Asomafo 13 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 13:1-52

1Adiyifo ne akyerɛkyerɛfo a na wɔwɔ Antiokia asafo no mu bi ne Barnaba ne Simeon, a na wɔfrɛ no “Onipa Tuntum,” Lukio a ɔyɛ Kireneni, Manaen, a ɔne Ɔhene Herode yɛ tipɛn, ne Saulo. 2Bere a wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munyi Barnaba ne Saulo na wonkodi dwuma a ɛno nti mafrɛ wɔn no mma me.” 3Wodii mmuada bɔɔ mpae, de wɔn nsa guu wɔn so somaa wɔn.

Barnaba Ne Saulo Kɔ Kipro

4Honhom Kronkron somaa wɔn no, wɔkɔɔ Seleukia. Wofi hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantu no so koduu Kipro. 5Woduu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm wɔ Yudafo hyiadan mu. Saa bere no na Yohane Marko ka wɔn ho sɛ ɔsomfo.

6Wotwaa mu wɔ supɔw no so koduu Pafo, na hɔ na wohyiaa Yudani nkonyaayifo bi a ɔfrɛ ne ho se odiyifo a na ne din de Bar-Yesu. 7Na nʼadamfo ne amrado a ɔwɔ supɔw no so a ne din de Sergio Paulo no. Saa amrado a na onim nyansa yiye no soma ma wɔkɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, efisɛ na ɔrehwehwɛ Onyankopɔn asɛm atie. 8Nanso nkonyaayifo Bar-Yesu a Hela kasa mu wɔfrɛ no Elima no ampene so, efisɛ na ɔmpɛ sɛ amrado yi betie Onyankopɔn asɛm. 9Afei Saulo a na wɔfrɛ no Paulo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no hwɛɛ nkonyaayifo Elima dinn kae se, 10“Ɔbonsam ba a ɔte sɛ wo! Wompɛ ade pa biara yiye. Nnaadaa ahorow ahyɛ wo ma. Bere biara wopɛ sɛ wodan Awurade nokwasɛm ani ma ɛyɛ nkontomposɛm! 11Awurade bɛtwe wʼaso ama wʼani afura a worenhu ade fi saa bere yi de kosi bere bi.”

Ɛhɔ ara Elima ani furae a na ɔde ne nsa rekeka sɛ obenya obi aso ne mu ana. 12Amrado no huu asɛm a asi no, ogyee Awurade asɛm no dii. Awurade ho asɛm a ɔtee no maa ne ho dwiriw no.

Asomafo No Kodu Antiokia

13Paulo ne ne dɔm no tenaa hyɛn mu fii Pafo kɔɔ Perge a ɛwɔ Pamfilia no; ɛhɔ na Yohane a ne din baako nso ne Marko no gyaw wɔn san kɔɔ Yerusalem. 14Wofi Perge no, wɔkɔɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia. Eduu Homeda no, wɔkɔɔ hyiadan mu kɔsomee. 15Wɔkenkan Mose Mmara no ne Adiyifo no nsɛm wiei no, hyiadan no mu mpanyimfo no soma kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, sɛ mowɔ asɛm bi a mobɛka de ahyɛ nnipa no nkuran a, mowɔ ho kwan sɛ moka.”

16Afei Paulo sɔre gyina nyamaa ne nsa fii ase kasae se, “Me nuanom Israelfo ne amanamanmufo a mowɔ ha a mosom Onyankopɔn no muntie me! 17Israel Nyankopɔn yii yɛn nenanom ma wɔyɛɛ ɔman kɛse bere a na wɔte Misraim asase so no. Onyankopɔn nam ne tumi kɛse so yii wɔn fii Misraim, 18na ɔhwɛɛ wɔn so wɔ sare so mfe aduanan. 19Otuu aman ason wɔ Kanaan asase so gui, de asase no maa ne nkurɔfo sɛ wɔn awunyade, 20ma wɔtenaa so mfe ahannan ne aduonum. Eyi akyi no ɔmaa atemmufo dii wɔn so kosii sɛ Odiyifo Samuel bae. 21Bere a wɔpɛɛ sɛ wonya ɔhene ma odi wɔn so no, Onyankopɔn de Kis ba Saulo a ofi Benyamin abusua mu no maa wɔn ma odii wɔn so mfe aduanan. 22Onyankopɔn tuu Saulo ade so na ɔde Dawid sii nʼanan mu. Asɛm a Onyankopɔn ka faa Dawid ho ne sɛ, ‘Mahu sɛ Yisai ba Dawid ne onipa a mepɛ no; ɔyɛ onipa a ɔbɛyɛ nea mepɛ nyinaa.’

