Asomafo 24 – AKCB & CST

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 24:1-27

Wodi Paulo Asɛm Wɔ Felike Anim

1Nnaanum akyi no, Ɔsɔfopanyin Anania ne mpanyimfo bi ne mmaranimfo bi a ne din de Tertulo kɔɔ Kaesarea. Woduu hɔ no, wɔkɔɔ Amrado Felike nkyɛn de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no too nʼanim. 2Wɔfrɛɛ Tertulo ma ɔbɔɔ ne nkuro se, “Onuonyamfo! Esiane wo nimdeɛ ne wʼakwankyerɛ pa nti efi bere a wobaa yi, nsakrae pa pii aba yɛn man yi mu ama yɛn ho atɔ yɛn. 3Baabiara a yɛwɔ no yɛka eyi ho asɛm na yɛn ani sɔ nea woayɛ ama yɛn no da wo ase papaapa. 4Mempɛ sɛ mesɛe wo bere enti mesrɛ wo sɛ nya bere tiaa bi ma me na tie asɛm a merebɛka afa saa ɔbarima yi ho no.

5“Yɛahu sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔmammɔfo a ɔde basabasayɛ ba Yudafo nyinaa mu. Ɔyɛ Nasarefo fekuw no mu panyin. 6Ɔpɛɛ sɛ ogu asɔredan no ho fi. Ɛno nti yɛkyeree no yɛɛ yɛn adwene sɛ anka yɛbɛfa yɛn mmara so abu no atɛn. 7Nanso Ɔsahene Lisia begyee no fii yɛn nsam abran so, 8hyɛɛ sɛ wommedi nʼasɛm wɔ wʼanim. Sɛ wubisa no a, wo ara ankasa wubehu sɛ nsɛm a yɛreka afa ne ho no nyinaa yɛ nokware.”

9Yudafo no nso foaa nsɛm a wɔkaa no so se ɛyɛ nokware.

Paulo Yi Ne Ho Ano

10Amrado no maa Paulo kwan sɛ onyi ne ho ano no, Paulo buae se, “Minim sɛ woyɛɛ ɔman yi so otemmufo akyɛ, ɛno nti sɛ migyina wʼanim reyi me ho ano a, minsuro. 11Sɛnea ebia woate no bɛyɛ nnafua dumien ni na mekɔɔ Yerusalem asɔredan mu sɛ merekɔsom. 12Yudafo a wɔde me baa ha yi anhu me sɛ me ne obi regye akyinnye wɔ asɔredan mu hɔ anaasɛ meretu nnipa aso wɔ hyiadan mu anaa ɔman no mu baabiara. 13Saa ara nso na wɔrentumi nkyerɛ sɛ, nsɛm a wɔreka ato me so yi nyinaa yɛ nokware. 14Nanso migye to mu sɛ menam Awurade asɛm a Yudafo yi kasa tia no so som yɛn Agyanom Nyankopɔn. Na migye nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Mose mmara no ne adiyifo nhoma no mu no nso di. 15Mewɔ anidaso a saa nnipa yi nso wɔ wɔ Onyankopɔn mu sɛ da bi, nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa bɛsɔre afi owu mu no nso bi. 16Eyi nti, da biara mebɔ mmɔden sɛ mede ahonim pa bɛbɔ me bra wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.

17“Mfe bebree akyi a mifii Yerusalem no, mesan baa hɔ sɛ mede ayɛyɛde rebrɛ me nuanom na mabɔ afɔre. 18Bere a madwira me ho awie na migu so rebɔ aseda afɔre wɔ asɔredan no mu no, na nnipa a wɔde me baa ha yi huu me. Na matwitwa me tinwi sɛnea mmara no kyerɛ no. Saa bere no nso na dɔm biara nka me ho na basabasayɛ bi aba. 19Saa bere no, na Yudafo bi a wofi Asiaman mu wɔ hɔ. Wɔn na sɛ anka wɔwɔ asɛm bi ka tia me a ɛsɛ sɛ wɔka. 20Sɛ saa nnipa a wɔwɔ ha yi nso nim asɛm bi a wogyina so buu me fɔ wɔ agyinatufo no anim a wɔnka. 21Asɛm baako pɛ na migyina wɔn anim no mekae. Saa asɛm no ne sɛ, ‘Gyidi a mewɔ wɔ awufosɔre no mu nti na migye di sɛ morebu me atɛn nnɛ.’ ”

22Felike a na onim saa Awurade asɛm no yiye no tuu asɛm no hyɛɛ da, kae se, “Sɛ Ɔsahene Lisia ba a na medi wʼasɛm no.” 23Ɔhyɛɛ ɔsraani panyin a na ɔhwɛ Paulo so no sɛ ɔmma wɔnwɛn no, nanso wɔmma no ahotɔ kakra. Na sɛ ne nnamfonom de biribiara a ɛho hia no no rebrɛ no a, wɔmma ho kwan.

