Hesekiel 14 – AKCB & NIVUK

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 14:1-23

Wobu Wɔn A Wɔsom Ahoni No Fɔ

1Israel mpanyimfo no mu bi baa me nkyɛn bɛtenatenaa mʼanim. 2Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 3“Onipa ba, saa mmarima yi de ahoni ahyɛ wɔn koma mu na wɔde amumɔyɛ hintidua asisi wɔn anim. Ɛsɛ sɛ mema wobisa mʼase koraa ana? 4Enti kasa kyerɛ wɔn na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ Israelni biara de ahoni hyehyɛ ne koma mu na ɔde amumɔyɛ hintidua sisi nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifo nkyɛn a, me Awurade, mɛma no mmuae a ɛfata nʼahonisom no kɛseyɛ. 5Mɛyɛ eyi de atwe Israelfo a wɔagyaw me akodi wɔn abosom akyi no koma aba bio.’

6“Enti ka kyerɛ Israelfi se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Monsakra mo adwene. Mumfi mo ahoni ho na munnyae mo nneyɛe a ɛyɛ akyiwade no!

7“ ‘Sɛ Israelni bi anaa ɔnanani a ɔte Israel twe ne ho fi me nkyɛn na ɔde ahoni hyɛ ne koma mu de amumɔyɛ hintidua si nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifo nkyɛn kobisa mʼase a, me, Awurade ankasa bebua no. 8Metu mʼani asa onipa no na mede no ayɛ nhwɛso ne kasabebui. Meyi no afi me nkurɔfo mu. Afei mubehu sɛ mene Awurade no.’ 

9“ ‘Na sɛ odiyifo no ma wɔdaadaa no ma ɔhyɛ nkɔm a, me Awurade na madaadaa odiyifo no, mɛteɛ me nsa wɔ ne so na matwa no afi me nkurɔfo Israelfo mu. 10Wɔbɛsoa wɔn afɔdi; odiyifo no ne nea okohuu no no nyinaa bedi fɔ. 11Na Israelfo renkwati me bio, na wɔremfa wɔn nnebɔne no ngu wɔn ho fi bio. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”

Atemmu A Wɔrentumi Nguan

12Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 13“Onipa ba, sɛ ɔman bi anni me nokware na enti wɔyɛ bɔne de tia me, na meteɛ me nsa wɔ wɔn so na migyae wɔn aduanma, na mema ɔkɔm ba bekunkum mu nnipa ne wɔn mmoa a, 14mpo sɛ saa nnipa baasa a wɔyɛ Noa, Daniel ne Hiob wɔ ɔman no mu a, wɔn trenee begye wɔn nko ara nkwa, Otumfo Awurade asɛm ni.

15“Anaa sɛ mema wuram mmoa kɔ saa asase no so na wokunkum so nnipa nyinaa na asase no sɛe a obiara ntumi mfa so, esiane wuram mmoa no nti a, 16sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, mpo sɛ saa mmarima baasa yi wɔ asase no so a, wɔrentumi nnye wɔn ankasa mmabarima ne mmabea nkwa. Wɔn nko ara na wobegye wɔn nkwa na asase no bɛsɛe.

17“Sɛ nso metwe afoa wɔ asase no so, na meka se, ‘Ma afoa no nkɔ asase no so nyinaa,’ na mikunkum so nnipa ne wɔn mmoa, 18sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, mpo sɛ saa mmarima baasa yi wɔ asase no so a, wɔrentumi nnye wɔn ankasa mmabarima ne mmabea nkwa. Wɔn nko ara na wobenya nkwa.

19“Sɛ nso mesoma ɔyaredɔm kɔ asase no so na menam mʼabufuwhyew so hwie mogya gu wɔ asase no so, kunkum so nnipa ne wɔn mmoa a, 20sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, sɛ Noa, Daniel ne Hiob mpo wɔ hɔ a, wɔrentumi nnye ɔbabarima anaa ɔbabea nkwa. Wɔn trenee nti wobegye wɔn nkwa.

