Hebrifo 13 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hebrifo 13:1-25

Mmara Ne Nkradi

1Monnodɔ mo ho mo ho sɛ anuanom wɔ Kristo mu. 2Monkae na munnye ahɔho wɔ mo afi mu. Ebinom yɛɛ saa nam so gyee abɔfo a na wonnim. 3Monkae wɔn a wɔda afiase na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛda hɔ. Monkae wɔn a wɔrehu amane na momfa no sɛ mo ne wɔn na wɔrehu saa amane no.

4Mo nyinaa nni aware ni, na okununom ne ɔyerenom nni wɔn ho wɔn ho nokware, efisɛ Onyankopɔn bebu nguamanfo ne aguamammɔ atɛn. 5Munyi sikanibere mfi mo abrabɔ mu, na momma mo ani nsɔ nea mo nsa ka. Efisɛ Onyankopɔn aka se,

“Merennyaw wo,

na merempo wo da.”

6Momma yensi yɛn bo nka se,

“Awurade ne me boafo, enti merensuro.

Dɛn na onipa betumi ayɛ me?”

7Monkae mo mpanyimfo a wodii mo anim a wɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no. Monkae ɔkwan a wɔfaa so tenaa ase na munsua wɔn gyidi no. 8Yesu Kristo te saa ara nnɛra, nnɛ ne daa nyinaa.

9Mommma nkyerɛkyerɛ foforo biara nntwe mo mmfi ɔkwan pa so. Eye sɛ Onyankopɔn adom nti, yɛn kra benyin ahoɔden so a emfi aduan ho mmara a yedi so no. Wɔn a wodi mmara a ɛte saa so no nnya mmoa biara. 10Nanso yɛwɔ afɔremuka bi a Asɔfo a wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan mu no mpo nni ho kwan sɛ wodidi so.

11Yudafo Sɔfopanyin de mmoa mogya ba Kronkron mu Kronkron hɔ de bɛbɔ bɔne afɔre nanso wɔhyew mmoa no funu wɔ beae no akyi baabi. 12Eyi nti, Yesu nso wuu wɔ kurow no pon akyi, sɛnea ɛbɛyɛ a ne mogya bɛma nnipa ayɛ akronkron. 13Enti momma yɛnkɔ ne nkyɛn wɔ beae no akyi nkogye animguase no bi. 14Efisɛ yenni atenae a ɛwɔ hɔ daa wɔ asase yi so. Yɛrehwehwɛ kurow a ɛrebɛba no akyi kwan.

15Momma yɛmfa Yesu so mfa yɛn anofafa nkamfo Onyankopɔn din daa sɛ yɛn afɔrebɔde. 16Mommma mo werɛ mmfi sɛ mobɛyɛ mo ho mo ho papa aboaboa mo ho mo ho, efisɛ ɛno ne afɔrebɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani.

17Muntie mo mpanyimfo na munni wɔn asɛm so. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ wobu wɔn adwuma ho akontaa nti, wɔhwɛ mo kra so a wɔnhome koraa. Sɛ mutie wɔn a, wɔde anigye bɛyɛ wɔn adwuma. Sɛ anyɛ saa a wɔde awerɛhow bɛyɛ adwuma no na ɛremmoa mo.

18Monkɔ so mmɔ mpae mma yɛn. Yenim pefee sɛ yɛwɔ adwene a emu da hɔ, efisɛ yɛpɛ sɛ bere biara yɛyɛ ade a eye. 19Na mebɔ mpae kɔ so srɛ mo sɛ, mommɔ mpae na Onyankopɔn mfa me mmrɛ mo nnansa yi ara.

20Onyankopɔn anyan yɛn Awurade Yesu a ɔyɛ oguanhwɛfo panyin no afi awufo mu ama yɛn, na ɛnam ne wu no so nti wɔasɔw daa apam no ano ama yɛn. 21Asomdwoe Nyankopɔn mma mo nea ehia mo nyinaa na monam so ayɛ nʼapɛde, na ɔnam Yesu Kristo so ayɛ yɛn mu adwuma sɛnea ɛsɔ ani. Anuonyam nka Kristo daa nyinaa. Amen.

22Anuanom, mesrɛ mo sɛ monyɛ aso ntie nkuranhyɛ nsɛm yi, efisɛ saa krataa a makyerɛw mo yi nyɛ tenten biara.

23Mepɛ sɛ mebɔ mo amanneɛ sɛ wɔayi yɛn nua Timoteo afi afiase. Sɛ ɔba ntɛm a, me ne no bɛba mo nkyɛn.

24Yekyia mpanyimfo no ne Onyankopɔn nkurɔfo no nyinaa.

Anuanom a wɔwɔ Italia no kyia mo.

