Asomafo 28 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 28:1-31

Yedu Malta

1Yeduu mpoano hɔ no, ankyɛ na yehuu sɛ yɛwɔ supɔw Malta so. 2Supɔw no sofo no gyee yɛn fɛw so. Esiane sɛ na osu atɔ ama awɔw aba nti, wɔsɔɔ ogya ma yɛtoe. 3Paulo bubuu mmabaa sɛ ɔde regu ogya no mu. Ɔde regu mu no, ɔwɔ bi a ogya no hyew aka no no bebaree ne nsa ho. 4Supɔw no sofo no huu ɔwɔ no sɛ ɔbebare ne nsa ho no, wɔkae se, “Saa onipa yi yɛ owudifo a wanya ne ti adidi mu wɔ po akwanhyia mu, nanso esiane ne bɔne nti owu ara na etwa sɛ owu.” 5Paulo petee ɔwɔ no too ogya no mu a hwee anyɛ no. 6Na nkurɔfo no nyinaa susuw sɛ Paulo bɛhonhon anaasɛ obetwa ahwe awu. Nanso wɔtwɛn ara a biribiara anyɛ no no, wɔsakraa wɔn adwene kae se, “Ɔyɛ onyame bi.”

7Na ɔpanyin a ɔhwɛ supɔw no so a wɔfrɛ no Publio no fi bɛn mpoano hɔ; ogyee yɛn fɛw so som yɛn hɔho nnansa. 8Saa bere no ara na Publio agya yare atiridii ne konkoruwa a aka no ato hɔ. Paulo kɔɔ ɔdan a na ɔda mu no mu de ne nsa guu no so, bɔɔ mpae maa ne ho yɛɛ no den. 9Nea Paulo yɛe no maa ayarefo a wɔwɔ supɔw no so no nyinaa baa ne nkyɛn ma ɔsaa wɔn yare. 10Wɔmaa yɛn akyɛde bebree. Yɛrebefi hɔ akɔ no nso wɔde biribiara a ɛho hia yɛn no beguu hyɛn no mu maa yɛn.

Yefi Malta Kodu Roma

11Yedii asram abiɛsa wɔ supɔw no so ansa na yenyaa hyɛn bi a efi Aleksandria a ne nsɛnkyerɛnne yɛ eti abien a egyina hɔ ma anyame baanu bi. Na saa hyɛn no abedi awɔwbere no wɔ supɔw no so. 12Yeduu Sidarakusa no, yedii nnansa wɔ hɔ. 13Yefi hɔ toaa so koduu Regio. Ade kyee no, mframa bi bɔ fii anafo fam ma nnaanu akyi no yekoduu Puteoli. 14Ɛha na yehyiaa agyidifo bi a wɔsrɛɛ yɛn se yɛntena wɔn nkyɛn nnaawɔtwe. Ɛno akyi no, yɛtoaa so koduu Roma. 15Anuanom a wɔwɔ Roma no tee yɛn nka sɛ yɛreba no, ebinom behyiaa yɛn kwan wɔ aguabɔbea a ɛwɔ Apia kwan no so na afoforo nso hyiaa yɛn wɔ ahɔhobea bi a wɔfrɛ no Ahɔhodan Abiɛsa no. Bere a Paulo huu wɔn no, ne ho san no na ɔdaa Onyankopɔn ase. 16Yeduu Roma no, wɔmaa Paulo ho kwan sɛ ɔnkɔtena baabiara a ɔpɛ na ɔsraani bi nwɛn no.

17Nnansa akyi no, Paulo frɛɛ Yudafo mpanyin ne wɔn hyiae. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, ɛwɔ mu sɛ manyɛ bɔne biara antia yɛn man ne yɛn amanne a yɛn agyanom de gyaw sɛ yɛn no de, nanso wɔkyeree me sɛ odeduani wɔ Yerusalem de me hyɛɛ Romafo nsa. 18Wobisaa me nsɛm pɛɛ sɛ wogyaa me, efisɛ wɔannya afɔbude bi wɔ me ho a ɛno nti ɛsɛ sɛ wogyina so kum me. 19Nanso bere a Yudafo kasatia gyae a wɔpɛ sɛ wogyaa me no, mihuu sɛ ɛsɛ sɛ miguan toa Kaesare. Ɛnyɛ me nkurɔfo ho adwemmɔne a mewɔ nti na meyɛɛ saa. 20Eyi nti na mepɛɛ sɛ mihu mo na me ne mo kasa no; na onipa a Israelfo ani da no so no nti na nkɔnsɔnkɔnsɔn gu me yi.”

21Wobuaa Paulo se, “Yennyaa nhoma biara a efi Yudea a ɛfa wo ho na yɛntee wo ho asɛmmɔne biara nso mfii anuanom a wofi hɔ ba ha no nso nkyɛn. 22Nanso yɛpɛ sɛ yehu wʼadwene, efisɛ yenim sɛ nnipa kasa tia Kristofo a wo nso woka wɔn ho no wɔ baabiara.”