21“Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛbɛyɛ hu mmoroso sɛ mɛma mʼatemmu huhuhuhu anan, a ɛyɛ afoa, ɔkɔm, wuram mmoa ne ɔyaredɔm akɔ Yerusalem so akokunkum ne mmarima ne wɔn mmoa! 22Nanso ebinom bɛka, mmabarima ne mmabea a wobeyi wɔn afi mu no. Wɔbɛba mo nkyɛn na sɛ muhu wɔn su ne wɔn nneyɛe a, mo bo bɛtɔ mo yam wɔ amanehunu a me de aba Yerusalem so no ho, amanehunu a mede aba ne so biara. 23Sɛ muhu wɔn su ne wɔn nneyɛe a mo bo bɛtɔ mo yam, efisɛ mubehu sɛ, menyɛɛ biribiara wɔ hɔ a enni farebae, Otumfo Awurade asɛm ni.”

New International Version – UK

Ezekiel 14:1-23

Idolaters condemned

1Some of the elders of Israel came to me and sat down in front of me. 2Then the word of the Lord came to me: 3‘Son of man, these men have set up idols in their hearts and put wicked stumbling-blocks before their faces. Should I let them enquire of me at all? 4Therefore speak to them and tell them, “This is what the Sovereign Lord says: when any of the Israelites set up idols in their hearts and put a wicked stumbling-block before their faces and then go to a prophet, I the Lord will answer them myself in keeping with their great idolatry. 5I will do this to recapture the hearts of the people of Israel, who have all deserted me for their idols.”

6‘Therefore say to the people of Israel, “This is what the Sovereign Lord says: repent! Turn from your idols and renounce all your detestable practices!

7‘ “When any of the Israelites or any foreigner residing in Israel separate themselves from me and set up idols in their hearts and put a wicked stumbling-block before their faces and then go to a prophet to enquire of me, I the Lord will answer them myself. 8I will set my face against them and make them an example and a byword. I will remove them from my people. Then you will know that I am the Lord.

9‘ “And if the prophet is enticed to utter a prophecy, I the Lord have enticed that prophet, and I will stretch out my hand against him and destroy him from among my people Israel. 10They will bear their guilt – the prophet will be as guilty as the one who consults him. 11Then the people of Israel will no longer stray from me, nor will they defile themselves anymore with all their sins. They will be my people, and I will be their God, declares the Sovereign Lord.” ’

Jerusalem’s judgment inescapable

12The word of the Lord came to me: 13‘Son of man, if a country sins against me by being unfaithful and I stretch out my hand against it to cut off its food supply and send famine upon it and kill its people and their animals, 14even if these three men – Noah, Daniel14:14 Or Danel, a man of renown in ancient literature; also in verse 20 and Job – were in it, they could save only themselves by their righteousness, declares the Sovereign Lord.

15‘Or if I send wild beasts through that country and they leave it childless and it becomes desolate so that no-one can pass through it because of the beasts, 16as surely as I live, declares the Sovereign Lord, even if these three men were in it, they could not save their own sons or daughters. They alone would be saved, but the land would be desolate.

17‘Or if I bring a sword against that country and say, “Let the sword pass throughout the land,” and I kill its people and their animals, 18as surely as I live, declares the Sovereign Lord, even if these three men were in it, they could not save their own sons or daughters. They alone would be saved.

19‘Or if I send a plague into that land and pour out my wrath on it through bloodshed, killing its people and their animals, 20as surely as I live, declares the Sovereign Lord, even if Noah, Daniel and Job were in it, they could save neither son nor daughter. They would save only themselves by their righteousness.

21‘For this is what the Sovereign Lord says: how much worse will it be when I send against Jerusalem my four dreadful judgments – sword and famine and wild beasts and plague – to kill its men and their animals! 22Yet there will be some survivors – sons and daughters who will be brought out of it. They will come to you, and when you see their conduct and their actions, you will be consoled regarding the disaster I have brought on Jerusalem – every disaster I have brought on it. 23You will be consoled when you see their conduct and their actions, for you will know that I have done nothing in it without cause, declares the Sovereign Lord.’