Hesekiel 17 – AKCB & OL

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 17:1-24

Akɔre Abien Ne Bobe Ho Asɛm

1Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 2“Onipa ba, dwene mfatoho bi ho, fa yɛ abebusɛm na ka kyerɛ Israelfi. 3Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɔkɔre kɛse bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wɔ mu ne ntakra atenten bebree a ɛwɔ ahosu ahorow baa Lebanon. Okosii sida dua nkɔn mu, 4buu ne mman a ɛwɔ atifi pa ara na ɔde kɔɔ aguadifo asase bi so koduaa wɔ wɔn kuropɔn mu.

5“ ‘Ɔfaa wʼasase so aba no bi kɔhyɛɛ dɔtebere mu. Oduaa no sɛ ɔfɔsɔw dua a ɛwɔ nsuwansuwa ho, 6na ɛfefɛw bɛyɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛw wɔ fam. Ne mman no dannan kyerɛɛ ne so, nanso ne ntin no nyin kɔɔ fam. Enti ɛbɛyɛɛ bobe yiyii mman a so wɔ nhaban a ɛyɛ fɛ.

7“ ‘Nanso na ɔkɔre kɛse foforo bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wo mu na ne ho wɔ ntakra bebree wɔ hɔ. Bobe no dannan ne ntin fii beae a woduaa no hɔ kyerɛɛ ɔkɔre no na ɔtrɛw ne mman kɔɔ ne so kɔpɛɛ nsu. 8Wɔadua bobe wɔ asase pa a ɛbɛn nsuwansuwa ho, sɛnea ebeyiyi mman na asow aba na afei abɛyɛ bobe dua a edi mu.’

9“Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛbɛyɛ yiye ana? Wɔrentu nʼase ntetew ne so aba mma entwintwam ana? Nea afefɛw wɔ ho nyinaa betwintwam. Ɛho renhia abasa a emu yɛ duru anaa nnipa bebree na wɔatu nʼase. 10Sɛ wotu bobe no tɛw a, ɛbɛyɛ yiye ana? Sɛ apuei mframa bɔ no a, ɛrentwintwam ana? Ebewu wɔ asase pa a woduaa wɔ so ma enyinii yiye no so.’ ”

11Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 12“Ka kyerɛ saa atuatewfo yi se, ‘Munnim nea saa nneɛma yi kyerɛ ana?’ Ka kyerɛ wɔn se, ‘Babiloniahene kɔɔ Yerusalem kɔsoaa ne hene ne ne mmapɔmma de wɔn baa Babilonia. 13Oyii ɔdehye baako ne no kaa ntam yɛɛ apam. Ɔsoaa ntuanofo ne atitiriw a wɔwɔ asase no so nso kɔe, 14sɛnea ɛbɛyɛ a ahenni no renyɛ den na wɔrensɔre bio, na apam no nko ara na ɛbɛbɔ wɔn ho ban. 15Nanso ɔhene no somaa ananmusifo kɔɔ Misraim kɔsrɛɛ asraafo dɔm kɛse ne apɔnkɔ bebree nam so tew atua. Obedi nkonim ana? Nea ɔyɛ saa nneɛma yi benya ne ti adidi mu ana? Obebu apam no so na wanya ne ti nso adidi mu ana?

16“ ‘Sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade na ose, obewu wɔ Babilonia, ɔhene a ɔde no sii ahengua so no asase so, nea ɔtoo ne ntam na obuu nʼapam so no. 17Farao ne ne dɔmmarima ne nnipadɔm so remma no mfaso biara wɔ ɔko mu, bere a Babilonia asisi pampim na wayɛ ntuano nnwuma a ɔde rebɛsɛe bebree nkwa no. 18Obuu apam no so, nam so de too ntam no. Esiane sɛ ɔde ne nsa ahyɛ apam no ase na ɔyɛɛ eyinom nyinaa nti, ɔremfa ne ho nni.

19“ ‘Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ mete ase yi, mɛma me ntam a ɔtoe, ne mʼapam a obuu so no abɔ ne ti so. 20Mɛtrɛw mʼasau mu wɔ ne so na mʼafiri beyi no. Mede no bɛba Babilonia na mabu no atɛn wɔ hɔ, efisɛ wanni me nokware. 21Nʼakofo a wɔreguan nyinaa bɛtotɔ wɔ afoa ano, na wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu no mɛhwete wɔn akɔ mmaa nyinaa. Afei wubehu sɛ me Awurade makasa.

