Atemmufo 7 – AKCB & KLB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Atemmufo 7:1-25

Gideon Di Midianfo So Nkonim

1Anɔpahema, Yerub-Baal (a ɔne Gideon) ne nʼakofo kɔɔ ara kosii Harod asu ho. Midian asraafo nso bɔɔ tukuw wɔ atifi fam wɔ obon bi a ɛbɛn More bepɔw no. 2Awurade ka kyerɛɛ Gideon se, “Akofo a wɔka wo ho no dɔɔso dodo. Sɛ mema mo nyinaa ko tia Midianfo a, Israelfo no bɛhoahoa wɔn ho akyerɛ me sɛ wɔn ara nam wɔn ahoɔden so na wogyee wɔn ho sii hɔ. 3Ɛno nti, ka kyerɛ nnipa no se, ‘Obiara a ɔyɛ bɔtee anaa osuro no, onyi ne ho mfi mu na ɔnkɔ fie.’ ” Wɔn mu mpem aduonu abien na wɔkɔɔ fie, na ɛkaa wɔn mu mpem du a wɔpɛe sɛ wɔbɛko.

4Nanso Awurade ka kyerɛɛ Gideon se, “Wɔdɔɔso ara. Fa wɔn bra asu no ho na mɛsa wɔn mu ayi wɔn a wo ne wɔn bɛkɔ ne wɔn a wɔne wo renkɔ.”

5Bere a Gideon de nʼakofo no kɔɔ asu no ho no, Awurade ka kyerɛɛ no se, “Kyɛ nnipa no mu akuw abien. Fa nnipa a wɔbɔ nsu gu wɔn nsam na wɔde wɔn tɛkrɛma taforo no sɛ akraman no kɔ kuw baako mu. Kuw a ɛto so abien no nso, fa wɔn a wobu nkotodwe de wɔn ano nom nsu wɔ asuwa mu no hyɛ mu.” 6Mmarima no mu ahaasa pɛ na na wɔnom nsu fi wɔn nsa mu. Wɔn a aka no nyinaa nso, na wobu nkotodwe de wɔn ano nom nsu fi asuwa no mu.

7Awurade ka kyerɛɛ Gideon se, “Menam saa mmarima ahaasa yi so begye mo, na mama moadi Midianfo no so nkonim. Ma wɔn a aka no nyinaa nkɔ fie.” 8Enti Gideon gyigyee wɔn akwansoduan ne ntorobɛnto fii akofo no nkyɛn ma wɔkɔɔ fie. Ɛnna ɔmaa mmarima ahaasa no kaa ne nkyɛn.

Na Midianfo no atenae wɔ obon a ɛwɔ Gideon ase pɛɛ. 9Anadwo no, Awurade kae se, “Sɔre! Kɔ Midianfo no atenae no mu wɔ ase hɔ, na mɛma mo adi wɔn so nkonim! 10Na sɛ wusuro sɛ wobɛkɔ akɔtow ahyɛ wɔn so a, wo ne wo somfo Pura nkɔ hɔ. 11Tie nea Midianfo no reka na ɛbɛhyɛ wo nkuran. Na wo ho bɛpere wo ama woatow ahyɛ wɔn so.”

Enti Gideon faa Pura kaa ne ho ne no kɔɔ atamfo no atenae no mfikyiri. 12Saa bere no na Midianfo, Amalekfo ne nnipa no nkae a wofifi apuei fam no abɛfɔre so te sɛ mmoadabi wɔ obon no mu. Na wɔn yoma nso dodow te sɛ mpoano nwea. Wɔdɔɔso dodo!

13Gideon weawea koduu hɔ no, na ɔbarima bi reka ne dae a ɔsoo akyerɛ nʼadamfo bi se, “Mesoo dae na brodo kurukuruwa bi atew abɛhwe Midianfo atenae. Ɛkɔpem ntamadan no bi na ebu faa so ma ɛkɔhwee ase.”

14Nʼadamfo no kae se, “Wo dae no kyerɛ ade baako pɛ. Onyankopɔn de Midian ne ne dɔm nyinaa so nkonimdi ahyɛ Yoas babarima Gideon, Israelni no nsa.”

15Bere a Gideon tee dae no ne ne nkyerɛase no, ɔkotow sɔree Onyankopɔn. Ɔsan baa Israel atenae mu teɛɛ mu se, “Monsɔre! Awurade de Midianfo ahyɛ mo nsa.” 16Ɔkyɛɛ mmarima ahaasa no mu akuwakuw abiɛsa. Ɔde ntorobɛnto ne dɔte kuruwa a ogyatɛn hyehyɛ mu maa wɔn.

17Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ me. Munni mʼakyi. Sɛ midu atenae no mfikyiri a, nea mɛyɛ biara no, monyɛ bi. 18Sɛ me ne wɔn a wɔka me ho nyinaa hyɛn ntorobɛnto no a, mo a moatwa atenae no ho ahyia no nyinaa, mo nso monhyɛn mo de na monteɛ mu se, ‘Yɛko ma Onyankopɔn ne Gideon.’ ”

19Anadwo dasum a wɔasesa awɛmfo no awie pɛ, na Gideon ne mmarima ɔha a wɔka ne ho no koduu Midianfo atenae mfikyiri. Mpofirim wɔhyɛn wɔn ntorobɛnto no, bobɔɔ dɔte nkuruwa a na ɛhyehyɛ wɔn nsam no. 20Afei akuw abiɛsa no nyinaa hyɛn wɔn ntorobɛnto bobɔɔ wɔn nkuruwa. Na wokurakura ogyatɛn a ɛredɛw no wɔ wɔn nsa benkum mu na wokurakura ntorobɛnto wɔ wɔn nsa nifa mu, wɔteɛɛ mu se, “Awurade afoa yɛ Gideon afoa!” 21Ɔbarima biara gyinaa nʼafa wɔ atenae no ho, hwɛɛ Midianfo no sɛ wɔabɔ huboa reteɛteɛ mu na wɔreguan.

22Bere a Israelfo ahaasa no hyɛn wɔn ntorobɛnto no, Awurade maa wɔn atamfo akofo a wɔwɔ atenae hɔ no twaa wɔn ho de afoa ne wɔn ho wɔn ho koe. Wɔn a wɔanwu no guan koduu Bet-Sita a ɛbɛn Serera ne Abel-Mehola hye a ɛbɛn Tabat so.

23Afei, Gideon soma kɔfaa Naftali, Aser ne Manase akofo a wɔbɛboa ma wɔtaa Midian nsraadɔm a wɔreguan no. 24Gideon tuu abɔfo kɔɔ Efraim mmepɔw aman no so kɔkae se, “Mommra mmɛtow nhyɛ Midianfo so. Munhyia wɔn wɔ Yordan aworoe so a ɛwɔ Bet-Bera hɔ no.”

Na Efraim mmarima no yɛɛ sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn no. 25Wɔkyeree Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene. Wokum Oreb wɔ Oreb botan so, na wokum Seeb nso wɔ Seeb nsakyiamoa ho. Na wɔkɔɔ so taa Midianfo no. Akyiri no, Israelfo no de Oreb ne Seeb ti no brɛɛ Gideon a na saa bere no ɔwɔ Yordan ho no.

Korean Living Bible

사사기 7:1-25

기드온의 300명 용사

1그때 기드온과 그를 따르는 모든 백성이 아침 일찍 일어나 하롯샘 곁에 진을 쳤고 미디안군은 그들의 북쪽 모레산 곁에 있는 골짜기에 진을 쳤다.

2여호와께서 기드온에게 말씀하셨다. “너와 함께 있는 백성이 너무 많아서 내가 미디안 사람들을 너희 손에 넘겨 주지 않겠다. 그들이 만일 전쟁에 이기면 자기들 힘으로 이긴 줄 알고 교만할 것이다.

3그러므로 너는 백성들에게 두려워서 떠는 자는 누구든지 이 곳 길르앗산을 떠나 집으로 돌아가라고 말하라.” 그래서 22,000명이 돌아가고 10,000명만 남았다.

4그러나 여호와께서 기드온에게 다시 말씀하셨다. “아직도 너무 많다. 너는 그들을 강가로 데리고 가거라. 내가 거기서 너와 함께 싸우러 갈 사람과 가지 않을 사람을 구별하여 너에게 보여 주겠다.”

5그래서 기드온은 그들을 물가로 데리고 갔다. 그때 여호와께서 그에게 “개처럼 혀로 물을 핥아 먹는 사람과 무릎을 꿇어 마시는 사람을 따로따로 세워라” 하고 말씀하셨다.

6그러자 손으로 물을 움켜서 핥아 먹은 사람은 300명이었고 그 나머지 사람들은 모두 무릎을 꿇고 물을 마셨다.

