Atemmufo 9 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Atemmufo 9:1-57

Abimelek Di Hene Wɔ Sekem

1Da koro bi, Yerub-Baal babarima Abimelek kɔɔ Sekem kɔsraa ne wɔfanom a wɔyɛ ne na nuabarimanom. Ɔka kyerɛɛ wɔn ne ne na fifo nkae no se, 2“Mummisa ɔmanfo a wɔwɔ Sekem no se, wɔpɛ sɛ Yerub-Baal mmabarima aduɔson no nyinaa di wɔn so anaasɛ wɔpɛ sɛ ɔbarima baako di wɔn so? Na monkae sɛ meyɛ mo bogya!”

3Enti Abimelek wɔfanom gyinaa nʼanan mu kasa kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Sekem nyinaa. Na wotiee wɔn adwenkyerɛ no, wɔpenee so faa Abimelek, efisɛ ɔyɛ wɔn busuani. 4Wɔfaa dwetɛ sika nnwetɛbona aduɔson fi Baal-Berit nsɔre so de maa Abimelek, na ɔde faa asraafo a wɔpenee so sɛ wubedi nʼakyi. 5Ɔde asraafo no kɔɔ nʼagya kurom wɔ Ofra. Na ɛhɔ, ɔbo bi so, na okunkum nʼagya mmabarima aduɔson no nyinaa. Nanso ne nuanom mu akumaa koraa a wɔfrɛ no Yotam no guan kɔtɛwee baabi. 6Enti Sekemfo ne Bet-Milofo yɛɛ nhyiamu wɔ odupɔn a ɛbɛn nkaedum a ɛwɔ Sekem no ase. Wosii Abimelek wɔn so hene.

7Yotam tee asɛm yi no, ɔforo kɔɔ Gerisim bepɔw no atifi na ɔteɛɛ mu ka kyerɛɛ wɔn se, “Sekemfo muntie me! Sɛ mopɛ sɛ Onyankopɔn tie mo de a, muntie me! 8Bere bi, nnua nyinaa pɛɛ sɛ wosi wɔn so hene. Nea edi kan no, wɔka kyerɛɛ ngodua se, ‘Bedi yɛn so hene!’

9“Nanso, wampene so kae se, ‘Adɛn? Minnyae me ngo a wɔde hyɛ Onyankopɔn ne nnipa anuonyam no, na minkokyinkyin nnua a aka so ana?’

10“Afei, wɔka kyerɛɛ borɔdɔma se ‘Bedi yɛn so hene!’

11“Borɔdɔma nso buae se, ‘Na minnyae aba sow na minkyin nnua afoforo so?’

12“Afei wɔka kyerɛɛ bobe se, ‘Bedi yɛn so hene.’

13“Na bobe no buae se, ‘Sɛ migyae me nsa pa a ɛma anyame ne nnipa anigye no ma a, na afei na merebekyin nnua bi so ana?’

14“Ne korakora ne sɛ, nnua no nyinaa ka kyerɛɛ nsɔe se, ‘Bedi yɛn so hene.’

15“Na nsɔe buae se, ‘Sɛ ɛyɛ mo adwene kann sɛ mode me besi mo so hene a, mommra mmɛhyɛ me nwini yi ase. Sɛ ɛnte saa a, momma ogya mfi nsɔe mu mmɛhyew Lebanon sida nyinaa.’

16“Afei mugye di sɛ moayɛ nea ɛho wɔ nyam, na ɛnam ne kwan mu sɛ mode Abimelek asi mo so hene, na moayɛ Yerub-Baal ne nʼasefo nyinaa apɛde. Moayɛ nea ɛfata ama mʼagya ana? 17Na ɔko maa mo de ne ho bɔɔ afɔre bere a ogyee mo fii Midianfo nsam no. 18Na nnɛ, moasɔre atia mʼagya ne nʼasefo, akunkum ne mmabarima aduɔson wɔ ɔbo baako so. Mode Abimelek a ɔyɛ ne somfobea babarima asi Sekem manfo so hene, sɛ ɔyɛ mo busuani nti. 19Sɛ moayɛ nea ɛho wɔ nyam na ɛnam ne kwan mu ama Yerub-Baal ne nʼasefo a, ɛno de mubenya ahosɛpɛw wɔ Abimelek mu na ɔno nso anya ahosɛpɛw wɔ mo mu. 20Sɛ nea moayɛ no mfa ne kwan mu de a, ɛno de, ogya mfi Abimelek nkyɛn mmɛhyew mo, Sekemfo ne Bet-Milofo. Na ogya nso mfi Sekemfo ne Bet-Milofo nkyɛn mmɛhyew Abimelek!”