22“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mʼankasa mɛpan mman afi sida dua no nkɔn mu na madua. Mɛpan mman frɔmfrɔm ketewaa bi afi ne nkɔn mu akodua wɔ bepɔw tenten bi so. 23Medua wɔ Israel sorɔnsorɔmmea, ebeyiyi mman na asow aba na ayɛ sida dua a edi mu. Nnomaa ahorow bɛyɛ wɔn mmerebuw wɔ so na wɔanya ahomegyebea wɔ mman no nwini mu. 24Nwura mu nnua nyinaa behu sɛ me Awurade, na mitwa dua tenten to fam na mema dua a ɛyɛ tiaa nyin yɛ tenten. Mema duamono twintwam na mema nea atwintwam nso yɛ frɔmfrɔm.

“ ‘Me Awurade na maka, na mɛyɛ.’ ”

O Livro

Ezequiel 17:1-24

A parábola das duas águias e da videira

1Veio até mim a palavra do Senhor. 2“Homem mortal, expõe esta parábola ao povo de Israel. 3Assim diz o Senhor Deus: Uma grande águia, de asas largas e plumagem farta e colorida, veio até ao Líbano e arrancou um ramo da copa do mais alto cedro. 4Levou-o para uma cidade de comércio intenso e plantou-o ali. 5Num terreno fértil à beira dum rio, onde poderia crescer rapidamente, como acontece com os salgueiros. 6Esta ganhou raízes, cresceu e tornou-se numa videira, não muito alta, mas de ramos muito estendidos na direção da águia, produzindo ramos fortes e frutos luxuriantes.

7Mas quando outra águia muito grande, de asas largas e farta plumagem, igualmente se chegou, esta planta começou a estender as raízes e os ramos na direção desta última, ainda que estivesse num terreno bom e com água; 8o bastante para se tornar numa esplêndida videira, produzindo folhas e bons frutos.

9Pergunta o Senhor Deus: Deixarei esta videira desenvolver-se e prosperar? Não! A águia irá arrancá-la, com raízes e tudo! Corta-lhe os ramos e deixa as folhas murchar e morrer. Não é preciso um braço forte nem uma nação poderosa para arrancá-la pelas raízes. 10Ainda que essa videira tivesse começado muito bem, conseguirá prosperar? Não! Murchará completamente, quando o vento de leste lhe tocar, morrendo no próprio solo em que se dera tão bem.”

11Então veio até mim esta mensagem do Senhor: 12“Pergunta a esses rebeldes filhos de Judá: Não compreendem o que significa esta parábola? Pois vou dizer-vos. Nabucodonozor, rei de Babilónia, veio a Jerusalém, levou-lhe o rei e os nobres e trouxe-os para a Babilónia. 13Depois estabeleceu uma aliança com um membro da família real e fê-lo jurar lealdade. Levou consigo os indivíduos mais importantes, como reféns, 14para que a nação não voltasse a ser forte e não se revoltasse. Respeitando a sua aliança, Judá poderia ser respeitado e manter a sua identidade. 15Contudo, Zedequias rebelou-se contra a Babilónia, mandando embaixadores ao Egito, para obter um grande exército e muitos cavalos para combater contra Nabucodonozor. Poderá Judá alguma vez prosperar, depois de ter quebrado dessa forma todos os seus compromissos? Alguma vez se sairia bem?

16Não! Tão certo como eu viver, diz o Senhor Deus, o rei de Judá morrerá! Zedequias falecerá na Babilónia, onde vive o rei que lhe deu poder e com o qual estabeleceu o acordo que veio a quebrar. 17O Faraó e todo o seu poderoso exército não servirá de nada para ajudar, quando o rei da Babilónia cercar Jerusalém novamente e destruir muitas vidas. 18Visto que o rei rompeu as promessas que jurara, não escapará!

19O Senhor Deus diz: Tão certo como eu viver, castigá-lo-ei, sem falta, por ter desprezado uma aliança feita em meu nome. 20Lançarei sobre ele a minha rede, será apanhado no meu laço; hei de trazê-lo para a Babilónia e ajustarei contas com ele ali, por me ter traído. 21Todos os melhores soldados de Judá serão mortos na guerra; os que ficarem na cidade serão espalhados pelos quatro cantos da Terra. Então sim, hão de saber que fui eu, o Senhor, quem falou estas palavras.

22Diz o Senhor Deus: Eu próprio tomarei o rebento mais tenro do cimo do maior cedro e plantá-lo-ei na mais elevada montanha. 23No monte alto de Israel o plantarei. Tornar-se-á um cedro notável que dará ramos e frutos. Animais de toda a espécie abrigar-se-ão debaixo dele; os seus ramos servirão de poiso a toda a espécie de aves. 24E todas as árvores do campo saberão que sou eu, o Senhor, quem deita abaixo as altas árvores e eleva as pequenas, quem faz murchar as árvores verdes e torna verdes as que secavam.

Eu, o Senhor, disse que o farei e hei de fazê-lo!”