23“Sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ no, Yesu a ɔyɛ Dawid aseni no na ɔyɛɛ no Israelfo Agyenkwa. 24Ansa na Yesu rebefi nʼadwuma ase no, Yohane kaa adwensakra ho asɛm kyerɛɛ Israelfo se, wɔnsakra mfi wɔn bɔne ho na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu. 25Ansa na Yohane rebewie nʼasɛnka no, obisaa nnipa no se, ‘Mususuw sɛ meyɛ hena? Ɛnyɛ me ne onipa a moretwɛn no no. Ɛrenkyɛ biara na nea moretwɛn no a mensɛ sɛ mɛworɔw ne mpaboa afi ne nan no bɛba.’

26“Me nuanom Abraham asefo ne amanamanmufo a mosom Onyankopɔn a mowɔ ha, yɛn nti na Onyankopɔn soma ma wɔde saa nkwagye yi aba. 27Esiane sɛ nnipa a na wɔte Yerusalem ne wɔn mpanyimfo nnim sɛ ɔno ne Agyenkwa no, na wɔnte adiyifo no nsɛm a wɔkenkan no Homeda no ase no nti, wobuu Yesu kumfɔ maa adiyifo no nsɛm no baa mu. 28Ɛwɔ mu sɛ wɔannya afɔbusɛm bi annyina so ammu no kumfɔ de, nanso wɔmaa Pilato kum no. 29Wɔyɛɛ biribiara a Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho wiee no, woyii no fii asennua no so kosiee no. 30Nanso Onyankopɔn ma ɔsɔre fii awufo mu, 31na ne wusɔre akyi no, oyii ne ho adi nna pii kyerɛɛ wɔn a na wɔne no tu kwan fi Galilea kɔ Yerusalem no. Wɔne nnipa a wodi ne ho adanse kyerɛ Israelfo no.

32“Afei yɛwɔ ha sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo se, Onyankopɔn nam sɔre a ɔmaa Yesu Kristo sɔre fii awufo mu no so ama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn nenanom no aba mu. 33Eyi ne nea wɔakyerɛw wɔ Nnwom a ɛto so abien no mu se,

“ ‘Woyɛ me ba;

nnɛ, mayɛ wʼAgya.’

34Asɛm a Onyankopɔn ka faa sɔre a ɔma no sɔre fii awufo mu na amma no amporɔw no ne sɛ,

“ ‘Mede nhyira kronkron a mehyɛɛ Dawid ho bɔ no behyira wo.’

35Wɔaka no wɔ baabi nso se,

“ ‘Woremma wo Kronkronni no mporɔw.’

36“Dawid bere so no, ɔsom Onyankopɔn kosii sɛ owu ma wosiee no wɔ ne nenanom nkyɛn pɛɛ, na ne nipadua porɔwee. 37Nanso nea Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no amporɔw.

38“Anuanom, ɛsɛ sɛ mo nyinaa te ase sɛ ɛnam Yesu so na wɔka bɔnefakyɛ ho asɛm kyerɛ mo. 39Ɛsɛ sɛ mote ase sɛ obiara a ogye no di no, wɔabu no bem a anka Mose mmara ntumi mmu no no. 40Monhwɛ yiye na adiyifo no nkɔm a wɔhyɛɛ no amma mo so:

41“ ‘Mo fɛwdifo!

Momma ɛnyɛ mo nwonwa na mo ho nnwiriw mo!