21Na esiane Abimelek ho suro nti, ne nuabarima Yotam guan kɔtenaa Beer.

Sekem Sɔre Tia Abimelek

22Abimelek dii Israel so mfe abiɛsa akyi no, 23Onyankopɔn somaa honhom fi bi ma ɔde ɔhaw baa Abimelek ne Sekem mpanyimfo ntam na wɔtew atua. 24Nsɛm a esisii akyi yi mu no, Onyankopɔn twee Abimelek ne Sekemfo aso sɛ wokunkum Yerub-Baal mmabarima aduɔson no. 25Sekem mmarima bi kɔtɛwee Abimelek wɔ mmepɔw atifi, na wɔbɔɔ obiara a otwaa mu wɔ hɔ no apoo. Nnipa bi kɔɔ Abimelek nkyɛn kotii nʼase.

26Saa bere no, Ebed babarima Gaal ne ne nuabarimanom kɔɔ Sekem. Na Sekemfo no nyaa wɔn mu awerehyɛmu. 27Bere a wɔredi Otwabere Afahyɛ wɔ Sekem wɔ ɛhɔ nyame bi nsɔree so no, bobesa buu so wɔ hɔ maa obiara fitii ase domee Abimelek. 28Gaal teɛɛ mu se, “Hena ne Abimelek? Ɔnyɛ Sekem aseni kann, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nʼasomfo? Ɔyɛ Yerub-Baal babarima kɛkɛ na Sebul na ɔtoto ne man ho nhyehyɛe ma no. Monsom nnipa a wofi Hamor, wɔn na wɔyɛ Sekem asefo kann. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsom Abimelek? 29Sɛ mewɔ tumi a, anka meyi Abimelek afi hɔ. Anka mɛka akyerɛ no se, ‘Pɛ asraafo bebree bra bɛko!’ ”

30Na Sebul a otua kurow no ano tee nea Gaal rekeka no, ne bo fuwii. 31Ɔsomaa abɔfo kɔɔ Abimelek nkyɛn wɔ Aruma, kɔka kyerɛɛ no se, “Ebed babarima Gaal ne ne nuabarimanom abɛtena Sekem na wɔretu ɔmanfo no aso sɛ wɔnsɔre ntia wo. 32Fa asraafo bra anadwo bɛtɛw mfuw yi mu. 33Ade kyee ara pɛ, tow hyɛ kuropɔn yi so. Na sɛ Gaal ne nʼapamfo ba betia wo a, nea wopɛ biara wutumi yɛ wɔn.”

34Na Abimelek ne ne mmarima kɔɔ anadwo no, na wɔkyɛɛ wɔn mu akuw anan de twaa Sekem ho hyiae. 35Bere a Abimelek ne nʼakofo pue fii ahintawee mu no, na Gaal gyina kurow no pon ano. 36Bere a Gaal huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ Sebul se, “Hwɛ, nnipa bi fi bepɔw no so reba!”

Sebul buae se, “Ɛyɛ mmepɔw no sunsuma na ayɛ sɛ nnipa no.”

37Nanso Gaal san kae se, “Dabi, nnipa bi resian mmepɔw no. Na kuw foforo nso nam ɔkwan a ɛfa Akɔmfo Dupɔn ho no reba.”

38Afei, Sebul dan guu ne so se, “Anosɛm a na woyɛ no ase ne dɛn? Ɛnyɛ wo ara na wokae se ‘Hena ne Abimelek, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nkoa’ no? Ɛnyɛ nnipa yi na wudii wɔn ho fɛw no? Kɔ na wo ne wɔn nkɔko!”

39Enti Gaal dii Sekem mmarima anim sɛ wɔrekɔko atia Abimelek, 40nanso odii nkogu na oguanee. Wokunkum Sekem akofo bebree sɛw wɔn afunu kɛtɛ wɔ ɔkwan a ɛkɔ kuropɔn no pon ano no so. 41Abimelek tenaa Aruma na Sebul pam Gaal ne ne nuanom mmarima fii Sekem.

42Ade kyee no, Sekemfo no kɔɔ wura mu sɛ wɔrekɔko. Abimelek tee no, 43ɔkyɛɛ ne mmarima mu akuwakuw abiɛsa ma wɔkɔtetɛw wura mu. Bere a Abimelek huu sɛ nnipa no fi kuropɔn no mu reba no, ɔne ne mmarima no fii wɔn ahintawee mu tow hyɛɛ wɔn so. 44Abimelek ne ne kuw no kogyee kuropɔn no pon ano hɔ fae sɛnea ɛbɛyɛ a Sekemfo rentumi nsan wɔn akyi. Afei, akuw abien tow hyɛɛ Sekemfo a wɔwɔ wuram hɔ no so kunkum wɔn. 45Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa ansa na Abimelek redi kuropɔn no so koraa. Okunkum nnipa no, sɛee kuropɔn no, na ɔpetee nkyene wɔ hɔ nyinaa.

