Adiyisɛm 8 – AKCB & KLB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 8:1-13

Nsɔwano A Ɛto So Ason

1Bere a Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so ason no, ɔsoro nyinaa tɛm dinn bɛyɛ dɔnhwerew fa.

2Afei mihuu abɔfo baason a wogyinagyina Onyankopɔn anim. Wɔmemaa wɔn ntorobɛnto ason.

3Ɔbɔfo foforo a na ɔwɔ sikakɔkɔɔ aduhuam adaka begyinaa afɔremuka no ho. Wɔmaa no aduhuam bebree sɛ ɔmfa mmɔ mpae nka Onyankopɔn nkurɔfo no de ho, na ɔmmɔ sikakɔkɔɔ a esi ahengua no anim no so afɔre. 4Aduhuam no hua ne Onyankopɔn nkurɔfo mpae fi abɔfo no nsam kɔɔ ɔsoro. 5Afei ɔbɔfo no faa aduhuam adaka no de ogya a efi afɔremuka no so hyɛɛ no ma, tow kyenee asase so. Na aprannaa ne nne ahorow ne anyinam ne asasewosow bae.

6Na abɔfo baason a wokurakura ntorobɛnto ason no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛn.

7Ɔbɔfo a odi kan no hyɛn ne torobɛnto. Na mparuwbo ne ogya a ɛne mogya adi afra tɔ guu asase so. Asase nkyɛmu abiɛsa mu baako hyewee. Nnua nkyɛmu abiɛsa mu baako hyewee, na wura amono nyinaa nso hyewee.

8Afei ɔbɔfo a ɔto so abien no hyɛn ne torobɛnto. Wɔtow biribi a ɛte sɛ bepɔw kɛse a ɛredɛw kyenee po mu. Po no nkyɛmu abiɛsa mu baako dan mogya. 9Na abɔde a ɛwɔ nkwa a ɛwɔ po no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako wuwui, na ahyɛn mu nkyɛmu abiɛsa mu baako bobɔe.

10Afei ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa hyɛn ne torobɛnto. Nsoromma kɛse bi a ɛredɛw sɛ ogyatɛn tew fii ɔsoro bɛhwee nsu nkyɛmu abiɛsa mu baako mu. 11Nsoromma no din de “Anwɔnwen.” Nsu no nkyɛmu abiɛsa mu baako yɛɛ nwen, na nnipa a wɔnomee no mu bebree wuwui, efisɛ na ayɛ nwen.

12Afei ɔbɔfo a ɔto so anan no hyɛn ne torobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyɛmu abiɛsa mu baako, ne ɔsram nkyɛmu abiɛsa mu baako ne nsoromma nkyɛmu abiɛsa mu baako sen ma no duruu sum, enti adekyee mu nkyɛmu abiɛsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.

13Na merehwɛ no, metee sɛ ɔkɔre bi a watu nam wim teɛ mu se, “Wɔn a wɔte asase so no nnue; wonnue, wonnue esiane torobɛnto a aka a abɔfo baasa no rebɛhyɛn no nti.”

Korean Living Bible

요한계시록 8:1-13

일곱째 봉인과 나팔

1어린 양이 일곱째 봉인을 떼실 때에 하늘이 반 시간쯤 고요하였습니다.

2내가 보니 하나님 앞에 일곱 천사가 서 있는데 그들은 각각 나팔을 받았습니다.

3또 다른 천사가 금향로를 들고 와서 제단 앞에 섰습니다. 그 천사는 모든 성도들의 기도와 함께 보좌 앞에 있는 금제단에 드리려고 많은 향을 받았습니다.

4그때 향의 연기가 성도들의 기도와 함께 천사의 손에서 하나님 앞으로 올라갔습니다.

5그리고 천사가 향로를 가지고 와서 제단의 불을 가득 담아 땅에 던지자 천둥과 번개가 치며 지진과 요란한 소리가 났습니다.

6드디어 일곱 천사가 나팔 불 준비를 하였습니다.

7첫째 천사가 나팔을 불자 피 섞인 우박과 불이 땅에 떨어져 땅의 3분의 과 모든 나무의 3분의 과 풀이 모두 타 버렸습니다.

8둘째 천사가 나팔을 불자 불타는 큰 산과 같은 것이 바다에 던져져 바다의 3분의 이 피가 되고

9바다 안에 있는 생물의 3분의 이 죽고 배의 3분의 도 파괴되었습니다.

10셋째 천사가 나팔을 불자 횃불처럼 타는 큰 별 하나가 하늘에서 떨어져 강들의 3분의 과 여러 샘에 떨어졌습니다.

11이 별의 이름은 쑥이었으며 물의 3분의 이 쓰게 되어 그 쓴물을 먹고 많은 사람들이 죽었습니다.

12넷째 천사가 나팔을 불자 해와 달과 별의 3분의 이 충격을 받아 어두워졌으며 낮의 3분의 이 빛이 없고 밤도 그러했습니다.

13나는 또 지켜 보다가 공중에 날아가는 독수리 한 마리가 큰 소리로 “재난이다! 재난이다! 땅에 사는 사람들에게 재난이다! 아직도 세 천사가 불 나팔이 남아 있다” 하고 외치는 소리를 들었습니다.