Atemmufo 12 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Atemmufo 12:1-15

Efraim Ne Yefta Ko

1Efraim abusuakuw no boaboaa asraafo ano twa kɔɔ Safon. Wɔde nkra yi kɔmaa Yefta: “Adɛn nti na woansoma ammɛka ankyerɛ yɛn sɛ yɛmmɛboa mo nko ntia Amonfo? Yɛrebɛhyew wo ne wo fi nyinaa pasaa!”

2Yefta buae se, “Mansotwe no mfiase no, mefrɛɛ mo, nanso moamma. Moammɛboa annye me wɔ Amonfo nsam. 3Mede me nkwa too me nsam kɔkoe a monnka ho, nanso Awurade ma midii Amonfo so nkonim. Na adɛn nti na afei woaba sɛ wo ne me rebɛko?”

4Efraimfo ntuanofo no buae se, “Gileadfo nyɛ nnipa biara sɛ aguanfo a wofi Efraim ne Manase.” Enti Yefta frɛɛ nʼakofo; wɔtow hyɛɛ Efraimfo so, dii wɔn so nkonim.

5Yefta ko faa Yordan aworoe so. Bere biara a oguanfo bi a ofi Efraim pɛ sɛ ɔfa hɔ guan kɔ nʼakyi no, Gileadfo no bisa no se, “Wufi Efraim abusua mu ana?” Sɛ ɔbarima no bua se, “Dabi” a, 6wɔka kyerɛ no se, ɔnka “Sibolet.” Sɛ ofi Efraim a, ɔka, “Sibolet,” Efisɛ nnipa a wofi Efraim no ntumi nka saa asɛm no yiye. Sɛ ɛba saa a, na wɔakyere no akokum no wɔ Asubɔnten Yordan aworoe so hɔ. Enti Efraimfo mpem aduanan abien na wokunkum wɔn saa bere no.

7Yefta yɛɛ Israel so temmufo mfe asia. Owui no, wosiee no wɔ Gilead nkurow no baako so.

Ibsan Bɛyɛ Israel So Temmufo

8Yefta akyi no, Ibsan na ɔbɛyɛɛ otemmufo wɔ Israel. Ɔtenaa Betlehem. 9Na ɔwɔ mmabarima aduasa ne mmabea nso aduasa. Ɔmaa ne mmabea no wareware fii mmusua foforo mu. Ne mmabarima no de, ɔfaa mmabun aduasa fii mmusua foforo mu ma wɔbɛwarewaree wɔn. Ibsan buu Israel atɛn mfe ason. 10Owui no, wosiee no wɔ Betlehem.

Elon Bɛyɛ Israel So Temmufo

11Ibsan akyi no, Elon a ofi Sebulon na ɔbɛyɛɛ otemmufo wɔ Israel. Obuu Israel atɛn mfe du. 12Bere a owui no, wosiee no wɔ Ayalon, Sebulon asase so.

Abdon Bɛyɛ Israel So Temmufo

13Elon wu akyi no, Hilel babarima Abdon a ofi Piraton na ɔbɛyɛɛ otemmufo wɔ Israel. 14Onyaa mmabarima aduanan ne nananom aduasa a na wɔn mu biara tena mfurum so. Ɔyɛɛ otemmufo wɔ Israel mfe awotwe. 15Owu ma wosiee no wɔ Piraton wɔ Efraim asase a ɛwɔ Amalekfo bepɔw asase no so.

King James Version

Judges 12:1-15

1And the men of Ephraim gathered themselves together, and went northward, and said unto Jephthah, Wherefore passedst thou over to fight against the children of Ammon, and didst not call us to go with thee? we will burn thine house upon thee with fire.12.1 gathered…: Heb. were called 2And Jephthah said unto them, I and my people were at great strife with the children of Ammon; and when I called you, ye delivered me not out of their hands. 3And when I saw that ye delivered me not, I put my life in my hands, and passed over against the children of Ammon, and the LORD delivered them into my hand: wherefore then are ye come up unto me this day, to fight against me? 4Then Jephthah gathered together all the men of Gilead, and fought with Ephraim: and the men of Gilead smote Ephraim, because they said, Ye Gileadites are fugitives of Ephraim among the Ephraimites, and among the Manassites. 5And the Gileadites took the passages of Jordan before the Ephraimites: and it was so, that when those Ephraimites which were escaped said, Let me go over; that the men of Gilead said unto him, Art thou an Ephraimite? If he said, Nay; 6Then said they unto him, Say now Shibboleth: and he said Sibboleth: for he could not frame to pronounce it right. Then they took him, and slew him at the passages of Jordan: and there fell at that time of the Ephraimites forty and two thousand. 7And Jephthah judged Israel six years. Then died Jephthah the Gileadite, and was buried in one of the cities of Gilead.

8¶ And after him Ibzan of Beth-lehem judged Israel. 9And he had thirty sons, and thirty daughters, whom he sent abroad, and took in thirty daughters from abroad for his sons. And he judged Israel seven years. 10Then died Ibzan, and was buried at Beth-lehem.

11¶ And after him Elon, a Zebulonite, judged Israel; and he judged Israel ten years. 12And Elon the Zebulonite died, and was buried in Aijalon in the country of Zebulun.

13¶ And after him Abdon the son of Hillel, a Pirathonite, judged Israel. 14And he had forty sons and thirty nephews, that rode on threescore and ten ass colts: and he judged Israel eight years.12.14 nephews: Heb. sons’ sons 15And Abdon the son of Hillel the Pirathonite died, and was buried in Pirathon in the land of Ephraim, in the mount of the Amalekites.