Atemmufo 18 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Atemmufo 18:1-31

Dan Abusuakuw Mu Ahonisom

1Saa bere no mu na Israel nni ɔhene. Na Dan abusuakuw rehwehwɛ baabi atena, efisɛ na wontumi mpam nnipa a wɔte asase a wɔde maa wɔn no so. 2Enti mmarima a wofi Dan abusuakuw yii akofo baanum a na wɔte Sora ne Estaol sɛ wɔnkɔhwehwɛ asase a wobetumi atena so.

Bere a saa akofo yi duu Efraim bepɔw asase so no, wɔkɔɔ Mika fi kɔdaa hɔ anadwo no. 3Wotiee Lewini aberante no sɛnea na ɔrekasa no, wɔde no kɔɔ nkyɛn bisaa no se, “Hena na ɔde wo baa ha na dɛn na woreyɛ? Na adɛn nti na wowɔ ha?” 4Ɔkaa nhyehyɛe a ɔne Mika ayɛ kyerɛɛ wɔn na ɔkyerɛɛ mu sɛ, ɔyɛ ɔsɔfo ma Mika.

5Na wɔkae se, “Bisa Awurade ma yɛn sɛ yɛn akwantu yi besi yiye anaasɛ ɛrensi yiye.”

6Ɔsɔfo no kae se, “Monkɔ no asomdwoe mu, efisɛ, Awurade bedi mo anim wɔ mo akwantu no mu.”

7Na mmarima baanum no kɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Lais mu. Wohuu sɛ nnipa a hwee mfa wɔn ho te sɛ Sidonfo na wɔte hɔ. Na wɔwɔ asomdwoe ne bammɔ. Na nnipa no wɔ sika, efisɛ na wɔn asase no yɛ asase bere. Na wɔne Sidon ntam twe yiye, na wɔne obiara nni twaka.

8Bere a wɔsan kɔɔ Sora ne Estaol no, wɔn nuanom bisaa wɔn se, “Dɛn na muhui?”

9Na wobuae se, “Momma yɛnkɔtow nhyɛ wɔn so! Yɛahu asase no na eye pa ara. Monntwentwɛn mo anan ase koraa, monkɔfa asase no. 10Sɛ mudu hɔ a, mubehu nnipa a hwee mfa wɔn ho wɔ hɔ. Onyankopɔn ama yɛn asase bere yantamm a biribiara wɔ so.”

11Enti akofo ahansia a wofi Dan abusuakuw mu sii mu fii Sora ne Estaol. 12Wɔkyeree nsraban wɔ beae bi a ɛwɔ Kiriat-Yearim atɔe fam wɔ Yuda asase so. Wɔfrɛ hɔ Mahane Dan besi nnɛ. 13Wofi hɔ no, wɔkɔɔ Efraim bepɔw asase no so, baa Mika fi.

14Enti mmarima baanum a wɔkɔsraa Lais asase no ka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no se, “Nsɔree so bi wɔ ha a asɔfotade kronkron, abusua ahoni, ne ohoni a wɔagu ho wɔ hɔ. Munim nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.” 15Enti mmarima baanum no kɔɔ Mika fi, faako a Lewini aberante no te na wokyiaa no fɛw so. 16Saa bere no na akofo ahansia a wofi Dan abusuakuw mu no gyinagyina abɔntenpon no ano pɛɛ, 17na akwansrafo baanum no kɔɔ nsɔree so hɔ, kɔfaa ohoni, asɔfotade kronkron, ne abusua ahoni no.

18Bere a ɔsɔfo no huu sɛ mmarima no retwe akronkronne no afi Mika nsɔree so hɔ no, obisaa wɔn se, “Dɛn na moreyɛ yi?”

19Wobuaa no se, “Mua wʼano! Di yɛn akyi na bɛyɛ yɛn nyinaa agya ne yɛn sɔfo. Wunnye nni sɛ eye sɛ wobɛyɛ Israel abusuakuw bi sɔfo sen sɛ wobɛyɛ onipa baako fi mu sɔfo?” 20Ɔsɔfo aberante no ani gyei sɛ ɔne wɔn bɛkɔ. Enti ɔfaa asɔfotade kronkron no, abusua ahoni ne ohoni a wɔagu no. 21Wosii mu bio de wɔn mma, nyɛmmoa ne wɔn agyapade, dii wɔn anim.

22Bere a Dan abusuakuw mu nnipa no afi Mika fi kɔ akyirikyiri no, Mika ne nʼafipamfo mu bi tiw wɔn. 23Wɔbɛn wɔn no wɔteɛteɛɛ mu. Na Dan mmarima no dan wɔn ani kae se, “Dɛn na morehwehwɛ? Adɛn nti na woafrɛ nnipa yi aboa ano na moretaa yɛn sɛɛ?”

24Mika buae se, “Wubisa sɛ dɛn na worehwehwɛ a na wokyerɛ dɛn? Moafa mʼanyame nyinaa ne me sɔfo, na minni hwee bio!”

