Hesekiel 12 – AKCB & KLB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 12:1-28

Asutwa Ho Nsɛnkyerɛnne

1Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 2“Onipa ba, wote nnipa a wɔtew atua mu. Wɔwɔ ani nanso wonhu ade, wɔwɔ aso nanso wɔnte asɛm, efisɛ wɔyɛ nnipa atuatewfo.

3“Enti onipa ba, boaboa wo nneɛma ano ma asutwa, na adekyee mu a wɔrewɛn no, fi nea wowɔ, na kɔ beae foforo. Ebia wɔbɛte ase, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ atuatewfo. 4Adekyee mu a wɔrewɛn no, fa wo nneɛma a woaboa ano ama asutwa no pue. Afei anwummere a wɔrewɛn no, fi adi sɛnea wɔn a wotwa wɔn asu yɛ no. 5Bere a wɔrewɛn no, tu ɔfasu no mu tokuru na yi wo nneɛma no fa mu. 6Fa to wo mmati so, bere a wɔrewɛn, na afei anim biribiri a, soa kɔ. Kata wʼanim sɛnea wunhu asase no, efisɛ mede wo ayɛ nsɛnkyerɛnne ama Israelfi.”

7Enti meyɛɛ sɛnea wɔhyɛɛ me no. Adekyee mu no, mede me nneɛma a maboa ano ama asutwa no puei. Anwummere no, mede me nsa tuu tokuru wɔ ɔfasu no mu, na anim biribirii no, miyii me nneɛma no soaa wɔ me mmati so a wɔrehwɛ.

8Adekyee no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 9“Onipa ba, saa Israelfi atuatewfo no ammisa wo se, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’

10“Ka kyerɛ wɔn se, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Saa nkɔmhyɛ yi fa ɔhene babarima a ɔwɔ Yerusalem ne Israelfi a wɔwɔ hɔ nyinaa ho. 11Ka kyerɛ wɔn se, ‘Meyɛ nsɛnkyerɛnne ma mo.’

“Sɛnea mayɛ no, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn. Wobetwa wɔn asu akɔ nnommum mu.

12“Ɔhene ba a ɔwɔ wɔn mu no de nʼadesoa bɛto ne mmati so bere a anim rebiribiri na wafi hɔ, na wobetu tokuru wɔ ɔfasu no mu ama wafa mu. Ɔbɛkata nʼanim sɛnea ɔrenhu faako a ɔrekɔ. 13Mɛtrɛw mʼasau mu agu ne so na makyere no wɔ mʼafiri mu; mede no bɛkɔ Babilonia Kaldeafo asase so, nanso ɔrenhu na hɔ na obewu. 14Mɛhwete wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa akɔ mmaa nyinaa; nʼadwumayɛfo ne nʼasraafo nyinaa, na mede afoa ataa wɔn.

15“Bere a mahwete wɔn akɔ amanaman so, na mahwete wɔn agu nsase so no, wobehu sɛ me ne Awurade no. 16Nanso mɛma wɔn mu kakra anya wɔn ti adidi mu wɔ ɔkɔm, ɔyaredɔm ne afoa ano, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ani bɛba wɔn akyiwade ahorow no so wɔ aman a wɔbɛkɔ so no mu. Afei wobehu sɛ me ne Awurade no.”

17Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 18“Onipa ba, sɛ woredidi a ma wo ho nwosow, na fa hu nom wo nsu. 19Ka kyerɛ nnipa a wɔwɔ asase no so no se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade ka fa wɔn a wɔte Yerusalem ne Israel asase so no ho: Wɔde ahopere bedidi na wɔde abasamtu anom nsu, efisɛ wɔbɛsɛe asase no so nneɛma nyinaa, esiane wɔn a wɔtete so no akakabensɛm nti. 20Wɔbɛsɛe nkurow a nnipa tete so no nyinaa na asase no bɛda mpan. Afei wubehu sɛ mene Awurade no.’ ”

21Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 22“Onipa ba, bɛ a mowɔ wɔ Israel a ese, ‘Nna no twa mu nanso Israel anisoadehu biara mma mu,’ yi ase ne dɛn? 23Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merebɛma bɛ yi aso ha ara, na wɔrenka wɔ Israel bio.’ Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nna a anisoadehu biara bɛba mu no abɛn. 24Na atoro anisoadehu ne nnaadaa abisa wɔ Israelfo mu no to betwa. 25Nanso me Awurade, mɛka nea ɛsɛ sɛ meka na ɛrenkyɛ na ɛbɛba mu. Na mo atuatewfo, mo bere so na mɛma nea maka biara no aba mu. Sɛɛ na Otumfo Awurade se.’ ”

26Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 27“Onipa ba, Israelfi reka se, ‘Anisoade a ohu no bɛba mu mfe bebree akyi, na nneɛma a ɛwɔ daakye akyirikyiri ho nkɔm na ɔhyɛ.’

28“Ɛno nti ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merentwe me nsɛm nkɔ kyi bio, nea meka biara bɛba mu, Otumfo Awurade na ose.’ ”

Korean Living Bible

에스겔 12:1-28

포로로 잡혀갈 것에 대한 에스겔의 상징적 행동

1여호와께서 다시 나에게 말씀하셨다.

