5 Mose 28 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 28:1-68

Osetie Mu Nhyira

1Na sɛ mutie Awurade, mo Nyankopɔn no, na mudi mmara a mede rema mo nnɛ yi so a, Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpagyaw mo wɔ aman a wɔwɔ wiase nyinaa no so. 2Sɛ mutie Awurade, mo Nyankopɔn no, a mubenya saa nhyira yi nyinaa:

3Wobehyira mo wɔ mo nkurow ne mo man mu.

4Wobehyira mo yafunu mu aba, ne mo nsase so nnɔbae, ne mo nyɛmmoa, nantwimma ne nguamma.

5Wɔde nnuaba nkɛntɛn amaama, ne mmɔre korow a brodo no ahyɛ ma behyira mo.

6Wobehyira mo fieba mu ne mo adifi mu.

7Sɛ atamfo tow hyɛ mo so a, Awurade bedi wɔn so. Wobefi baabi atow ahyɛ mo so na wɔafa akwan ason so ahwete, afi mo anim.

8Biribiara a mobɛyɛ no, Awurade behyira so na obehyira mo asan. Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo wɔ asase a ɔde rema mo no so.

9Sɛ mudi Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛde so na moyɛ osetie ma no a, Awurade begyina mo sɛ ne nnipa kronkron sɛnea ɔhyɛɛ mo bɔ sɛ ɔbɛyɛ no. 10Afei, asase so nnipa nyinaa behu sɛ, moyɛ nnipa a Awurade de ne din afrɛ mo na wobesuro mo. 11Awurade bɛma mo yiyedi a ɛboro so–mo yafunu mu aba, nyɛmmoa mma ne mo asase so nnɔbae—wɔ asase a ɔhyɛɛ mo agyanom bɔ sɛ ɔde bɛma mo no so.

12Awurade fi nʼahonya dodow a ɛwɔ soro no mu bɛma osu atɔ wɔ ne bere mu, nam so ahyira mo nnwuma a moyɛ so. Mobɛfɛm aman pii, nanso mo de, moremfɛm hwee mfi wɔn nkyɛn. 13Sɛ mutie saa Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛde a mede rema mo nnɛ yi na mudi so pɛpɛɛpɛ a, Awurade bɛyɛ mo eti na ɛnyɛ bodua, na moakorɔn daa. 14Ɛnsɛ sɛ moman fa benkum anaa nifa fi ahyɛde a mede rema mo nnɛ yi biara ho sɛ morekodi anyame foforo akyi asom wɔn.

Asoɔden Ho Nnome

15Na sɛ moantie Awurade, mo Nyankopɔn no, anni ne mmara ne nʼahyɛde a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so pɛpɛɛpɛ a, saa nnome yi nyinaa bɛba abebunkam afa mo so.

16Nnome bɛka mo wɔ mo nkuropɔn ne mo man mu.

17Wɔde nkɛntɛn a aduaba biara nni mu ne mmɔre korow a brodo nni mu bɛdome mo.

18Wɔbɛdome wo yafunu aba, ne wʼasase so nnɔbae. Ne wo nyɛmmoa mu nantwimma ne nguamma.

19Wɔbɛdome wo fieba ne wo adifi.

20Awurade bɛma nnome, basabasayɛ ne huammɔdi aba ade biara a moyɛ mu, kosi sɛ awiei no wɔbɛsɛe mo koraa sɛ moayɛ bɔne na moagyaw no nti. 21Awurade de nyarewa bɛba mo so akosi sɛ ɔbɛsɛe mo nyinaa wɔ asase a morebɛkɔ akɔfa no so. 22Awurade de ɔyare a ɛbɛma mo afonfɔn bɛka mo. Ɔbɛma atiridii ne ahonhon abɔ mo na wama ɔhyew a ano yɛ den, nnɔbae nyarewa ne kakawirewire aba mo so na ahaw mo ara akosi sɛ mo ase bɛtɔre. 23Ɔsoro a ɛkata mo ti so no bɛdan sumpii na fam adan dade. 24Awurade bɛdan osutɔ a ɛwɔ mo man mu no mfutuma; ɛbɛtɔ afi soro agu mo so akosi sɛ mobɛsɛe.