46Nnipa a wɔte Sekem abantenten mu tee asɛm a asi no, wokohintaw Baal-Berit nsɔree so. 47Obi kɔbɔɔ Abimelek amanneɛ sɛ nnipa no bi aboa wɔn ho ano wɔ nsɔree so hɔ, 48enti odii nʼakofo anim kɔɔ Salmon Bepɔw so. Ɔfaa abonnua twaa mman bi fii dua bi so na ɔde guu ne mmati so. Ɔka kyerɛɛ ne dɔm no se, “Ntɛm, nea mayɛ yi, monyɛ bi!” 49Enti wɔn mu biara twitwaa dua mman no bi, sɛnea Abimelek yɛe no. Wɔboaa mman no ano wɔ nsɔree so no afasu ho de ogya too mu. Enti nnipa a na wɔte Sekem abantenten mu a wɔn dodow bɛyɛ mmarima ne mmea apem no nyinaa wuwui.

50Afei Abimelek tow hyɛɛ kuropɔn Tebes so dii so. 51Nanso na abandennen bi wɔ kuropɔn no mu. Ɛno nti, kuropɔn no mu nnipa nyinaa guan kɔhyɛɛ mu. Wɔtoo wɔn ho pon mu, foforo kɔɔ abandennen no atifi pɛɛ. 52Abimelek toaa wɔn sɛ ɔrekɔtow ahyɛ abandennen no so. Ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔreto mu gya pɛ, 53ɔbea bi a ɔwɔ abandennen no atifi gyaa awiyammo mu ma ɛbɛbɔɔ Abimelek moma so na ɛpɛtɛw ne ti koraa.

54Abimelek ka kyerɛɛ aberante a okura nʼakode no se, “Twe wʼafoa na kum me! Na nnipa anka sɛ ɔbeabasia na okum Abimelek!” Enti aberante no de nʼafoa wɔɔ no maa owui. 55Bere a Abimelek nkurɔfo huu sɛ wawu no, wɔde wɔn akode guu hɔ san kɔɔ wɔn afi mu.

56Saa na Onyankopɔn twee Abimelek aso wɔ bɔne a ɔyɛ de tiaa nʼagya sɛ okum ne nuabarimanom aduɔson no. 57Saa ara na Onyankopɔn twee mmarima a wɔwɔ Sekem aso wɔ wɔn bɔne ahorow a wɔyɛɛ no ho. Ɛno nti, Yerub-Baal babarima Yotam nnome no baa mu.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

士師記 9:1-57

亞比米勒做王

1耶路·巴力的兒子亞比米勒示劍的舅舅家,對外祖父全家說: 2「請你們去問示劍人,耶路·巴力的七十個兒子統治他們好呢,還是一個人統治他們好呢?別忘記我是你們的骨肉至親。」 3他們便將他的話轉告示劍人。示劍人因為亞比米勒是他們的親戚,都擁護他, 4巴力·比利土的廟裡拿了七十塊銀子給他。他用這些錢收買了一班無賴做隨從。 5他前往俄弗拉,來到他父親家,在一塊磐石上殺死了他七十個同父異母的兄弟,只有耶路·巴力的小兒子約坦躲了起來,倖免於難。 6示劍米羅的人都聚集到示劍石柱旁的橡樹下,擁立亞比米勒為王。

7約坦聽見這消息,便上到基利心山頂,高喊:「示劍人啊,你們要聽我說,這樣上帝也會聽你們說。 8從前,樹木要選一個王,它們對橄欖樹說,『你來做我們的王。』 9橄欖樹說,『我怎能因為貪圖凌駕於眾樹之上而停止出產用來尊崇神與人的橄欖油呢?』 10樹木對無花果樹說,『你來做我們的王。』 11無花果樹說,『我怎能因為貪圖淩駕於眾樹之上而停止出產甜美的果子呢?』 12於是,樹木對葡萄樹說,『你來做我們的王。』 13葡萄樹說,『我怎能因為貪圖淩駕於眾樹之上而停止出產令神明和世人都快樂的美酒呢?』 14最後,所有的樹木都對荊棘說,『你來做我們的王。』 15荊棘回答說,『倘若你們誠心立我為你們的王,就投靠在我的蔭下吧;不然,願火從荊棘中冒出來吞噬黎巴嫩的香柏樹。』