25Dan mmarima no buae se, “Hwɛ nea woreka no yiye! Yɛn mu bi bo nkyɛ fuw, anhwɛ a wɔn bo befuw na wɔakum wo ne wʼabusuafo.” 26Enti Dan mmarima no toaa so kɔɔ wɔn kwan. Mika huu sɛ nnipa no dɔɔso a enti ontumi ntow nhyɛ wɔn so no, ɔdan ne ho kɔɔ fie.

27Dan mmarima faa Mika ahoni ne ne sɔfo no de wɔn baa kurow Lais a emu nnipa wɔ asomdwoe ne bammɔ no mu. Wɔtow hyɛɛ emu nnipa no so, kunkum wɔn nyinaa, hyew kurow no dwerɛbee. 28Na obiara nni hɔ a obegye kurow no mufo, efisɛ na nea wɔte no ne Sidon mu twe na wonni adɔfo a wɔbɛn nso. Saa asɛm yi sii wɔ obon a ɛbɛn Bet-Rehob no mu.

Afei, Dan abusuakuw no mma san kyekyeree kurow no, na wɔtenaa hɔ. 29Wɔde kurow no too Dan a ɔyɛ wɔn tete agya Israel no ba, na kan no wɔfrɛ hɔ Lais.

30Afei, wogyinaa ohoni a wɔagu no na wɔfaa Gersom babarima Yonatan a ɔyɛ Mose aseni sɛ wɔn sɔfo. Saa ofi yi mu nnipa kɔɔ so yɛɛ asɔfo maa Dan abusuakuw kosii Otukɔ bere. 31Enti Dan abusuakuw no toaa so som ohoni a ɛyɛ Mika dea no wɔ bere tenten a na Onyankopɔn Ahyiae Ntamadan no wɔ Silo.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

士师记 18:1-31

米迦和但支派

1那时以色列没有王。支派的人正在寻找可以居住的地方,因为他们在以色列各支派中还没有得到属于自己的土地。 2支派的人从琐拉以实陶派本族的五名勇士去打探、察看那个地方。他们吩咐说:“你们去察看那个地方。”他们到了以法莲山区,在米迦家里借宿。 3他们听出那利未青年的口音,就问他:“谁带你来这里的?你在这里做什么?你为什么在这里?” 4那青年便把米迦聘他做祭司的事告诉了他们。 5他们说:“请你求问上帝,看看我们是否一路顺利。” 6祭司说:“你们安心去吧,耶和华会一路眷顾你们。”

7五人启程来到拉亿,发现当地人像西顿人一样无忧无虑,生活安宁,毫无防范,繁荣富足。他们离西顿很远,与外界没有来往。

8五人回到琐拉以实陶后,族人问他们:“你们有什么发现吗?” 9他们回答说:“我们前去攻取那地方吧!我们已经打探清楚了,那地方非常好。你们还等什么?要赶快去占领那地方。 10你们到了那里,会看见当地的居民毫无防范,那里地大物博,一无所缺。上帝已经把那地方赐给我们了。”

11支派便从琐拉以实陶派出六百个全副武装的人。 12他们来到犹大 基列·耶琳的西边安营。因此,那地方至今仍叫玛哈尼·但18:12 玛哈尼·但”意思是“但的军营”。13然后,他们去以法莲山区,来到米迦的家。

14侦察过拉亿的五个人对其余的人说:“你们知道吗?这家有以弗得、一些家庭神像、一个雕刻的偶像和一个金属铸像。想一想我们该怎么办。” 15那五个人就进入米迦的家里,到年轻的利未人房间向他问安, 16随行的六百人带着兵器留在门口。 17当时祭司也和那六百个全副武装的人站在门口。那五个人进去拿走了雕刻的偶像、以弗得、家庭神像及金属铸像。 18祭司见那五人进入米迦家拿走雕刻的偶像、以弗得、家庭神像及金属铸像,就问他们:“你们在做什么?”

19他们说:“安静,别作声,跟我们来做我们的师父和祭司吧。做以色列一个支派、一个宗族的祭司难道不比做一家人的祭司更好吗?” 20祭司听了非常高兴,就带着以弗得、家庭神像及雕刻的偶像跟随了他们。 21他们转身离去,儿女、牲畜和财物在队伍的前面。

22他们离开米迦的家一段路后,米迦召集邻居赶了上来, 23向他们大喊。支派的人转身问米迦:“你们召集这么多人来做什么?” 24米迦说:“你们带走了我的神像和祭司,把我洗劫一空,还问我想做什么!” 25支派的人说:“别再多说了,不然我们当中性情暴躁的人会攻击你们,使你全家丧命。” 26支派的人继续赶路。米迦见对方人多势众,就回家去了。

27支派的人带着米迦的神像和他的祭司来到拉亿,那里的人生活安宁,毫无防范。他们杀掉当地的居民,放火烧了城。 28拉亿西顿很远,当地的居民与外界没有来往,以致孤立无援。这城位于伯·利合附近的山谷中,支派的人重建该城,住在那里。 29这座城原来叫拉亿,他们用祖先以色列的儿子的名字为该城重新命名。 30支派的人把神像竖立起来,又指派摩西的孙子、革舜的儿子约拿单及其子孙做支派的祭司,直到该城的人被敌人掳走为止。 31上帝的会幕设立在示罗期间,米迦的神像一直竖立在