25Awurade bɛma mo adi nkogu wɔ mo atamfo anim. Mobɛfa baabi akɔtow ahyɛ mo atamfo so, nanso mobɛfa akwan ahorow ason so aguan afi wɔn anim. Mobɛyɛ atantanne ama ahenni a ɛwɔ asase yi so no nyinaa. 26Mo afunu bɛyɛ nnomaa ne wuram mmoa aduan na obiara nso nni hɔ saa bere no a, ɔbɛpam wɔn. 27Awurade bɛma mpɔmpɔ a esisii wɔ Misraim no bi asisi mo. Na ɔde mpɔmpɔ, ntutui ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ mo. 28Awurade de adammɔ, anifurae ne adwene mu basabasayɛ bɛto mo so. 29Mode mo nsa bɛkeka awia ketee te sɛnea onifuraefo de ne nsa keka anadwo no. Biribiara a moyɛ no, morenni mu nkonim. Wɔbɛhyɛ mo so, abɔ mo korɔn daa na obiara remmegye mo.

30Mubesi ɔbea asiwa nso obi bɛhyɛ no ne no ada. Mubesi dan, nanso morentena mu. Mobɛyɛ bobeturo nanso morenni mu aba. 31Wobekum mo nantwi wɔ mo anim, nanso morennya ne nam bi nwe. Wobegye mo afurum afi mo nsam a wɔrensan mfa mmrɛ mo. Wɔde mo nguan bɛma mo atamfo na morennya ɔboafo a obegye wɔn ama mo. 32Wɔde mo mmabarima ne mo mmabea bɛma ɔman foforo na daa mobɛhwɛ wɔn ara ama mo ani atɔ dwe nanso morentumi nyɛ ho hwee. 33Nnipa a munnim wɔn na wɔbɛfow mo brɛ so ade adi na daa wɔasan ahyɛ mo so. 34Mo ani so ade a mubehu no bɛbɔ mo dam. 35Awurade bɛma mpɔmpɔ a ɛyɛ yaw a wɔko a ɛnkɔ abobɔ mo nkotodwe ne mo anan ho na atrɛw afi mo nantin akosi mo mpampam.

36Awurade bɛpam mo ne mo hene a odi mo so no akɔ ɔman bi a mo ne mo agyanom nnim so so. Ɛhɔ na mobɛsom anyame afoforo, anyame a wɔde nnua ne abo ayɛ. 37Mobɛyɛ atantanne, akyiwade ne aserewde ama aman a Awurade de mobɛkɔ so no nyinaa so.

38Mubedua bebree wɔ mo nsase so, nanso mubetwa kakraa bi, efisɛ mmoadabi bɛwe mo nnɔbae. 39Mobɛyɛ bobe nturo ahwɛ so yiye nanso morennom anaa morenni so aba, efisɛ asunson bedi. 40Mubedua ngonnua afa mo nsase so nyinaa, nanso morennya mu ngo biara, efisɛ ngo aba no bɛtetew agu fam. 41Mobɛwo mmabarima ne mmabea, nanso nyɛ mo na mobɛtetew wɔn, efisɛ wɔbɛkɔ nnommum mu. 42Mmoadabi kuw bɛfa mo asase so nnua ne nnɔbae.

43Ahɔho a wɔte mo mu no bɛkorɔn abunkam mo so, nanso mobɛkɔ so amem akɔ fam. 44Wɔbɛbɔ mo bosea a moremmɔ wɔn bi. Wɔbɛyɛ eti na moayɛ dua.

45Sɛ moanyɛ osetie amma Awurade, mo Nyankopɔn no, anni ahyɛde a ɔde ama mo no so a, saa nnome yi nyinaa bɛba mo so na ebedi mo akyi na abunkam afa mo so akosi sɛ wɔbɛsɛe mo. 46Saa nsɛm a ɛyɛ hu yi bɛba sɛ nsɛnkyerɛnne ne kɔkɔbɔ ama mo ne mo asefo daa nyinaa. 47Esiane sɛ moamfa anigye ne ahosɛpɛw ansom Awurade, mo Nyankopɔn no, wɔ bere a esii mo yiye no, nti, 48enti mubefi ɔkɔm ne osukɔm, adagyaw ne ohia buruburoo mu asom mo atamfo a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛsoma wɔn aba mo so no. Wɔbɛhyɛ mo nnade konnua akosi sɛ mobɛsɛe.

