka se, ‘Awurade kwan nteɛ.’ Mʼakwan nteɛ! Mo, Israelfi! Ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛnteɛ ana?

30“Ɛno nti, mo Israelfo, mebu mo mu biara atɛn sɛnea nʼakwan te, Otumfo Awurade na ose. Monsakra mo adwene! Montwe mo ho mfi mo mmarato nyinaa ho; na afei bɔne remfa mo nkɔ asehwe mu bio. 31Montow mfomso a moayɛ nyinaa ngu na moanya koma foforo ne honhom foforo. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ muwu, Israelfifo? 32Mʼani nnye obiara wu ho, Otumfo Awurade na ose. ‘Monsakra mo adwene na moanya nkwa!’

New International Version

Ezekiel 18:1-32

The One Who Sins Will Die

1The word of the Lord came to me: 2“What do you people mean by quoting this proverb about the land of Israel:

“ ‘The parents eat sour grapes,

and the children’s teeth are set on edge’?

3“As surely as I live, declares the Sovereign Lord, you will no longer quote this proverb in Israel. 4For everyone belongs to me, the parent as well as the child—both alike belong to me. The one who sins is the one who will die.

5“Suppose there is a righteous man

who does what is just and right.

6He does not eat at the mountain shrines

or look to the idols of Israel.

He does not defile his neighbor’s wife

or have sexual relations with a woman during her period.

7He does not oppress anyone,

but returns what he took in pledge for a loan.

He does not commit robbery

but gives his food to the hungry

and provides clothing for the naked.

8He does not lend to them at interest

or take a profit from them.

He withholds his hand from doing wrong

and judges fairly between two parties.

9He follows my decrees

and faithfully keeps my laws.

That man is righteous;

he will surely live,

declares the Sovereign Lord.

10“Suppose he has a violent son, who sheds blood or does any of these other things18:10 Or things to a brother 11(though the father has done none of them):

“He eats at the mountain shrines.

He defiles his neighbor’s wife.

12He oppresses the poor and needy.

He commits robbery.

He does not return what he took in pledge.

He looks to the idols.

He does detestable things.

13He lends at interest and takes a profit.

Will such a man live? He will not! Because he has done all these detestable things, he is to be put to death; his blood will be on his own head.

14“But suppose this son has a son who sees all the sins his father commits, and though he sees them, he does not do such things:

15“He does not eat at the mountain shrines

or look to the idols of Israel.

He does not defile his neighbor’s wife.

16He does not oppress anyone

or require a pledge for a loan.

He does not commit robbery

but gives his food to the hungry

and provides clothing for the naked.

17He withholds his hand from mistreating the poor

and takes no interest or profit from them.

He keeps my laws and follows my decrees.

He will not die for his father’s sin; he will surely live. 18But his father will die for his own sin, because he practiced extortion, robbed his brother and did what was wrong among his people.

19“Yet you ask, ‘Why does the son not share the guilt of his father?’ Since the son has done what is just and right and has been careful to keep all my decrees, he will surely live. 20The one who sins is the one who will die. The child will not share the guilt of the parent, nor will the parent share the guilt of the child. The righteousness of the righteous will be credited to them, and the wickedness of the wicked will be charged against them.

21“But if a wicked person turns away from all the sins they have committed and keeps all my decrees and does what is just and right, that person will surely live; they will not die. 22None of the offenses they have committed will be remembered against them. Because of the righteous things they have done, they will live. 23Do I take any pleasure in the death of the wicked? declares the Sovereign Lord. Rather, am I not pleased when they turn from their ways and live?

24“But if a righteous person turns from their righteousness and commits sin and does the same detestable things the wicked person does, will they live? None of the righteous things that person has done will be remembered. Because of the unfaithfulness they are guilty of and because of the sins they have committed, they will die.

25“Yet you say, ‘The way of the Lord is not just.’ Hear, you Israelites: Is my way unjust? Is it not your ways that are unjust? 26If a righteous person turns from their righteousness and commits sin, they will die for it; because of the sin they have committed they will die. 27But if a wicked person turns away from the wickedness they have committed and does what is just and right, they will save their life. 28Because they consider all the offenses they have committed and turn away from them, that person will surely live; they will not die. 29Yet the Israelites say, ‘The way of the Lord is not just.’ Are my ways unjust, people of Israel? Is it not your ways that are unjust?

30“Therefore, you Israelites, I will judge each of you according to your own ways, declares the Sovereign Lord. Repent! Turn away from all your offenses; then sin will not be your downfall. 31Rid yourselves of all the offenses you have committed, and get a new heart and a new spirit. Why will you die, people of Israel? 32For I take no pleasure in the death of anyone, declares the Sovereign Lord. Repent and live!