Atemmufo 5 – AKCB & NRT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Atemmufo 5:1-31

Debora Dwom

1Da no, Debora ne Abinoam babarima Barak too saa dwom yi:

2“Israel mpanyimfo sɔre dii anim,

na nnipa no de anigye dii wɔn akyi.

Nhyira nka Awurade!

3“Mo ahemfo, muntie!

Monyɛ aso, mo abirɛmpɔn!

Na mɛto dwom ama Awurade.

Mɛma me nne so ama Awurade, Israel Nyankopɔn.

4Awurade, bere a wufii Seir,

na wobɔɔ nsra faa Edom mfuw so no,

asase wosowee

na ɔsoro omununkum tuee nsu.

5Awurade ba no maa mmepɔw wosowee.

Sinai Bepɔw mpo wosowee wɔ Awurade, Israel Nyankopɔn anim.

6“Anat ba Samgar ne Yael bere so,

nnipa amfa atempɔn so,

na akwantufo faa anammɔnkwan kɔntɔnkye so.

7Nnipa kakra na wɔkaa Israel nkuraa

kosii sɛ Debora sɔree sɛ ɛna maa Israel.

8Bere a Israel som anyame foforo no,

ɔko sɔree kuropɔn no apon ano.

Nanso wɔanhu nkatabo anaa peaw

wɔ akofo mpem aduanan a wɔwɔ Israel mu!

9Mewɔ Israel ntuanofo afa

ne wɔn a wɔde anigye dii wɔn akyi.

Hyira Awurade!

10“Mo a motete afurum a wɔte apɔw so,

tete nsaa a ɛyɛ fɛ so, muntie!

Ne mo a ɛsɛ sɛ monantew fam nso, muntie!

11Muntie nkuraa nnwontofo a wɔaboa wɔn ho ano wɔ anomee.

Wɔkeka Awurade trenee nkonimdi,

ne ne nkuraasefo nkonimdi wɔ Israel ho asɛm.

“Afei Awurade nkurɔfo

bɔɔ nsra kɔɔ kuropɔn no apon ano.

12‘Sɔre! Debora, sɔre!

Sɔre, sɔre na to dwom!

Sɔre, Barak!

Di wo nneduafo anim kɔ, Abinoam ba!’

13“Nkaefo no bɔɔ nsra fi Tabor kɔɔ ahoɔdenfo so.

Awurade nkurɔfo bɔɔ nsra kɔɔ akofo ahoɔdenfo so.

14Wofi Efraim bae, asase a na kan no na ɛyɛ Amalekfo dea,

na Benyamin nso dii wʼakyi.

Asahene no bɔɔ nsra fii Makir;

ɔsahene pemakurafo fi Sebulon bae.

15Na Isakar mu atitiriw ka Debora ne Barak ho.

Wodii Barak akyi, bɔ wuraa obon no mu.

Nanso Ruben abusuakuw mu de,

wɔansi wɔn adwene pi.

16Adɛn nti na wotenaa fie wɔ nguanhwɛfo mu,

tie nguanhwɛfo a wɔde hwirema frɛ wɔn nguan?

Ruben abusuakuw mu,

wɔansi wɔn adwene pi.

17Gilead kaa Yordan apuei hɔ.

Na Dan de, adɛn nti na ɔtenaa fie?

Aser tenaa mpoano a wanka ne ho,

ɔkaa nʼahyɛn gyinabea ahorow hɔ.

18Nanso Sebulon too ne nkwa apemafo

sɛnea Naftali yɛɛ wɔ akono no.

19“Kanaan ahemfo koo wɔ Taanak a ɛbɛn Megido asu ho,

nanso wɔannya dwetɛ asade biara ankɔ.

20Nsoromma fi soro koe.

Nsoromma nam wɔn akwan so ko tiaa Sisera.

21Asubɔnten Kison twee wɔn kɔe,

tete asu, Kison.

Me kra, fa akokoduru bɔ nsra kɔ wʼanim!

22Afei, apɔnkɔ no tɔte pempem fam,

wɔde mmirikatɛntɛ, Sisera apɔnkɔ ahoɔdenfo no mmirikatɛntɛ.

23‘Nnome nka Merosfo,’ Awurade bɔfo na ose.

Ma nnome a ano yɛ den nka wɔn

efisɛ wɔammɛboa Awurade,

wɔammɛboa Awurade anko antia akofo ahoɔdenfo no.

24“Nhyira nka Yael,

Heber a ofi Keni yere.

Ne nhyira nsen mmea a wɔtete ntamadan mu nyinaa.

25Sisera srɛɛ nsu,

na Yael maa no nufusu.

Kuruwa a ɛfata ahemfo no mu

na ɔde nufusu ani srade brɛɛ no.

26Afei, ɔde ne nsa benkum yii ntamadan pɛe,

na ɔde ne nsa nifa faa odwumfo asae.

Ɔde bɔɔ Sisera, pɛtɛw ne ti.

Ɔde pɛe no wɔɔ ne moma so, bɔɔ so kɔɔ ne tirim.

27Ɔmemee, ɔhwee ase;

owui wɔ ne nan ase.

28“Sisera nena hwɛɛ mfɛnsere mu;

ɔtɛw mfɛnsere mu hwɛɛ no kwan,

ɔkae se, ‘Adɛn nti na ne teaseɛnam akyɛ ba yi?