49Awurade de ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri baabi, wɔ asase ano, ɔman a monte wɔn kasa no, bɛba mo so na wɔatow ahyɛ mo so te sɛnea ɔkɔre sian no, 50ɔman a wɔn ho yɛ hu na wommu ɔpanyin, na wonni ahummɔbɔ mma mmofra. 51Nʼasraafo bɛtow ahyɛ mo nyɛmmoa ne mo asase so nnɔbae so adi no fuu akosi sɛ mubewuwu. Wɔrennyaw atoko, nsa foforo anaa ngo; mo nyɛmmoa nantwimma anaa nguamma kosi sɛ mobɛsɛe. 52Wobetua mo nkuropɔn nyinaa ano akosi sɛ wɔbɛka mo afasu dennen a mode mo ho too so sɛ ɛbɛbɔ mo ho ban wɔ mo asase no so no nyinaa no agu. Wobetua asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so nkuropɔn no nyinaa ano.

53Esiane ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a ɔtamfo de bɛba mo so wɔ bere a wɔatua mo ano no mu no nti, mobɛwe mo yafunu mu aba, mo mmabarima ne mmabea a Awurade mo Nyankopɔn no de ama mo no nam. 54Mpo, mo mu ɔhobrɛaseni a nʼani da hɔ no renhu ɔno ara ne nuabarima anaa ne yere a ɔdɔ no, anaa ne mma a wɔte ase no mmɔbɔ, 55na ɔremma wɔn mu biara ne mma no mu bi nam a ɔrewe no. Esiane sɛ ɛno ara ne nea aka a ɔbɛwe wɔ bere a mo atamfo atua mo nkuropɔn no nyinaa ano rehiahia mo ho no nti. 56Mo mu ɔbea a ɔbrɛ ne ho ase na ɔwɔ nkatede wɔ ne mu, a mpo ɔmpɛ sɛ ɔde ne nantin besi fam no benya ne kunu a ɔdɔ no ne ɔno ara ne mmabarima anaa ne mmabea ho menasepɔw. 57Ɔbea no de awo akyi ade ne abofra a wawo no foforo no besie wɔn sɛnea obetumi awe ne nyinaa wɔ kokoa mu, esiane ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a mo atamfo de bɛba mo so, bere a wɔatua mo nkuropɔn ano no nti.

58Sɛ moanni mmara a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no nyinaa so pɛpɛɛpɛ, na moanni saa onuonyamfo ne ɔnwonwani Awurade, mo Nyankopɔn no, no din ni a, 59Awurade de ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bɛba mo ne mo asefo. Ɛbɛyɛ atoyerɛnkyɛm a ano yɛ den ne ɔyaredɔm a ano yɛ den na ɛbɛtena hɔ akyɛ. 60Ɔde ɔyaredɔm ahorow a ɛbaa wɔ Misraim a ɛbɔɔ mo hu no bɛba bɛtena mo so. 61Awurade de nyarewa ahorow bebree ne atoyerɛnkyɛm a wɔnkyerɛw wɔ Mmara Nhoma yi mu no bɛbrɛ mo akosi sɛ mobɛsɛe. 62Mo a na modɔɔso te sɛ ɔsoro nsoromma no, mo so bɛtew koraa, efisɛ moantie Awurade, mo Nyankopɔn no. 63Sɛnea na ɛyɛ Awurade anisɔ sɛ ɔbɛma mo adi yiye na moadɔɔso no, saa ara nso na ɛbɛyɛ no anisɔ sɛ ɔbɛdwerɛw mo na wasɛe mo. Obetutu mo ase afi asase a morekɔ so akɔfa no so.

64Na Awurade bɛbɔ mo apansam afra aman nyinaa afi asase ano akosi asase ano. Ɛhɔ na mobɛsom ahɔho anyame a mo anaa mo agyanom nhuu bi da; anyame a wɔde nnua ne abo ayɛ! 65Morennya guankɔbea anaa homebea mma mo anantin wɔ saa aman no so. Ɛhɔ na Awurade bɛma mo adwene a ɛpere, aniwa a ayɛ siamoo ne koma a apa abawa. 66Mo asetena bedi nsensɛnmu daa, na ehu bɛhyɛ mo so anadwo ne awia a munnim nea ɛrekɔ so wɔ mo asetena mu. 67Anɔpa mobɛka se, “Sɛ ɛyɛɛ anwummere a!” Na anwummere nso mobɛka se, “Sɛ ɛyɛɛ anɔpa a!” Mobɛka saa, esiane ehu a ɛbɛhyɛ mo koma amaama ne nea atwa mo ho ahyia a mo ani behu no. 68Na Awurade bɛma mo atenatena ahyɛn mu asan akɔ Misraim, akwantu a mehyɛɛ sɛ ɛnsɛ sɛ mutu bio no. Ɛhɔ na mode mo ho bɛma mo atamfo sɛ wɔntɔ mo sɛ nkoa, nanso obiara rempɛ sɛ ɔbɛtɔ mo.