Efisɛ merebɛyɛ biribi wɔ wo bere so,

na sɛ wɔka kyerɛ wo a,

worennye nni!’ ”

42Paulo ne Barnaba refi asɔredan no mu no, nnipa no srɛɛ wɔn sɛ wɔmmra Homeda a ɛreba no mmɛkyerɛkyerɛ wɔn bio. 43Nnipa no wiee nhyiamu no, Yudafo ne amanamanmufo bebree a wɔasakra aba Yudasom mu no tu dii Paulo ne Barnaba akyi. Asomafo no tuu wɔn fo, hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena ase Onyankopɔn adom mu.

Asomafo No Kɔ Amanamanmufo Nkyɛn

44Homeda a edi so no dui no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔte kurow no mu no nyinaa betiee Awurade asɛm. 45Yudafo no huu nnipakuw no, wɔn ani bere ma wɔsɔre gyee nsɛm a Paulo reka no ho akyinnye kasa tiaa no.

46Nanso Paulo ne Barnaba de akokoduru kɔɔ so kae se, “Mone nnipa a ɛsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kan. Na sɛ moapo, na mummu mo ho sɛ nkwa a enni awiei ho hia mo nti, yebegyaw mo hɔ akɔ amanamanmufo no nkyɛn. 47Ahyɛde a Awurade de ama yɛn ne sɛ,

“‘Mɛma mo ayɛ amanamanmufo nyinaa kanea;

ɛnam mo so na wobegye wiasefo nyinaa nkwa.’ ”

48Amanamanmufo no tee saa asɛm no, wɔn ani gye ma wɔkamfoo Awurade asɛm no, na wɔn a wɔayi wɔn ama nkwa a enni awiei no bɛyɛɛ agyidifo.

49Na Awurade asɛm no trɛw ɔmantam no mu nyinaa. 50Nanso Yudafo no tuu nnipa atitiriw a wɔwɔ kurow no mu no ne mmea Nyamesurofo a na wɔwɔ hɔ bi a wodi mu no aso ma wɔtaa Paulo ne Barnaba, pam wɔn fii ɔman no mu. 51Enti asomafo no poroporow wɔn anan ase mfutuma guu wɔn so fii hɔ kɔɔ Ikoniom. 52Anigye ne Honhom Kronkron hyɛɛ asuafo a na wɔwɔ Antiokia no ma.

New International Version

Acts 13:1-52

1Now in the church at Antioch there were prophets and teachers: Barnabas, Simeon called Niger, Lucius of Cyrene, Manaen (who had been brought up with Herod the tetrarch) and Saul. 2While they were worshiping the Lord and fasting, the Holy Spirit said, “Set apart for me Barnabas and Saul for the work to which I have called them.” 3So after they had fasted and prayed, they placed their hands on them and sent them off.

On Cyprus

4The two of them, sent on their way by the Holy Spirit, went down to Seleucia and sailed from there to Cyprus. 5When they arrived at Salamis, they proclaimed the word of God in the Jewish synagogues. John was with them as their helper.

6They traveled through the whole island until they came to Paphos. There they met a Jewish sorcerer and false prophet named Bar-Jesus, 7who was an attendant of the proconsul, Sergius Paulus. The proconsul, an intelligent man, sent for Barnabas and Saul because he wanted to hear the word of God. 8But Elymas the sorcerer (for that is what his name means) opposed them and tried to turn the proconsul from the faith. 9Then Saul, who was also called Paul, filled with the Holy Spirit, looked straight at Elymas and said, 10“You are a child of the devil and an enemy of everything that is right! You are full of all kinds of deceit and trickery. Will you never stop perverting the right ways of the Lord? 11Now the hand of the Lord is against you. You are going to be blind for a time, not even able to see the light of the sun.”

Immediately mist and darkness came over him, and he groped about, seeking someone to lead him by the hand. 12When the proconsul saw what had happened, he believed, for he was amazed at the teaching about the Lord.

In Pisidian Antioch

13From Paphos, Paul and his companions sailed to Perga in Pamphylia, where John left them to return to Jerusalem. 14From Perga they went on to Pisidian Antioch. On the Sabbath they entered the synagogue and sat down. 15After the reading from the Law and the Prophets, the leaders of the synagogue sent word to them, saying, “Brothers, if you have a word of exhortation for the people, please speak.”