Paulo Asɛnka Wɔ Roma

23Wɔhyɛɛ da bi sɛ wobehyia Paulo. Saa da no dui no, nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn wɔ faako a ɔte hɔ no. Ɔkaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔnam Mose mmara ne nsɛm a adiyifo no kae no so kaa Yesu ho asɛm fi anɔpa kosii anadwo kyerɛɛ wɔn pɛɛ sɛ ɔdan wɔn adwene. 24Nnipa no bi gyee Paulo asɛm a ɔkae no dii na bi nso annye anni. 25Bere a wɔregyigye wɔn ho wɔn ho akyinnye no, wofii hɔ kɔe. Na asɛm a etwa to a Paulo kae ne sɛ, “Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam Odiyifo Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom se,

26“Monkɔka asɛm yi nkyerɛ Yudafo se,

‘Ɔte de mobɛte, nanso morente ase.

Ɔhwɛ de mobɛhwɛ, nanso morenhu,’

27efisɛ nnipa yi apirim wɔn koma;

moasisiw mo aso, akatakata mo ani.

Ɛnyɛ saa a, anka mo ani behu ade,

na mo koma ate asɛm ase,

na moanu mo ho asan aba me nkyɛn, na masa mo yare.”

28Paulo kae se, “Ɛsɛ sɛ muhu sɛ Onyankopɔn nkwagye no adu amanamanmufo no nkyɛn. Wobetie!” 29Paulo kaa saa asɛm yi wiei no, Yudafo no fii hɔ kɔe a na wɔregyigye wɔn ho wɔn ho akyinnye denneennen.

30Paulo tenaa hɔ mfe abien, a na ɔte ofi a ɔno ankasa tua ho ka mu, na nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. 31Na ɔde akokoduru kaa Onyankopɔn Ahenni no ne Awurade Yesu Kristo ho asɛm.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

使徒行传 28:1-31

在马耳他岛

1我们安全上岸后,才知道那个岛的名字叫马耳他2岛上的居民对我们非常友善。因为下雨,天气又冷,他们就生火接待我们。 3保罗拿起一捆柴放进火堆里,不料有一条毒蛇经不住热钻了出来,咬住了他的手。 4那里的居民看见毒蛇吊在保罗手上,就交头接耳地说:“这人一定是个凶手,虽然侥幸没有淹死,天理却不容他活下去。” 5可是保罗把蛇甩进火里,并没有受伤。 6他们以为保罗的手一定会肿起来或者他会突然倒毙,但是等了很久,见他还是安然无恙,就改变了态度,说他是个神明。

7那个岛的首领名叫部百流,他的田产就在附近。他接待我们,热情款待了我们三天。 8当时,部百流的父亲患痢疾,正发热躺在床上。保罗去为他祷告,把手按在他身上治好了他。 9这事以后,岛上其他的病人都来了,他们都得了医治。 10他们处处尊敬我们,在我们启航的时候,又赠送我们途中所需用的物品。

保罗抵达罗马

11三个月后,我们搭乘一艘停在该岛过冬的船离开。这船叫“双神号”,来自亚历山大12我们先到叙拉古港,在那里停泊三天, 13然后继续前行,到达利基翁。第二天,起了南风,第三天我们抵达部丢利14在那里遇见几位弟兄姊妹,应邀和他们同住了七天,然后前往罗马15那里的弟兄姊妹听说我们来了,便到亚比乌三馆迎接我们。保罗见到他们后,就感谢上帝,心中受到鼓励。 16进了罗马城后,保罗获准在卫兵的看守下自己一个人住。

继续传道

17三天后,保罗请来当地犹太人的首领,对他们说:“弟兄们,虽然我没有做过任何对不起同胞或违背祖先规矩的事,却在耶路撒冷遭囚禁,又被交到罗马人的手里。 18罗马官员审讯了我,发现我没有什么该死的罪,想释放我, 19犹太人却反对,我不得已只好上诉凯撒。我并非有什么事要控告自己的同胞。 20为此,我才请你们来当面谈,我受捆绑是为了以色列人所盼望的那位。”

21他们说:“犹太境内的同胞没有给我们写信提及你的事,也没有弟兄到这里说你的坏话。 22不过,我们倒很想听听你的观点,因为我们知道你们这一派的人到处受人抨击。”

23于是,他们和保罗约定了会面的日期。那一天,很多人来到保罗住的地方。从早到晚,保罗向他们传扬上帝国的道,引用摩西律法和先知书劝他们相信有关耶稣的事。 24有些人听后相信了他的话,有些人不相信, 25他们彼此意见不一。在他们散去之前,保罗说了一句话:“圣灵借以赛亚先知对你们祖先所说的话真是一点不错, 26祂说,

“‘你去告诉百姓,

你们听了又听,却不明白;

看了又看,却不领悟。

27因为这百姓心灵麻木,

耳朵发背,眼睛昏花,

以致眼睛看不见,

耳朵听不见,心里不明白,无法回心转意,

得不到我的医治。’

28所以你们当知道,上帝的救恩已经传给了外族人,他们也必听。”

29听完保罗的话后,那些犹太人就回去了,他们中间起了激烈的争论。28:29 有古卷无“听完保罗的话后,那些犹太人就回去了,他们中间起了激烈的争论。”

30后来,保罗租了一间房子,在那里住了整整两年,接待所有到访的人。 31他勇敢地传讲上帝的国,教导有关主耶稣基督的事,没有受到任何拦阻。