Paulo Gyina Felike Ne Drusila Anim

24Nna bi akyi no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani no bae. Ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Paulo brɛɛ no ma ɔbɛkaa gyidi a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no kyerɛɛ wɔn. 25Paulo reka trenee, ahohyɛso ne atemmuda ho asɛm no, Felike suroe, enti ɔkae se, “Kɔ! Akyiri no, sɛ minya adagyew a, mɛsoma abɛfrɛ wo.” 26Na Felike ani da so sɛ Paulo bɛma no sika na wagyaa no, ɛno nti na ɔma wɔtaa kɔfrɛ no ntiantia mu ba ne nkyɛn ne no bɔ nkɔmmɔ no.

27Mfe abien akyi no Porkio Festo besii Felike anan mu sɛ amrado. Esiane sɛ na Felike pɛ sɛ ɔsɔ Yudafo no ani no nti, ogyaw Paulo wɔ afiase hɔ.

Nueva Versión Internacional (Castilian)

Hechos 24:1-27

El proceso ante Félix

1Cinco días después, el sumo sacerdote Ananías bajó a Cesarea con algunos de los ancianos y un abogado llamado Tértulo, para presentar ante el gobernador las acusaciones contra Pablo. 2Cuando se hizo comparecer al acusado, Tértulo expuso su caso ante Félix:

―Excelentísimo Félix, bajo tu mandato hemos disfrutado de un largo período de paz, y gracias a tu previsión se han llevado a cabo reformas en pro de esta nación. 3En todas partes y en toda ocasión reconocemos esto con profunda gratitud. 4Pero, a fin de no importunarte más, te ruego que, con la bondad que te caracteriza, nos escuches brevemente. 5Hemos descubierto que este hombre es una plaga que por todas partes anda provocando disturbios entre los judíos. Es cabecilla de la secta de los nazarenos. 6Incluso trató de profanar el templo; por eso lo prendimos. 824:6-8 prendimos. 8 . Var. prendimos y quisimos juzgarlo según nuestra ley. 7 Pero el comandante Lisias intervino, y con mucha fuerza lo arrebató de nuestras manos 8 y mandó que sus acusadores se presentaran ante ti. Tú. mismo, al interrogarlo, podrás cerciorarte de la verdad de todas las acusaciones que presentamos contra él.

9Los judíos corroboraron la acusación, afirmando que todo esto era cierto. 10Cuando el gobernador, con un gesto, le concedió la palabra, Pablo respondió:

―Sé que desde hace muchos años tú has sido juez de esta nación; así que de buena gana presento mi defensa. 11Tú mismo puedes comprobar fácilmente que no hace más de doce días que subí a Jerusalén para adorar. 12Mis acusadores no me encontraron discutiendo con nadie en el templo, ni promoviendo motines entre la gente en las sinagogas ni en ninguna otra parte de la ciudad. 13Tampoco pueden probarte las cosas de que ahora me acusan. 14Sin embargo, esto sí confieso: que adoro al Dios de nuestros antepasados siguiendo este Camino que mis acusadores llaman secta, pues estoy de acuerdo con todo lo que enseña la ley y creo lo que está escrito en los profetas. 15Tengo en Dios la misma esperanza que estos hombres profesan, de que habrá una resurrección de los justos y de los injustos. 16En todo esto procuro conservar siempre limpia mi conciencia delante de Dios y de los hombres.

17»Después de una ausencia de varios años, volví a Jerusalén para traer donativos a mi pueblo y presentar ofrendas. 18En esto estaba, habiéndome ya purificado, cuando me encontraron en el templo. No me acompañaba ninguna multitud, ni estaba implicado en ningún disturbio. 19Los que me vieron eran algunos judíos de la provincia de Asia, y son ellos los que deberían estar delante de ti para formular sus acusaciones, si es que tienen algo contra mí. 20De otro modo, estos que están aquí deberían declarar qué delito hallaron en mí cuando comparecí ante el Consejo, 21a no ser lo que exclamé en presencia de ellos: “Es por la resurrección de los muertos por lo que hoy me encuentro procesado delante de vosotros”».

22Entonces Félix, que estaba bien informado del Camino, suspendió la sesión.

―Cuando venga el comandante Lisias, decidiré vuestro caso —les dijo.

23Luego le ordenó al centurión que mantuviera custodiado a Pablo, pero que le diera cierta libertad y permitiera que sus amigos lo atendieran.

24Algunos días después llegó Félix con su esposa Drusila, que era judía. Mandó llamar a Pablo y lo escuchó hablar acerca de la fe en Cristo Jesús. 25Al disertar Pablo sobre la justicia, el dominio propio y el juicio venidero, Félix tuvo miedo y le dijo: «¡Basta por ahora! Puedes retirarte. Cuando sea oportuno te mandaré llamar otra vez». 26Félix también esperaba que Pablo le ofreciera dinero; por eso mandaba llamarlo con frecuencia y conversaba con él.

27Transcurridos dos años, Félix tuvo como sucesor a Porcio Festo, pero, como Félix quería congraciarse con los judíos, dejó preso a Pablo.