25Adom nka mo nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible

Hebrifoɔ 13:1-25

Mmara Ne Nkyea

1Monnodɔ mo ho mo ho sɛ anuanom wɔ Kristo mu. 2Monkae na monnye ahɔhoɔ wɔ mo afie mu. Ebinom yɛɛ saa nam so gyee abɔfoɔ a na wɔnnim. 3Monkae wɔn a wɔda afiase na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛda hɔ. Monkae wɔn a wɔrehunu amane na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛrehunu saa amane no.

4Mo nyinaa nni awadeɛ ni, na okununom ne ɔyerenom nni wɔn ho nokorɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛbu adwamanfoɔ ne awaresɛefoɔ atɛn. 5Monyi sikanibereɛ mfiri mo abrabɔ mu, na momma mo ani nsɔ deɛ mo nsa ka. Ɛfiri sɛ Onyankopɔn aka sɛ,

“Merennya wo,

na merennya wo da.”

6Momma yɛnsi yɛn bo nka sɛ,

“Awurade ne me ɔboafoɔ, enti merensuro.

Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?”

7Monkae mo mpanimfoɔ a wɔdii mo anim a wɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no. Monkae ɛkwan a wɔfaa so tenaa ase na monsua wɔn gyidie no. 8Yesu Kristo te saa ara nnora, ɛnnɛ ne daa nyinaa.

9Mommma nkyerɛkyerɛ foforɔ biara nntwe mo mmfiri ɛkwan pa so. Ɛyɛ sɛ Onyankopɔn adom enti, yɛn kra bɛnyini ahoɔden so a ɛmfiri aduane ho mmara a yɛdi so no. Wɔn a wɔdi mmara a ɛte saa so no nnya mmoa biara. 10Nanso yɛwɔ afɔrebukyia bi a Asɔfoɔ a wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu no mpo nni ho ɛkwan sɛ wɔdidi so.

11Yudafoɔ Sɔfopanin de mmoa mogya ba Kronkron mu Kronkron hɔ de bɛbɔ bɔne afɔdeɛ nanso wɔhye mmoa no funu wɔ beaeɛ no akyi baabi. 12Yei enti, Yesu nso wuu wɔ kuro no ɛpono akyi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne mogya bɛma nnipa ayɛ kronkron. 13Enti momma yɛnkɔ ne nkyɛn wɔ beaeɛ no akyi nkɔgye animguaseɛ no bi. 14Ɛfiri sɛ, yɛnni atenaeɛ a ɛwɔ hɔ daa wɔ asase yi so. Yɛrehwehwɛ kuro a ɛrebɛba no akyiri ɛkwan.

15Momma yɛmfa Yesu so mfa yɛn anofafa nkamfo Onyankopɔn din daa sɛ yɛn afɔrebɔdeɛ. 16Mommma mo werɛ mfiri sɛ mobɛyɛ mo ho mo ho papa aboaboa mo ho mo ho, ɛfiri sɛ, ɛno ne afɔrebɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani.

17Montie mo mpanimfoɔ na monni wɔn asɛm so. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ wɔbu wɔn adwuma ho akonta enti, wɔhwɛ mo kra so a wɔnhome koraa. Sɛ motie wɔn a, wɔde anigyeɛ bɛyɛ wɔn adwuma. Sɛ anyɛ saa a wɔde awerɛhoɔ bɛyɛ adwuma no na ɛremmoa mo.

18Monkɔ so mmɔ mpaeɛ mma yɛn. Yɛnim pefee sɛ yɛwɔ adwene a emu da hɔ, ɛfiri sɛ, yɛpɛ sɛ ɛberɛ biara yɛyɛ adeɛ a ɛyɛ. 19Na mebɔ mpaeɛ kɔ so srɛ mo sɛ, mommɔ mpaeɛ na Onyankopɔn mfa me mmrɛ mo nnansa yi ara.

20Onyankopɔn anyane yɛn Awurade Yesu a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ panin no afiri awufoɔ mu ama yɛn na ɛnam ne owuo no so enti, wɔasɔ daa apam no ano ama yɛn. 21Asomdwoeɛ Onyankopɔn mma mo deɛ ɛhia mo nyinaa na monam so ayɛ nʼapɛdeɛ, na ɔnam Yesu Kristo so ayɛ yɛn mu adwuma sɛdeɛ ɛsɔ ani. Animuonyam nka Kristo daa nyinaa. Amen.

22Anuanom, mesrɛ mo sɛ, monyɛ aso ntie nkuranhyɛ nsɛm yi, ɛfiri sɛ, saa krataa a matwerɛ mo yi nnyɛ tenten biara.

23Mepɛ sɛ mebɔ mo amaneɛ sɛ wɔayi yɛn nua Timoteo afiri afiase. Sɛ ɔba ntɛm a, me ne no bɛba mo nkyɛn.

24Yɛkyea mpanimfoɔ no ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ no nyinaa.

Anuanom a wɔwɔ Italia no kyea mo.

25Adom nka mo nyinaa.