16「現在你們立亞比米勒為王,光明正大嗎?你們有沒有善待耶路·巴力和他一家?有沒有按他的功績對待他? 17你們想想,從前我父親為你們出生入死,從米甸人手中拯救你們。 18現在你們卻背叛我父親家,在一塊磐石上殺死他七十個兒子。因為他婢女的兒子亞比米勒是你們的親戚,你們就立亞比米勒為王。 19倘若你們光明正大地對待了耶路·巴力一家,願你們給亞比米勒帶來快樂,也願亞比米勒給你們帶來快樂。 20否則,願亞比米勒燒滅你們示劍人和米羅人,也願你們示劍人和米羅人燒滅亞比米勒。」 21約坦因懼怕他的兄弟亞比米勒,就逃往比珥居住。

亞比米勒毀滅示劍

22亞比米勒治理以色列三年後, 23上帝派遣一個邪靈挑起亞比米勒示劍人之間的爭端,示劍人用詭詐的手段對待亞比米勒24這是要懲罰亞比米勒和幫他殘殺耶路·巴力七十個兒子的示劍人。 25示劍人在山頂設下埋伏,等候亞比米勒,他們搶劫所有過路的行人。有人把這事告訴了亞比米勒

26以別的兒子迦勒和他的弟兄來到示劍示劍人都信任他們。 27示劍人出城到田間採摘葡萄,踩榨葡萄汁,然後在他們的神廟中歡宴,盡情吃喝,咒詛亞比米勒28以別的兒子迦勒說:「亞比米勒是誰?我們示劍人是誰,竟要服侍他?他不就是耶路·巴力的兒子嗎?他的幫手不就是西布勒嗎?我們為什麼要服侍他?你們要服侍示劍人祖先哈抹的後代。 29要是這百姓歸我領導就好了!我會除掉亞比米勒,我會挑戰他召集全軍來戰9·29 我會挑戰他召集全軍來戰」參考七十士譯本;希伯來文為「他對亞比米勒說:『召集你的全軍來戰吧!』」。」

30示劍城的官長西布勒聽見以別的兒子迦勒的話,勃然大怒, 31暗中派人對亞比米勒說:「以別的兒子迦勒和他的弟兄已經到了示劍,正在煽動全城反對你。 32請你晚上帶著部下埋伏在田間, 33清晨日出時攻城。迦勒帶著部下出來應戰時,你便可以見機行事。」

34於是,亞比米勒帶領軍隊夜間出發,兵分四路埋伏在示劍城外。 35早晨,以別的兒子迦勒出來站在城門口時,亞比米勒帶領部下從埋伏的地方衝了出來。 36迦勒看見他們,便對西布勒說:「看!有人正從山頂下來。」西布勒說:「你把山影看成人了吧。」 37迦勒說:「看!有人正從山上下來,還有一隊人正從占卜橡樹那邊的路上奔來。」 38西布勒說:「你的豪氣哪裡去了?你曾說,『亞比米勒是誰,我們竟要服侍他?』這些不就是你譏笑的人嗎?出去迎戰吧!」 39於是,迦勒率領示劍人出城迎戰亞比米勒40迦勒敗逃,亞比米勒緊追不捨,沿途有許多人受傷倒在地上,一直到城門口。 41之後,亞比米勒住在亞魯瑪西布勒迦勒和他的弟兄逐出示劍

42第二天,示劍人出城來到田間。亞比米勒得知後, 43把部下兵分三隊,埋伏在田間,等城裡的人出來時,伏擊他們。 44亞比米勒率領一隊人衝到示劍的城門口,截斷示劍人的退路,其他兩隊擊殺田間的示劍人。 45亞比米勒鏖戰一天,攻陷了示劍城,殺了城內的居民,把整座城夷為平地,還撒上了鹽。

46示劍樓的人聽到風聲,躲進了巴力·比利土神廟的內堂。 47亞比米勒得知後, 48便領兵上撒門山用斧頭砍下樹枝,扛在肩上,並命令部下趕緊照做。 49他們都砍下一根樹枝,跟著亞比米勒把樹枝堆在神廟內堂的四周,放火燒死了裡面所有的人,男女約一千人。

50隨後,亞比米勒去圍攻提備斯,佔領了該城。 51全城的人都逃進城中一座堅固的城樓內,鎖上大門,爬上樓頂。 52亞比米勒攻打城樓,走到城樓門口正準備放火時, 53有個婦人扔下一塊磨石,砸爛了他的頭。 54亞比米勒連忙對為他拿兵器的年輕人說:「拔刀殺了我吧,免得人們說,『一位婦人殺了他。』」於是,那年輕人刺死了他。 55以色列人見亞比米勒已死,便各自回家了。 56上帝就這樣使亞比米勒得到了報應,因為他殘殺了自己的七十個兄弟, 57也讓示劍人因自己的一切惡行而得到了報應。耶路·巴力的兒子約坦的咒詛臨到了他們。