2“사람의 아들아, 너는 아주 못된 백성 가운데 살고 있다. 그들은 볼 수 있는 눈을 가지고도 보지 않으며 듣는 귀를 가지고도 듣지 않으니 이것은 그들이 거역하는 백성이기 때문이다.

3“사람의 아들아, 이제 너는 짐을 꾸려 대낮에 그들이 보는 데서 네가 있는 곳을 떠나 다른 곳으로 가거라. 그들이 비록 거역하는 백성이라도 네가 떠나는 것을 보면 아마 깨달을 것이다.

4낮에는 그들이 보는 앞에서 피난민처럼 네 짐을 밖으로 내고 저녁때에는 그들이 보는 데서 네가 포로 되어 가는 것처럼 떠나라.

5너는 그들이 지켜 보는 가운데서 12:5 또는 ‘성벽’네 집의 벽을 뚫고 그리로 짐을 내어

6그들이 보는 데서 네 짐을 어깨에 메고 어두움 속으로 사라져야 한다. 그때 너는 땅을 보지 않도록 얼굴을 가려라. 네가 행하는 이 모든 일이 이스라엘 백성에게 하나의 징조가 될 것이다.”

7그래서 나는 명령을 받은 대로 낮에 피난민처럼 짐을 꾸려 저녁때에 내 손으로 우리 집 벽을 뚫고 짐을 밖으로 내어 그들이 보는 데서 어깨에 메고 떠났다.

8다음날 아침에 여호와께서 말씀하셨다.

9“사람의 아들아, 거역하는 이스라엘 백성들이 네가 무엇을 하느냐고 묻지 않았느냐?

10너는 나 주 여호와가 그들에게 하는 말을 전하라. 이것은 예루살렘에 있는 왕과 이스라엘 백성을 위한 것이다.

11너는 네가 행한 것이 앞으로 그들에게 일어날 일의 징조라고 말해 주어라. 그들은 포로로 잡혀갈 것이다.

12왕은 저녁 어두울 때에 짐을 어깨에 메고 나가되 백성들이 뚫어 준 성벽 구멍으로 짐을 내어 피신할 것이며 나갈 때에 얼굴을 가리고 땅을 보지 않을 것이다.

13그러나 나는 내 그물을 펴서 그를 잡아 갈대아 사람들의 땅인 바빌론으로 끌고 가겠다. 그러나 그는 그 땅을 보지 못하고 거기서 죽을 것이다.

14내가 그의 신하들과 경호원들을 사방 흩어 버리고 칼로 그들을 추격할 것이다.

15“내가 그들을 사방 분산시켜 이방 나라에 흩어 버리면 그제서야 그들이 나를 여호와인 줄 알 것이다.

16그러나 내가 그들 중에 소수의 사람들을 전쟁과 기근과 질병 가운데서도 살아 남게 하여 그들의 행위가 얼마나 악하고 추한가를 그들이 간 나라에서 깨닫게 하겠다. 그러면 그들이 나를 여호와인 줄 알 것이다.”

17여호와께서 또 나에게 말씀하셨다.

18“사람의 아들아, 너는 떨면서 음식을 먹고 놀라고 근심하면서 물을 마셔라.

19그러고서 너는 이 땅 백성들에게 말하라: 주 여호와께서 예루살렘과 이스라엘 땅에 사는 사람들에 대하여 이렇게 말씀하셨습니다. ‘그들이 근심하면서 음식을 먹고 절망 가운데서 물을 마실 것이다. 이것은 12:19 또는 ‘이 땅 모든 거민의 강포로 인하여’그 곳에 사는 모든 사람들의 죄로 그들의 땅이 모조리 황폐해질 것이기 때문이다.

20사람들이 사는 성들이 황폐해지고 못 쓰게 되면 그제야 너희가 나를 여호와인 줄 알 것이다.’ ”

21여호와께서 다시 나에게 말씀하셨다.

22“사람의 아들아, 이스라엘 땅에서 사람들이 ‘날은 지나가고 환상은 이루어지지 않는다’ 하는데 이 속담이 어찌된 것이냐?

23이제 너는 그들에게 나 여호와가 하는 말을 전하라. ‘내가 이 속담을 그치게 하겠다. 사람들이 다시는 이스라엘 땅에서 이 속담을 사용하지 못할 것이다. 이제 모든 환상이 이루어질 날이 가까웠다.

24앞으로는 이스라엘에 거짓된 환상이나 잘못된 예언이 없을 것이다.

25나 주 여호와가 말하지만 내가 하는 말이 지연되지 않고 이루어질 것이다. 거역하는 백성아, 내가 너희 생전에 내가 말하는 것을 이룰 것이다. 이것은 나 여호와의 말이다.’ ”

26여호와께서 또 나에게 말씀하셨다.

27“사람의 아들아, 이스라엘 백성은 너의 환상과 예언이 먼 미래의 것이라고 말하고 있다.

28그러므로 너는 그들에게 나 주 여호와가 이렇게 말한다고 일러 주어라. ‘이제는 지체되는 일이 없이 내가 한 말이 다 이루어질 것이다. 이것은 나 주 여호와의 말이다.’ ”