Adɛn nti na yɛnte teaseɛnam nhankare nnyigyei yi?’

29Ne mmea anyansafo no rema mmuae no,

otii mu kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ ne ho se:

30‘Wɔrekyɛ asade a wonyae no,

ɔbarima biara rennya ɔbea baako anaa baanu.

Sisera rennya ntade a ɛyɛ fɛ

na me nso merennya ntade a ekura ahosu ahorow na wɔanwen mu fɛfɛ?’

31Awurade, ma wʼatamfo nyinaa nwu sɛ Sisera!

Nanso ma wɔn a wɔdɔ wo no nkɔso sɛ owigyinae.”

Afei, asomdwoe baa asase no so mfirihyia aduanan.

New Russian Translation

Судей 5:1-31

Песнь Деворы и Варака

1В тот день Девора и Варак, сын Авиноама, спели такую песнь:

2«Вожди повели Израиль,

народ пошел добровольно –

славьте Господа!

3Слушайте, цари! Внимайте, правители!

Господу буду петь,

буду играть пред Господом, Богом Израиля.

4Когда вышел Ты, Господи, из Сеира5:4 Сеир – другое название страны Эдом, земли потомков Исава, брата Иакова.,

когда выступил Ты из земли Эдома,

дрожала земля, и с неба лило –

облака изливали воду.

5Горы дрожали пред Господом,

перед Тем, Кто с Синая,

пред Господом, Богом Израиля5:4-5 Сеир и Синай – места, которые ассоциируются с заключением завета израильского народа с Богом и получением Закона (см. Исх. 19:18; Втор. 33:2)..

6В дни Шамгара, сына Анафа,

в дни Иаили пути опустели,

и ходившие прежде дорогой прямой

пускались в обход.

7Обезлюдели в Израиле села,

обезлюдели, пока не явилась, не восстала я5:7 Или: «ты».,

Девора, мать в Израиле.

8Избрали новых богов –

вот и война у ворот,

и ни щита, ни копья

не видно у сорока тысяч в Израиле.

9Сердце мое с вождями Израиля,

с добровольцами из народа.

Славьте Господа!

10Вы, кто ездит на белых ослицах,

кто сидит на коврах5:10 Смысл этого места в еврейском тексте неясен.,

кто ходит по дороге,

пойте песнь!5:10 Или: «подумайте»; или: «говорите об этом»

11И под голос лучников5:11 Лучников – или: «певцов». Смысл этого места в еврейском тексте неясен. у колодцев

идет разговор о Господних победах,

о победах в Израиле Его народа5:11 Или: «крестьян»..

И тогда Господень народ устремился к воротам.

12„Вставай, вставай, Девора!

Вставай, вставай, песню пой!

Поднимайся, Варак,

уводи своих пленных, сын Авиноама!“

13И тогда уцелевшие собрались к вельможам;

Господень народ собрался ко мне против сильных.

14От Ефрема пришли укоренившиеся в земле Амалика,

и следом за тобой, Вениамин, с твоим народом.

От Махира пришли вожди,

от Завулона – держащие жезл полководца.

15С Деворою шли князья Иссахара –

да, остался Иссахар Вараку верен,

и за ним они ринулись в долину.

А в кланах Рувима большое колебание.

16Что же мешкал ты среди овчарен,

как стада собирают свистом, слушал?

Да, Рувима кланы в большом колебании.

17Галаад прижился за Иорданом.

Дан – зачем у кораблей он засиделся?

Асир остался на побережье

и живет у своих пристаней.

18А народ Завулона рисковал жизнью,

и с ним Неффалим на высотах поля.

19Явились цари, сразились.

Сразились цари Ханаана

в Таанахе, у вод близ Мегиддо,

да не взяли серебряных трофеев.

20Звезды с небес сражались,

с путей своих сражались с Сисарой.

21Река Кишон прочь их унесла,

древняя река, река Кишон.

Вперед, душа! Будь сильна!

22И грохотали коней копыта

в галопе, в галопе его жеребцов.

23„Прокляните Мероз, – сказал Ангел Господень. –

Жителей его прокляните страшно,

ведь они не пришли на помощь Господу,

на помощь Господу против сильных“.

24Благословенна средь женщин будь, Иаиль,

кенея Хевера жена,

благословенна средь женщин, живущих в шатрах.

25Просил он воды – подала молока,

в величественной чаше, вельможи достойной,

принесла ему сливки.

26Руку свою протянула за колышком,

правую – за молотком ремесленника.

Поразила Сисару, голову ему разбила,

раздробила, пронзила висок.

27К ногам ее он склонился, упал, лежал.

К ногам ее он склонился, упал,

да, где склонился, там и упал – мертвым.

28Мать Сисары из окна глядит,

причитает из-за решетки оконной:

„Что ж его колесницы так долго нет?

Что же стук колесниц его медлит?“

29А мудрейшие из женщин придворных

отвечают ей – да и сама все время

твердит она себе:

30„Не добычу ли берут они и делят:

по девице на воина иль по две,

пеструю одежду для Сисары,

пеструю, расшитую одежду,

богато расшитую одежду мне на плечи – всю эту добычу?“

31Так да погибнут все враги Твои, Господи!

А те, кто любит Тебя, да будут как солнце,

когда оно поднимается во всей своей силе».

И земля покоилась в мире сорок лет.