Hebrifo 3 – AKCB & SNC

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hebrifo 3:1-19

Yesu So Sen Mose

1Me nuanom akronkronfo a Onyankopɔn afrɛ mo, munnwen Yesu a yegye no to mu sɛ Ɔsomafo no ho. 2Na odii Onyankopɔn a oyii no sɛ ɔnyɛ saa adwuma yi no nokware sɛnea Mose nso dii nokware wɔ Onyankopɔn fi no. 3Wɔahu sɛ Yesu fata anuonyam sen Mose, sɛnea onipa a osi ofi nya anuonyam sen ofi no ankasa no. 4Ofi biara obi na osii. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa. 5Mose dii Onyankopɔn nokware sɛ ɔsomfo wɔ ne fi na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa. 6Nanso Kristo de, odi nokware sɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so. Sɛ yɛma yɛn bo yɛ duru na yɛwɔ gyidi wɔ yɛn anidaso mu a, na yɛyɛ ne fi no.3.6 Ofi no yɛ Onyankopɔn nnipa fifo. (Efe 2.19; 1 Pe 2.5)

7Enti Honhom Kronkron no ka se,

“Sɛ nnɛ mote Onyankopɔn nne a,

8monnyɛ asoɔden

te sɛ nea moyɛɛ bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no;

sɛnea moyɛɛ da a na mowɔ sare so a mosɔɔ no hwɛe no.

9Ɛhɔ na mo nenanom sɔɔ no hwɛe,

nanso wohuu nea meyɛɛ no mfe aduanan mu no.

10Ne saa nti me bo fuw saa nnipa no, na mekae se,

‘Wɔyɛ nnipa a wɔn koma aman afi me ho,

na wɔanhu mʼakwan.’

11Ɛno nti mekaa ntam wɔ mʼabufuw mu se,

‘Wɔrenhyɛn mʼahomegye mu da.’ ”

12Me nuanom, monhwɛ yiye na mo mu bi annya koma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni a ɛbɛma watwe ne ho afi Onyankopɔn teasefo no ho. 13Na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu ebinom na wɔnyɛ asoɔden nti, da biara mommoaboa mo ho mo ho wɔ mmere dodow a asɛm “Nnɛ” a ɛwɔ Kyerɛwsɛm mu no fa yɛn ho no. 14Na sɛ yeso gyidi a yɛwɔ no mu dennen sɛnea yɛde fi mfiase no a na yɛwɔ kyɛfa wɔ Kristo mu. 15Kyerɛwsɛm no ka se,

“Sɛ nnɛ mote Onyankopɔn nne a,

monnyɛ asoɔden

te sɛ nea moyɛɛ bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no.”

16Ɛhefo na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim fi Misraim no nyinaa. 17Ɛhefo na Onyankopɔn bo fuw wɔn mfirihyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtetew hwe wuwuu wɔ sare so no. 18Bere a Onyankopɔn kaa ntam se, “Wɔremma me home mu da” no, na ɔreka akyerɛ ɛhefo? Na ɔreka akyerɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no. 19Afei, yehu sɛ wɔantumi ankɔ ɔhome no mu, efisɛ wɔannye anni.

Slovo na cestu

Židům 3:1-19

Ježíš je srovnáván s Mojžíšem

1Proto se, bratři Bohem povolaní a Bohu oddaní, snažte poznávat Ježíše, který byl Božím vyslancem na zemi a nyní je naším zástupcem u Boha. 2Nezpronevěřil se Bohu, který jej ustanovil. Byl věrný jako Mojžíš, který se staral o Boží lid. 3-4Ale Ježíš převyšuje Mojžíše, jako tvůrce převyšuje své dílo. Vždyť on jako Bůh stvořil vše.

5Mojžíš byl pouze svědek toho, co pověděl Bůh. Byl věrný služebník Božího lidu. 6Kristus však jako Boží Syn je naším Pánem a zůstane jím, jestliže si až do konce zachováme pevnou jistotu a radostnou naději.

Nyní je čas naslouchat Bohu

7Proto nás Duch svatý napomíná:

„Když dnes zaslechnete jeho hlas,

8nezatvrzujte se ve vzdoru proti němu jako Izraelci při zkoušce na poušti,

9kde si vaši otcové žádali důkazy a tak mne pokoušeli.

10To pokolení se mi zošklivilo a řekl jsem:

‚Nerozumí sami sobě,

ani nechápou mé cesty.

11Proto jsem v hněvu přísahal,

že nedosáhnou odpočinku,

který jsem jim připravil.‘ “

12Dejte si tedy pozor, bratři, aby se ve vás neuhnízdilo zlo a nevěra, které by vás odváděly od živého Boha. 13Zkoumejte se každý den, dokud je k tomu příhodná chvíle, aby se někdo z vás nezatvrdil zaslepující a mámivou svůdností hříchu. 14Máme podíl na všem, co náleží Kristu, když setrváme do konce v počáteční důvěře. Ale vraťme se ke slovům:

15„Když dnes zaslechnete Boží hlas,

nezatvrzujte se vzpurně proti němu.“

16Kdo se to vlastně vzbouřil, když zaslechl Boží hlas? Ti, které Mojžíš vyvedl z Egypta. 17A koho měl Bůh v ošklivosti po čtyřicet let? Ty neposlušné, kteří pak zahynuli na poušti. 18-19Přísahal jim, že nedosáhnou odpočinku, který jim připravil. Nemohli ho dosáhnout pro nevěru.