5 Mose 30 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 30:1-20

Awurade Nkyɛn Ba Mu Yiyedi

1Sɛ nhyira ne nnome a mede ato mo anim no nyinaa ba mo so, na mode hyɛ mo koma mu wɔ baabiara a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛfa mo akɔ, wɔ aman no mu, 2na mo ne mo mma san ba Awurade, mo Nyankopɔn no, nkyɛn, na mode mo koma ne mo kra nyinaa yɛ osetie ma no sɛnea merekyerɛ mo nnɛ yi a, 3ɛno de, Awurade, mo Nyankopɔn no, de mo siade bɛma mo, na wahu mo mmɔbɔ, na waboaboa mo ano bio afi amanaman a ɔbɔɔ mo hwete kɔɔ so no nyinaa so, asan de mo aba. 4Sɛ mpo, wɔapam mo kɔ akyirikyiri asase bi a ɛwɔ ɔsoro ase a, efi hɔ no, Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛboaboa mo ano asan de mo aba. 5Ɔde mo bɛba asase a ɛyɛ mo agyanom de no so na moafa sɛ agyapade. Ɔbɛma mo adi yiye na moadɔɔso asen mo agyanom. 6Awurade, mo Nyankopɔn no, beyi fi a ɛwɔ mo ne mo asefo koma mu no sɛnea ɛbɛyɛ a mode mo koma ne mo kra nyinaa bɛdɔ no na moanya nkwa. 7Awurade, mo Nyankopɔn no, de saa nnome yi nyinaa begu mo atamfo a wɔtaa mo no so. 8Mobɛsan atie, adi Awurade ahyɛde a mede rema mo nnɛ no nyinaa so. 9Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛma biribiara a moyɛ no asi mo yiye. Ɔbɛma mo yafunu mu aba asi yiye pii. Mo nyɛmmoa bɛdɔɔso. Na mo mfuw mu nnɔbae nso bebu so, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, ani begye sɛ ɔbɛma mo adi yiye sɛnea na ɔyɛ mo agyanom no. 10Sɛ mutie Awurade, mo Nyankopɔn no, nne, na mudi nʼahyɛde ne ne mmara a wɔakyerɛw wɔ saa Mmara Nhoma no mu no so, na mode mo koma ne mo kra dɔ no a, nʼani begye mo yiyedi ho.

Owu Ne Nkwa

11Nokware, saa mmara a merehyɛ ama mo nnɛ yi sodi nyɛ den na ɛnyɛ ade a morentumi nyɛ nso. 12Enni ɔsoro a enti mobɛka se, “Hena na ɔbɛkɔ ɔsoro ama yɛn na wakogye abrɛ yɛn, na yɛate adi so?” 13Saa ara nso na enni po agya a enti mobɛka se, “Hena na obetwa akɔ ɛpo fa nohɔ ama yɛn na wakogye abrɛ yɛn, na yɛate adi so?” 14Dabi, asɛm no abɛn wo. Ɛda wʼano na ɛwɔ wo koma mu sɛ mudi so.

15Muntie, nnɛ, mede nkwa ne yiyedi, owu ne ɔsɛe asi mo anim. 16Na Sɛ mutie Awurade, mo Nyankopɔn no, mmara a merehyɛ ama mo nnɛ yi, nam so dɔ Awurade, mo Nyankopɔn, nantew nʼakwan mu, di ne mmara so a, mubenya nkwa na mo ase adɔ, na Awurade, mo Nyankopɔn behyira mo wɔ asase a morekɔ akɔtena so no so.

17Nanso sɛ mo koma dan, sɛ moanyɛ osetie, na sɛ wɔtwe mo kɔkotow anyame afoforo, na mosom wɔn a, 18mepae mu ka kyerɛ mo nnɛ sɛ, nea ɛte biara no wɔbɛsɛe mo; morentena asase a moretwa Yordan akɔ so akɔfa sɛ agyapade no so nkyɛ.

19Nnɛ mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome, asi mo anim sɛ munyi nea mopɛ. Mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ nnansefo. Momfa nkwa sɛnea ɛbɛyɛ a mo ne mo asefo benya nkwa! 20Monnɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, monyɛ osetie mma no, na momfa mo ho mma no, efisɛ ɔno ne mo nkwa. Ɛno na mobɛtena ase akyɛ wɔ asase a Awurade kaa ntam sɛ ɔde bɛma mo tete agyanom; Abraham, Isak ne Yakob no.