Japanese Contemporary Bible

申命記 28:1-68

28

従う者への祝福

1今日、私が与えるこの主の律法をすべて守り行うなら、あなたの神、主は、あなたを世界中で最もすぐれた民とし、 2-6次のような祝福をお与えになります。

あなたは町の中でも外でも祝福され、多くの子ども、作物、羊や牛、くだものやパンに恵まれます。戦いや仕事に出て行くときも帰って来るときも祝福されます。

7主はあなたの敵を撃退し、彼らが束になってかかってきても、くもの子を散らすように追い散らします。 8主は約束の地において、良い収穫をあげ、丈夫な牛が生まれ、あなたのすべての手のわざが祝福されるように守ってくださいます。 9あなたの神、主に従い、主の道に歩むなら、あなたは聖なる民としていただけます。 10世界中の国々は、あなたが主のものであることを知って恐れるでしょう。

11主は約束どおり、多くの子どもたちを与え、家畜や作物の実りに至るまで祝福してくださいます。 12天の雨の倉を開き、豊かな収穫をもたらす雨を季節ごとに降らせてくださるのです。すべてが順調にいくのであなたは栄え、多くの国に貸し与えるようにはなっても、借りることはありません。 13今日、私が与えるあなたの神、主の律法に従い、それを守り行うなら、どの国より上に立つ国にされるでしょう。 14ただし、それはみな、私が与える律法を忠実に守るかどうかにかかっています。だから、絶対にほかの神々に仕えてはいけません。

背く者へののろい

15-19もし、主の言われることを聞かず、律法に従わないなら、あなたは必ずのろわれます。町の中でも外でものろわれ、くだものやパンに不自由し、子どもを授からず、作物の実りも乏しく、牛や羊まで減っていきます。出て行くときも帰って来るときも、よくないことばかり起こります。

20主が自らのろいをお下しになるからです。混乱に陥り、なすこと全部が失敗して、最後には滅びます。主を捨てて悪を行った結果です。 21これから占領する地で、主は疫病をはやらせ、難なくあなたを滅ぼしてしまわれます。 22あなたは、結核、熱病、伝染病、戦争、さらに黒穂病によって打たれます。

23また、天は青銅のように堅く閉じて雨を降らせず、地は鉄のように堅くしまり、作物を実らせません。 24日照りで国土が干上がり、猛烈な砂嵐が荒れ狂って、生き残る者は一人もありません。

25勢い込んで戦いに出ても、主に見離されているので、たちまち総くずれし、みじめに敗走することになります。そうなったら、地上のすべての国々にとっていい見せしめになるでしょう。 26戦死者の死体が鳥や野獣のえじきとなっても、追い払う者さえいません。

27また主は、エジプトの皮膚病、できもの、腫瘍、壊血病、疥癬によってあなたを打ち、いやされることはありません。 28恐怖で気が転倒し、何が何だかわからなくなり、パニック状態に陥ります。 29盲人が暗闇で手探りするように、真昼の明るい所でも手探りしなければ歩けません。何をしてもうまくいかず、痛めつけられ、略奪されるばかりなのに、だれも助けてくれません。

30婚約者を奪われ、自分が建てた家には他人が住み、自分が育てたぶどう園の実を他人が食べるようになります。 31自分の牛が目の前で殺されても、その肉の一片さえもらえません。目の前でろばが連れ去られても、黙って見ているだけで、取り返すことはできません。羊がみな敵に奪われても、だれも守ってくれません。 32目の前で、息子や娘が奴隷に売られます。いくらかわいそうだと思っても、助けることができません。 33名前さえ聞いたこともない民が、あなたが汗水流して育てた作物を食べ、あなたを痛めつけます。 34見ることすべて悲しいことばかりで、心痛のあまり気がおかしくなります。 35さらに主は、あなたをつま先から頭のてっぺんまで、できものだらけにされるでしょう。