16Standing up, Paul motioned with his hand and said: “Fellow Israelites and you Gentiles who worship God, listen to me! 17The God of the people of Israel chose our ancestors; he made the people prosper during their stay in Egypt; with mighty power he led them out of that country; 18for about forty years he endured their conduct13:18 Some manuscripts he cared for them in the wilderness; 19and he overthrew seven nations in Canaan, giving their land to his people as their inheritance. 20All this took about 450 years.

“After this, God gave them judges until the time of Samuel the prophet. 21Then the people asked for a king, and he gave them Saul son of Kish, of the tribe of Benjamin, who ruled forty years. 22After removing Saul, he made David their king. God testified concerning him: ‘I have found David son of Jesse, a man after my own heart; he will do everything I want him to do.’

23“From this man’s descendants God has brought to Israel the Savior Jesus, as he promised. 24Before the coming of Jesus, John preached repentance and baptism to all the people of Israel. 25As John was completing his work, he said: ‘Who do you suppose I am? I am not the one you are looking for. But there is one coming after me whose sandals I am not worthy to untie.’

26“Fellow children of Abraham and you God-fearing Gentiles, it is to us that this message of salvation has been sent. 27The people of Jerusalem and their rulers did not recognize Jesus, yet in condemning him they fulfilled the words of the prophets that are read every Sabbath. 28Though they found no proper ground for a death sentence, they asked Pilate to have him executed. 29When they had carried out all that was written about him, they took him down from the cross and laid him in a tomb. 30But God raised him from the dead, 31and for many days he was seen by those who had traveled with him from Galilee to Jerusalem. They are now his witnesses to our people.

32“We tell you the good news: What God promised our ancestors 33he has fulfilled for us, their children, by raising up Jesus. As it is written in the second Psalm:

“ ‘You are my son;

today I have become your father.’13:33 Psalm 2:7

34God raised him from the dead so that he will never be subject to decay. As God has said,

“ ‘I will give you the holy and sure blessings promised to David.’13:34 Isaiah 55:3

35So it is also stated elsewhere:

“ ‘You will not let your holy one see decay.’13:35 Psalm 16:10 (see Septuagint)

36“Now when David had served God’s purpose in his own generation, he fell asleep; he was buried with his ancestors and his body decayed. 37But the one whom God raised from the dead did not see decay.

38“Therefore, my friends, I want you to know that through Jesus the forgiveness of sins is proclaimed to you. 39Through him everyone who believes is set free from every sin, a justification you were not able to obtain under the law of Moses. 40Take care that what the prophets have said does not happen to you:

41“ ‘Look, you scoffers,

wonder and perish,

for I am going to do something in your days

that you would never believe,

even if someone told you.’13:41 Hab. 1:5

42As Paul and Barnabas were leaving the synagogue, the people invited them to speak further about these things on the next Sabbath. 43When the congregation was dismissed, many of the Jews and devout converts to Judaism followed Paul and Barnabas, who talked with them and urged them to continue in the grace of God.

44On the next Sabbath almost the whole city gathered to hear the word of the Lord. 45When the Jews saw the crowds, they were filled with jealousy. They began to contradict what Paul was saying and heaped abuse on him.

46Then Paul and Barnabas answered them boldly: “We had to speak the word of God to you first. Since you reject it and do not consider yourselves worthy of eternal life, we now turn to the Gentiles. 47For this is what the Lord has commanded us:

“ ‘I have made you13:47 The Greek is singular. a light for the Gentiles,

that you13:47 The Greek is singular. may bring salvation to the ends of the earth.’13:47 Isaiah 49:6

48When the Gentiles heard this, they were glad and honored the word of the Lord; and all who were appointed for eternal life believed.

49The word of the Lord spread through the whole region. 50But the Jewish leaders incited the God-fearing women of high standing and the leading men of the city. They stirred up persecution against Paul and Barnabas, and expelled them from their region. 51So they shook the dust off their feet as a warning to them and went to Iconium. 52And the disciples were filled with joy and with the Holy Spirit.