7그때 여호와께서 기드온에게 말씀하셨다. “내가 물을 핥아 먹은 300명으로 너희를 구원하고 미디안 사람들을 너희 손에 넘겨 주겠다. 너는 그 나머지 사람들을 다 집으로 돌려보내라.”

8그래서 기드온은 300명을 제외한 나머지 사람들을 모두 집으로 돌려보냈으며 남은 300명은 돌아가는 사람들에게서 식량과 나팔을 인수하였다. 그때 미디안군은 이스라엘군이 있는 골짜기 아래쪽에 진을 치고 있었다.

9그 날 밤 여호와께서 기드온에게 말씀하셨다. “너는 일어나 미디안군의 진지를 공격하라. 내가 그들을 네 손에 넘겨 주겠다.

10그러나 만일 네가 공격하는 것이 두려우면 네 부하 부라를 데리고 그 진지로 가서

11그들이 하는 말을 들어라. 그러면 공격할 용기가 생길 것이다.” 그래서 기드온이 부라를 데리고 적군의 진지 끝으로 내려가 보니

12미디안 사람과 아말렉 사람과 동방 사람들이 그 골짜기에 메뚜기떼처럼 수없이 누워 있었고 그들의 낙타는 바닷가의 모래알처럼 많았다.

13기드온이 그 곳에 도착했을 때 한 사람이 자기 친구에게 꿈꾼 이야기를 하고 있었다. “여보게, 내가 꿈을 꾸었는데 보리 빵 하나가 우리 진지 안으로 굴러들어오더니 천막에 부딪치자 그만 천막이 쓰러지지 않겠나!”

14그때 그 친구가 대답하였다. “그것은 이스라엘 사람 요아스의 아들, 기드온의 칼날이야. 하나님이 미디안과 우리 모든 군대를 그의 손에 넘기셨다는 뜻일세.”

15기드온이 그 꿈 이야기와 해몽을 듣고 하나님께 경배한 후 이스라엘 진지로 돌아와서 외쳤다. “일어나시오! 여호와께서 미디안군을 다 여러분에게 넘겨 주셨습니다!”

16그러고서 그는 300명의 병력을 세 부대로 나누고 각 병사에게 횃불이 든 항아리와 나팔을 주면서

17이렇게 말하였다. “내가 적 진지 외곽에 도착하면 여러분은 나를 잘 보고 내가 하는 대로 따라 하시오.

18내가 나와 함께 있는 사람들과 나팔을 불면 여러분도 적 진지 사방에서 나팔을 불고 ‘여호와를 위하여! 기드온을 위하여!’ 하고 외치시오.”

19기드온과 그를 따르는 100명의 병력이 미디안군의 진지 외곽에 도착했을 때는 그들이 막 보초 교대를 끝낸 자정 무렵이었다. 갑자기 그들이 나팔을 불며 들고 있던 항아리를 깨뜨리자

20다른 두 부대도 그들을 따라 일제히 왼손에 든 항아리를 부수어 횃불을 높이 들고 오른손에 든 나팔을 불며 “여호와와 기드온을 위한 칼이다” 하고 외쳤다.

21그들이 각자 자기 위치에 서서 그 진지를 포위하자 적군은 놀라 아우성 치며 허둥지둥 달아나기 시작하였다.

22기드온의 300명 용사가 나팔을 부는 동안 여호와께서는 그들을 혼란 가운데 빠뜨려 자기들끼리 서로 치게 하셨다. 그들이 멀리 답밧 부근 아벨 – 므홀라 경계선까지 스레라 쪽을 향해 벧 – 싯다로 도망하자

23납달리 지파와 아셀 지파와 므낫세 지파에서 소집된 이스라엘군이 그들을 추격하였다.

24그리고 기드온은 에브라임 산간 지대 전역에 사람을 보내 이렇게 말하였다. “여러분은 내려와서 미디안군을 치고 그들을 앞질러 벧 – 바라까지 요단강 나루터를 장악하여 한 사람도 건너가지 못하게 하시오.” 그래서 에브라임 사람들이 다 소집되어 벧 – 바라까지 요단강 나루터를 장악하고

25미디안군의 두 장군 오렙과 스엡을 생포하여 오렙은 바위 위에서 죽였고 스엡은 포도주틀에서 죽였다. 그래서 그 바위를 ‘오렙 바위’ 라 불렀고 그 포도주틀을 ‘스엡 포도주틀’ 이라고 불렀다. 그리고 이스라엘군은 계속 미디안군을 추격하고 오렙과 스엡의 머리를 잘라 요단강 저편에 있는 기드온에게 갖다 주었다.