36主は、あなたも王も国外追放にし、先祖のだれも知らなかった地へ追いやります。そこでは、木や石の神々を拝むしかありません。 37こうして主に追い払われ、国々の恐怖、物笑いの種とされるのです。

38いくら種をまいても、いなごが食べてしまうので、収穫はわずかです。 39ぶどう園を作り、せっせと手入れしても、虫に食い荒らされ、実を食べることもぶどう酒を飲むこともできません。 40オリーブの木はどこにでもありますが、実が熟さないうちに落ちてしまうので、体に塗るほどのオリーブ油さえ採れません。 41息子や娘はあっという間に連れ去られ、奴隷になります。 42いなごは、木といわずぶどうといわず、あらゆるものを食い尽くします。 43在留外国人がますます金持ちになっていく一方、あなたはますます貧しくなります。 44物を貸すのは彼らで、あなたではありません。外国人のほうが恵まれ、あなたより優位に立ちます。

45あなたの神、主の言われることを聞かないと、これらののろいが次々に降りかかり、ついには滅ぼされます。どこにも逃げ場はありません。 46これらのことはみな、あなたがたと子孫への警告なのです。 47-48何の不自由もなく守っていただきながら、主をほめたたえようとしなければ、敵の奴隷にされます。敵に攻められ、飢え渇き、着る物もなく、あらゆる不自由を忍ばなければなりません。絶対にはずせない鉄のくびきをはめられ、最後には全滅するのです。

49主は遠く離れた国を立ち上がらせ、わしが飛びかかるように、あなたを襲わせます。その民は聞いたこともないことばを話し、 50子どもだろうが老人だろうが容赦せず、どう猛で怒りに燃えています。 51家畜も農産物も食い尽くされ、イスラエルでは麦も新しいぶどう酒もオリーブ油も底をつき、牛や羊もいなくなります。 52町々は包囲され、頼みの高い城壁もついにくずれ落ちる日がきます。 53激しい包囲攻撃の中で、わが子の肉さえ食べるほどの食糧難に見舞われます。 54ふだんは優しい男でさえ、兄弟や妻はおろか子どもにまでむごい仕打ちをします。 55町の中には食べる物が何もなくなり、飢えをしのぐためにわが子の肉を食べるばかりか、それを一人占めにしようとする者さえ出るでしょう。 56-57足を地面に着けようともしないほどの淑女が、愛する夫や子どもたちと分け合おうともせずに、自分の産んだ子の肉を一人で食べてしまいます。敵の包囲攻撃のために町中が恐ろしいききんに陥り、死ぬほど苦しい目に会うからです。

58-59この書にあるすべての律法に従わず、主の輝かしく恐るべき御名をあがめようとしないなら、あなたも子孫たちも、絶えず疫病に苦しめられるでしょう。 60あの恐ろしいエジプトの病気を、主がはやらせるのです。疫病は国中に広がります。 61それだけではありません。主は、この書にも書いてない、ありとあらゆる疫病や災いを下し、ついにはあなたがたを滅亡させるでしょう。 62星の数ほどいるあなたがたも、ほんの一握りが生き残るだけです。主の御声に聞き従わなければ、必ずこのとおりになります。

63かつて主があなたがたの幸せを願い、その数を増やすことを喜ばれたように、その時には、あなたがたを滅ぼすことを喜ばれるでしょう。一人もイスラエルには残れません。 64世界の果てから果てまで追い散らされます。そこで、あなたも先祖も知らなかった、木や石でできた外国の神々を拝むのです。 65一時も安心できず、不安と絶望に打ちのめされ、悲しみと恐れのあまり体はやせ衰えてしまうでしょう。 66いつも死の危険にさらされ、昼も夜も、恐ろしさのあまり生きた心地もしません。明日のいのちさえわからないのです。 67朝がくると、『夜になればいいのに』と言い、夜になれば、『朝がくればいいのに』とため息をつきます。そう言わずにはいられないほど、恐ろしいことばかり起こるのです。 68もはや行くこともないだろうと言われたエジプトへ、主は船で人々を連れ帰ります。そこで自分を奴隷として敵に身売りしようとしても、買ってくれる者もいません。」